Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g21 nɔma 2 kr. 7-9
  • Sɛn Na Ɛlɛtrɔnik Mfiri Betumi Ahaw Wo Mma?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛn Na Ɛlɛtrɔnik Mfiri Betumi Ahaw Wo Mma?
  • Nyan!—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ƐSƐ SƐ WUHU
  • NEA WUBETUMI AYƐ
  • Mmofra Ne Smatfon—Ɔfã 1: Ɛsɛ Sɛ Mema Me Ba Smatfon Anaa?
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Mmofra Ne Smatfon—Ɔfã 2: Kyerɛ Wo Mma Sɛnea Wɔde Smatfon Bɛyɛ Adwuma Yiye
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Wode Abɛɛfo Mfidie Di Dwuma Yie?
    Nyan!—2015
  • Boa Wo Ba Ma Ɔnhwɛ Ne Ho Yiye Wɔ Intanɛt Ho
    Nyan!—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2021
g21 nɔma 2 kr. 7-9
Mmofra bi de wɔn toys agu nkyɛn baabi, ɛnna wɔde ɛlɛtrɔnik mfiri regyigye wɔn ani.

Sɛn Na Ɛlɛtrɔnik Mfiri Betumi Ahaw Wo Mma?

Mpanyimfo pii wɔ hɔ a, wɔn bere so no, na ɛlɛtrɔnik mfiri mmaa so papa, enti ebetumi ayɛ den ama wɔn mu bi sɛ, wɔde bɛyɛ adwuma. Nanso mmofra a wɔaba no, wonim ɛlɛtrɔnik mfiri mu yiye paa. Ade yi, wɔrenyin nyinaa, ɛno ara na atwa wɔn ho ahyia. Enti ɛnyɛ den mma wɔn sɛ wɔde bɛyɛ adwuma.

Nanso abɛda adi sɛ, mmabun a wɔde bere pii kyinkyin intanɛt so no, ebedu baabi no, . . .

  • sɛ wɔn fon, wɔn tablɛt, anaa wɔn laptop nni wɔn nkyɛn a, wontumi ntena.

  • nkurɔfo tumi teetee wɔn wɔ intanɛt so anaa wɔn mu bi tumi haw nkurɔfo wɔ intanɛt so.

  • wotumi kopue ponografi so bere a wɔn ani nna, anaa ebi hyɛ da kɔhwɛ ponografi.

NEA ƐSƐ SƐ WUHU

Abofra bi kura smatfon. Ɔmpɛ sɛ ne maame behu no, enti ɔreto ne pon mu bɔkɔɔ.

WONTUMI NKƆ NNYAW HƆ

Nneɛma a wɔyɛ wɔ intanɛt so no bi wɔ hɔ a, wɔahyɛ da ayɛ no ɔkwan bi so a, sɛ ɛsɔ obi dɛ mu a, ɛyɛ den sɛ obegyae. Ebi ne video game a wɔbɔ wɔ intanɛt so no. Nhoma bi a wɔfrɛ no Reclaiming Conversation ka sɛ: “Apps a ɛwɔ yɛn fon so no, wɔahyɛ da ayɛ no ɔkwan bi so a, sɛ wode reyɛ adwuma a, ɛbɛkyere wo atena fon no ho.” Apps no bi wɔ hɔ a, wɔbɔ nneɛma dawuru wɔ so. Enti sɛ yɛde bere pii tena app no ho a, wɔn a wɔbɔ nneɛma dawuru wɔ so no nya sika pii.

SUSUW WEI HO HWƐ: Sɛ wo mma so wɔn fon, tablɛt, anaa wɔn laptop mu a, wontumi mfa nto hɔ anaa? Wobɛyɛ dɛn aboa wɔn, na wɔatumi de wɔn bere ayɛ adwuma yiye?​—EFESOFO 5:15, 16.

INTANƐT SO ATEETEE

Ebinom wɔ hɔ a, sɛ wɔkɔ intanɛt so a, na wɔadan nnipa foforo koraa. Wotumi didi atɛm, keka nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ afoforo. Enti yɛbɛka a, wɔteetee nkurɔfo wɔ intanɛt so.

Biribi foforo a ɛsan ma ebinom yɛ nneɛma a ɛmfata wɔ sohyial media so ne sɛ, ɛyɛ a wɔpɛ sɛ wogye din anaa wɔma afoforo adwene ba wɔn so. Ebinom nso de, sɛ wɔkɔ sohyial media so a, nneɛma a wokohu wɔ hɔ no tumi ma wɔteetee anaa wodi yaw. Ebia wɔbɛkɔ akohu sɛ, wɔn nnamfo akogye wɔn ani wɔ baabi, na wɔanto nsa amfrɛ wɔn. Ɛba saa a, etumi ma wɔte nka sɛ wɔayi wɔn baako ahyɛ wɔn nsa.

SUSUW WEI HO HWƐ: Sɛ wo mma kɔ intanɛt so a, suban bɛn na wɔda no adi—ɛyɛ suban pa anaa subammɔne? (Efesofo 4:31) Sɛ wɔte nka sɛ afoforo ayi wɔn ama a, ɛyɛ a wɔyɛ wɔn ade sɛn?

PONOGRAFI

Ɛnnɛ intanɛt nti, nna ho nsɛm a ɛyɛ aniwu, na ɛyɛ abofono abu so, na ɛnyɛ den sɛ obi benya bi ahwɛ. Ɛwom, biribi wɔ hɔ a awofo betumi ayɛ wɔ wɔn mma fon anaa tablɛt so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkopue biribi a enye so, anaa wɔrenkɔ baabiara a wɔpɛ wɔ intanɛt so. Nanso ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nsow sɛ, ɛnyɛ bere nyinaa na saa ade no yɛ adwuma yiye.

Aman bi so no, sɛ obi de aguamansɛm ho mfoni fa text message anaa email so mena obi a, wato mmara. Aman bi mpo de, mmofra a wɔde nna ho mfoni mena mmofra foforo no, wotumi hwɛ mfe a wɔadi ho bɔ wɔn sobo sɛ, wɔde nna ho nsɛm reteetee afoforo.

SUSUW WEI HO HWƐ: Wobɛyɛ dɛn aboa wo mma, na wɔamfa aguamansɛm ho mfoni ammena obiara, anaa wɔanhwɛ aguamansɛm ho mfoni wɔ intanɛt so?​—EFESOFO 5:3, 4.

NEA WUBETUMI AYƐ

BOA WO MMA

Sɛ abofra bi nim sɛnea wɔde ɛlɛtrɔnik mfiri yɛ adwuma mpo a, ɔda so ara hia obi a ɔbɛboa no ama ɔde ayɛ adwuma wɔ ɔkwampa so. Nhoma bi a wɔfrɛ no Indistractable ka sɛ, sɛ wode wo fon ma wo ba, na woankyerɛ no sɛnea ɔde bɛyɛ adwuma yiye a, “ɛte sɛ nea woapia no ato nsu mu sɛ onguare, bere a wonkyerɛɛ no asuguare.”

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Kyerɛkyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin mpo a, ɔremman mfi ho.”​—MMEBUSƐM 22:6.

Nea edidi so yi mu nea ɛwɔ he na wopɛ sɛ wosɔ hwɛ? Sɛ biribi foforo nso wɔ hɔ a wohwɛ a ɛbɛboa wo a, wubetumi akyerɛw wɔ ase hɔ.

  • Mɛboa me ba ama wahu sɛnea ɔbɛda suban pa adi bere a wakɔ intanɛt so

  • Sɛ me ba te nka sɛ afoforo ayi no ama a, mɛboa no ama wahu sɛnea ɔbɛyɛ n’ade

  • Biribiara a ɛsɛ sɛ meyɛ wɔ me ba fon so sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔkɔ intanɛt so a ɔrenkopue nneɛma bɔne so no, mɛyɛ

  • Ɛwom ara a, megye me ba fon, na mahwɛ nea ɔde yɛ

  • Mɛkyerɛ me ba nnɔnhwerew dodow a obetumi de ne fon ayɛ adwuma da biara

  • Sɛ me ba rekɔda anadwo a, memma ɔmfa ne fon no nkɔ

  • Sɛ abusua no hyiam sɛ yɛrebedidi a, obiara remfa ne fon mma hɔ

NSƐMMISA BI A AWOFO BETUMI ASUSUW HO

  • Ɛyɛ a mede fon anaa tablɛt ma me ba sɛ ɔmfa nni agorɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhaw m’adwene anaa?

  • Yɛn ba no hia ɛlɛtrɔnik afiri a obetumi de akɔ intanɛt so anaa? Adɛn ntia?

  • Yɛwɔ sika a yebetumi de atɔ saa afiri no bi ama no anaa?

  • Yɛn ba no yɛ obi a otumi hyɛ ne ho so, anaa otumi sisi gyinae pa?

  • Ɔyɛ ɔnokwafo anaa? Sɛ odi mfomso a, ɛyɛ a ogye tom?

  • Mmara bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ ma no?

  • Yɛbɛyɛ dɛn aboa no, na wansɛe ne bere nyinaa wɔ ɛlɛtrɔnik mfiri ho, sɛnea ɛbɛyɛ a obenya bere de ayɛ nneɛma foforo?

    BIBLE MU AFOTUSƐM: ‘Wɔn a wɔanyin no, wɔde wɔn adwene yɛ adwuma ma enti wɔatete no ama etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.’​—HEBRIFO 5:14.

Laureta ne David.

“Bisa wo ho sɛ, ‘Adɛn nti na me mma no pɛ sɛ wonya fon? Sɛ mede me fon ma wɔn a, dɛn na wɔde yɛ? Sɛ wɔkɔ intanɛt so a, ɛhe na ɛyɛ a wɔkɔ? Agorɔ bɛn na wodi anaa games bɛn na ɛyɛ a wɔbɔ wɔ so? Sɛ mede me fon ma wɔn a, bere bɛn na wɔsan de brɛ me?’ Ansa na wobɛtɔ ɛlɛtrɔnik afiri ama wo ba no, bisa wo ho sɛ, ‘Waso sɛ obekura saa afiri no? Otumi hyɛ ne ho so?’”​—LAURETA NE NE KUNU DAVID

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena