Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 7/12 kr. 20-22
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Mekɔ Kristofo Nhyiam?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Mekɔ Kristofo Nhyiam?
  • Nyan!—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wokɔ Yehowa Adansefo Nhyiam a Ɛbɛboa Wo Sɛn?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Sɛnea Yehowa Redi Yɛn Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yehyiam Som?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wokɔ Asafo Nhyiam Wɔ Ahenni Asa So?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2012
g 7/12 kr. 20-22

Mmofra Bisa Sɛ

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Mekɔ Kristofo Nhyiam?

W’ANI GYE KRISTOFO NHYIAM A WOBƐKƆ HO?

YIW

↓

KƆ SO YƐ SAA

DABI

↓

DƐN NA WUBETUMI AYƐ WƆ HO?

BIBLE no de ahyɛde ma Kristofo sɛ wonhyiam nsom. (Hebrifo 10:25) Nanso sɛ wokɔ hɔ na w’ani nnye nso ɛ? Na sɛ wokɔ hɔ na wuhu sɛ w’adwene kyinkyin susuw nneɛma a anka ebia woreyɛ wɔ baabi ho nso ɛ? Sɛ wubetumi ayɛ nsakrae a, bɔ mmɔden sɛ wode nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa a edidi so yi mu biako anaa nea ɛboro saa bɛyɛ adwuma.

1. KƆ NHYIAM NO DAA

Kyerɛwsɛm: “Ebinom mpɛ nhyiamkɔ, nanso ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa.”—Hebrifo 10:25, Contemporary English Version.

Dɛn nti na wobɛpɛ sɛ woyɛ biribi daa bere a w’ani nnye ho? Nea yɛpɛ sɛ yɛka ara ne sɛ, ɛno na ɛbɛboa wo ma w’ani agye ho! Susuw ho saa kwan yi so hwɛ: Sɛ wontaa nni agoru bi a, wobɛyɛ dɛn ahu agoru no di yiye na ama w’ani agye ho kɛse? Nnyinasosɛm koro yi ara fa Kristofo nhyiamkɔ ho. Sɛ wotaa kɔ a, dodow no ara na ɛbɛhyɛ abusuabɔ a wo ne Yehowa wɔ no mu den. Ɛno bɛma woanya ɔpɛ sɛ wobɛkɔ nhyiam daa!—Mateo 5:3.

Nyansahyɛ: Sɛ wɔpɔn nhyiam biara a, bɔ mmɔden sɛ anyɛ yiye koraa no, wobɛma ɔkasafo biako ahu nea w’ani gyee ho wɔ ne dwumadi no ho. Kyerɛw mfaso biako a wunya fii nhyiam no a wokɔe no mu to hɔ. Esiane sɛ nsɛm a wosusuw ho wɔ nhyiam no dodow no ara ase fa Kristofo som adwuma no ho nti, fa yɛ wo botae sɛ wubenya nkɔanim wɔ ka a wobɛka wo gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo no mu. Woyɛ saa a, wubenya asɛm a wosusuw ho wɔ nhyiam ahorow ase no so mfaso paa.

“Ntetee a wɔde maa me fi me mmofraase no ma mihui sɛ ɛho hia paa sɛ yɛkɔ nhyiam. Bere a meyɛ abofra mpo no, amma m’adwenem da sɛ metumi atoto nhyiamkɔ mu. Saa su yi aka me hɔ abesi nnɛ.”—Kelsey.

Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow: Wɔn a wɔkɔ nhyiam daa no nya nhyiam no ho anigye—na wonya so mfaso kɛse!

2. YƐ ASO TIE ASƐM

Kyerɛwsɛm: “Monhwɛ sɛnea mutie asɛm yiye.”—Luka 8:18.

Nhwehwɛmufo ka sɛ, sɛ wɔrema ɔkasa a, ɛbɛba awiei no, na atiefo no werɛ afi ɔkasa no mu fã dodow no ara. Sɛ nsɛm a wotie no yɛ sika na anka ɛyera ntɛmntɛm saa a, so anka yɛrenyɛ ho biribi?

Nyansahyɛ: Wo ne w’awofo ntena nkongua a ɛwɔ anim pɛɛ no so, efisɛ ɛhɔ de, nneɛma rentwetwe w’adwene pii. Yɛ kyerɛwtohɔ. Ɛwom sɛ ɛsono sɛnea obiara sua ade de, nanso sɛ woyɛ kyerɛwtohɔ a ɛbɛboa wo ma wode w’adwene asi ɔkasafo no so kɛse—na akyiri yi, wubetumi ahwɛ mu ma akae wo nea wotee no.

“Sɛ mekɔ nhyiam a, na ɛyɛ den ma me sɛ mede m’adwene besi nea ɛrekɔ so no so, nanso seesei de ayɛ yiye. Mebɔ mmɔden sɛ mɛkae nea enti a mewɔ hɔ. Nhyiamkɔ nyɛ amanne bi kɛkɛ, ɛnte sɛ asɔrekɔ. Sɛ mekɔ a, mekɔ sɛ merekɔsom na masua ade—na manya biribi a mede bɛbɔ me bra.”—Kathleen.

Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow: Sɛ wokɔ nhyiam na woantie asɛm yiye a, ɛte sɛ nea woakɔ apontow ase na woannidi.

3. FA WO HO HYEM

Kyerɛwsɛm: “Dade sew dade anim sɛnea onipa nso suasua ne yɔnko no.”—Mmebusɛm 27:17, Good News Translation.

Sɛ́ aberante anaa ababaa no, wowɔ dwuma titiriw bi di wɔ asafo nhyiam ase. Enti mmu kɔ a wokɔ ne wo ho a wode hyɛ nhyiam no mu no adewa da, sɛ ebia woma mmuae wɔ nsɛmmisa ne mmuae afã anaa wo ne wo mfɛfo gyidifo bɔ fekuw no.

Nyansahyɛ: Fa yɛ wo botae sɛ anyɛ yiye koraa no, wobɛma mmuae biako bere a wɔreyɛ asɛmmisa ne mmuae dwumadi no. Tu wo ho si hɔ na boa ma wonsiesie asa no so anaa yɛ nnwuma a ɛho hia sɛ wɔyɛ ansa na wɔafi nhyiam no ase anaa bere a wɔapɔn no bi. Bɔ mmɔden sɛ wo ne obi a wontaa nnya no ne no nkasa befi nkɔmmɔbɔ ase.

“Bere a meyɛ aberante no, sɛ yɛkɔ nhyiam a, na meboa ma wɔde akasam no kɔ asɛnka agua so kɔhyehyɛ. Saa adwuma a na meyɛ no ma metee nka sɛ me ho hia, ɛno nti na mekɔ adesua daa na na midu hɔ ntɛm nso. Ɛboaa me ma mibenyaa Bible mu nokware ne Onyankopɔn som ho anigye kɛse.”—Miles.

Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow: Sɛ wopɛ sɛ wunya nhyiam no so mfaso bere nyinaa de a, fa wo ho hyem bi.—g12-E 04.

Wubetumi ahu “Mmofra Bisa Sɛ” ho asɛm a ɛba bere nyinaa no wɔ Intanɛt so wɔ www.watchtower.org/ype

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 21]

YƐTO NSA FRƐ WO!

Wobɛpɛ sɛ

● Wusua nokware a ɛfa Onyankopɔn ho no?

● Woyɛ onipa pa?

● Wunya nnamfo a woye sen biara?

Yehowa Adansefo nhyiam ahorow betumi aboa wo ma woayɛ saa nneɛma no—ne afoforo pii! Dapɛn biara, Yehowa Adansefo hyiam mprenu som wɔ wɔn Ahenni Asa so. Wonnyigye sika mfi obiara hɔ, na obiara tumi kɔ bi.

Mma ɛmpa wo ti so! Ahenni Asa ahorow no nte sɛ asɔredan bi a woakɔ mu pɛn. Sɛ wokɔ Yehowa Adansefo hyiam ase a, wubehu sɛ wɔtwe adwene si Bible nkyerɛkyerɛ so, na wubehu sɛnea Onyankopɔn Asɛm betumi ama woanya asetena pa ankasa!—Deuteronomium 31:12; Yesaia 48:17.

Sai—Bere a edi kan a mekɔɔ Ahenni Asa so no, me ho dwiriw me sɛ manhu ahoni biara wɔ hɔ, na manhu sɛ obi asiesie ne ho sɛ ɔsɔfo, na obiara ammisa me sika nso. Obiara gyee me fɛw so, enti me koma antu. Ná ɛnyɛ den sɛ wobɛte nea wɔresua no ase, na na ntease wom. Nokware a na merehwehwɛ no ara ni!

Deyanira—Bere a edi kan koraa a mekɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam ase no, na madi mfe 14. Obiara de anigye gyee me fɛw so. Ná ɛte sɛ nea obiara ani agye sɛ maba hɔ, na wɔkyerɛɛ me ho anigye paa. Esiane osuahu a ɛhyɛ nkuran a midii kan nyae no nti, mamfɛre sɛ mɛsan akɔ hɔ bio!

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 22]

Hwehwɛ nea wobesusuw ho wɔ asafo nhyiam a edi hɔ no. Paw dwumadi no fã a w’ani gye ho na . . . 

TWA NA HWƐ SO YƐ BI

Hyehyɛ nea edidi so yi Hyehyɛ nea edidi so yi

ansa na woakɔ nhyiam no. bere a wɔawie saa ɔfã no.

Ɔfã no din: Nea misua fii mu:

․․․․․ ․․․․․

⇩ ⇩

Nea mepɛ sɛ mihu Nea metumi aka akyerɛ ɔkasafo

fa asɛmti yi ho: no sɛ m’ani gyee ho

wɔ ne kasa no mu:

․․․․․ ․․․․․

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena