Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g21 nɔma 2 kr. 4-6
  • Sɛn Na Ɛlɛtrɔnik Mfiri Betumi Asɛe Wo Ne Wo Nnamfo Ntam?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛn Na Ɛlɛtrɔnik Mfiri Betumi Asɛe Wo Ne Wo Nnamfo Ntam?
  • Nyan!—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ƐSƐ SƐ WUHU
  • NEA WUBETUMI AYƐ
  • Nea Ɛbɛma Woanya Nnamfo Pa
    Nyan!—2016
  • Mmofra ne Sohyia Midia—Ɔfã 1: Memma Me Ba Nkɔ Sohyia Midia So Anaa?
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Sɛ M’awofo Mma Me Kwan Mma Menkɔ Sohyia Midia So a, Menyɛ Dɛn?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Mmofra ne Sohyia Midia—Ɔfã 2: Boa Wo Ba a Ɔyɛ Babun Ma Ɔnyɛ Ahwɛyiye Wɔ Sohyia Midia So
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2021
g21 nɔma 2 kr. 4-6
Nnamfo bi redi nkitaho wɔ video call so; ɛsono baabi a wɔn mu biara wɔ.

Sɛn Na Ɛlɛtrɔnik Mfiri Betumi Asɛe Wo Ne Wo Nnamfo Ntam?

Ɛnnɛ, ɛlɛtrɔnik mfiri adaworoma nti, wubetumi afa text message, email, video call, ne sohyial media so ne obi foforo adi nkitaho, ɛmfa ho baabi a onipa no wɔ. Mfaso a ɛwɔ ɛlɛtrɔnik mfiri so baako no no.

Nanso ebinom wɔ hɔ a, ɛlɛtrɔnik mfiri nko ara na wɔfa so ne wɔn nnamfo di nkitaho. Wɔn a wɔte saa no, nea ɛtaa ba ne sɛ, ɛyɛ a . . .

  • ɛyɛ den sɛ wobenya tema ama wɔn nnamfo.

  • wɔte nka sɛ wɔayɛ ankonam, na wɔn ani nnye.

  • wodwen wɔn ho sen afoforo.

NEA ƐSƐ SƐ WUHU

Abaayewa bi nenam sohyial media so anadwo. Mfoni a ɔrehwɛ no, nnipa 723,000 na ahwɛ bi.

TEMA

Sɛ obi wɔ tema a, ɛkyerɛ sɛ odwen afoforo ho, na ɔwɔ wɔn ho adagyew. Nanso sɛ ɛkɔba sɛ, da biara w’ani abere rekenkan text message anaa worehwɛ nneɛma wɔ sohyial media so a, ɛbɛyɛ den sɛ wubenya nkurɔfo ho adagyew na kampɛsɛ woanya tema ama wɔn.

Sɛ ɛlɛtrɔnik mfiri de wo yɛ akoa, na sɛ da biara wowɔ intanɛt so a, ebedu baabi no, message bebrebe a wunya no, ɛbɛyɛ den sɛ wubenya bere akenkan ne nyinaa. Nea wobɛyɛ ara ne sɛ, wode w’ani bɛfa mu kɛkɛ. Enti sɛ w’adamfo bi hia mmoa mpo a, ebia ɛbɛyɛ den sɛ wubehu, na woaboa no.

SUSUW WEI HO HWƐ: Sɛ wo ne wo nnamfo rebɔ nkɔmmɔ wɔ fon anaa intanɛt so a, wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wowɔ “tema” ma wɔn, na wudwen wɔn ho?​—1 PETRO 3:8.

ANKONAMYƐ

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe kyerɛ sɛ, wɔn a wɔde bere pii kyinkyin sohyial media so no, wɔn mu pii wɔ hɔ a wobewie no, na wɔayɛ basaa. Wɔn a wɔyɛɛ nhwehwɛmu no hyɛɛ no nsow sɛ, sɛ obi gye bere kokyinkyin sohyial media so hwɛ mfoni a nkurɔfo de agu hɔ no a, etumi ma ɔte nka sɛ, “wasɛe bere anaa wamfa ne bere anyɛ biribiara a mfaso wɔ so.”

Ebinom nso wɔ hɔ a, sɛ wɔhwɛ mfoni a nkurɔfo de agu sohyial media so, na wɔde toto wɔn asetena ho a, na wɔayɛ mmɔbɔ. Ade yi, wokɔ sohyial media so a, nneɛma a ɛkɔ yiye wɔ nkurɔfo asetena mu no, ɛho mfoni na wɔtaa de gu hɔ. Enti anhwɛ yiye a, wubenya adwene sɛ asi wɔn yiye, na wo de, woammɛbɔ bra.

SUSUW WEI HO HWƐ: Sɛ wokɔ sohyial media so a, dɛn na wubetumi ayɛ na woamfa wo ho antoto afoforo ho?​—GALATIFO 6:4.

PƐSƐMENKOMINYA

Ɔkyerɛkyerɛfo bi kaa sɛ, ɔde n’ani ato fam ahu sɛ, wɔn a ɔkyerɛ wɔn ade no bi wɔ hɔ a, sɛ wɔrepɛ adamfo a, ɛyɛ a wɔpɛ wɔn a wobetumi aboa wɔn nko ara. Sɛ obi te saa a, nea obenya afi ne nnamfo hɔ nko ara na ehia no. Enti sɛ biribi hia no a, ɛnna ɔkɔ ne nnamfo nkyɛn, nanso sɛ hwee nhia no a, ɔnhwehwɛ wɔn akyiri akwan.

SUSUW WEI HO HWƐ: Bisa wo ho sɛ, ‘Nneɛma a mede gu sohyial media so no, ɛkyerɛ sɛ mibu me ho sen afoforo anaa mepɛ sɛ afoforo adwene ba me so?’​—GALATIFO 5:26.

NEA WUBETUMI AYƐ

HWƐ SƐNEA WODE ƐLƐTRƆNIK MFIRI YƐ ADWUMA NO YIYE

Sɛ wode ɛlɛtrɔnik mfiri yɛ adwuma yiye, na woamma amfa wo anyɛ akoa a, ɛbɛma woatumi ne wo nnamfo adi nkitaho, na ɛbɛma woabɛn wɔn paa.

BIBLE MU AFOTUSƐM: ‘Ɔdɔ nhwehwɛ nea ɔno nko ara hia.’​—1 KORINTOFO 13:4, 5.

Nea edidi so yi mu nea ɛwɔ he na wopɛ sɛ wosɔ hwɛ? Sɛ biribi foforo nso wɔ hɔ a wohwɛ a ɛbɛboa wo a, wubetumi akyerɛw wɔ ase hɔ.

  • Mɛtaa akɔ me nnamfo nkyɛn ne wɔn akɔbɔ nkɔmmɔ (sen sɛ mɛfa text message anaa email nko ara so ne wɔn adi nkitaho)

  • Sɛ me ne nkurɔfo rebɔ nkɔmmɔ a, mede me fon bɛto baabi anaa mede bɛto silence

  • Bere dodow a mede kyinkyin sohyial media so no, mɛtew so

  • Sɛ obi ne me rekasa a, mɛyɛ aso atie no

  • Mɛfrɛ m’adamfo bi a nneɛma nkɔ yiye mma no

BISA WO HO SƐ . . .

  • M’adɔfo ne me nnamfo a wodwen me ho no, me ne wɔn ntam te sɛn?

  • Sɛ me ne m’adamfo bi rebɔ nkɔmmɔ a, ɛyɛ a mema call anaa text message twetwe m’adwene?

  • Nsɛm a mekyerɛw wɔ sohyial media so ne mfoni a mede gu hɔ no, ebetumi ama nkurɔfo anya adwene sɛ mehoahoa me ho anaa?

  • Sɛ mikyinkyin sohyial media so wie a, ɛyɛ a mete nka sɛn?

  • Nsakrae bɛn na metumi ayɛ na ɛlɛtrɔnik mfiri ansɛe me ne me nnamfo ntam?

    BIBLE MU AFOTUSƐM: “Munnnwen mo nko ara mo ho, na mmom munnwen afoforo nso ho bi.”​—FILIPIFO 2:4.

Emily.

“Ɔyɔnko pa ho yɛ nã, enti ansa na wubenya bi no, na woabrɛ mu. Ɛnyɛ nnamfo dodow a wowɔ ne asɛm no, sɛ kakraa bi mpo na wowɔ, na wɔyɛ papa a, eye. Nnamfo pa de, wɔdodɔ wɔn ho, na obiara dwen ne yɔnko ho.”​—EMILY

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena