NNEƐMA BO REYƐ DEN—DƐN NA WUBETUMI AYƐ?
Toto Wo Sikasɛm Yiye
Sɛ nneɛma bo kɔ soro a, ɛma abrabɔ mu yɛ den ma yɛn nyinaa. Nanso anidaso wɔ hɔ. Wubetumi ayɛ nneɛma bi de adi ho dwuma.
NEA ENTI A ƐHO HIA
Sɛ woammɔ mmɔden antoto wo sikasɛm yiye a, ebetumi ama wo sikasɛm ayɛ basaa. Ɛba saa a, ebetumi akɔfa adwinnwen ne kɔdaanna abɛto wo so. Sɛ wo sikasɛm wɔ fam mpo a, wubetumi ayɛ nneɛma ahorow bi a ɛbɛboa wo ama woatoto wo sikasɛm yiye.
NEA WUBETUMI AYƐ
Nni mmoro nea wunya. Ɛba saa a, ɛremma wo ho nkyere wo, na sɛ asɛm bi si mpofirim nso a, wubenya nea wode bedi ho dwuma.
Nea ɛbɛboa na woanni ammoro nea wunya no, taa hwɛ sika a wunya no bosome biara na sẽsẽ hwɛ nea wubetumi atɔ ne nea worentumi ntɔ, na kyerɛw to hɔ. Afei, hwɛ nneɛma a ɛho hia a sɛ woantɔ a, ɛrenyɛ yiye no. Nea ɛnka wo nhyehyɛe ho sɛ wobɛtɔ no, bɔ mmɔden ara sɛ worentɔ. Mmom sɛ w’akatua anaa nneɛma bo sesa a, wubetumi asesa nhyehyɛe a woayɛ no mu. Sɛ woyɛ ɔwarefo nso deɛ a, woreyɛ sikasɛm ho ntotoe a, ma wo kunu anaa wo yere mmra mu bi.
Sɔ wei hwɛ: Sɛ worekɔtɔ ade a, sɛ́ anka wubefiri no, sɛ wowɔ sika nko ara de a, tua ka. Ebinom ahu sɛ, sɛ wɔamfiri ade a, ɛma wɔn sikasɛm kɔ yiye, na ɛnkɔfa ɛka mmɛto wɔn so. To wo bo ase hwehwɛ wo sikasɛm ho nkrataa mu hwɛ sika a woayi, ne nea aka da sikakorabea. Woyɛ saa a, wubehu nea wo ho bɛsõ ne nea wo ho rensõ.
Ɛnna fam sɛ obi bɛhwɛ ne sikasɛm yiye sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenni mmoro nea ɔwɔ. Nanso sɛ yɛtena ase sese yɛn ho na yɛyɛ yɛn sikasɛm ho nhyehyɛe a, ɛbɛboa yɛn paa. Ɛba saa a, ɛbɛma yɛn adwinnwen so atew.
Yere wo ho na w’adwuma amfi wo nsa. Nneɛma bɛn na wubetumi ayɛ na w’adwuma amfi wo nsa? Emu kakra ni: Ɛyɛ a duru adwuma mu ntɛm. Adwuma a woyɛ biara, ma w’ani nnye ho. Mma w’ani nnhaw adwuma, na sɛ obi hia mmoa nso a, yɛ no mmoa. Bu ade. Di adwumam mmara so, na bɔ mmɔden hu adwuma no ani so yiye.
Nsɛe sika. Bisa wo ho sɛ, ‘Nneɛma bi wɔ hɔ a meyɛ a ɛma mesɛe sika anaa?’ Sika ho a ayɛ den nyinaa akyi no, ebinom nya sika a, wɔsɛe no wɔ nnubɔne, nsa, ne sigaret ho. Ebi nso de kogu kyakya so. Suban wei nyinaa tumi ka wɔn apɔwmuden na etumi mpo ma wɔn adwuma fi wɔn nsa.
Daakye asɛm nti wudi bi a, fa bi sie. Wubetumi asie sika kakra na sɛ asɛm ba a, wode atwitwa wo ho. Sɛ wo anaa wo busuani bi yare mpofirim, w’adwuma fi wo nsa, anaa biribi foforo a wonhwɛ kwan bɛbom a, saa sika no betumi aboa wo.