Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Ama Aberante a Ɔpɛ sɛ Ɔware Me no Agyae Me Basabasayɛ?
“Aberante a ɔpɛ sɛ ɔware me no aboro me nnɛ. Ɔnyɛɛ saa da. Wapa me kyɛw de, nanso seesei minhu nea menyɛ.”—Stella.a
“SUKUUFO mmaa 5 biara mu bɛyɛ 1 kae sɛ, anyɛ yiye koraa no, mmerante a wɔpɛ sɛ wɔware wɔn no ayɛ wɔn basabasa anaa wɔahyɛ wɔn ne wɔn abɔ brabɔne.” Eyi puei wɔ The Journal of the American Medical Association (Amerika Nnuruyɛfo Fekuw Nsɛmma Nhoma) mu. Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no Germany wɔ mmabun a wɔadi mfe 17 kosi 20 mu no, mmabaa anan biara mu nea ɛboro biako kyerɛe sɛ mmerante a wɔne wɔn nam no de ɔhwe, nnaadaa ne ahunahuna, nnubɔne ne nsa ahyɛ wɔn sɛ wɔne wɔn bɛda. Sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ U.S. kyerɛ no, mmabun a wobisabisaa wɔn nsɛm no 100 biara mu 40 kyerɛe sɛ wɔahu sɛ sukuufo no bi “redidi wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware wɔn no atɛm yayaaya.”b
Woyɛ ababaa a nea wopɛ sɛ woware no no didi wo atɛm, teɛteɛm gu wo so, gu w’anim ase, sunsum wo anaa ɔbɔ w’asom? Asɛm a yɛadi kan asusuw ho wɔ asɛm yi ho no kae sɛ mmaa a mmarima yɛ wɔn basabasa no dɔɔso papaapa.c Ɛsan kyerɛɛ mu sɛ Yehowa Nyankopɔn mpɛ atɛnnidi ne abobɔabobɔ ma enti wɔn a wɔyɛ wɔn saa no nhwɛ na wɔamfa anhyɛ wɔn ho anka sɛ ɛnyɛ hwee anaasɛ ɛyɛ wɔn ara na wɔayɛ ama aba saa. (Efesofo 4:31) Ɛno mpo, sɛ wowɔ tebea a ɛte saa mu a, ɛyɛ den sɛ wubehu nea ɛsɛ sɛ woyɛ. Aberante no subammɔne nyinaa akyi no, ebetumi aba sɛ wopɛ n’asɛm. Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ, ebia wusuro sɛ wobɛka n’asɛm. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?
Fa W’ani To Fam Hwɛ Nsɛm Mu Yiye
Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ woka w’akoma to wo yam na wususuw nea asi no ho yiye. (Ɔsɛnkafo 2:14) Wugye di yiye paa sɛ aberante no taa didi wo atɛm? Wususuw sɛ ɔhyɛɛ da na ɔyɛɛ wo basabasa anaa na ‘ɔreworo nsɛm’ ara kwa a wannwene ho? (Mmebusɛm 12:18) Mpɛn dodow sɛn na wayɛ wo saa? Ɛyɛ da koro pɛ bi na odii mfomso ma enti wubetumi abu w’ani agu so anaa? Anaa afei de, ɔtaa didi wo atɛm keka nsɛm de gu w’anim ase?
Sɛ wunhu asɛm no mu yiye a, ka ho asɛm kyerɛ obi a wanyin na n’adwene mu dɔ, ɛnyɛ obi a wo ne no bɔ tipɛn. Wubetumi aka akyerɛ w’awofo anaa wo yɔnko Kristoni bi a n’ase atim. Sɛ wo ne obi a ɔte saa bɔ ho nkɔmmɔ a, ɛbɛma woahu sɛ ebia wo na woafa asɛm no kɛse anaasɛ ɛyɛ asɛm kɛse ampa.
Sɛ wo ne aberante no ka ho asɛm na sɛ ɛnkɔfa asɛm biara mmrɛ wo a, ɛnde wo ne no nkɔka. (Mmebusɛm 25:9) Fa ntoboase ka sɛnea ne suban no haw wo nyinaa kyerɛ no. Kyerɛ no ade pɔtee a ɔyɛe a ɛhaw wo no. Ma onhu ade a worempene mma ɔmfa nyɛ wo no pefee. Bere a worekeka eyinom no, dɛn na ɔyɛ? Ɔbɔ w’asɛm no gu anaa ne bo fuw kɛse? Sɛ ɔyɛ saa a, ɛbɛma woahu pefee sɛ ɔnyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsesa.
Nanso sɛ ɔde adwempa brɛ ne ho ase nu ne ho wɔ n’akomam nso ɛ? Ɛnde ebia mubetumi atoa mo nantew no so. Nanso hwɛ yiye! Nnipa a wɔn ano yɛ yaw no, sɛ wotwa obi adapaa na wohu sɛ ahaw no a, wɔtaa brɛ wɔn ano ase keka nsɛm pii de kyerɛ sɛ wɔanyɛ no yiye. Nanso ma wɔn bo mfuw nhwɛ, wobɛhwɛ na wɔretwa adapaa bio. Sɛ wotwɛn kakra a, ɛno na wubehu sɛ wasesa ampa. Ade biako a ɔde bɛkyerɛ sɛ n’ani abere sɛ ɔbɛsesa ne sɛ ɔno ara bɛkɔ Kristofo mpanyimfo hɔ sɛ wɔmmoa no.—Yakobo 5:14-16.
Kae sɛ ‘yɛn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ yɛn.’ (Romafo 3:23) Sɛ woka sɛ worepɛ obi a mfomso biara nni ne ho a, wo nsa besi fam. Awarefo nyinaa “ho behia wɔn ɔhonam mu” bi, efisɛ mfomso wɔ yɛn ho. (1 Korintofo 7:28) Ne nyinaa mu no, wo na ɛsɛ sɛ wusi w’adwene pi kyerɛ sɛ ne mfomso nyinaa akyi no, wubetumi ne no atra anigye mu. Afei nso sɛ wotwɛn kakra a, ɛno na ebetumi aboa wo paa ama woasi w’adwene pi wɔ ne ho.
Sɛ Ɔyɛ Wo Basabasa A
Sɛ ɔde abufuw ka nsɛm a ɛyɛ aniwu tia wo, hunahuna wo anaasɛ ɔde ne nsa ka wo—sɛ ebia osum wo anaa ɔbɔ w’asom ka atɛnnidi no ho a—ɛnde na ayɛ asɛm foforo koraa. Ɛkyerɛ sɛ aberante no ntumi nhyɛ ne ho so; asɛm no betumi asɛe koraa ama wayɛ awurukasɛm a ɛkyɛn saa.
Ne yiye mu ne sɛ wo ne aberante no nko ara ntew mo ho nkɔhyɛ baabi. Nanso biribi nti sɛ ɛkɔka wo ne aberante a ne bo afuw yi nko ara wɔ baabi a, ‘mfa bɔne nntua bɔne so ka.’ (Romafo 12:17) Kae sɛ: ‘Mmuae bɔkɔɔ sianka abufuw anaa anibere, na anoɔyaw anaa asɛnnennen hwanyan abufuw mu.’ (Mmebusɛm 15:1) Mma wo bo mmfuw. Ka kyerɛ no sɛ ɔmma mo nkɔ fie. Wohwɛ na ɛnhwɛ a, firi hɔ anaa guan!
Na sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔhyɛ ɔbaa ne no bu brabɔne nso ɛ? Nokwasɛm ne sɛ nyansakwan a ɛsɛ sɛ mofa so ne sɛ, mfitiase no, obiara bɛte ne ho ase sɛ moremmɔ brabɔne biara. (1 Tesalonikafo 4:3-5) Sɛ aberante bi hyɛ ababaa sɛ ɔnto Bible mmara a, ɛsɛ sɛ ababaa no ka kyerɛ no pen ma ɔte ne ho ase sɛ ɔrempene. (Genesis 39:7-13) Anne a ɔpenee nhyɛso a ɛte saa so no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Mpene. Bu wo ho. Sɛ wopɛ no sɛ dɛn mpo a, mesrɛ wo, nni saa mfomso no!” Sɛ woka na ɔnte ase a, ka kyerɛ no sɛ sɛ wannyae a wobɛfa no sɛ ɔreto wo mmonnaa. Sɛ ɛno nso amma wannyae a, teɛteɛm frɛ nnipa na bɔ mmɔden sɛ wubepia no ato baabi te sɛ nea wobɛyɛ mmonnaatofo no.d
Ne nyinaa mu no, Bible afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 22:24 no fata: ‘Wo ne abufufafo mmfa ɔyɔnko, na wo ne ɔbarima a ne koko haw no mmɔ.’ Biribiara nkyekyere wo sɛ wo ne ɔbarima a ɔyɛ wo basabasa no bɛkɔ so anantew. Ɛda adi pefee sɛ nyansa nnim sɛ wo nko ara wobɛkɔ ɔbarima a ɔyɛ wo basabasa saa nkyɛn akɔka akyerɛ no sɛ wo ne no retetew mu. Nea ɛfata sɛ woyɛ ne sɛ wobɛka nea asi no akyerɛ w’awofo. Nea ɛte biara no, ɛbɛyɛ wɔn yaw sɛ aberante no ayɛ wo basabasa saa. Nanso wobetumi aboa wo ama woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ ho bio.e
Mmɔden a Wobɛbɔ Sɛ Wobɛsesa No
Ɔkwan biara so no, ɛnyɛ wo na wobɛma aberante no asesa. Obi te sɛ Irena gye tom sɛ: “Ɛyɛ wo sɛ wodɔ no enti wubetumi ne no atra na woaboa no. Nanso nea ɛwom ara ne sɛ wuntumi.” Nadine nso ka n’anom asɛm sɛ: “Daa ɛyɛ me sɛ metumi asesa no.” Nokwasɛm ne sɛ, ɔno nko ara na obetumi ‘ayɛ n’adwene foforo’ na wasakra. (Romafo 12:2) Mmom ɛbɛkyɛ, na ɛbɛgye animia ansa na watumi asesa.
Enti fa wo nan si fam. Sɛ ɔkɔ soro ba fam mpo a, ntie nea ɔbɛka de adaadaa wo biara. Bɔ mmɔden twe wo ho fi ne ho. Nkɔ ne nkyɛn na mfa w’akoma nhyɛ ne mu. Mma no mfa kwan biara so nnaadaa wo anaa onhunahuna wo mma wo nkɔ ne nkyɛn bio. Bere a Irena twee ne ho fii aberante a ɔyɛ no basabasa no ho no, aberante no kae sɛ obekum ne ho. Biribiara kyerɛ sɛ onipa a ɔte saa no hia mmoa, nanso ɛnyɛ wo mmoa na ohia. Mmoa a wubetumi de aboa no ne sɛ wubegyina pintinn na wummu brabɔne biara. Sɛ ɔpɛ sɛ ɔsesa a, obetumi ama obi aboa no, obiara nkyekyeree no.
Nanso ebinom adwene ne sɛ aware betumi ama aberante no asesa ne subammɔne no. Nhwehwɛmufo bi kyerɛ sɛ: “Mmaa a wɔware mmarima a wonni suban ne mmarima a wɔware mmaa a wonni suban no ho dwiriw wɔn paa akyiri yi efisɛ wohu sɛ basabasa a wɔyɛ no nnyae. Ebinom gye anansesɛm yi di sɛ, wunya ware wie a, saa haw no nyinaa bɛkɔ. Nnye nni.” Nokware a ɛwom ne sɛ, obi a wo ne no nam a ɔboro wo no, sɛ woware no a ɔbɛboro wo saa ara.
Bible ka sɛ: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw.” (Mmebusɛm 22:3) Ɛyɛ den sɛ wobɛtwe wo ho afi obi a wopɛ n’asɛm ho. Nanso sɛ wode wo ti kowura awarebɔne mu a, asɛm no bɛsɛe koraa. Ɛno da nkyɛn a, nsuro sɛ worennya obi a ɔfata wo bio. Nyansa a woasua yi bɛma wode w’ani ato fam paa ahwehwɛ obi a odwo, ɔdwene nnipa ho na n’akoma nhaw no.
Nea Ɛbɛma Wo Ho Atɔ Wo
Ɛbɛyɛ ahometesɛm paa sɛ aberante a wopɛ sɛ woware no bɛkasa atia wo anaa ɔbɛboro wo daa. Mary a obi de bi adi no no tu fo sɛ: “Ma obi mmoa wo—ka w’asɛm kyerɛ obi ntɛm pa ara. Ná ɛyɛ me sɛ metumi de ahyɛ me ho. Nanso me ne afoforo dii ho nkɔmmɔ no, aboa me.” Ka ho asɛm kyerɛ w’awofo anaa w’adamfo bi a wugye no di anaa Kristoni panyin bi.f
Ebinom nso ahu sɛ akenkan, agodie anaa ade bi a wɔde gyegye wɔn ani atumi ayi wɔn adwene afi asɛm no so. Irena kae sɛ: “Nea ɛboaa me kɛse ne Bible a misuae ne Kristofo nhyiam a na mekɔ no.”
Ɛda adi pefee sɛ Yehowa mpɛ kasatia anaa animtiabu. Ɔbɛboa wo ama woabɔ wo ho ban na obiara anyɛ wo basabasa.—g04 6/22.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔasesa edin no bi.
b Ɛwom sɛ ɔhwe ne atɛnnidi no ka mmaa ne mmarima nyinaa de, nanso U.S. Asoɛe a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano no kyerɛ sɛ “mmaa a wɔn ho kam no dɔɔso paa sen mmarima.” Sɛnea ɛte biara no, nea ɛbɛyɛ a asɛm yi mu bɛda hɔ nti, yɛbɛka no sɛ mmarima na wɔyɛ mmaa basabasa.
c Hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . . Adɛn Nti Na Ɔyɛ Me Basabasa Saa?” wɔ June 8, 2004 Nyan! no mu.
d May 8, 1993 Nyan! no ka nea obi betumi ayɛ de ako atia mmonnaato ho asɛm.
e Sɛ ɔyɛɛ sɛ ɔbɛto wo mmonnaa a, nsɛm a ɛtete saa mu de, ebia w’awofo bɛyɛ wɔn adwene sɛ wɔde asɛm no bɛkɔ akɔma polisifo. Eyi bɛboa mmabaa a aka no na ɔbarima no amfa awurukasɛm a ɛte saa bi anni wɔn.
f Sɛ ɛba sɛ asɛm no afa wo tirim anaa wabɔ wo ama aka wo ho baabi a, wubetumi akohu oduruyɛfo a ɔfata ma wahwɛ wo.
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Sɛ wo ne obi nam na ɔyɛ wo basabasa a, saa ara na ɔbɛyɛ wɔ aware mu
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Mma no nsuso wo mu basabasa