Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 4/15 kr. 3-5
  • Nteɛso Afa He?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nteɛso Afa He?
  • Nyan!—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awofo Ntumi Mfa Wɔn Nan Nsi Fam Bio
  • Wɔn Adwene Nsi Pi
  • Wubu Wo Mma Dɛn?
    Nyan!—1980
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Nteɛso a Mmofra Hia
    Nyan!—2015
  • Tete Wo Ba Ma Onnwen Nnipa Ho Wɔ Pɛsɛmenkominya Wiase Mu
    Nyan!—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 4/15 kr. 3-5
1. Abofra bi a wadi mfe nnan kura ne kar; 2. Abaayewa a wadi mfe nnum abobɔ ne nsa; 3. Abarimaa a wadi mfe 12 de ne nsa asi ne sisi

ASƐM A ƐDA SO

Nteɛso Afa He?

Aburokyire aman bi so no, abusua asetena asesa koraa. Kane no awofo bɔ wɔn ani kyerɛ wɔn mma a, ntɛm ara na wɔate aseɛ; nanso seesei wokɔ mmusua pii mu a, mmofra mmom na wɔkyerɛ awofo nea wɔnyɛ. Wo deɛ, yɛnyɛ nhwɛso mfa nkyerɛkyerɛ asɛm yi mu.

  • Maame bi ne ne ba a wadi mfe nnan wɔ sotɔɔ bi mu. Abofra no akɔfa kar ba bi, na ɔpɛ sɛ ne maame tɔ ma no. Nanso ne maame ka kyerɛ no sɛ: “Oh, sɛ́ wowɔ bebree wɔ fie, anaa meboa?” Maame no hu sɛ wammisa koraa a anka ɛyɛ, efisɛ ɛnyɛ nea ɔreka na abofra no repɛ atie. Ɔka kyerɛ ne maame sɛ: “Mese mepɛ!” Maame no nim ne ba no; sɛ wantɔ a, ɔbɛkekam ayɛ dede. Enti ɔtɔ ma no.

  • Papa bi ne n’adamfo rebɔ nkɔmmɔ. Ɛhɔ ara ne ba abaayewa a wadi mfe nnum ka kyerɛ no sɛ: “Me deɛ m’abrɛ, yɛnkɔ fie!” Ne papa twa nkɔmmɔ no so, na ɔbɔ ne mu ase ka sɛ: “Kaakyire, yɛbɛkɔ seesei yi ara wae?”

  • James adi mfe 12 na ne tikya abɛbɔ ne papa amanneɛ sɛ ɔrekasa a na abofra no reteɛteɛm gu ne so. James papa no tee saa no, ne bo fuwii, na ɔka kyerɛɛ ne ba no sɛ: “Tikya yi mpɛ w’asɛm; daa ɔnya wo ho asɛm ka. Mede asɛm no bɛkɔ akɔto sukuu mpanyimfo anim!”

Nsɛm a yɛaka yi nyɛ nea ɛsii ankasa, nanso tebea a ɛtete saa rekɔ so. Sɛ awofo anteɛ wɔn mma so, na wɔyɛ nea mmofra no pɛ biara ma wɔn, anaa biribiara na wɔakɔgyina wɔn akyi a, ɛnneɛ tebea a yɛaka ho asɛm yi ara na yɛbɛhu. Nwoma bi a wɔato din The Narcissism Epidemic ka sɛ: “Ɛnnɛ, awofo bebree de wɔn tumi ama wɔn mma nkumaa. Nnansa yi ara, na mmofra nim sɛ wɔn awofo na ɛdi tumi wɔ fie, na ɛnyɛ wɔn.”

Wei nkyerɛ sɛ awofo nyinaa agyae ma wɔn mma yɛ nea wɔpɛ. Awofo pii yɛ nhwɛso pa ma mmofra no sua, na sɛ ɛhia sɛ wɔde wɔn nan si fam teɛ wɔn mma a, wɔyɛ saa. Nanso nwoma no kaa sɛ, “awofo a wɔte saa no bere atwam.”

Ɛyɛɛ dɛn na nneɛma gyee nsam saa? Ɛhe na nteɛso afa?

Awofo Ntumi Mfa Wɔn Nan Nsi Fam Bio

Ebinom ka sɛ ɛfi 1960 na abahyɛbɔne fii ase, efisɛ saa bere no na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho animdefo hyɛɛ awofo sɛ wɔnyɛ wɔn mma brɛbrɛ. Wɔkaa sɛ awofo mfa wɔn mma nnamfo, na wɔnnni wɔn so tumi. Wɔde toaa so sɛ: ‘Nkamfo yɛ sen nteɛso.’ ‘Sɛ wo ba yɛ bɔne a nka, na mmom sɛ ɔyɛ adepa a na woakamfo no.’ Ɛsɛ sɛ anka animdefo yi boa awofo ma wɔhu bere a ɛfata sɛ wɔkamfo wɔn mma ne bere a ɛsɛ sɛ wɔteɛ wɔn so. Nanso wɔanyɛ saa; mmom nea wɔka ara ne sɛ nkaanim nyɛ mma mmofra, efisɛ ɛbɛtumi adi wɔn awu, na akyiri yi wɔbɛsɔre atia awofo no.

Ankyɛ koraa na animdefo yi san de bɛtoo gua sɛ mmofra hia nidi. Na ɛte sɛ nea wɔahu ɔkwampa a awofo bɛfa so atete wɔn mma. Nea wɔrepɛ akyerɛ ara ne sɛ: Ma wo mma nhu sɛ wɔn ho hia. Ɛwom, ɛyɛ ne kwan so sɛ wobɛma wo mma ahu sɛ wɔn ho hia. Nanso animdefo yi yɛɛ nneɛma traa so. Nokwasɛm ne sɛ wɔka kyerɛɛ awofo sɛ ‘nsɛmfua dabi anaa ɛnyɛ deɛ, ɛnsɛ sɛ ɛpue fi wɔn ano.’ Wɔtuu awofo fo sɛ: ‘Daa ka kyerɛ wo mma sɛ wɔda wo koma so na nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ biara wɔbɛtumi ayɛ.’ Nea wɔreka yi deɛ, akɔyɛ sɛ sɛ abofra bi suban nyɛ, na woma ne tirim yɛ no dɛ a, ɛyɛ.

Abofra bi te ahengua so na n’awofo rehoahoa no

Animdefo ama mmofra tirim ayɛ wɔn dɛ, enti wɔsusu sɛ wiase yɛ wɔn dea

Afei deɛ nea ebinom ka ne sɛ animdefo yi ama mmofra tirim ayɛ wɔn dɛ aboro so ma wɔte nka sɛ wiase yɛ wɔn dea. Nwoma bi a wɔfrɛ no Generation Me kaa sɛ, “Wei nti mmofra pii nyin a, wɔmpɛ sɛ obi ka wɔn asɛm, na sɛ nneɛma nkɔ yie nso a wɔnhu nea wɔnyɛ.” Agya bi kaa wɔ nwoma no mu sɛ, “Worentumi nkɔdi tirimdɛ wɔ adwumam. . . . Sɛ w’adwumawura ka sɛ kyerɛw biribi na woankyerɛw no yie a, ɔbɛka; ɔrenkrɔkrɔ wo nka sɛ, ‘Krataa a wokyerɛw so no yɛ fɛ, enti yɛmfa no saa ara.’ Wei nti sɛ yɛgyegye mmofra so tra so a, ɛbɛdi wɔn awu daakye.”

Wɔn Adwene Nsi Pi

Nea nnipa ka wɔ abatete ho na awofo bi gyina so tete wɔn mma. Nwomanimfo bi a ɔde Ronald G. Morrish kyerɛw sɛ: “Bere a nneɛma resesa no, na adwene a nnipa kura wɔ nteɛso ho nso resesa.”a Enti ɛnyɛ den koraa sɛ awofo bɛma ‘nkyerɛkyerɛ mframa biara awoso wɔn biribiri te sɛ asorɔkye de wɔn adi akɔneaba.’—Efesofoɔ 4:14.

Ɛda adi sɛ awofo nteɛ wɔn mma so sɛnea ɛsɛ, na wei de nsunsuanso bɔne na aba. Seesei awofo nni wɔn mma so tumi, na mmofra no nnya akwankyerɛ a ɛbɛma wɔasi gyinae pa na wɔanya ahotoso wɔ asetenam.

Enti ɔkwampa bi wɔ hɔ?

a Yɛn na yɛasi ɔfa bi so dua; asɛm no fi Secrets of Discipline: 12 Keys for Raising Responsible Children mu.

Ɛyɛ Akyerɛ Bɔne Anaa?

Asɛm a ɛdidi so yi bi fa wo ho?

  • Woyɛ ɔbaatan, na daa wo ba fi sukuu ba anaa ɛdu nnawɔtwe awiei a, sɛ́ wode no redi akɔneaba ara ni. Sɛ ɛnyɛ asa na ɔrekɔsua a, na ɔrekɔsua sankubɔ; sɛ ɛnyɛ bɔɔl na ɔrekɔbɔ a, na ɔrekɔtu mmirika. Ɛno ara ne sɛ wopɛ sɛ wo ba no nya biribi yɛ. Ɛbɛwie ase no na woabrɛ sɛɛ tam, na woka sɛ, ‘Me mma nim sɛ me daakye ara ne wɔn, enti nea wɔpɛ biara mɛyɛ ama wɔn. Ɛnyɛ nea ɔbaatan bɛyɛ ama ne mma ara na mereyɛ yi?’

    Susu ho hwɛ: Bere a worewɔbere wo ho ama wo mma anya nea wɔpɛ no, bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn paa na mmofra yi resua afi me hɔ?’ Bere rekɔ so no, wonnye nni sɛ wo mma bɛnya adwene sɛ awofo adwuma ara ne sɛ wɔbɛma wɔn mma nsa aka nea wɔhia biara?

    Nea ɛsɛ sɛ woyɛ: Ma wo mma nhu sɛ “yɛwo a yɛdidi”; ɛsɛ sɛ wo nso wonya bere ma wo ho. Wei bɛma wɔahu sɛ ɛsɛ sɛ wɔdwene afoforo ho.

  • Na wo papa yɛ katee, na wo deɛ wompɛ sɛ woyɛ wo mma saa. Enti wo mma mmarimaa nyɛɛ hwee koraa a, na woregyegye wɔn so; wopɛ sɛ wokamfo wɔn ma wɔn tirim yɛ wɔn dɛ. Ebia wobɛka sɛ, ‘Meyɛ wɔn saa a, wɔbɛhu sɛ wɔn ho hia. Wɔrenyɛ wɔn ho moamoa, na wonyin a baabiara wɔbɛtumi awura.’

    Susu ho hwɛ: Sɛ wogyegye wo mma so ma wɔn tirim yɛ wɔn dɛ a, dɛn paa na wɔbɛnya afi mu? Wonnye nni sɛ tirimdɛ a ɛte saa bɛma wɔahoman na apira wɔn daakye?

    Nea ɛsɛ sɛ woyɛ: Kari pɛ. Ɛnsɛ sɛ woka wo mma anim denneennen; nanso ma wɔnyɛ biribi a ɛfata nkamfo ansa na woakamfo wɔn.

  • Fa no sɛ woyɛ ɔbaatan a wowɔ mma mmaayewa mmienu. Ɔpanyin no adi mfe nsia, ɛnna kumaa no adi mfe nnum. Ɔpanyin no nte asɛm ase. Ɛnora, ɔde abufuw bɔɔ ne nua kumaa no, nanso woanka n’anim na mmom wobɔɔ mmɔden sɛ wo ne no bɛsusu asɛm no ho. Wokaa no wo tirim sɛ, ‘Na mempɛ sɛ mɛka sɛ nea ɔyɛe no yɛ bɔne na ammu n’abam.’

    Susu ho hwɛ: Wohwɛ a, abofra a wɔadi mfe nsia, wo ne no susu asɛm ho gyaa no saa ara a, ɛyɛ? Enti sɛ wo ba bɔ ne nua na woka sɛ nea ɔyɛe no yɛ bɔne a, na wɔabɔ mmusu?

    Nea ɛsɛ sɛ woyɛ: Wo ba yɛ ade a ɛmfata a, twe n’aso sɛnea ɛsɛ. Sɛ wode nteɛso a ɛfata ma no a, ɛbɛboa ma n’adwene aba fie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena