Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 10/8 kr. 27-29
  • Akwan 6 a Wobɛfa So Abɔ W’akwahosan Ho Ban

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akwan 6 a Wobɛfa So Abɔ W’akwahosan Ho Ban
  • Nyan!—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwan Asia a Wobɛfa So Abɔ W’akwahosan Ho Ban
    Nyan!—1997
  • Bere a Yare Mmoawa Renhaw Obiara Bio
    Nyan!—2003
  • Nea Wobɛyɛ na Woanya Apɔmuden
    Nyan!—2015
  • Ahotew Ho Asɛnnennen No Ho Dwuma A Wobedi
    Nyan!—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 10/8 kr. 27-29

Akwan 6 a Wobɛfa So Abɔ W’akwahosan Ho Ban

Asɛnnennen Wɔ Aman a Afei na Wɔrenya Nkɔso Mu

ƐNNƐ ɛsɛ sɛ nnipa pii bɔ mmɔden kɛse ansa na wɔn ho atew, titiriw wɔ aman a nsu pa ne ahotew ho nhyehyɛe a ɛfata ho yɛ nã no mu. Nanso, mfaso wɔ yɛn ho a yɛbɛma atew no so. Wobu akontaa sɛ nyarewa a ɛka mmofra nkumaa ne wu a wowuwu no mu fa kɛse fi ɔyare mmoawa a ɛfa wɔn nsa a ayɛ fi ho, aduan a asɛe anaa nsufĩ mu kɔ wɔn anom no. Wobetumi asiw nyarewa pii ano, titiriw ayamtu, denam nyansahyɛ a edidi so yi a wɔakyerɛw wɔ Facts for Life (Nokwasɛm Ahorow a Ɛma Nkwa), Amanaman Nkabom Mmofra Foto no nhoma bi, mu a wobedi so no so.

1 Tow agyanan gu wɔ ɔkwan pa so

Ɔyare mmoawa pii wɔ agyanan mu. Sɛ ɔyare mmoawa kɔ nsu ne aduan mu, anaa wo nsa ho, nkyɛnsee mu ne mmeae a woyɛ aduan kyekyɛ a, wotumi fa eyinom so hyɛn w’anom ma womemene wɔn na ɛma woyare. Ɔkwan pa a wobɛfa so asiw saa ɔyare mmoawa yi trɛw ano ne sɛ wobɛtow agyanan nyinaa agu. Ɛsɛ sɛ wotow agyanan gu tiafi mu. Hwɛ sɛ mmoa tiafi ngugu afie ho, akwan mu, anaa mmeae a mmofra di agoru.

Baabi a tiafi nni hɔ no, tu fam kata agyanan so ntɛm. Kae sɛ mmoawa a wotumi de yare ba wɔ agyanan biara mu, nkokoaa mpo de mu. Ɛsɛ sɛ wɔtow mmofra agyanan nso gu tiafi mu anaa wotu fam kata so.

Ma tiafi so ntew bere biara. Kata tiafi no ntokuru so na bue nsu no ma ɛnhohoro agyanan no nkɔ.

2 Hohoro wo nsa

Ɛsɛ sɛ wohohoro wo nsa bere nyinaa. Samina ne nsu anaa nsõ ne nsu a wode hohoro wo nsa yi ɔyare mmoawa. Nsu nkutoo a wode bɛhohoro wo nsa ho no nnɔɔso—ɛsɛ sɛ wode samina anaa nsõ twitwiw nsa abien no ho.

Sɛ wugya w’anan wie anaa wopopa abofra bi a wagya n’anan to a, ehia sɛ wohohoro wo nsa. Bio nso, sɛ wuso mmoa mu a, hohoro wo nsa ansa na woaso aduan mu anaa woama mmofra aduan.

Nsa ho hohoro bɔ nnipa ho ban fi asunson a wɔde yare ba ho. Saa asunson yi yɛ nketenkete paa a gye afiri a wɔde hwɛ nneɛma nketenkete na ɛbɛma wɔatumi ahu wɔn. Wɔwɔ agyanan ne dwensɔ, nsu a ɛtaataa fam ne dɔte mu, ne nammono anaa nam a wɔnnoa no yiye mu. Ɔkwan titiriw biako a wobɛfa so asiw asunson kwan na wɔankɔ wo nipadua mu ne sɛ wobɛhohoro wo nsa. Afei nso, sɛ wohyɛ mpaboa kɔ baabi a ɛbɛn tiafi a, wubetumi asiw asunson a ebia ɛwɔ hɔ no kwan ma wɔamfa wo nan mu ankɔ wo nipadua mu.

Mmofra taa de wɔn nsa hyɛ wɔn anom, enti taa hohoro wɔn nsa, titiriw bere a wɔakɔ tiafi awie ne bere a wɔrebedidi no. Kyerɛ wɔn ma wonhu wɔn nsa hohoro na wonhu sɛ ɛnsɛ sɛ wodi agoru wɔ tiafi ho.

3 Hohoro w’anim da biara

Fa nsu ne samina hohoro w’anim da biara fa siw aniyare kwan. Ɛsɛ sɛ wohohoro mmofra nso anim. Anim a ayɛ fĩ twetwe nwansena a ɔyare mmoawa wɔ wɔn ho no. Saa mmoawa yi tumi de aniyare ne anifurae mpo ba.

Taa hwɛ sɛnea wo mma aniwa te. Aniwa a ɛte apɔw so fɔw na ɛyɛ hyɛnhyɛn nso. Sɛ abofra no aniwa so awo, ayɛ kɔkɔɔ, anaa ɛso ayɛ kuru anaasɛ efi nsu a, ɛsɛ sɛ woma ɔyarehwɛfo anaa oduruyɛfo bi hwɛ no.

4 Fa nsu pa nkutoo di dwuma

Sɛ mmusua de nsu pa a wɔbɔ ho ban fi ɔyare mmoawa ho di dwuma a, nyarewa pii nhaw wɔn. Sɛ wo nsu nam ɔdorobɛn a wɔahyehyɛ no yiye abɔ ho ban mu anaa efi nsubura ne asuten a emu tew mu a, ɛnde na ɛbɛyɛ nsu pa. Nsu a efi atare, nsubɔnten, ne ankora anaa nsubura a wɔnkataa so mu no mu ntaa ntew nanso wobetumi anoa ma abɛyɛ nsu pa.

Ɛsɛ sɛ wɔkatakata nsubura so. Ɛsɛ sɛ wɔtaa hohoro bokiti, nhama a wɔde tow nsu, ne nsuhina a wɔde nsu gu mu no mu na wɔde sie beae a ɛhɔ tew, mfa nsi fam. Mma mmoa kwan mma wɔnkɔ nsu a monom ho anaa mmeae a abusua no tra. Mfa nnuru a wɔde kunkum mmoawammoawa anaa nnuru afoforo nni dwuma wɔ nsu a monom ho.

Kora ofie nsu so wɔ ade a emu tew a ɛwɔ mmuaso mu. Ne papa mu ne sɛ wubenya biribi a wokyim de bu nsu no wɔ adekorade no ano. Sɛ biribiara nni ano a wokyim de bue a, ɛsɛ sɛ wode kuruwa a ɛwɔ nsa tenten na ɛho tew saw nsu no fi mu. Mfa nsa a ayɛ fĩ nka nsu a wɔnom da.

5 Bɔ nnuan ho ban fi ɔyare mmoawa ho

Sɛ wonoa aduan ma ɛben yiye a, wubetumi akunkum ɔyare mmoawa. Ɛsɛ sɛ wonoa aduan ma ɛben yiye, titiriw mogyanam. Ɔyare mmoawa ase trɛw ntɛmntɛm wɔ aduan a ɛnyɛ hyew pii mu. Enti sɛ wɔnoa aduan wie a, ɛsɛ sɛ wodi no ntɛm. Sɛ ehia sɛ wode aduan si hɔ boro nnɔnhwerew abien a, hwɛ sɛ wode asi baabi a ɛyɛ hyew anaa baabi a ɛyɛ nwini. Afei nso, sɛ ehia sɛ wode aduan a woanoa si hɔ na woadi no akyiri yi a, kata so. Eyi bɔ ho ban fi nwansena ne mmoawammoawa ho. Ka aduan no hyew ansa na woadi.

Ɔbaatan nufusu na ɔyare nnim koraa a eye paa ma nkokoaa ne mmofra nkumaa. Mmoa nufusu a wɔanoa a ɛnkyɛe anaa wɔayiyi mu yare mmoawa ye sen nea wɔnnoae. Mfa ntoa a wɔde nufusu gu mu ma nkokoaa nni dwuma, gye sɛ bere biara wode nsu a ahuru ahohoro mu ansa. Ɔyare mmoawa a wɔde ayamtu ba taa kɔ ntoa a wɔde nufusu gu mu ma nkokoaa no mu. Ɛyɛ papa mmom sɛ wɔbɛma mmofra nufu anaa wɔde aduan begu kuruwa a ɛho tew mu ama wɔn.

Fa nsu pa hohoro nnuaba ne atosode ho. Saa a wɔbɛyɛ ho hia paa sɛ wɔde bɛma nkokoaa ne mmofra nkumaa no amono a.

6 Tow fie nwura nyinaa gu

Ɔyare mmoawa wɔ nwansena, ntɛfrɛw, akisi ne nkura nyinaa ho. Nwura na saa mmoa yi di ma wɔyɛ prɔmprɔm. Sɛ nwura sesaw ho nhyehyɛe biara nni baabi a wote a, tu amena fa wo fie nwura gu mu kata so anaa hyew no da biara. Di wo fie ni na tow nwura ne nsufĩ nyinaa gu.

Sɛ wode saa nyansahyɛ ahorow yi di dwuma daa a, ɛrenkyɛ wubehu sɛ abɛka nneɛma a woyɛ daa no ho. Nyansahyɛ yi nyɛ den na enhia sika pii na wode adi ho dwuma, nanso ɛbɛbɔ wo ne w’abusua akwahosan ho ban.

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Baabi a tiafi nni hɔ no, tu fam kata agyanan so ntɛm

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Hohoro wo nsa bere nyinaa

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Sɛ mmusua de nsu pa a wɔbɔ ho ban fi ɔyare mmoawa ho di dwuma a, nyarewa pii nhaw wɔn

[Mfonini wɔ kratafa 28, 29]

Fa nsu ne samina hohoro w’anim da biara

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Sɛ ehia sɛ wode aduan a woanoa si hɔ na woadi no akyiri yi a, kata so

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Ɛsɛ sɛ wutu amena de wo fie nwura gu mu kata so anaa wohyew no da biara

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena