Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 1/14 kr. 2-6
  • Intanɛt Dwumadibea Soronko

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Intanɛt Dwumadibea Soronko
  • Nyan!—2014
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • AWAREFO
  • AWOFO
  • MMABUN
  • WƆN A WƆPƐ SƐ WOSUA BIBLE NO
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2015
  • Ma Obi Mmoa Wo na Te Bible no Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Fa Wɛbsaet Kratawa Foforo no Yɛ Adwuma
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2014
g 1/14 kr. 2-6
Ababaa bi a ɔrehwɛ ade wɔ jw.org so

ASƐM A ƐDA SO

Intanɛt Dwumadibea Soronko

  • KENKAN Bible no wɔ kasa bɛyɛ 50 mu ne nhoma ahorow a egyina Bible so wɔ kasa bɛboro 500 mu.

  • HWƐ video wɔ mum kasa bɛyɛ 70 mu.

  • KYINKYIN beae a wɔde kasa ɔhaha pii agu yi no.

  • TIE Bible mu nsɛm a wɔakenkan no anigye so te sɛ drama no.

  • TWA nsɛm a esisii Bible mu a wɔka ho asɛm te sɛ nea egu so resisi no ho mfonini.

  • HWƐ Bible drama ne video a ɛbɛboa wo ma woagyina asetenam nsɛnnennen ano.

  • TWE e-books, nsɛmma nhoma mu nsɛm, ne ɔkasa a wɔakyere agu Intanɛt so, worentua hwee.

  • YƐ NHWEHWƐMU wɔ nsɛm ahorow pii mu wɔ Watchtower ONLINE LIBRARY so​—ɔkwan a wɔfa so nya nimdeɛ pii, ɛwɔ kasa bɛboro 100 mu.

AWAREFO

“Mepɛ sɛ m’abusua gyina. Me ne me yere ahyia nsɛnnennen wɔ yɛn aware mu nnansa yi, titiriw bere a yɛwoo yɛn mma no. Yehia mmoa”

BIBLE KA SƐ:

“Nyansa na wɔde kyekye ofie, na nhumu na ɛma egyina.”—Mmebusɛm 24:3.

NNEƐMA PA A ƐWƆ DWUMADIBEA HƆ

Awarefo bi a wɔrehwɛ ade wɔ Awarefo ne Awofo afã hɔ wɔ jw.org

“Awarefo & Awofo” afã hɔ no betumi aboa wo ma woagyina nsɛnnennen a ɛte sɛ nea edidi so yi ano:

  • Afe a edi kan wɔ aware mu nsɛnnennen a wogyina ano

  • Sɛnea wo ne wo nsenom bedi nsɛm

  • Mmofra ntetee

  • Akasakasa

  • Sɛnea wodi sikasɛm ho nsɛm so

(Kɔ BIBLE TEACHINGS > COUPLES & PARENTS)

Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba yɛ nhoma a ɛka abusua ho nsɛm pii, fi bere a woyɛ osigyani a woresiesie wo ho ama aware de kosi awofo a wɔn mfe akɔ anim a wɔhwɛ wɔn so.

(Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org. Kɔ NHOMA AHOROW > NHOMA & NHOMAWA)

AWOFO

“Me mma ho hia me sen biribiara. Mepɛ sɛ wonyin bɛyɛ mpanyin pa”

BIBLE KA SƐ:

“Tete abofra wɔ ɔkwan a ɛfata so; sɛ onyin a, ɔremfi ho.”​—Mmebusɛm 22:6.

NNEƐMA PA A ƐWƆ DWUMADIBEA HƆ

Agya bi ne ne ba a wɔrehwɛ ade wɔ Mmofra afã hɔ wɔ jw.org

Wɔ “Mmofra” afã hɔ no, wubehu Bible mu nsɛm a wɔayɛ ho mfonini, abusua nsusuw ho, video ahorow ne Bible adesua a ebetumi aboa wo ma woakyerɛkyerɛ wo mma na . . .

  • wɔayɛ osetie

  • wɔada ayamye adi

  • wɔahu sɛnea wɔne afoforo bɛbɔ

  • wɔasua sɛnea wɔbɛka “meda wo ase”

(Kɔ BIBLE TEACHINGS > CHILDREN)

Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm ne Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No yɛ nhoma a wɔayɛ mfonini a ɛyɛ fɛ wom sɛ wo ne wo mma nkenkan.

(Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org. Kɔ NHOMA AHOROW > NHOMA & NHOMAWA)

MMABUN

“Mepɛ nyansahyɛ a ɛbɛboa me ma madi me sukuu, m’awofo, me nnamfo, ne wɔn a ɛsono me ne wɔn bɔbeasu ho nsɛm ho dwuma. Menyɛ abofra bio, enti mempɛ sɛ obi kyerɛ me nea menyɛ”

BIBLE KA SƐ:

“Ma wo koma nhu anigye wo mmabunberem.”​—Ɔsɛnkafo 11:9.

NNEƐMA PA A ƐWƆ DWUMADIBEA HƆ

Ɔbabun bi a ɔrehwɛ ade wɔ Mmabun afã hɔ wɔ jw.org

Sɛ wohwɛ “Mmabun” afã hɔ a, wubehu nsɛm ne video ahorow a ebetumi aboa wo . . .

  • sɛ́ woayɛ ankonam

  • sɛ́ worehyia ɔhaw wɔ sukuu mu

  • sɛ́ woabu ofie mmara bi so

  • sɛ́ obi resisi wo anaa ɔde nna ho asɛm reteetee wo

(Kɔ BIBLE TEACHINGS > TEENAGERS)

Questions Young People Ask​—Answers That Work Volume 1 ne 2 nhoma no de nsɛmmisa 77 a ɛho hia a wɔtaa bisa no ho mmuae ma.

(Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org. Kɔ PUBLICATIONS > BOOKS & BROCHURES)

WƆN A WƆPƐ SƐ WOSUA BIBLE NO

“Mepɛ sɛ mete Bible no ase. Dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ?”

BIBLE KA SƐ:

“Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ.”—2 Timoteo 3:16.

NNEƐMA PA A ƐWƆ DWUMADIBEA HƆ

Kyerɛw Kronkron​—Wiase Foforo Nkyerɛase no yɛ Bible nkyerɛase a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ a ne kenkan nyɛ den.

(Kɔ NHOMA AHOROW > BIBLE)

“Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae” afã no de nsɛmmisa ahorow a efi “Dɛn nti na Onyankopɔn maa kwan ma Nasifo kunkum Yudafo pii?” kosi “Bere bɛn na wɔwoo Yesu?” no ho mmuae tẽẽ ma.

(Kɔ BIBLE TEACHINGS > BIBLE QUESTIONS ANSWERED)

“Ma Obi ne Wo Mmesua Bible a Wuntua Hwee” afã no bɛma woanya obi a ɔne wo besua Bible a wuntua hwee.

(Klik “Ma Obi ne Wo Mmesua Bible” no so wɔ mfiase afã hɔ)

“Migyaee Bible akenkan efisɛ na mente ase. Nanso bere a mefaa ‘Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?’ nhoma de suaa Bible no, mibehui sɛ asete nyɛ den na emu da hɔ, na ɛmaa me ho dwiriw me.”​—Christina.

WOWƆ YEHOWA ADANSEFO HO NSƐMMISA BI?

“Frequently Asked Questions” afã no bua nsɛm a nkurɔfo taa bisa Yehowa Adansefo, te sɛ “Why do you call on people who already have a religion?” ne “How is your work financed?”

(Kɔ ABOUT US > FREQUENTLY ASKED QUESTIONS)

Da biara, nnipa bɛyɛ 700,000 kɔ jw.org so. Dɛn nti na wonkɔ hɔ bi?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena