Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 113
  • Paulo wɔ Roma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Paulo wɔ Roma
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Filemon ne Onesimo—Biako a Wɔyɛe Wɔ Kristofo Nuayɛ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • ‘Ɔdɔ So A Wogyina De Afotu Ma’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Onuadɔ Yɛ Ade
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • ‘Odii Adanse’ Fefeefe
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 113
Timoteo rekyerɛw nsɛm a ɔsomafo Paulo pɛ sɛ ɔde kɔma anuanom bi, na Roma sraani a ɔbɔ Paulo ho ban no nso gyina hɔ bi

ASƐM 113

Paulo wɔ Roma

HWƐ nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu Paulo nsa ne Roma sraani a ɔrewɛn no no. Paulo yɛ deduani wɔ Roma. Ɔretwɛn akosi sɛ Roma Kaesare no bɛkyerɛ nea wɔde bɛyɛ no. Bere a ɔyɛ deduani no, wɔmaa kwan ma nkurɔfo kɔsraa no.

Paulo koduu Roma no akyi nnansa no ɔde nkra kɔmaa Yudafo mpanyimfo bi sɛ wommehu no. Enti Yudafo a wɔwɔ Roma no pii bae. Paulo kaa Yesu ne Onyankopɔn ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ebinom gye dii ma wɔbɛyɛɛ Kristofo, nanso ebinom annye anni.

Paulo kasa kyerɛɛ asraafo ahorow a wɔbɛwɛn no no nso. Mfe abien a ɔde traa ha sɛ deduani no ɔkasa kyerɛɛ obiara a obetumi. Enti Kaesare fifo mpo tee Ahenni ho asɛmpa no, na wɔn mu binom bɛyɛɛ Kristofo.

Timoteo rekyerɛw nsɛm a Paulo reka no

Na hena na wabɛsra no a ɔte pon ho rekyerɛw yi? Wugye di sɛ ɛyɛ hena? Yiw, ɛyɛ Timoteo. Ná Timoteo nso akɔda afiase esiane Ahenni ho asɛnka no nti, nanso na wɔagyaa no. Na waba ha rebɛboa Paulo. Wunim ade a Timoteo rekyerɛw no? Ma yɛnhwɛ.

Wokae Filipi ne Efeso nkurow no wɔ Adesua 110 no mu? Paulo boa ma wofii Kristofo asafo horow ase wɔ hɔ. Na afei, bere a Paulo da afiase no, ɔrekyerɛw Kristofo yi. Saa nkrataa no wɔ Bible mu, na wɔfrɛ eyinom Efesofo ne Filipifo nhoma. Paulo reka nea ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw kɔma wɔn nnamfo Kristofo a wɔwɔ Filipi no akyerɛ Timoteo.

Na Filipifo no ayi ayamye kɛse adi akyerɛ Paulo. Wɔbɛkyɛɛ no ade wɔ afiase ha, na enti Paulo reda wɔn ase wɔ ho. Epafradito na ɔde akyɛde no bae. Nanso ɔyaree araa ma anka ɔreyɛ awu. Afei wanya ahoɔden ma ɔbɛkɔ fie. Na ɔde krataa a efi Paulo ne Timoteo nkyɛn no bɛkɔ Filipi bere a ɔresan akɔ.

Bere a Paulo da afiase no ɔkyerɛw nkrataa abien foforo a ɛwɔ Bible mu. Ɔde biako kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Kolose kurow mu no. Wunim din a wɔde frɛ no? Kolosefo. Biako nso yɛ krataa a ɔkyerɛw kɔmaa n’adamfo bi a wɔfrɛ no Filemon a ɔte Kolose. Krataa yi fa Filemon akoa Onesimo ho.

Onesimo guan fii Filemon nkyɛn baa Roma. Onesimo tee sɛ Paulo da afiase wɔ ha. Ɔbɛsraa no, na Paulo kaa asɛm no kyerɛɛ Onesimo. Ankyɛ na Onesimo bɛyɛɛ Kristoni. Afei ɛyɛɛ Onesimo yaw sɛ oguanee. Enti wunim asɛm a Paulo kyerɛw wɔ krataa a ɔde kɔmaa Filemon no mu?

Paulo srɛɛ Filemon sɛ ɔmfa mfiri Onesimo. Paulo kyerɛwee sɛ ‘Merema wasan aba wo nkyɛn. Nanso afei de ɔnyɛ w’akoa ara kwa. Ɔyɛ onua Kristoni pa nso.’ Bere a Onesimo san kɔɔ Kolose no, ɔde nkrataa abien yi kɔe, a na biako yɛ Kolosefo no de, na biako no nso yɛ Filemon de. Ɛda adi sɛ Filemon ani gyei bere a ɔtee sɛ n’akoa no abɛyɛ Kristoni no.

Bere a Paulo kyerɛw Filipifo no ne Filemon no, na ɔwɔ asɛmpa bi ankasa. Paulo ka kyerɛɛ Filipifo no sɛ: ‘Meresoma Timoteo aba mo nkyɛn. Na me nso mɛba mo nkyɛn nnansa yi ara.’ Na ɔkyerɛw kɔmaa Filemon sɛ: ‘Siesie baabi a mɛtra ma me wɔ hɔ.’

Bere a wogyaa Paulo no ɔkɔsraa ne nuanom Kristofo a wɔwɔ mmeae horow pii. Nanso akyiri yi wɔsan kyeree Paulo baa Roma bio. Saa bere yi de na onim sɛ wobekum no. Enti ɔkyerɛw Timoteo na ɔkae sɛ ɔmmra ntɛm. Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Madi Onyankopɔn nokware, na Onyankopɔn bɛma me akatua.’ Wokum Paulo no akyi mfe kakraa bi no, wɔsɛee Yerusalem bio, na saa bere no de Romafo na wɔyɛɛ eyi.

Nanso nsɛm afoforo pii wɔ Bible mu. Yehowa Nyankopɔn maa ɔsomafo Yohane kyerɛw nhoma horow a etwa to, a Adiyisɛm nhoma no ka ho. Saa nhoma yi ka daakye asɛm. Afei ma yɛnhwɛ nea ɛbɛba daakye.

Asomafo Nnwuma 28:16-31; Filipifo 1:13; 2:19-30; 4:18-23; Hebrifo 13:23; Filemon 1-25; Kolosefo 4:7-9; 2 Timoteo 4:7-9.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena