Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 94
  • Ɔdɔ Mmofra Nkumaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔdɔ Mmofra Nkumaa
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akyinnyegye Sɔre
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nkradi Afotu Foforo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Ahobrɛase Ho Asuade Kɛse
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Afotu a Ɛfa Hintidua ne Bɔne Ho
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 94
Yesu aso abofra bi mu

ASƐM 94

Ɔdɔ Mmofra Nkumaa

HWƐ Yesu a waso abofra no mu afam ne ho. Wutumi hu sɛ Yesu ani gye mmofra nkumaa ho. Mmarima a wɔrehwɛ no no yɛ n’asomafo. Dɛn na Yesu reka akyerɛ wɔn? Ma yɛnhwɛ.

Na Yesu ne n’asomafo no fi kwan tenteenten abedu a ɛnkyɛe koraa. Ɔkwan no so no asomafo no gyee akyinnye bi. Enti bere a wobedui no Yesu bisaa wɔn sɛ: ‘Dɛn na mugyee ho akyinnye wɔ kwan so no?’ Ná Yesu nim ade a wogyee ho akyinnye no. Nanso obisaa asɛm yi hwɛe sɛ asomafo no bɛka akyerɛ no anaa.

Asomafo no anka, efisɛ wɔ kwan so no na wɔregye nea ɔyɛ kɛse wɔ wɔn mu ho akyinnye. Ná asomafo no binom pɛ sɛ wɔyɛ akɛse sen afoforo. Ɔkwan bɛn na na Yesu bɛfa so aka akyerɛ wɔn sɛ ɛnyɛ papa sɛ wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ akɛse?

Ɔfrɛɛ abofra kumaa de no gyinaa wɔn nyinaa anim. Afei ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: ‘Mepɛ sɛ muhu eyi yiye sɛ, Sɛ moansakra anyɛ sɛ mmofra nkumaa a, morennya Onyankopɔn ahenni no. Onipa a ɔyɛ kɛse wɔ ahenni no mu no ne nea ɔte sɛ abofra yi.’ Wunim nea enti a Yesu kaa eyi?

Asɛm no ne sɛ, mmofra nkumaa nnhaw wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ akɛse asen afoforo. Enti ɛsɛ sɛ asomafo no sua sɛ wɔbɛyɛ te sɛ mmofra na akasakasa amma wɔn ntam wɔ nea ɔyɛ kɛse wɔ wɔn mu ho.

Mmere afoforo nso wɔ hɔ a Yesu kyerɛɛ sɛnea osusuw mmofra nkumaa ho. Asram kakraa akyi no nkurɔfo bi de wɔn mma baa Yesu nkyɛn. Asomafo no bɔɔ mmɔden sɛ wobesiw wɔn kwan. Nanso Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: ‘Momma mmofra no mmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, efisɛ nnipa a wɔte sɛ wɔn na Onyankopɔn ahenni no yɛ wɔn dea.’ Afei Yesu yɛɛ mmofra no atuu, na ohyiraa wɔn. So ɛnyɛ anigye sɛ yehu sɛ Yesu dɔ mmofra nkumaa?

Mateo 18:1-4; 19:13-15; Marko 9:33-37; 10:13-16.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena