Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 78
  • Nsaano Nkyerɛwee wɔ Fasu Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsaano Nkyerɛwee wɔ Fasu Ho
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmfua Anan a Ɛsakraa Wiase No
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Nkyerɛwee Bi Beguu Ɔfasu Ho
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsaano Nkyerɛwee A Egu Afasu Ho No​—So Wuhu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Bere a Yehowa Maa Ahempɔn Suaa Biribi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 78
Nsa bi rekyerɛw ade agu ban ho, na Ɔhene Belsasar ne wɔn a wɔahyiam no atɛɛ wɔn anom rehwɛ

ASƐM 78

Nsaano Nkyerɛwee wɔ Fasu Ho

DƐN na ɛrekɔ so wɔ ha? Nnipa a wɔwɔ ha no reto pon kɛse. Babilon hene afrɛfrɛ nnipa apem a wɔyɛ atitiriw. Wɔrenom sika ne dwetɛ nkuruwa a wɔfa fii Yehowa asɔrefi hɔ wɔ Yerusalem no mu. Nanso mpofirim ara onipa nsa puei na efii ase kyerɛw fasu no ho. Ehu kaa obiara.

Ná Nebukadnesar banana Belsasar na ɔredi hene. Ɔteɛɛm frɛe sɛ wɔmfa ne mmarima a wonim nyansa no mmra. Ɔhene no kae sɛ: ‘Obiara a obetumi akenkan nkyerɛwee yi na wakyerɛ me ase no, mɛkyɛ no nneɛma pii, na mayɛ no sodifo titiriw a ɔto so abiɛsa wɔ ahemman no mu.’ Nanso anyansafo no mu biara antumi ankenkan nkyerɛwee a ɛwɔ fasu no ho no, na wɔantumi ankyerɛ ase.

Ɔhene maame tee nnyigyei no na ɔbaa baabi a wɔredidi no. Ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: ‘Nsuro. Ɔbarima bi wɔ w’ahemman yi mu a onim anyame kronkron no. Bere a wo nana Nebukadnesar yɛ ɔhene no, ɔde no sii anyansafo no nyinaa so panyin. Wɔfrɛ no Daniel. Ma wɔnkɔfrɛ no, na ɔbɛka nea eyi kyerɛ nyinaa akyerɛ wo.’

Enti ntɛm ara wɔkɔfaa Daniel bae. Bere a ɔkae sɛ ɔrennye akyɛde biara no, Daniel fii ase kaa nea enti a bere bi a atwam no Yehowa yii Belsasar nana Nebukadnesar fii ahenni no so ho asɛm. Daniel kae sɛ: ‘Ná ɔyɛ ahantan kɛse. Na Yehowa twee n’aso.’

Daniel ka kyerɛɛ Belsasar sɛ: ‘Na wo, Belsasar, wunim nea ɛbaa no so nyinaa, nanso wo nso woyɛ ahantan te sɛ Nebukadnesar. Wode Yehowa asɔrefi nkuruwa aba na worenom mu. Wode ayeyi ama anyame a wɔde nnua ne abo ayɛ, na wonhyɛɛ Ɔbɔadeɛ Kɛse no anuonyam. Ɛno nti na Onyankopɔn ama nsa no abɛkyerɛw saa asɛm yi.

Nsa bi rekyerɛw MENE, MENE, TEKEL ne PARSIN agu ban ho

Daniel kae sɛ: ‘Nkyerɛwee no ni: MENE, MENE, TEKEL ne PARSIN.’

‘MENE kyerɛ sɛ Onyankopɔn akan w’ahenni no nna de aba awiei. TEKEL kyerɛ sɛ wɔakari wo wɔ nsenia mu ahu sɛ womfata. PARSIN kyerɛ sɛ wɔde w’ahenni no ama Mediafo ne Persiafo.’

Bere a Daniel gu so rekasa mpo no, na Mediafo ne Persiafo ato ahyɛ Babilon so. Wɔfaa kurow no na wokum Belsasar. Nsaano nkyerɛwee a ɛwɔ fasu no ho no baa mu anadwo no ara! Nanso dɛn na na ɛbɛba Israelfo no so afei? Ɛrenkyɛ yebehu, nanso nea edi kan no ma yɛnhwɛ nea ɛbaa Daniel so

Daniel 5:1-31.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena