Nkitahodi a Ɛde Kɔ Nkwa Mu
ASASE so abɔde nyinaa mu no, nnipa nkutoo na nkitaho a wɔne wɔn ho di no nnɔɔso mma wɔn. Ɛmfa ho ɔman a obi fi mu, asetram gyinabea, ne bɔbeasu, anaa ne nhomanim no, nnipa fi awosu mu ada ɔpɛ adi sɛ wɔne nea ɔkorɔn sen biara, Onyankopɔn, bedi nkitaho.
So ɛno yɛ gyidihunu a nyansa nnim ara kwa? Ɛnte saa koraa! Sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, Onyankopɔn bɔɔ nnipa wɔ ne suban so. Ɔde nea ɛbɛma yɛate honhom mu nneɛma ase duaa yɛn mu. Nea ɛka eyi ho ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛne no bedi nkitaho sɛ yɛn soro Agya. (Genesis 1:27; Mateo 5:3) Nokwarem no, Onyankopɔn bu nkitaho a yɛne no bedi sɛ ɛho hia araa ma enti wɔka ne ho asɛm sɛ “mpaebɔ tiefo.”—Dwom 65:2.
Hwɛ anuonyamhyɛ ara ɛyɛ sɛ yɛbɛbɔ Ade Nyinaa so Tumfoɔ no mpae! Nnipa pii bebu no nidi sɛ wɔne onipa titiriw te sɛ ɔmampanyin anaa ɔman soafo panyin bi nkutoo bɛkasa. Nanso Yehowa Nyankopɔn ne nea ɔsen biara wɔ amansan yi mu! Na ɛnsɛ sɛ yɛne no yɛ nhyehyɛe ansa na yɛne no akasa. Yebetumi abɔ mpae bere biara ne baabiara. Yebetumi abɔ Onyankopɔn mpae wɔ yɛn koma mu a yemmue yɛn ano mpo. (1 Samuel 1:12-15) Nanso, Yehowa hwehwɛ sɛ yebedi nokware na yɛafi obu mu ayɛ osetie ama no. (Mika 6:8; Mateo 6:5-13) Anyɛ yiye koraa no, nkitahodi pa yɛ nnipa baanu ntam adeyɛ, ɛnte saa?
So Wutie Onyankopɔn?
Ɔkwan bɛn so na obi tie Onyankopɔn? Nea edi kan koraa no denam ne nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ N’asɛm, Kyerɛw Kronkron Bible no mu a ɔbɛkenkan na ɔde adi dwuma no so. (2 Timoteo 3:16; 2 Petro 1:20, 21) Yesu kae sɛ: ‘Onipa nam asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so betumi atra ase.’ (Mateo 4:4) So wutie Onyankopɔn denam N’asɛm a wɔakyerɛw a wokenkan de di dwuma no so?
Wɔn a wɔne Yehowa di nkitaho daa no nya n’anim dom na wonya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no.” (Filipifo 4:6, 7; Mmebusɛm 1:33) Wɔwɔ daa nkwa ho anidaso wɔ paradise asase so, na wɔbɛde wɔn ho afi dadwen ne amanehunu a wohyia nnɛ no ho. (Dwom 37:29; Yohane 17:3) Mfaso horow a ɛyɛ anigye a enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de nkitahodi nyansa a ɛyɛ nwonwa no di dwuma bɛn ara ni!
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Onyankopɔn a yɛne no bedi nkitaho no hwehwɛ sɛ yɛkenkan Bible no na yɛbɔ mpae