Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g21 nɔma 3 kr. 8-9
  • Nea Nyansahufo Rentumi Mma Yenhu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Nyansahufo Rentumi Mma Yenhu
  • Nyan!—2021
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nyinsɛn mu Ɔbenfo Bi Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu
    Nyan!—2016
  • Nea Nyansahu Ayɛ Ama Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Ɔbɔadeɛ No Betumi Ama W’asetra Ayɛ Nea Atirimpɔw Wom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Adanse Wɔ Hɔ!
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2021
g21 nɔma 3 kr. 8-9
Tikyani bi a ɔkyerɛ abɔde ho ade ne sukuufo bi resusuw asɛm bi ho.

Nea Nyansahufo Rentumi Mma Yenhu

Nyansahufo bɔ mmɔden sɛ wobesua biribiara a ɛwɔ amansan yi mu no ho ade. Nanso nsɛmmisa a ɛho hia pii wɔ hɔ a, wontumi nyii ano.

Nyansahufo atumi ama yɛahu nea ɛyɛe a amansan yi ne nkwa bae anaa? Yebetwa no tiawa a, daabi. Ebinom kyerɛ sɛ, nyansahufo a wosua amansan yi ho ade no betumi akyerɛ nea ɛyɛe a ɛbae. Marcelo Gleiser yɛ nsoromma ho nimdefo bi a ɔkyerɛ ade wɔ Dartmouth College. Ɔno de, onhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaa onni hɔ. Ɔkaa sɛ: “Nea ɛyɛe a amansan yi bae no, yentumi nkyerɛkyerɛɛ mu da. Nea yɛreyɛ no de, yɛretwerɛtwerɛ ntoa ho.”

Bere a nsɛmma nhoma bi a wɔfrɛ no Science News rekyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a nkwa bae mu no, ɛkaa sɛ: “Nea ɛyɛe paa a nkwa baa asaase so no, ɛbɛyɛ den sɛ yebehu. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, adanse ahorow a anka nyansahufo betumi agyina so ayɛ saa asɛm yi mu nhwehwɛmu no, emu pii wɔ hɔ a, ayera nsesa mu.” Asɛm a ɔbenfo no kae ne nea nsɛmma nhoma no kae no nyinaa ma yehu sɛ, nea ɛyɛe a amansan yi ne nkwa bae paa de, nyansahufo ntumi nkyerɛkyerɛɛ mu.

Nanso ebia wubebisa sɛ, ‘Sɛ obi na ɛtoo ne bo ase bɔɔ asaase yi ne nneɛma a ɛwɔ so no a, ɛnde ɛyɛ hena?’ Ebi nso a, na woabisa nsɛm a edidi so yi bi pɛn: ‘Sɛ Ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ nyansa na ɔwɔ ɔdɔ wɔ hɔ a, ɛnde adɛn nti na ɔhwɛ ma nnipa brɛ saa? Adɛn nti na wama kwan ama ɔsom ahorow abu so saa? Adɛn nti na n’asomfo yɛ nneɛma bɔne, na ɔnyɛɛ ho hwee?’

Saa nsɛmmisa yi, sɛ nyansahufo twe wɔn mu tann a wɔrentumi nyi ano da. Nanso ɛno kyerɛ sɛ yɛrentumi nnya ho mmuae a ɛtɔ asom anaa? Nea ɛte ne sɛ, nnipa pii anya saa nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ Bible mu, na ama wɔn ani agye.

Nyansahufo bi ato wɔn bo ase adɔ Bible no mu asukɔ, na wɔahu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea ama wɔanya saa gyidi no a, kɔ jw.org/tw. Sɛ wokɔ hɔ a, bɔ “nea ɛyɛe a nkwa bae, nea nkurɔfo aka” hyɛ Hwehwɛ afã hɔ. Wubenya video ahorow a ɛfa asɛm no ho.

Nyansahu ne bible ama wɔanya gyidi sɛ ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ

Georgiy N. Koidan; ɔyɛ odufrafo

“Nnuru ho adwuma a meyɛ no, ɛte sɛ nea woreto dame. Woreto dame a, ɛsɛ sɛ wudi kan dwen mma a wobɛto no mu biara ho yiye ansa na woato. Sɛ wudi mfomso baako pɛ, asɛm ato wo. Saa ara na aduru a mefrafra no te. Sɛ wo werɛ fi ade baako pɛ, woasɛe no. Ɛwom, m’adwuma no yɛ nwonworann, nanso sɛ mede toto nea ɛkɔ so wɔ nkwammoaa mu no ho a, ɛyɛ nkyene a, ayera mu. Wei ma migye di paa sɛ, Odufrafo bi a waben paa wɔ hɔ, na ɔno na ɔbɔɔ biribiara.

“Bere a misuaa Bible no, mibehuu sɛ, ɛnyɛ nhoma biara kɛkɛ. Wɔkyerɛw Bible no wiei nyɛ nnɛ; bɛyɛ mfe 2,000 ni. Nanso afotusɛm a ɛwom no, ɛso da so ara wɔ mfaso nnɛ. Afotu a ɛfa sɛnea yebesiesie nsɛmnsɛm wɔ yɛn abusua mu, yɛn adwumam, ne yɛne afoforo ntam no, ɛyɛ adwuma paa. Metenaa ase huu sɛ, obi a ɔwɔ nyansa sen yɛn na ɔde afotu a ɛtɔ asom sei ama yɛn.”

Yan-Der Hsuuw; ɔyɛ mmadwoa ho nimdefo

“Sɛ mmadwoa bi renyin a, ɛsɛ sɛ nkwammoaa a ɛwom no nyinaa bom yɛ adwuma, sɛnea ɛbɛyɛ a ebi betumi adan ntini, nnompe, mogya, ne akwaa ahorow a ɛma obi dan onipa no. Nneɛma a ɛkɔ so a ɛboa ma mmadwoa bi tumi nyin no, ɛboro yɛn adwene ne yɛn ntease so. Me de, mihu no sɛ, obi a onim nyansa paa a n’adwene mu dɔ na ɛbɔɔ nkwa.

“Sɛnea mmadwoa nyin no, Bible no akyerɛkyerɛ mu wɔ Dwom 139:15, 16. Sɛ mede nea ɛka no toto nhwehwɛmu a nyansahufo ayɛ nnansa yi no ho a, mihu sɛ edi nsɛ. Nea ɔkyerɛw saa asɛm yi wɔ Bible mu no, ɔkyerɛwee nyɛ nnɛ. Enti asɛm no ne sɛ, sɛ ɛnyɛ Ɔbɔadeɛ no na ɔma ohuu saa nokwasɛm yi kaa no pɛpɛɛpɛ a, ɛnde na ɛyɛ hena?”

Hwɛ video a yɛato din Rocío Picado Herrero: Obi a Ɔkyerɛ Nnuruyɛ Ho Ade Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu. Hwehwɛ asɛmti yi wɔ jw.org.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena