Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 95
  • Sɛnea Yesu Kyerɛkyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Yesu Kyerɛkyerɛ
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ayamye a Yɛbɛda no Adi Ho Asuade
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Samariani Bi Kyerɛɛ sɛ Ɔyɛ Yɔnko Pa
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Samariani Yamyefo No Asɛm No Mu?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Samariani Bi Da Ne Ho Adi Sɛ Ɔyɔnko Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 95
Yudani a akorɔmfo tow hyɛɛ ne so no, Samariani yamyefo no rekyekyere n’akuru no

ASƐM 95

Sɛnea Yesu Kyerɛkyerɛ

DA KORO Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima bi sɛ ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne yɔnko. Ɔbarima no bisaa Yesu sɛ: ‘Hena ne me yɔnko?’ Ná Yesu nim nea ɛwɔ ɔbarima yi adwenem. Ɔbarima no susuwii sɛ nnipa a ɔne wɔn fi ɔman koro mu anaa ɔne wɔn wɔ ɔsom biako mu ne ne yɔnkonom. Enti ma yɛnhwɛ nea Yesu ka kyerɛɛ no.

Ɛtɔ da bi a Yesu nam ayɛsɛm a ɔka kyerɛ so kyerɛkyerɛ. Saa na ɔyɛe wɔ ha. Ɔkaa asɛm bi a ɛfa Yudani ne Samariani bi ho. Yɛadi kan ahu sɛ na Yudafo pii mpɛ Samariafo asɛm. Asɛm a Yesu kae ni:

Da koro bi na Yudani bi nam kwan so rekɔ Yeriko. Akorɔnfo tow hyɛɛ no so. Wogyee ne sika na wɔboroo no araa kosii sɛ na ɔreyɛ awu.

Akyiri yi, Yudani sɔfo bi bɛfaa saa kwan no so. Ohuu ɔbarima a wɔabobɔ no no. Dɛn na wususuw sɛ ɔyɛe? Ɔfaa nkyɛn twaam kɔe. Afei onipa foforo nso a ɔpɛ nyamesom yiye bɛtoo no. Ná ɔyɛ Lewini. Ogyinae anaa? Dabi, ɔno nso wannyina ammoa ɔbarima a wɔaboro no apirapira no no. Wutumi hu Lewini no ne ɔsɔfo no sɛ wɔnam kwan no so rekɔ.

Nanso hwɛ onipa a ɔte ɔbarima a wɔaboro no no ho. Ɔyɛ Samariani. Ɔreboa Yudani no. Ɔde aduru retoto n’akuru no so. Akyiri yi, ɔde Yudani no kɔɔ baabi a obetumi ahome na wɔahwɛ no.

Bere a Yesu wiee n’asɛm no, obisaa no sɛ: ‘Nnipa baasa yi mu nea ɔwɔ he na wususuw sɛ ɔyɛɛ n’ade sɛ ɔbarima a wɔaboro no no yɔnko? Ɔsɔfo no, Lewini no anaa Samariani no?’

Ɔbarima no buae sɛ: ‘Samariani no. Ɔyɛɛ ɔbarima a wɔaboro no no yiye.’

Yesu kae sɛ: ‘Ɛyɛ ampa. Enti kɔ na wo nso kɔyɛ afoforo saa ara.’

Wompɛ ɔkwan a Yesu nam so kyerɛkyerɛ no? Sɛ yetie nea Yesu ka wɔ Bible mu no a, yebetumi asua nneɛma pii a ɛho hia, ɛnte saa anaa?

Luka 10:25-37.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena