Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 65
  • Wɔpae Ahenni no Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔpae Ahenni no Mu
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔkyɛɛ Ahenni Bi Mu
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Yehowa Rennyaw N’anokwafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Ná Anka Obetumi Anya Onyankopɔn Anim Dom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Ahene Nhoma a Edi Kan no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 65
Odiyifo Ahia ne Yerobeam rekasa; Ahia retetew n’ataade nguguso mu

ASƐM 65

Wɔpae Ahenni no Mu

WUNIM nea enti a ɔbarima yi retetew n’atade mu asinasin? Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ saa. Ɔbarima yi yɛ Onyankopɔn diyifo Ahia. Wunim nea odiyifo yɛ? Ɔyɛ onipa a Onyankopɔn di kan ka nea ɛbɛba ho asɛm kyerɛ no.

Ahia ne Yerobeam rekasa wɔ ha. Yerobeam yɛ obi a Salomo de no sii ne dansi adwuma no fã bi so. Bere a Ahia hyiaa Yerobeam wɔ kwan so ha no, Ahia yɛɛ biribi a ɛyɛ nwonwa. Oyii n’atade nguguso na ɔtetew mu asinasin 12. Ɔka kyerɛɛ Yerobeam sɛ: ‘Fa emu 10.’ Wunim nea enti a Ahia de emu 10 maa Yerobeam?

Ahia kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yehowa begye ahenni no afi Salomo nsam. Ahia kae sɛ Yehowa de mmusuakuw 10 bɛma Yerobeam. Eyi kyerɛ sɛ mmusuakuw abien pɛ na wɔbɛka a Salomo ba Rehabeam bedi wɔn so.

Bere a Salomo tee nea Ahia ka kyerɛɛ Yerobeam no, ne bo fuwii kɛse. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ obekum Yerobeam. Nanso Yerobeam guan kɔɔ Misraim. Bere tiaa bi akyi no Salomo wui. Odii hene mfe 40, na afei wɔde ne ba Rehabeam sii hene. Yerobeam tee wɔ Misraim sɛ Salomo awu, enti ɔsan baa Israel.

Na Rehabeam nyɛ ɔhempa. Ne tirim yɛɛ den wɔ ɔman no so sen n’agya Salomo. Yerobeam ne nnipa afoforo a wɔyɛ atitiriw kɔɔ Ɔhene Rehabeam nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ onyi ayamye kakra adi nkyerɛ ɔman no mufo. Nanso Rehabeam antie. Ne tirim yɛɛ den sen kan no. Enti nkurɔfo no de Yerobeam sii mmusuakuw 10 no so hene, nanso Rehabeam kɔɔ so dii Benyamin ne Yuda mmusua no so hene.

Yerobeam ampɛ sɛ nkurɔfo no kɔ Yerusalem kɔsom wɔ Yehowa asɔrefi hɔ. Enti ɔyɛɛ sika nantwi mma abien na ɔmaa mmusua 10 ahemman no mufo som wɔn. Ankyɛ na nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ hyɛɛ asase no so ma.

Ɔhaw baa mmusua abien ahemman no nso mu. Rehabeam bedii hene no akyi mfe anum pɛ no, Misraim hene ne Yerusalem bɛkoe. Ɔde Yehowa asɔrefi hɔ nneɛma a ɛsom bo kɔe. Enti sɛnea na asɔredan no te ankasa bere a wosii no traa hɔ bere tiaa bi pɛ.

1 Ahene 11:26-43; 12:1-33; 14:21-31.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena