Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g20 nɔma 2 kr. 8-9
  • 2. Amane a Yehu No, Yɛn Ankasa Na Yɛakɔfa Abɛto Yɛn Ho So Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 2. Amane a Yehu No, Yɛn Ankasa Na Yɛakɔfa Abɛto Yɛn Ho So Anaa?
  • Nyan!—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Asɛmmisa Yi Ho Hia
  • Susuw Wei Ho Hwɛ
  • Nea Bible Aka
  • Dɛn na Bible Aka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2020
  • Asɛmmisa 3: Adɛn Nti na Onyankopɔn Ma Kwan Ma Mihu Amane?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • 4. Onyankopɔn Bɔɔ Yɛn No, Na Ɔpɛ Sɛ Yehu Amane Anaa?
    Nyan!—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2020
g20 nɔma 2 kr. 8-9
Ɔbarima bi te n’asa so. Okura sigaret wɔ ne nsa baako mu, ɛnna okura bia toa nso wɔ ne nsa baako mu.

2. Amane A Yehu No, Yɛn Ankasa Na Yɛakɔfa Abɛto Yɛn Ho So Anaa?

Nea Enti a Asɛmmisa Yi Ho Hia

Sɛ yɛn ankasa na yɛakɔfa amanehunu abɛto yɛn ho so a, ɛnde ɛkyerɛ sɛ, amane a yehu no, yɛn ankasa betumi atew so.

Susuw Wei Ho Hwɛ

Nea edidi so yi ma nnipa hu amane. Yemmisa sɛ, yebetumi de ho sobo nyinaa abɔ nnipa anaa?

  • Mfoni bi a ɛkyerɛ obi a wapoma twɛre. Saa mfoni yi gyina hɔ ma ayayade a wɔde yɛ nkurɔfo.

    Ayayade.

    Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) bu akontaa sɛ, wuyi mpanyimfo 4 biara a, wɔn mu 1 de, wɔyɛɛ no ayayade wɔ ne mmofraase. Wuyi mmea 3 biara nso a, wɔn mu 1 de, wɔayɛ no ayayade anaa wɔato no mmonnaa (anaa wɔayɛ no ayayade asan ato no mmonnaa) pɛn.

  • Mfoni bi a ɛkyerɛ awufo nna. Saa mfoni yi gyina hɔ ma amusiei.

    Ɛyaw a Owu De Ba.

    WHO de amanneɛbɔ bi a wɔato din World Health Statistics 2018 too gua. Wɔkaa wom sɛ: “Afe 2016 mu no, wobuu akontaa sɛ nnipa bɛyɛ 477,000 na wokunkum wɔn wɔ wiase nyinaa.” Wei da nkyɛn a, wobuu akontaa sɛ, nnipa bɛyɛ 180,000 na wokunkum wɔn wɔ akodi mu saa afe no ara.

  • Mfoni bi a ɛkyerɛ koma no ne sɛnea koma no rebɔ. Saa mfoni yi gyina hɔ ma yare.

    Yare.

    Ɔkyerɛwfo Fran Smith kaa asɛm bi wɔ nsɛmma nhoma bi a wɔato din National Geographic mu. Nea ɔkae ne sɛ: “Nnipa bɛboro ɔpepepem baako na wɔnom sigaret, na sɛ yɛreka nyarewa nnum a ekunkum nnipa paa a, tawa ka nneɛma a ɛde saa nyarewa no ba ho. Nyarewa nnum a ekunkum nnipa paa no ne komayare, yare a ɛma obi fã dwudwo, nyarewa a ɛka nipadua akwaa a ɛboa ma yɛhome, yare bi a ɛka nnipa aharawa (chronic obstructive pulmonary disease), ne kokoram a ɛtɔ aharawa mu.”

  • Mfoni bi a ɛkyerɛ nsenia; nsenia no nkari pɛ. Saa mfoni yi gyina hɔ ma nsisi.

    Nsisi.

    Jay Watts yɛ onimdefo a wasua sɛnea nnipa adwene yɛ adwuma ne sɛnea nnipa yɛ wɔn ade ho ade. Ɔkaa sɛ: “Nneɛma pii na etumi ma nkurɔfo teetee. Ebinom di hia, wosisi ebinom, na afoforo nso, baabi a wofi nti nkurɔfo bu wɔn animtiaa. Ebinom wɔ hɔ a, wɔyɛ mmea nti, wommu wɔn. Ebinom nso, wɔyɛ mmarima nti wommu wɔn. Ebinom nso akodi nkurɔfo aman so. Akansi a ɛkɔ so wɔ nnwuma mu ne mmeae foforo nso ma nkurɔfo teetee.”

    SUA PII KA HO

    Hwɛ video a wɔato din Dɛn Nti Na Onyankopɔn Bɔɔ Asase? Ɛwɔ jw.org/tw.

Nea Bible Aka

Ɔbarima a yɛadi kan aka ne ho asɛm no, wɔagye no ato ayaresabea. Dɔkota no aka ne yare no ho asɛm akyerɛ ɔne ne yere, na ɛnyɛ asɛm a ɛyɛ dɛ. Ne yere tee no, watwa n’ani ahwɛ baabi.

Nnipa ka ho bi paa na amanehunu rekɔ so.

Amane a yehu no, pii fi aban ahorow a wɔhyɛ ɔmanfo so. Nanso aban ahorow a ɛtete saa no ka sɛ, ɔmanfo no nti na wɔwɔ hɔ.

“Onipa di onipa so ma ewie no bɔne.”—ƆSƐNKAFO 8:9.

Amane a yehu no, yebetumi atew so.

Bible mu afotusɛm betumi aboa yɛn ama yɛanya apɔwmuden, na ebetumi aboa ama yɛne afoforo ntam ayɛ kama.

“Koma a edwo yɛ ɔhonam nkwa, na ahoɔyaw yɛ nnompe mu porɔw.”—MMEBUSƐM 14:30.

“Momma wonyi menasepɔw nyinaa ne abufuw ne bobɔne ne nkekawmu ne kasatia mfi mo mu, ɛne adebɔne biara.”—EFESOFO 4:31.

Amane a yehu no, yɛn ankasa na yɛakɔfa abɛto yɛn ho so anaa?

Bible ka sɛ: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Galatifo 6:7) Amane a yehu no, ebi wɔ hɔ a, gyinae a yɛn ankasa sisi na ɛkɔfa brɛ yɛn. Ɛno nti dɔkotafo hyɛ nkurɔfo nkuran sɛ, wonni aduan a ahoɔden wom, wɔnteɛteɛ wɔn apɔw mu, na wɔntwe wɔn ho mfi nneɛma bi a ebetumi apira wɔn te sɛ sigaretnom ho. Nanso yɛrentumi nka sɛ amane a nnipa hu no, ne nyinaa fi nnipa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, nnipa a wɔn ho nni asɛm nso tumi nya akwanhyia, atoyerɛnkyɛm tumi to wɔn, na wotumi hyia ɔhaw afoforo nso.

Adɛn nti na nnipa pa hu amane?

Hwɛ asɛmmisa a ɛto so 3 no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena