Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 104
  • Yesu San Kɔ Soro

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu San Kɔ Soro
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Wɔ Onyankopɔn Ahenni Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Henanom Na Wɔkɔ Ɔsoro, Na Dɛn Ntia?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 104
Yesu rekɔ soro, na n’asuafo no ama wɔn ti so rehwɛ no

ASƐM 104

Yesu San Kɔ Soro

NNA no retwam no, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ n’akyidifo mpɛn pii. Asuafo bɛyɛ 500 huu no da koro. Bere a oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no, wunim asɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn? Onyankopɔn ahenni ho asɛm. Yehowa somaa Yesu baa asase so sɛ ɔmmɛka Ahenni no ho asɛm. Na wonyan no fii awufo mu akyi mpo no ɔkɔɔ so yɛɛ eyi.

Wokae nea Onyankopɔn ahenni yɛ? Yiw, Ahenni no yɛ Onyankopɔn nniso ankasa a ɛwɔ soro, na Yesu ne Nea Onyankopɔn apaw no sɛ ɔhene. Sɛnea yɛahu no, Yesu kyerɛɛ ɔhempa a ɔbɛyɛ bere a ɔmaa wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan, saa ayarefo yare, na onyan awufo mpo no!

Enti bere a Yesu bedi hene ɔsoro mfe apem no, asase yi so bɛyɛ dɛn? Yiw, asase nyinaa bɛdan paradise fɛfɛɛfɛ. Akodi, nsɛmmɔnedi, ɔyare, ne owu mpo befi hɔ. Yenim sɛ eyi yɛ nokware efisɛ Onyankopɔn bɔɔ asase ma ayɛ paradise a nnipa benya mu anigye. Ɛno nti na mfiase no ɔyɛɛ Eden turo no. Na Yesu bɛhwɛ ma wɔayɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ wɔyɛ nyinaa.

Afei na bere adu sɛ Yesu san kɔ soro. Na Yesu ayi ne ho adi akyerɛ n’asuafo no mpɛn pii adaduanan. Enti na wɔahu ampa sɛ wasan aba nkwa mu. Nanso ansa na ɔrefi n’asuafo no nkyɛn no ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Montra Yerusalem nkosi sɛ mubenya honhom kronkron.’ Honhom kronkron yɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi, te sɛ mframa a ɛrebɔ, a ɛbɛboa n’akyidifo ma wɔayɛ Onyankopɔn apɛde. Awiei koraa no Yesu kae sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ moka me ho asɛm kɔpem asase ano nyinaa.’

Yesu kaa eyi akyi no, anwonwade bi sii. Ofii ase sɛ ɔrekɔ soro, sɛnea wuhu wɔ ha no. Afei ɔkɔhyɛɛ amununkum mu, na na asuafo no nhu Yesu bio. Yesu kɔɔ soro, na ofi hɔ fii ase dii tumi wɔ n’akyidifo a wɔwɔ asase so no so.

1 Korintofo 15:3-8; Adiyisɛm 21:3, 4; Asomafosɛm 1:1-11.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena