Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 10/14 kr. 3
  • Dɛn na Ɛma Wohu sɛ Asi Obi Yiye?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Ɛma Wohu sɛ Asi Obi Yiye?
  • Nyan!—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abusua Ho Dadwene
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Yehowa Tie Ɔbrɛfo Su
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Wɔama Yɛn Tumi A Yɛde Gyina Sɔhwɛ Biara Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • “Seesei M’ani Gye Asɛnka Ho Paa!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2014
g 10/14 kr. 3

ASƐM A ƐDA SO | DƐN NA ƐKYERƐ SƐ ASI OBI YIYE?

Dɛn na Ɛma Wohu sɛ Asi Obi Yiye?

Nsɛm a ɛdidi so no bɛma woahu w’adwene. Ɛnyɛ nsɛm a ɛsisii paa, nanso wo deɛ dwene ho hwɛ.

Hena na wobɛka sɛ asi no yiye paa?

  • Alex

    ALEX

    Alex wɔ ɔno ara n’adwuma. Ɔdi nokware, ɔmfa n’adwuma nni agorɔ, na ɔbu adeɛ. Alex adwuma no rekɔ yiye, enti ɔne n’abusua wɔ ahotɔ paa.

  • Cal

    CAL

    Cal nso kura n’ankasa adwuma, na ɔnya sika mpo sen Alex. Akansie nti sɛ́ Cal te n’adwumam ara ni. Wei nti ɔtaa yareyare.

  • Janet

    JANET

    Janet nso wɔ ntoaso sukuu. Ɔyere ne ho sua ade; adesua yɛ no dɛ paa. Enti sukuu yɛ nsɔhwɛ a, ɔtwa kɛse.

  • Ellen

    ELLEN

    Ellen aben paa wɔ sukuu kyɛn Janet, na afe biara ɔnya abasobɔde. Nanso ɔwia nsɔhwɛ mu, na n’ani nhyɛ da nnye sukuu ho.

Hena na woyii no sɛ asi no yiye? Sɛ woyii Cal ne Ellen anaa nnipa nnan no nyinaa a, ɛkyerɛ sɛ deɛ wogyina so bu obi sɛ asi no yiye ne nea watumi ayɛ; ɔkwan a ɔfaa so yɛe deɛ, wonhwɛ hɔ.

Nanso Alex ne Janet na woyii wɔn a, ɛnde nea wogyina so kyerɛ sɛ asi obi yiye ne ne suban ne sɛnea ɔyɛ n’adwuma. Sɛ saa koraa a, ɛnyɛ bɔne. Wo deɛ hwɛ asɛm yi:

  • Enti wohwɛ a, dɛn na ɛbɛma asi Janet yiye daakye? Sɛ́ nsɔhwɛ du a ɔbɛtumi atwa kɛse paa, anaasɛ n’ani bɛgye adesua ho?

  • Wohwɛ a, dɛn na ɛbɛboa Alex mma? Sɛ́ wɔbɛnya sika atɔ biribiara a wɔpɛ, anaasɛ wɔn papa bɛnya adagyew ama wɔn?

Yɛbɛtwa no tiaa a, obi pɛ din a, ɔbrɛ gu kwa; obi de nneɛma papa sisi n’ani so a, ɛnna ɛsi no yiye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena