Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 92
  • Yesu Nyan Awufo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Nyan Awufo
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yebetumi Anyan Afi Awufo Mu!
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Ɔnyanee Abofra Bi A Wawu
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Yɛɛ Anwanwade Pii
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Ɔde Ne Nsa Kaa Yesu Atade Nyaa Ayaresa
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 92
Yesu anyan Yairo babea no aba nkwa mu bio

ASƐM 92

Yesu Nyan Awufo

ABEAWA a wuhu wɔ ha no adi mfe 12. Yesu kura ne nsam, na ne maame ne ne papa gyina ne nkyɛn. Wunim nea enti a wɔn ani agye saa? Ma yɛnhwɛ.

Abeawa no papa yɛ onipa titiriw a wɔfrɛ no Yairo. Da koro ne babea yaree, na wɔde no too mpa so. Nanso ne ho antɔ no. Ne yare no mu yɛɛ den. Ɛhaw Yairo ne ne yere kɛse, efisɛ na ɛte sɛ nea wɔn ba no bewu. Ɔyɛ wɔn babea koro pɛ. Enti Yairo kɔhwehwɛɛ Yesu. Na wate anwonwade a Yesu yɛ no ho asɛm.

Bere a Yairo huu Yesu no, na nnipa pii atwa ne ho ahyia. Nanso Yairo faa nnipa dɔm no mu kɔhwee Yesu nan ase. Ɔkae sɛ: ‘Me babea yare paa. Mesrɛ wo, bɛsa no yare ma me.’ Yesu kae sɛ ɔbɛkɔ.

Bere a wɔnam rekɔ no, dɔm no kɔɔ so kyeree no so. Mpofirim ara Yesu gyinae. Obisae sɛ: ‘Hena na ɔde ne nsa kaa me?’ Yesu tee nka sɛ ahoɔden bi afi no mu kɔ, enti na onim sɛ obi de ne nsa aka no. Nanso ɛyɛ hena? Ɛyɛ ɔbea bi a na wayare bɛyɛ mfe 12. Obesoo Yesu atade mu, na ne ho tɔɔ no!

Eyi maa Yairo ani gyei, efisɛ na otumi hu sɛnea ɛyɛ mmerɛw ma Yesu sɛ ɔbɛsa obi yare. Nanso ankyɛ na ɔbɔfo bi bae. Ɔka kyerɛɛ Yairo sɛ: ‘Nhaw Yesu bio. Wo babea no awu.’ Yesu tee eyi na ɔka kyerɛɛ Yairo sɛ: ‘Nni awerɛhow, obenya nkwa.’

Bere a wokoduu Yairo fie no, na nkurɔfo no resu, na wɔredi awerɛhow kɛse. Nanso Yesu kae sɛ: ‘Munnsu. Abofra no nwui. Wada ara kwa.’ Nanso wɔserewee na wodii Yesu ho fɛw, efisɛ na wonim sɛ wawu.

Afei Yesu de abeawa no papa ne ne maame, ne n’asomafo no baasa kaa ne ho kɔɔ ɔdan a abofra no da mu no mu. Osoo ne nsam kae sɛ: ‘Sɔre!’ Na onyanee, sɛnea wuhu wɔ ha no. Ɔsɔree na ofii ase nantewee! Ɛno nti na ne papa ne ne maame ani agye saa no.

Ɛnyɛ oyi ne onipa a odi kan a Yesu nyan no fii awufo mu. Nea odi kan a Bible ka ne ho asɛm ne okunafo bi a ɔte Nain kurom no babarima. Akyiri yi Yesu nyan Lasaro, Maria ne Marta nuabarima no, fii awufo mu. Bere a Yesu bedi tumi sɛ ɔhene a Onyankopɔn de no asi hɔ no, ɔbɛma nnipa pii a wɔawuwu asan aba nkwa mu bio. So eyi nyɛ anigye?

Luka 8:40-56; 7:11-17; Yohane 11:17-44.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena