Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 46
  • Yeriko Afasu No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yeriko Afasu No
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Rahab De Akwansrafo No Siei
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Yehowa Din Di Nim Dɛn Ara!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Rahab De Akwansrafo Hintaw
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Rahab Nyaa Yehowa Mu Gyidi
    Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 46
Yeriko afasu no rebubu, na Israelfo no reteɛteɛm, na wɔrehyɛn mmɛn. Yosua na odi wɔn anim

ASƐM 46

Yeriko Afasu No

DƐN na ɛrema Yeriko afasu yi abubu? Ɛte sɛ nea wɔatow ɔtopae anaa bɔmb kɛse bi wɔ hɔ. Nanso saa bere no na bɔmb nni wiase; na wonni atuo mpo. Ɛyɛ anwonwade foforo a Yehowa yɛe! Ma yɛnhwɛ sɛnea ɛbae.

Tie nea Yehowa ka kyerɛɛ Yosua: ‘Wo ne wo dɔm no ntwa kurow no ho nhyia. Muntwa ho nhyia pɛnkoro nnansia no da biara. Momfa apam adaka no nka mo ho. Ɛsɛ sɛ asɔfo baason di anim na wɔhyɛn wɔn mmɛn.

‘Da a ɛto so ason no muntwa kurow no ho nhyia mpɛn ason. Afei monhyɛn mmɛn no denneennen, na afei obiara nhuro mmɔ ose kɛse. Na afasu no bedwiriw agu fam!’

Yeriko afasu no abubu. Nanso Rahab dan no de, ɛda so ara si hɔ; ahama kɔkɔɔ bi sɛn ne mfɛnsere no mu

Yosua ne ɔman no yɛɛ nea Yehowa kae no. Bere a wotwa ho hyia no, obiara yɛɛ koom. Ná nea wɔte ara ne mmɛn no ne nan ase nnyigyei. Ɛbɛyɛ sɛ ehu kaa atamfo a na wɔwɔ Yeriko no. Wuhu hama kɔkɔɔ a ɛsɛn mfɛnsere no mu no? Hena mfɛnsere ne no? Yiw, Rahab ayɛ nea akwansrafo baanu no kae sɛ ɔnyɛ no. N’abusuafo nyinaa hyɛ ne fie hɔ rehwɛ.

Awiei no, da a ɛto so ason, bere a wɔatwa kurow no ho ahyia mpɛn ason no, mmɛn no hyɛnee, akofofo no huro bɔɔ ose na afasu no bubui. Afei Yosua kae sɛ: ‘Munkum obiara a ɔwɔ kurow no mu nhyew no. Monhyew biribiara. Emu dwetɛ, sika, kɔbere ne dade nko na momfa nkogu Yehowa ntamadan adekorabea hɔ.’

Yosua ka kyerɛɛ akwansrafo baanu no sɛ: ‘Monkɔ Rahab fie, na monkɔfa ɔne n’abusuafo nyinaa mmra.’ Wogyee Rahab ne n’abusuafo nkwa, sɛnea na akwansrafo no ahyɛ no bɔ no.

Yosua 6:1-25.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena