Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g16 nɔma 5 kr. 14-15
  • Aristotle

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Aristotle
  • Nyan!—2016
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkaa Nneɛma Pii Ho Asɛm
  • Katolek Asɔre no Gyee Aristotle Nkyerɛkyerɛ Toom
  • Nyansahu Ne Bible—So Ɛbɔ Abira Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2016
  • Nyansahu​—Nokware a Adesamma Kɔ so Hwehwɛ
    Nyan!—1993
  • So Ɛsɛ Sɛ Wugye Di?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2016
g16 nɔma 5 kr. 14-15

ABAKƆSƐM

Aristotle

Aristotle

Bɛboro mfe 2,300 a atwam ni, Aristotle yɛɛ bi maa nyansahu ne nyansapɛ paa. Nimdeɛ ne nkyerɛkyerɛmu a ɔde too gua no, nnipa pii ani agye ho de abesi nnɛ, na wɔakyerɛ ne nsɛm no bi ase kɔ kasa horow mu ma sukuufo sua ho ade. James MacLachlan yɛ abakɔsɛm ho ɔbenfo na nea ɔkyerɛw faa Aristotle ho ni. “Bɛyɛ mfe 2,000 deɛ, na Aristotle nkyerɛkyerɛ nko ara na na Europafo pii kura mu.” Aristotle nsusuwii no bi mpo gyee ntini wɔ Katolek, Protestant ne Islam nkyerɛkyerɛ mu.

Ɔkaa Nneɛma Pii Ho Asɛm

Aristotle kyerɛw nhoma faa mfonini, nsoromma, abɔde a nkwa wom, suban, kasa, mmara, anigyede, amanyɔsɛm, sɛnea nnipa dwen, sɛnea nneɛma keka wɔn ho, anwensɛm, anotew, sɛnea yesusuw nneɛma ho te ase, tumi a ɛtwe ade, ne sɛnea yetumi de yɛn adwene bu nneɛma ho. Ɔsan nso kaa ɔkra ho asɛm nanso na ogye di sɛ ɔkra no tumi wu. Ne nyinaa mu no, nea ɛma ogyee din paa ne nsɛm a ɔka faa abɔde a nkwa wom ne sɛnea yesusuw nneɛma ho te ase ho.

Ná tete Hela abenfo gyina nneɛma a wɔn ani hu, sɛnea yɛyɛ ntotoho, ne sɛnea yesusuw nneɛma ho te ase so na ɛkyerɛkyerɛ wiase a atwa yɛn ho ahyia yi mu. Ná wogye di sɛ wobetumi agyina nokwasɛm ahorow a obiara nnye ho kyim so akyerɛkyerɛ nneɛma foforo a aka mu pɛpɛɛpɛ.

Saa nsusuwii no boaa wɔn ma wɔtee nneɛma pii ase yiye. Baako ni. Wobehui sɛ abɔde a ɛwɔ soro ne asase so no nni hɔ kɛkɛ, nhyehyɛe da ho. Nanso esiane sɛ na nkyerɛkyerɛmu ne ntease a na wɔwɔ no gyina nneɛma a wɔn ani tumi hu nko ara so nti, ɛde ɔhaw bi bae. Animdefo pii a na Aristotle nso ka ho no kaa nsɛm bi a na ɛnyɛ nokware. Ɛho nhwɛso ni. Ná wogye di sɛ okyinnsoromma ne nsoromma nyinaa di asase ho kyinhyia. Saa bere no, na obiara gye di sɛ asɛm yi yɛ nokware turodoo. Nhoma bi ka sɛ: “Adwene a na Helafo kura wɔ asase ho no, sɛ wudwen ho na wode toto nimdeɛ a na nnipa wɔ ho a, asɛ na ɛto asom.”—The Closing of the Western Mind.

Asase ho nkyerɛkyerɛmu a ɛnyɛ nokware yi dii akoten paa wɔ abakɔsɛm mu efisɛ Katolek Asɔre no gye toom na wɔboa ma ɛhyetae.

Katolek Asɔre no Gyee Aristotle Nkyerɛkyerɛ Toom

Tete mmere mu a na Kristosom agye ntini wɔ Europa no, na wogye Aristotle nkyerɛkyerɛ nso tom sɛ ɛyɛ nokware turodoo. Roma Katolek asɔfo, titiriw Thomas Aquinas (bɛyɛ afe 1224-1274)—de Aristotle nsɛm kaa wɔn nhoma a wɔde kyerɛ ade no ho. Enti Aristotle nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ okyinnsoromma ne nsoromma nyinaa di asase ho kyinhyia no bɛyɛɛ Katolekfo nkyerɛkyerɛ. Protestant akannifo bi te sɛ Calvin ne Luther nso gye toom na wɔkaa mpo sɛ ɛyɛ Bible nkyerɛkyerɛ.—Hwɛ adaka a ɛne “Wodwen Traa Nea Bible no Ka.”

Wogyee Aristotle nkyerɛkyerɛ no bi toom sɛ ɛyɛ nokware turodoo

Nhoma kyerɛwfo Charles Freeman kaa sɛ, “Ɛkame ayɛ sɛ nsɛm bi mu deɛ, ná nsonsonoe biara nni [Aristotle nkyerɛkyerɛ] ne Katolek deɛ mu.” Enti wɔka sɛ Aquinas “bɔɔ” Aristotle “asu” ma ɔbɛyɛɛ Katolekni. Nanso sɛ wohwɛ mu paa deɛ a sɛnea Freeman kyerɛwee no, “Aquinas mmom na ɔbɛyɛɛ Aristotle akyidini.” Na yebetumi mpo aka sɛ ɔkwan bi so no, asɔre no nso yɛɛ biribi saa. Galileo yɛ Italiani. Ná ɔyɛ nsoromma ne akontaabu ho onimdefo. Nanso bere a ɔde nea wahu ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkyerɛ sɛ asase no mmom na ɛredi kyinhyia wɔ owia no ho too gua no, wɔde no kɔɔ Roma Asɛnnibea no anim, na wɔhyɛɛ no ma ɔsesaa n’ano.a Nanso Aristotle deɛ, na onim sɛ nyansahu mu nimdeɛ tumi sesa, na biribi a nnɛ wogye tom sɛ ɛyɛ nokware no mpo betumi asesa daakye. Sɛ asɔre no nso huu no saa a, anka eye!

a Sɛ wopɛ sɛnea Galileo ne Asɔre no de sii ani ho nsɛm a, hwɛ borɔfo Nyan! a ɛbaa April 22, 2003.

NOKWASƐM TIAWA

  • Ná Aristotle ani gye adesua ho, “na na okyinnsoromma ne nsoromma ho asɛm hia no paa.”—Aristotle—A Very Short Introduction.

  • Ná ogye di sɛ “Obi Titiriw” bi na ɔma abɔde nyinaa keka wɔn ho.

  • Wɔkyerɛ sɛ Aristotle na ɔde abɔde a nkwa wom ne sɛnea yesusuw nneɛma ho te ase ho adesua bae.

  • Aristotle na ɔkyerɛɛ aberante bi a ofi Macedonia ade. Saa aberante no ne Alexander Ɔkɛse, obedii aman pii so.

Asase ho mfonini a ɛkyerɛ sɛnea okyinnsoromma ne nsoromma nyinaa di asase ho kyinhyia

Nnipa a wɔtenaa ase tete no mu pii susuwii sɛ na okyinnsoromma ne nsoromma nyinaa di asase no ho kyinhyia

Wodwen Traa Nea Bible no Ka

Aristotle nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ okyinnsoromma ne nsoromma nyinaa di asase no ho kyinhyia no, asɔfo bi gye toom tete no. Wɔyɛɛ saa efisɛ wodwen traa Bible mu asɛm bi te sɛ Dwom 104: 5. Ɛka sɛ: “[Onyankopɔn de] asase atim ne nnyinaso so; na ɛrenhinhim da biara da.” Ɛha no, ɛnyɛ baabi pɔtee a asase wɔ wɔ okyinnsoromma ne nsoromma nyinaa mu ho asɛm na na Bible kyerɛwfo no reka ho asɛm. Mmom ɛyɛ anwensɛm bi a na ɔde rekyerɛ sɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ asase no bɛtena hɔ daa.—Ɔsɛnkafo 1:4.

Nanso sɛ Bible ka nyansahu ho asɛm a, ɛka no pɛpɛɛpɛ. Wo deɛ ma yɛnhwɛ nhwɛso ahorow yi. Wɔkyerɛwee Hiob 26:7 bɛyɛ mfe 3,500 a atwam ni, na ɛka sɛ Onyankopɔn de “asase asɛn nea hwee nni.” Saa ara nso na Hiob 38:33 nso ka sɛ okyinnsoromma ne nsoromma nyinaa di mmara so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena