Nnianim Nsɛm
Adɛn nti na ehia sɛ yesiesie yɛn ho ma atoyerɛnkyɛm?
Bible ka sɛ: “Onitefo hu mmusu na ɔde ne ho hintaw; ogyimfo a ɔfa mu no nya asotwe.”—Mmebusɛm 27:12.
“Nyan!” yi bɛma yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ansa na atoyerɛnkyɛm asi, bere a asi, ne bere a asi awie.