Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g17 nɔma 2 kr. 4-6
  • Dɛn na Bible Ka Fa Ahonhonsɛmdi Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Bible Ka Fa Ahonhonsɛmdi Ho?
  • Nyan!—2017
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • BAABI A EFI NNYE
  • Metumi De Ahonhonsɛmdi Agyigye M’ani Kɛkɛ Anaa?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Ma Yehowa Mmoa Wo Na Ko Tia Ahonhommɔne
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Dɛn Nti na Ahonhonsɛmdi Abu So Saa?
    Nyan!—2000
  • Ahonhommɔne Wɔ Tumi
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2017
g17 nɔma 2 kr. 4-6
Wɔrebɔ ahonhonsɛm ho dawuru wɔ TV so; awarefo bi rehwɛ bi

Ɛwom, wɔn a wɔyɛ anigyede ahorow no ma nnipa, mfonini, ne nsɛmti no yɛ anika deɛ, nanso ɛsɛ sɛ yehu asiane a ɛwɔ saa anigyede no mu

ASƐM A ƐDA SO | AHONHONSƐM—HENA NA ƆHYƐ AKYI?

Dɛn na Bible Ka Fa Ahonhonsɛmdi Ho?

YƐREKA ahonhonsɛm anaa tumi a ɛboro nnipa deɛ so ho asɛm a, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wogye di. Wosusuw sɛ ɛyɛ nnaadaa. Ebinom nso gye di sɛ wɔn a wɔkyerɛw sini mu nsɛm no na wɔde wɔn adwene bu nsɛm bi kɛkɛ. Nanso nea Bible ka fa ho no yɛ soronko koraa. Ɛka no pen sɛ yɛntwe yɛn ho mfi ahonhonsɛmdi ho. Ɛho nhwɛso ni. Deuteronomium 18:10-13 ka sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ obi a ɔyɛ abusude yi bi tena mo mu: Nea ɔhyɛ abosonkɔm anaa oyi nkonyaa, nea ɔhwehwɛ hyɛbea ho sɛnkyerɛnne anaa odi asumansɛm, nea ɔkyekyere afoforo anaa ɔkɔ abisa, ɔkɔmfo anaa samanfrɛfo.’ Adɛn ntia? Bible no toa so sɛ: “Yehowa kyi obi a ɔyɛ eyinom . . . Hwɛ na wo ho amma asɛm wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim.”

Adɛn nti na Bible kasa tia ahonhonsɛmdi biara denneennen saa?

BAABI A EFI NNYE

Bible ma yehu sɛ ansa na Onyankopɔn rebɔ asase no, odii kan koraa bɔɔ abɔfo anaa honhom abɔde ɔpepem pii. (Hiob 38:4, 7; Adiyisɛm 5:11) Ɔmaa abɔfo yi mu biara akwannya sɛ obetumi apaw nea ɔpɛ. Ná abɔfo no betumi apaw sɛ wɔbɛyɛ papa anaa bɔne. Ebinom pawee sɛ wɔbɛtew Onyankopɔn so atua, enti wofii soro baa asase so bedii bɔne. Nea efii mu bae ne sɛ, “na amumɔyɛ ahyɛ” asase so mã.—Genesis 6:2-5, 11; Yuda 6.

Bible ka sɛ saa abɔfo bɔne no tumi nya nnipa bebree so tumi, na wɔredaadaa nnipa pii nso. (Adiyisɛm 12:9) Abɔfo bɔne no nim sɛ onipa biara pɛ sɛ ohu nea ebesi daakye, enti wɔfa so daadaa nkurɔfo.—1 Samuel 28:5, 7; 1 Timoteo 4:1.

Ɛyɛ nokware, ɛtɔ da a ɛte sɛ nea ahonhonsɛm boa nkurɔfo. (2 Korintofo 11:14) Nanso nokware a ɛwom ne sɛ, saa abɔfo bɔne yi pɛ sɛ wofura nkurɔfo adwene ani na wɔanhu Onyankopɔn ho nokwasɛm.—2 Korintofo 4:4.

Enti abɔfo bɔne a nkurɔfo ne wɔn di nkitaho no, Bible ama yɛahu sɛ ɛnyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛde gyigye yɛn ani kɛkɛ. Wei nti bere a nnipa bi a na wɔpɛ sɛ wobedi Yesu akyi no huu saa nneɛma yi ho nokwasɛm no, ‘wɔn a wodi asumansɛm no mu pii de wɔn nhoma ba bɛhyewee.’—Asomafo Nnwuma 19:19.

Ɔbaa bi rekenkan ahonhonsɛm ho nhoma

“Nnansa yi, sɛnea wɔde abayifo a wɔn ho yɛ fɛ na wɔn ho yɛ akɔnnɔ ba sini, TV, ne nhoma ahorow mu no, ebetumi aba sɛ ɛno na ama mmabaa pii ani regye abayisɛm ho no.”​—Gallup Youth Survey, 2014

Ɛnnɛ nso nnipa bebree ayɛ wɔn adwene sɛ wɔremfa wɔn ho nhyɛ anigyede anaa biribiara a ahonhonsɛm wom mu. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a, bere a abaayewa bi a ɔde Mariaa dii mfe 12 no, ɛte sɛ nea na otumi ka nea ebesi daakye anaa bɔne bi a ɛreba ho asɛm. Ná otumi hwɛ sopaa bi so ka ne sukuufo daakye ho asɛm kyerɛ wɔn. Ɔka nso a na ɛbam, enti n’ani begyee asumansɛm ho paa.

Ná Maria susuw sɛ Onyankopɔn na ama no akyɛde a otumi de boa nkurɔfo. Nanso ɔkaa sɛ: “Ná biribi haw me. Ná mehwɛ sopaa so ka nkurɔfo abrabɔ mu nsɛm kyerɛ wɔn. Me nso, na mepɛ sɛ mihu me daakye nanso na mehwɛ sopaa no so a minhu hwee.”

Ná nsɛmmisa bebree reteetee Maria, enti ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae na akyiri yi Yehowa Adansefo ne no suaa Bible. Bible no maa no behuu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma otumi ka daakye asɛm. Ɔsan huu sɛ, sɛ obi ne Onyankopɔn betumi afa adamfo a, biribiara a ɛfa ahonhonsɛm ho no, ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho fi ho. (1 Korintofo 10:21) Dɛn na efii mu bae? Nhoma ne biribiara a na Maria de di asumansɛm no, ɔtoo ne nyinaa gui. Nokwasɛm a wasua afi Bible mu no, seesei ɔno nso de kyerɛkyerɛ nkurɔfo.

Ɔbarima bi a ɔde Michael nso, ɔyɛ aberante no, na ɔtaa kan nhoma a ahonhonsɛm ne abayisɛm wom paa. Ɔkaa sɛ: “Sɛ merekan nhoma bi na mihu nkwadaa te sɛ me a honhom anaa tumi bi hyɛ wɔn mu a, na mafa no sɛ ɛyɛ me.” Nkakrankakra nhoma a abayisɛm ne nyankomade wom no, n’akenkan bɛkaa no hɔ. Ɔkaa sɛ: “Ná mepɛ sɛ mihu nneɛma a ɛtete saa no mu yiye paa, enti na metaa kan ho nhoma hwɛ ho sini nso.”

Nanso Bible a Michael suae no kaa no maa ohuu sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwɛ nneɛma a ɔkenkan no yiye. Ɔkaa sɛ: “Nneɛma a ɛfa ahonhonsɛmdi ho no, mekyerɛw ne nyinaa guu krataa so na metoo ne nyinaa gui. Misuaa biribi titiriw bi. Ɛne sɛ Bible ka wɔ 1 Korintofo 10:31 sɛ: ‘Monyɛ biribiara mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.’ Afei mibisa me ho sɛ, ‘Saa nhoma a merekenkan yi, ɛma mehyɛ Onyankopɔn anuonyam ampa?’ Sɛ ɛnte saa a, na magyae kan.”

Ɔbaa bi rehwɛ jw.org wɛbsaet

Wɔka Bible no ho asɛm sɛ ɛte sɛ kanea. Ɛyɛ nhoma soronko a ɛma yehu sɛnea ahonhonsɛmdi te ankasa. (Dwom 119:105) Bible no ma yehu nea ɛsen saa mpo. Ɛka sɛ daakye ahonhommɔne rennya tumi wɔ nnipa so bio. Sɛ ɛbam a, ɛbɛma nnipa ho atɔ no paa. Ɛho nhwɛso ne Dwom 37:10, 11. Ɛhɔ ka sɛ: “Aka kakraa bi na ɔdebɔneyɛfo nni hɔ bio; na wohwehwɛ ne tenabea a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”

a Wɔasesa din ahorow a ɛwɔ asɛm yi mu no.

Dɛn ne Ahonhonsɛmdi?

Nkurɔfo de wɔn ho hyɛ nneɛma bi te sɛ nsoromma mu hwɛ, abayisɛm, ne asumansɛm mu. Wei ma yehu sɛ nkurɔfo pɛ ahonhonsɛmdi. Wokɔ mmeae bebree wɔ wiase a, nkurɔfo kɔ asumanfo, adunsifo anaa akɔmfo hɔ na ama wɔatumi ne ahonhommɔne adi nkitaho. Ebinom nam ahonhonsɛm so hwehwɛ wɔn daakye. Wɔhwɛ nsoromma mu, wɔkɔ abisa, wɔhwɛ ahwehwɛ mu, wɔhwɛ afoforo nsam anaa wɔma obi hwɛ wɔn nsam.

Wohwɛ nhoma ahorow ne sini bebree mu a, wɔma ahonhonsɛm yɛ te sɛ nea asɛm biara nni ho anaa ɛyɛ anigye mpo. Wɔn a wɔakwadare nkitahodi mu no bi kyerɛ sɛ, sɛnea woyi ahonhonsɛm wɔ TV ne sini ahorow mu no, ɛka ho bi paa na adidi nkurɔfo ti saa no.

Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?

Yɛsrɛ wo sua pii ka ho wɔ Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no mu, ti 10. Yehowa Adansefo na wotintimii. Wubetumi atwe nhoma yi wɔ www.jw.org/tw a wuntua hwee, anaa fa w’afiri skan ahyɛnsode yi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena