Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Ade Me Ho Afi M’awofo Din a Akɛntɛn Me So no Ho?
“Me papa yɛ ɔpanyin wɔ Yehowa Adansefo asafo bi mu a nkurɔfo nim no yiye. Mibu no, nanso ɛhyɛ me abufuw efisɛ baabiara a mɛkɔ no, nea obiara de nim me ara ne sɛ meyɛ Bill ba.”—Larry.a
“Esiane sɛ me papa yɛ ɔpanyin a wonim no yiye nti, metee nka sɛ na obiara hwehwɛ sɛ meyɛ pii, na ɛno amma mannya ahotɔ koraa.”—Alexander.
ƐNYƐ nwonwa sɛ bere a worenyin no, wobɛhwehwɛ ahofadi kakra—sɛ w’ankasa wubegye din. Bere a wɔwoo wo no, w’awofo na wɔpaw edin a ɛyɛ wɔn dɛ maa wo. Seesei a woadu wo mpanyin afe so no, wopɛ hokwan de apaw w’ankasa “din”—ɛne sɛ, wopɛ sɛ woyɛ biribi a ɛbɛma woagye din.
Ɔhene Salomo kyerɛw sɛ: “Din pa na ɛsɛ sɛ wɔpaw sen ahonyade pii, na anuonyam ye sen dwetɛ ne sika.” (Mmebusɛm 22:1) Mpo bere a woyɛ abofra yi, ebia wopɛ sɛ afoforo hu sɛnea wote ankasa.
Wɔn Nkɛntɛnso Ase a Wohyɛ
Te sɛ Larry ne Alexander no, mmabun pii te nka sɛ wɔn awofo din a wɔagye anaa nea wɔatumi ayɛ no akɛntɛn wɔn so. Ebia wɔn awofo adwuma anaa wɔn nhomasua nti na wonim wɔn yiye wɔ wɔn mpɔtam hɔ no. Anaa ebia wonim wɔn yiye wɔ Kristofo asafo no mu. Sɛ nea yɛaka no mu bi yɛ nokware wɔ w’awofo ho a, ebia mmere bi wɔ hɔ a wobɛte nka sɛ nkurɔfo de wɔn ani asi wo so na wɔhwɛ biribiara a woyɛ bere nyinaa. Ebia nneɛma a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ akwan bi so esiane w’awofo nti no bɛhyɛ wo abufuw.
Sɛ nhwɛso no, Ivan papa som sɛ ɔpanyin wɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ wɔn hɔ no mu. Ivan ka sɛ: “Esiane sɛ na wonim me papa yiye na wobu no nti, na mete nka bere nyinaa sɛ ɛsɛ sɛ meda nhwɛso pa adi wɔ sukuu mu ne fie. Na mete nka sɛ awofo foforo de me ayɛ susudua wɔ sɛnea wɔhwɛ kwan sɛ wɔn mma bɛyɛ wɔn ade no ho. Ɛwom sɛ na ɛma me tirim yɛ me dɛ de, nanso na ɛhyɛ me ma meyɛ nea ɛboro m’ahoɔden so wɔ afoforo anim. Ɛtɔ mmere bi a na ɛma meyɛ nneɛma tra so a minhu me sintɔ ahorow mpo.” Alexander ka sɛ: “Metee nka sɛ na afoforo hwɛ me bere nyinaa, na na misusuw sɛ sɛ meyɛ mfomso a, na nkurɔfo ayɛ krado bere nyinaa sɛ wɔbɛteɛ wɔn nsa ahwɛ me so.”
Larry a yɛfaa n’asɛm kae wɔ nnianim asɛm no mu no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma afoforo agyae wɔn ani a wɔde asi ne so no denam ne papa din a ɔde behintaw so. Ɔka sɛ: “Sɛ mihyia nkurɔfo foforo wɔ apontow ase a, nea na meka ara ne sɛ, ‘Wɔfrɛ me Larry,’ menka hwee bio—memmɔ me papa din. Sɛ ɛbɛyɛ yiye mpo a, na mekyerɛw me din hunu nkutoo na egu nkrataa a mede me nsa hyɛ ase no so. Na misuro sɛ sɛ nkurɔfo hu me papa a, wɔne me bedi no ɔkwan soronko koraa so. Na mempɛ sɛ m’atipɛnfo ne me bedi nsɛm wɔ ɔkwan soronko so.”
Nokwarem no, sɛ wo papa som sɛ Kristoni panyin anaa ɔsomfo a, ntease wom sɛ afoforo bɛhwehwɛ sɛ wobɛyɛ pii. Anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ saa gyinabea yi di “wɔn mma ne wɔn ankasa afi so yiye.” (1 Timoteo 3:5, 12) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo hwɛ kwan sɛ wobɛda nhwɛso pa adi! So ɛno yɛ ade a enye ankasa? Sɛ wususuw sɛnea Paulo paw Kristoni Timoteo wɔ bere a na ebia ɔyɛ aberantewaa mpo ne no tutuu akwan yɛɛ ɔsom adwuma a ɛho hia no ho de a, na ɛnte saa koraa. (1 Tesalonikafo 3:1-3) Sɛ́ wo papa yɛ ɔpanyin anaa ɔnyɛ ɔpanyin no, bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nhwɛso pa.
Ɛnyɛ Papa sɛ Wobɛtew Atua
Nanso, mmabun binom bɔ mmɔden sɛ wɔbɛde wɔn ho afi wɔn awofo din a akɛntɛn wɔn so no ho denam atuatew so. Ivan ka sɛ: “Mmere bi wɔ hɔ a na nhwɛso a ɛsɛ sɛ meyɛ no hyɛ me abufuw. Metew atua denam atimum a migyawee de hwɛe sɛ obi bɛka ho biribi no so.”
Ɔhene Dawid mmabarima mu biako, Absalom, faa atuatew kwan so. Na wonim n’agya yiye sɛ ɔde ahofama som Yehowa, na na Israelfo pii dɔ no. Sɛ́ Dawid ba no, na wɔhwehwɛ pii fi Absalom hɔ. Nanso, sɛ anka Absalom bedu ahwehwɛde a nyansa wom ho no, ɔtew n’agya so atua mmom de gyee din kɛse. Esiane sɛ na Dawid yɛ Yehowa nanmusifo a wɔasra no nti, ɛyɛ Yehowa mmom na na Absalom retew atua atia no. N’adeyɛ no de animguase baa abusua no so na asiane too n’ankasa nso.—2 Samuel 15:1-15; 16:20-22; 18:9-15.
Saa ara na atuatew betumi ama asiane akɛse atoto wo. Susuw nea Bible no ka kyerɛ yɛn fa Nehemia ho no ho hwɛ. N’atamfo binom bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa no ma ɔde ne ho akɔhyɛ nneyɛe bɔne mu. Dɛn nti? Nehemia kae sɛ: “Na wɔatumi asɛe me din agu m’anim ase.” (Nehemia 6:13, Today’s English Version) Atuatew betumi ama woanya dimmɔne—edin a ɛbɛyɛ den sɛ afoforo werɛ befi.
Ade a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so nso ne nkɛntɛnso a atuatew honhom betumi anya wɔ afoforo so no. Sɛ biribiara amfi mu amma mpo a, wobɛma w’awofo adi awerɛhow a ɛho nhia. (Mmebusɛm 10:1) Wo nneyɛe no nso betumi anya mmabun foforo so nkɛntɛnso kɛse. Ivan ka sɛ: “Me suban no nyaa me nuabarima so nkɛntɛnso ankasa. Bere bi akyi no, ofii Kristofo asafo no mu koraa de ne ho kɔhyɛɛ nneɛma a na onim sɛ ɛne Bible gyinapɛn ahorow nhyia mu. Anigyesɛm ne sɛ, n’ani san baa ne ho so na mprempren ɔresom Yehowa bio wɔ anigye mu.”
Nea Ɛfata Sen Biara
Absalom nua Salomo anyɛ n’ade saa. Na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde ahobrɛase besua biribi afi n’agya Dawid nkyɛn. (1 Ahene 2:1-4) Sɛ anka Salomo bɛma ne ho so no, ɔhwehwɛe sɛ obenya din pa wɔ Onyankopɔn anim mmom. Mpɛn dodow a ɔkɔɔ so yɛɛ saa no, ɔde anuonyam brɛɛ n’abusua na ogyee din sɛ Israel ahene a wɔkorɔn sen biara no mu biako.—1 Ahene 3:4-14.
Salomo nhwɛso pa no si nokwasɛm atitiriw abien bi so dua: Nea edi kan, wonam w’abusuafo su pa a wusuasua no so na enya din pa na ɛnyɛ wo ho a wobɛtwe afi wɔn ho no so. Adolescence nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Ɛnsɛ sɛ mmabun bere yɛ bere a ɛma wɔn a wɔadu wɔn mpanyin afe so no twe wɔn ho fi wɔn awofo ho na ama afoforo ahu wɔn yiye.” Nsɛmma nhoma no toa so sɛ: “Awofo mmoa a wɔde bɛma wo no” nsɛe mmɔden a worebɔ sɛ wobɛma afoforo ahu sɛnea wote ankasa no, na “mmom ɛboa ma wutumi yɛ no yiye.”
Nea ɛyɛ nwonwa no, Salomo ankasa tuu fo sɛ: “Tie w’agya, ɔno na ɔwoo wo, na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtiaa.” (Mmebusɛm 23:22) Ɛda adi sɛ ɛnyɛ mmofra na Salomo kyerɛw asɛm yi maa wɔn, efisɛ ebedu bere a awofo ‘bɛyɛ nkwakoraa ne mmerewa’ no na wɔn ba no ayɛ ɔpanyin. Dɛn na eyi kyerɛ? Sɛ wunyin nya w’ankasa w’abusua mpo a, wubetumi anya w’awofo nyansa so mfaso ara. Ivan behuu eyi. Ɔka sɛ: “Bere a merenyin yi, mebɔ mmɔden sɛ mesuasua nneɛma a m’awofo bɔ mu mmɔden no na makwati wɔn mfomso ahorow.”
Ade a ɛto so abien a ɛsɛ sɛ wususuw ho ne sɛ, na sɔ a Salomo bɛsɔ Yehowa ani no ho hia no sen “edin” a n’ankasa benya. Nokwarem no, sɛ́ Dawid ba no, na wɔhwehwɛ pii fi ne hɔ. Nanso Salomo ho a ɔde too Yehowa so no maa no tumi dii n’asɛyɛde ahorow ho dwuma. Alexander nso asuasua su a ɛte saa. Ɔka sɛ: “Afei magye atom sɛ wɔhwehwɛ pii fi mpanyimfo mma hɔ. Meyɛɛ m’adwene sɛ mede bedi dwuma wɔ ɔkwampa so na ayɛ ahobammɔ ama m’ankasa. Mabehu sɛ nea ɛho hia titiriw ne sɛnea Yehowa hu me. Ɛnyɛ sɛ m’abusuafo nti na onim me, mmom onim sɛnea mete ankasa.”
Daryn a ne papa akɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuub—sukuu a ɛtete asɛmpatrɛwfo—awie no nso asua sɛ ɔremma nim a wonim n’awofo yiye no nhaw no. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ Yehowa na mihyiraa me ho so maa no wɔ m’asubɔ mu na ɛnyɛ obiara. Mmɔden a merebɔ sɛ mɛyɛ nea metumi biara atra ase ma ɛne m’ahosohyira ahyia no ma minya akomatɔyam sɛ, sɛ mantumi anyɛ nea m’awofo ayɛ no nyinaa mpo a, Yehowa ani sɔ nea meyɛ no.”
Ɔhene Salomo kaa saa nokwasɛm yi: “Abofra po, wɔde ne nneyɛe na ehu no, sɛ n’adeyɛ bɛyɛ yiye na ateɛ.” (Mmebusɛm 20:11) Ne nyinaa mu no, nkurɔfo de wo nneyɛe na ɛbɛkae wo. Yɛ nhwɛso wɔ “ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidi mu, ahotew mu.” Sɛ woyɛ saa a, nnipa bɛdɔ wo anya obu ama sɛnea wote no!—1 Timoteo 4:12.
Nanso, wɔ mmabun foforo fam no, asɛnnennen no ne sɛnea wobetumi ade wɔn ho afi wɔn nuanom mmarima ne mmea a wɔbɔ mmɔden pii no nkɛntɛnso ase. Asɛm a ɛbɛba akyiri yi no bɛma yɛahu sɛnea yebetumi agyina saa asɛnnennen yi ano.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔasesa edin ahorow no bi.
b Yehowa Adansefo na wɔtew Gilead Sukuu no na wɔn na wɔhwɛ so.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]
Awerɛhodi na atua a wobɛtew no de bɛba w’awofo so na asɛe wo din
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Wo nhwɛso pa betumi aboa afoforo