Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 75
  • Mmerantewa Baanan wɔ Babilon

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmerantewa Baanan wɔ Babilon
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmerantewaa Nnan Bi Tiee Yehowa
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Wɔsɔɔ Wɔn Hwɛe—Nanso Wodii Yehowa Nokware!
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Ogya Antumi Ansɛe Wɔn Gyidi
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Daniel Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 75
Daniel, Sadrak, Mesak, ne Abednego se, wɔrenni aduan na wɔrennom nsa a Ɔhene Nebukadnesar aka sɛ wɔmfa mma wɔn no

ASƐM 75

Mmerantewa Baanan wɔ Babilon

ƆHENE Nebukadnesar de Israelfo a wonim nhoma no nyinaa kɔɔ Babilon. Akyiri yi ɔhene no yiyii wɔn a wɔn ho yɛ fɛ na wɔbɔ mmɔden kɛse no. Wɔn mu baanan ne mmerantewa a wuhu wɔn wɔ ha yi. Obiako ne Daniel, na baasa a aka no Babilonfo frɛɛ wɔn Sadrak, Mesak, ne Abednego.

Nebukadnesar yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛtete mmerante no ma wɔasom wɔ n’ahemfie hɔ. Na mfe abiɛsa akyi no ɔbɛpaw wɔn mu nea ɔbɔ mmɔden sen biara no ma waboa no wɔ ne nsɛm a emu yɛ den ho dwumadi mu. Ná ɔhene pɛ sɛ mmerantewa no nya ahoɔden bere a wɔtete wɔn no. Enti ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ wɔmma wɔn aduan pa ne nsa a wɔde ma ɔne n’abusuafo no ara bi.

Hwɛ aberantewa Daniel. Wunim asɛm a ɔreka akyerɛ Nebukadnesar nkoahene Aspenas? Daniel reka akyerɛ no sɛ ɔmpɛ sɛ odi nnuan pa a efi ɔhene pon so no bi. Nanso ɛhaw Aspenas. Ɔkae sɛ: ‘Ɔhene akyerɛ nea ɛsɛ sɛ mudi na monom. Sɛ moannya ahoɔden te sɛ mmerante a aka no a, ebia obekum me.’

Enti Daniel kɔɔ onipa a na Aspenas de ɔne ne nnamfo baasa no ahyɛ ne nsa sɛ ɔnhwɛ wɔn so no nkyɛn. Ɔkae sɛ: ‘Yɛsrɛ wo, sɔ yɛn hwɛ dadu. Ma yɛn afumduan ne nsu. Na afei fa yɛn toto wɔn a wodi ɔhene aduan no ho.’

Wɔn so hwɛfo no penee so. Na dadu no twaam no, na Daniel ne ne nnamfo no honam aba wɔn ho asen mmerante a aka no nyinaa. Enti wɔn so hwɛfo no ma wɔkɔɔ so dii afumduan sen sɛ anka wobedi nea efi ɔhene no hɔ no.

Mfe abiɛsa awiei no wɔde wɔn nyinaa kɔɔ Nebukadnesar anim. Ɔne wɔn kasae no, ohui sɛ Daniel ne ne nnamfo baasa no bɔ mmɔden sen biara. Enti ɔma wɔboaa no ahemfie hɔ. Na bere biara a ɔhene no bisaa Daniel, Sadrak, Mesak ne Abednego asɛm no, na wɔn nimdeɛ boro n’asɔfo anaa anyansafo afoforo no biara de so mpɛn 10.

Daniel 1:1-21.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena