Nnianim Nsɛm
Nneɛma sɛe ara na ɛresɛe wɔ wiase. Yɛn mu bebree wɔ hɔ a atoyerɛnkyɛm redi yɛn nya. Ɛno da nkyɛn a, nneɛma a nnipa yɛ a ɛde ɔhaw ba no nso mma yɛn ho ntɔ yɛn. Nyan! yi mu nsɛm bɛboa wo ama woahu nea wo ne w’adɔfo betumi ayɛ de abɔ mo ho ban, na moatumi atena wiase a ayɛ bisibasaa yi mu.