Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g22 nɔma 1 kr. 10-12
  • 3 | Ayɔnkofa a Ɛwɔ Wo Ne W’adɔfo Ntam No, Bɔ Ho Ban

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 3 | Ayɔnkofa a Ɛwɔ Wo Ne W’adɔfo Ntam No, Bɔ Ho Ban
  • Nyan!—2022
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ENTI A ƐHO HIA
  • Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu
  • Nea Wubetumi Ayɛ No Nnɛ
  • Hwɛ W’ayɔnkofa Yiye
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Nea Yɛbɛyɛ Ma Yɛne Yɛn Nnamfo Ntam Rentetew Wɔ Wiase A Ɔdɔ Nnim Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Wubetumi ne Afoforo Anya Adamfofa a Ɛtra Hɔ Kyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛwɔ Nyan! Yi Mu
    Nyan!—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2022
g22 nɔma 1 kr. 10-12
Awarefo bi a wɔn ani afi abam wɔn ho.

WIASE YI AYƐ BISIBASAA

3 | Ayɔnkofa a Ɛwɔ Wo Ne W’adɔfo Ntam No, Bɔ Ho Ban

NEA ENTI A ƐHO HIA

Ade rekye a ade resa yi, nneɛma bɔne kɔ ara na ɛrekɔ n’anim, na wei akɔfa dadwen abɛto nnipa bebree so. Wei ama wɔabu wɔn ani agu wɔn nnamfo ne wɔn abusuafo so, na ama sɛnea wɔne wɔn bɔ no so atew.

  • Ebinom tew wɔn ho fi wɔn nnamfo ho.

  • Awarefo bi nso ntam sɛe koraa.

  • Awofo nnya wɔn mma ho adaagye mpo, na kampɛsɛ wɔahu nneɛma a ɛhaw mmofra no na wɔaboa wɔn.

Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu

  • Nnamfo ho hia paa. Wɔma yɛn ani gye, na saa anigye no nso, ɛboa ma yenya apɔwmuden papa. Da hiada paa na yehu sɛ adamfo so wɔ mfaso ampa.

  • Sɛ nneɛma bɔne bi te sɛ atoyerɛnkyɛm si a, dadwen a ɛde ba no, ebetumi akɔfa ɔhaw abrɛ w’abusua.

  • Amanneɛbɔ ne kaseɛbɔ ahorow a etu koma betumi ama wo mma yam ahye wɔn anaa ehu aka wɔn.

Nea Wubetumi Ayɛ No Nnɛ

Bible ka sɛ: “Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa, na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa amanehunu bere.”—Mmebusɛm 17:17.

Bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ ɛto nea ɛyɛ den a, hena na metumi akɔ ne nkyɛn ama no aboa me anaa watu me fo?’ Sɛ wunim sɛ obi dwen wo ho a, ɛno ara mpo tumi ma wo ahoɔden bi ma wode gyina ɔhaw a wuhyia no da biara no ano.

NEA ƐBƐBOA WO AMA WOATUMI ATENA WIASE YI MU​—Nea Woyɛ a Ɛbɛboa Wo

Sɛ biribi bɔne te sɛ atoyerɛnkyɛm si a, sɛnea wo ne wo nnamfo ne w’abusuafo ntam te no, bɔ ho ban. Wubetumi ayɛ nneɛma yi

MONYƐ NNEƐMA A ƐBƐMA MO AWARE ASƆ

Awarefo bi a wɔn ani afi abam wɔn ho.

Monyɛ nneɛma a ɛbɛma mo aware asɔ

Bible ka sɛ: “Baanu ye sen ɔbaako . . . Na sɛ ɔbaako hwe ase a, nea ɔka ne ho no betumi ama no so.” (Ɔsɛnkafo 4:9, 10) Wimhyɛn sei, nnipa mmienu na ɛka; wɔn mmienu nyinaa wɔ botae baako. Saa na ɛsɛ sɛ awarefo yɛ. Ɛsɛ sɛ wobom yɛ ade. Ɛnsɛ sɛ obiara ne ne yɔnko si akan.

  • Sɛ asɛm bi hyɛ wo so a, ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ woremfa w’anibere nkɔsoɛ wo kunu anaa wo yere so. Bɔ mmɔden sɛ wubenya wo kunu anaa wo yere ho abotare.

  • Ɔhaw a morehyia no, sɛ ɛbɛyɛ yiye a nnawɔtwe biara munyi da koro nsi hɔ mfa nka ho asɛm. Monhwɛ nsiesie asɛm no; mma obiara nnkasa nntia ne yɔnko.

  • Munyi bere nsi hɔ a mobɛbom ayɛ biribi de agyigye mo ani.

  • Nneɛma a moayɛ bere bi a atwam a ɛmaa mo ani gyei no, ɛwom ara a monkaakae mo ho. Ebia mubetumi ahwɛ mfoni a mutwitwae wɔ mo ayeforo ase anaa mfoni foforo a ɛkae mo biribi a moboom yɛe a ɛmaa mo ani gyei.

“Ɛnyɛ bere nyinaa na awarefo adwene bɛkɔ bɛnkoro mu, nanso ɛno nkyerɛ sɛ wɔrentumi mmom nyɛ ade. Awarefo betumi aka wɔn ti apam ho asi gyinae bi, na wɔabom ayɛ ho adwuma ama ayɛ yiye.”—David.

AYƆNKOFA A ƐDA WO NE WO NNAMFO NTAM NO, HYƐ MU DEN

  • Mmaa bi a ɛsono baabi a obiara fi abom regye wɔn ani.

    Ayɔnkofa a ɛda wo ne wo nnamfo ntam no, hyɛ mu den

    Sɛnea ɛyɛ a wo nnamfo boa wo no, wo nso hwɛ nea wubetumi ayɛ de aboa wɔn, efisɛ benkum guare nifa, na nifa nso aguare benkum. Sɛ wohyɛ obi den a, wo nso ɛbɛhyɛ wo den.

  • Nnamfo a wowɔ no, da biara bɔ mmɔden sɛ wobɛfrɛ bi abisa sɛnea wɔn ho te.

  • Ɔhaw a worehyia no, bisa wo nnamfo sɛ, sɛ wɔahyia bi pɛn a, dɛn na ɛboaa wɔn maa wotumi gyinaa ano.

“Sɛ yɛn ho kyere yɛn paa na ɛyɛ te sɛ nea yenhu yɛn ho ano a, yɛn nnamfo na ɛsɔ yɛn mu. Ebi wɔ hɔ koraa a, nsɛm a wɔka kyerɛ yɛn no yenim dedaw, nanso ɛboa yɛn ma yɛn adwene ba fie. Yɛdɔ yɛn nnamfo, na yenim sɛ wɔn nso dwen yɛn ho.”—Nicole.

YƐ ƆWOFO PA

Awofo bi ne wɔn mma mmienu apue akɔtena baabi rehwɛ abɔde a atwa wɔn ho ahyia.

Yɛ ɔwofo pa

Bible ka sɛ: “Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm; mma ɔmmpere ne ho nnkasa.” (Yakobo 1:19) Ahyɛase no, ebia ɛbɛyɛ den sɛ wo mma bɛka nea ɛrehaw wɔn ho asɛm akyerɛ wo. Nanso sɛ wo ne wɔn rekasa na woyɛ aso tie wɔn a, nkakrankakra wobeyi wɔn yam aka wɔn asɛm akyerɛ wo.

  • Ma ɛnyɛ mmerɛw mma wo mma sɛ wɔbɛka wɔn komam asɛm akyerɛ wo. Mmofra no bi wɔ hɔ a, sɛ mote kar mu, anaa moretu mpasa a, ɛyɛ mmerɛw ma wɔn sɛ wobeyi wɔn komam abɔ nkɔmmɔ kyɛn sɛ wobɛkyere wɔn atena ase ne wɔn akasa anim ne anim.

  • Hwɛ sɛ wo mma rentietie amanneɛbɔ anaa kaseɛbɔ a etu koma.

  • Nneɛma a mode agu akwan mu a mode bɛbɔ abusua no ho ban no, momma mmofra no nhu.

  • Nneɛma a yɛnhwɛ kwan a etumi ba mpofirim te sɛ atoyerɛnkyɛm ne nea ɛkeka ho no, monyɛ ho nhyehyɛe nto hɔ, na munhu nea ɛba a mobɛyɛ. Afei monkyerɛ mmofra no mma wonhu nea ɛba a wɔbɛyɛ.

“Mo ne mmofra no mmɔ nkɔmmɔ. Ɛyɛ a momma wɔn kwan mma wɔnka nea ɛwɔ wɔn komam. Ebetumi aba sɛ, biribi rebɔ wɔn hu, adwinnwen bi da wɔn so, anaa biribi ahyɛ wɔn abufuw, nanso wontumi nka ho asɛm. Ma wonhu sɛ nea wɔrefa mu no, wo nso ebi to wo, na kyerɛ wɔn nea ɛboa wo ma wutumi gyina ano.”—Bethany.

Video a yɛato din “W’abusua Betumi Anya Anigye” no mu mfoni bi. Awarefo bi asuso wɔn nsa retu mpasa; wɔn ani agye.

SUA PII KA HO. Hwɛ video a yɛato din W’abusua Betumi Anya Anigye. Sɛ wokɔ jw.org a, bɔ asɛmti no hyɛ Hwehwɛ afa hɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena