Nnuru a Wɔde Si Mogya a Wɔde Ma Ananmu
ANIMDEFO a wofi aman bɛboro 40 mu hyiae wɔ Moscow sɛ wɔredi Jubilee International Congress of the European Society for Cardiovascular and Endovascular Surgery afe a ɛto 60 wɔ May 20-22, 2011 mu. Russsia TV sɛnkyerɛwfo bi kae sɛ, “Saa nhyiam yi ho hia adɔkotafo te sɛ nea Olympics agumadi ho hia agokansifo no ara pɛ.”
Wɔ nnansa a wɔde yɛɛ nhyiam no nyinaa mu no, nnipa dodow no ara kɔɔ beae a na wɔahyehyɛ nnuru a wɔde si mogya ananmu ho nneɛma no hɔ. Yehowa Adansefo Ayaresabea Ho Nsɛm Dwumadibea (HIS) no mufo na na wɔwɔ saa beae hɔ. Adɔkotafo de anigye gyee nhoma kotoku a wɔde nsɛm ahyem, nhoma ahorow, DVD ahorow, ne nsɛm afoforo a ɛfa nnuru a wɔde si mogya ananmu ho no pii fii hɔ. Ná wɔn mu pii pɛ Transfusion-Alternative Strategies—Simple, Safe, Effective video no bi.a
Adɔkotafo a wɔbaa hɔ no mu pii gye toom sɛ, ɛho hia sɛ wosiw mogya pii a wɔhwere wɔ oprehyɛn ahorow a wɔyɛ mu no ano. Dɔkota bi a ɔyɛ koma oprehyɛn wɔ Italy no kae sɛ onim Yehowa Adansefo paa na watumi ayɛ Adansefo bɛyɛ 70 koma oprehyɛn a wamfa mogya anni dwuma. Ɔkae wɔ ne kasa a ɔmae no mu sɛ, mogya a wɔmfa mma wɔ oprehyɛn mu yɛ ade a wɔyɛ daa wɔ n’ayaresabea hɔ. Ɔbenfo bi a ɔwɔ German Adesuabea a Wosua Koma Ho Ade a Ɛwɔ Berlin no faa DVD no bi, na ɔfaa biako nso sɛ ɔde rekɔma ne yɔnko. Ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔahyiam wɔ hɔ no sɛ wayɛ abotafowa bi a ne mu duru yɛ kilogram 2.5 oprehyɛn a wamma no mogya; na n’ayaresabea no ayɛ mmotafowa a wɔn mu duru nnu saa mpo oprehyɛn.
Wɔ Moscow nhyiam no akyi ɔsram biako no, adɔkotafo a wofi aman ahorow so kɔɔ Nnuruyɛfo a Wɔhwɛ Ayarefo ma Wɔyɛ Wɔn Oprehyɛn ne Bere a Wɔawie Oprehyɛn no Nhyiam a Ɛto so Anan wɔ Belomorsk, a ɛwɔ Russia Atifi Fam Atɔe kurow, Arkhangel’sk mu no. Dwumadibea (HIS) no yɛɛ nhyehyɛe koro no ara bi wɔ hɔ nso maa nnipa pii kɔe. Bere a dɔkota bi a ofi St. Petersburg huu nneɛma a wɔahyehyɛ no, ɔkae sɛ, “Nea yehia ara ni!” Ɔkae sɛ, ɛyɛ ne yaw sɛ mogya a wɔde ma ayɛ ne mfɛfo adɔkotafo binom su, enti wɔkɔ so ara de mogya ma ayarefo a wɔahyehyew. Ɔde anigye toaa so sɛ, “Mo nneɛma no betumi aboa paa wɔ nhyiam a wɔrebɛyɛ wɔ St. Petersburg a ɛfa sɛnea wɔbɛhwɛ nnipa a ogya ahyehyew wɔn no ho no.”
Wɔ wiase nyinaa no, adɔkotafo pii rehu mfaso a ɛwɔ aduruyɛ ne oprehyɛn a mogya nka ho no so. Daakye na yebehu sɛ ebia yɛbɛfa ɔkwampa a wɔfa so sa nyarewa yi so ahwɛ ayarefo wɔ wiase nyinaa.—g12-E 09.
[Ase hɔ asɛm]
a Yehowa Adansefo na wɔyɛe.
[Mfonini wɔ kratafa 19]
Yehowa Adansefo Ayaresabea Ho Nsɛm Dwumadibea no mufo na na wɔwɔ saa beae hɔ. Adɔkotafo de anigye gyee nhoma kotoku a wɔde nsɛm ahyem, nhoma ahorow, DVD ahorow, ne nsɛm afoforo a ɛfa nnuru a wɔde si mogya ananmu ho no pii fii hɔ
[Mfonini wɔ kratafa 20]
Sɛ wobetumi ayɛ oprehyɛn a wɔmma mogya wom a, gye sɛ wɔhwɛ sɛ ɔkwan a wɔfa so yɛ aduru, sɛnea wosiw mogya a etu obi ano, ne sɛnea wɔma nnuru no nyinaa hyia yiye