Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g16 nɔma 5 kr. 16
  • “Ɛyɛ Ɔkwan Foforo Koraa!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ɛyɛ Ɔkwan Foforo Koraa!”
  • Nyan!—2016
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tumi a Video Ahorow a Edi Adanse no Wɔ
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Video Foforo a Yɛde Befi Bible Adesua Ase
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Yehowa Adansefo​—Ahyehyɛde A Ɛhyɛ Edin No Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Fa Video Kyerɛkyerɛ
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2016
g16 nɔma 5 kr. 16
Ofotufo bi a ɔwɔ South Korea yi video a ɛwɔ jw.org so kyerɛ ne sukuufo

“Ɛyɛ Ɔkwan Foforo Koraa!”

SOO-JEONG yɛ ofotufo wɔ ntoaso sukuu bi mu wɔ South Korea. Oyii video a ɛwɔ jw.org wɛbsaet so no kyerɛɛ ne sukuufo. Asɛm a ɔkae ni: “Pɛ ani bɛhwɛ nea sukuufo no yɛe. Bere a wɔhwɛɛ video a ɛne Yɛka Adamfo Paa a, Ɔne Hena? wiei no, wɔn ani gyee paa! Wɔn mu bi kaa sɛ, ‘mennwenee adamfofa ho nkɔɔ akyiri saa da. Ɛyɛ ɔkwan foforo koraa a wɔfa so kyerɛ ade!’ Ebinom nso kaa sɛ bere biara a wohia afotu no, wɔbɛkɔ wɛbsaet hɔ.” Soo-jeong toaa so sɛ: “Makamfo video yi akyerɛ me mfɛfo, na wɔn ani agye sɛ wɔde video a ɛte saa bɛkyerɛ ade.”

Video foforo a sukuufo a wɔwɔ South Korea ani agye ho paa ne Di Osisifo So Nkonim a Wontow Twɛre. Obi a ɔkyerɛ ade wɔ sukuupɔn mu, na ɔne adwumakuw bi a wɔhwɛ siw mmofra basabasayɛ ano yii saa video no kyerɛɛ sukuufo bi. (Juvenile Violence Prevention Foundation) Ɔkaa sɛ, “Mmofra pii ani gyee video no ho esiane nneɛma a ɛyɛ anika a wɔdrɔdrɔ wom no nti. Mfaso wɔ video no so paa efisɛ ɛnyɛ sɛnea obi begyina nsisi ano nko ho asɛm kɛkɛ na ɛka na mmom sɛnea ɔbɛtwe ne ho afi ho nso.” Adwumakuw no bisaa wɔn a wɔyɛɛ video no sɛ ebia wobetumi de video no aka nneɛma a wɔde kyerɛ sukuufo no ade no ho anaa. Wɔmaa wɔn kwan sɛ wobetumi ayɛ saa. Polisifo mpo de video ahorow a ɛwɔ jw.org so no reyɛ adwuma.

Sɛ wunnya nkɔɔ wɛbsaet yi so a, bɔ mmɔden na kɔ hɔ. Ɛnyɛ den koraa sɛ wode wɛbsaet no bɛyɛ adwuma, na biribiara a wobɛtwe no—sɛ́ ɛyɛ nea wobɛbɔ atie, video, Bible, anaa nhoma biara no—wuntua hwee.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena