Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 2/15 kr. 6-7
  • Ɛntwaam, Ɛbɛtumi Aboa Obiara​—Ɔdɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛntwaam, Ɛbɛtumi Aboa Obiara​—Ɔdɔ
  • Nyan!—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abrabɔ Gyinapɛn A Entwam Da Boa Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2015
  • Sɛnea Yebenya Nokware Dɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Papa Ne Bɔne: Bible Ma Yɛn Akwankyerɛ a Edi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 2/15 kr. 6-7

ASƐM A ƐDA SO | BIBLE SO WƆ MFASOƆ NNƐ?

Ɛntwaam, Ɛbɛtumi Aboa Obiara​—Ɔdɔ

BIBLE MU ASƐM: “Monhyɛ ɔdɔ ɛfiri sɛ ɛyɛ koroyɛ homa a ɛyɛ pɛ.”​—Kolosefoɔ 3:14.

ƐSO MFASOƆ: Ɔdɔ a Bible taa ka ho asɛm no nyɛ ɔbaa ne barima ntam dɔ. Mmom, ɛyɛ ɔdɔ a ɛwɔ nkorabata te sɛ mmɔborɔhunu, fafiri, ahobrɛaseɛ, nokorɛdie, ayamye, ɔdwoɔ ne aboterɛ. (Mika 6:8; Kolosefoɔ 3:12, 13) Ɔbarima ne ɔbaa ntam dɔ deɛ, ano tumi dwo, nanso ɔdɔ kann deɛ, ɛnyini berɛ nyinaa, ɛto ntwa da.

Brenda aware bɛyɛ mfie 30 nie, na ɔka sɛ: “Ɔbaa ne barima ware foforɔ a, wɔdɔ wɔn ho, nanso sɛ yɛka ɔdɔ paa a, ɛberɛ na ɛbɛkyerɛ.”

Sam aware bɛboro mfie 12 na ɔka sɛ: “Bible mu afotuo aboa me ne me yere ma ɛyɛ nwanwa paa. Ɛnyɛ den koraa sɛ yɛde bɛyɛ adwuma, na ɛma yɛn ani gye berɛ nyinaa. Nokwasɛm nie, Bible wɔ tumi! Nea ɛhia ara ne sɛ wode bɛyɛ adwuma, wobɛhu sɛ biribiara rekɔ so fɛfɛɛfɛ. Sɛ menyaeɛ a, anka daa na mede reyɛ adwuma. Nanso ɛtɔ da a na nneɛma ate afa so, ɛnkanka berɛ a asɛm bi ahyɛ me so anaa ɔbrɛ kakra wom anaa mabu m’ani agu me yere so. Ɛba saa a, mesrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me ma menhyɛ me ho so. Afei mebam me yere, na yɛn ani bɛba yɛn ho so no na biribiara ada dinn te sɛ nea hwee nsiiɛ!”

“Nyansa nam ne nnwuma so di bem”

Yesu Kristo kaa sɛ “nyansa nam ne nnwuma so di bem.” (Mateo 11:19) Sɛ yɛhwɛ asɛm yi a, yɛbɛtumi aka sɛ, sɛ obi pɛ nyansa a, ɔrentumi nkɔ nnya Bible no. Efisɛ tumi wom na emu afotuo ntwam da. Obi biara bɛtumi de ayɛ adwuma! Nnipa asetena ho biribiara nni hɔ a ɛnni Bible mu. Wei nyinaa kyerɛ sɛ Bible no fi yɛn Bɔfoɔ Yehowa Nyankopɔn hɔ ampa. Sɛ wode yɛ adwuma a, ɛnna wobɛhu nea yɛreka yi. Enti Bible ka sɛ “monka nhwɛ na monhunu sɛ Yehowa yɛ.” (Dwom 34:8) Wobɛka ahwɛ anaa?

BIBLE AMA M’ASETENA AYƐ PAPA

Linh yɛ ababaa a ɔwɔ Asia Anafoɔ. Ɔne Nyan! twerɛfoɔ twetwee nkɔmmɔ na ɔkyerɛɛ sɛnea Bible aboa ama n’asetena ayɛ papa.

Ɔsom bɛn na na wowom?

Na m’abusuafoɔ yɛ Buddhafoɔ a wɔnni wɔn amanneɛ ho agorɔ. Nokorɛ Nyankopɔn no deɛ, na mennim ne ho hwee.

Sɛ wohwɛ asetena a na wowom a, na w’ani gye?

Anigyeɛ? Merekɔ fa no he? Na me haw nni ano. Na me sikasɛm ayɛ basaa, na m’ayɔnkofoɔ nyɛ papa, na na mentumi nyɛ hwee mmoa m’awofoɔ mma wɔnsiesie wɔn ntam nsɛm.

Ɛnneɛ, ɛyɛɛ dɛn na nneɛma sesaeɛ?

Yehowa Adansefoɔ mmabaa bi firii aseɛ de Bible kyerɛkyerɛɛ me. Sɛ biribi ha me a, na mekɔ wɔn hɔ ma wɔboa me. Na ɛnyɛ wɔn tipɛn koraa ne me, nanso wɔn afotuo boaa me paa. Asɛm no ne sɛ wɔde Bible na ɛboaa me na ɛnyɛ wɔn adwene.

Seesei Bible adaworoma, m’asetena ayɛ kama, na wei ama manya awerɛhyem paa sɛ ɛyɛ Onyankopɔn nwoma, na ɛbɛtumi aboa obiara a ɔde emu nsɛm bɔ ne bra. Nokwasɛm ne sɛ, wiase nwomasua so wɔ mfasoɔ kakra, nanso ɛrentumi nyɛ nea Bible ayɛ yi.

Worepɛ akyerɛ sɛn?

M’awofoɔ suaa nwoma kɔɔ akyire, na na wɔdi yie wɔ asetenam, nanso wɔantumi ansiesiee wɔn ntam asɛm. Seesei awareɛ no agu na wɔn asetena ayɛ basaa. Berɛ a mekɔɔ kɔlege no, amanfoɔ ma mehuu sɛ, ɛtɔ da a, sɛ nnipa amfa basabasayɛ amfa mu a, nneɛma renyɛ yie. Nanso Bible ma yɛhu sɛ, nnipa ntumi mma yɛnya nea yɛhia nyinaa, efisɛ Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛ wɔnni wɔn ho so. Wei enti na nnipa sɔ aban anaa nnisoɔ biara hwɛ a, na nneɛma agye agu no.a Nanso sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ Onyankopɔn ase a, yɛn asetena bɛyɛ papa na yɛatumi aboa afoforɔ nso.

Ɔkwan bɛn so na Bible no aboa wo?

Akwan pii so. Seesei m’adwendwene so ate koraa, na mewɔ nnamfo pa nso. Metumi toto me sikasɛm yie nya bi mpo tutu kwan kakra. Anikasɛm koraa ne sɛ, sɛ obi hia mmoa a, metumi boa no.

a Hwɛ Ɔsɛnkafoɔ 8:9; Yeremia 10:23.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena