Ti 18
Ɛho Hia sɛ Yɛde Onyamesom Pa Di Dwuma wɔ Fie
1. (a) Bere a nnipa pii huu Yehowa gyinapɛn ahorow a ɛfa aware ho akyi no, nsakrae bɛn na wɔayɛ? (b) Nanso dɛn bio na ɛka Kristoni abusua asetra ho?
NEA ɛka nokware ahorow a ɛka koma a yesuae wɔ yɛn Bible adesua a edi kan no mu ho ne nea ɛfa aware ne abusua asetra ho no. Yebehui sɛ Yehowa ne aware Fibea ne sɛ ɔde akwankyerɛ a eye sen biara ama mmusua wɔ Bible no mu. Esiane saa akwankyerɛ no nti, nnipa pii agyae aguamammɔ na wɔde wɔn aware ahyɛ mmara ase. Nanso pii ka Kristofo asetra ho sen eyi. Ɛfa su a yekura wɔ tra a ɛsɛ sɛ aware nkabom no tra hɔ daa, yɛn abusua mu asɛyɛde ahorow a yebedi ho dwuma ne sɛnea yɛne yɛn abusua mufo afoforo di no ho.—Efesofo 5:33–6:4.
2. (a) So obiara de nea onim wɔ Bible mu di dwuma wɔ fie? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu ne Paulo si hia a saa a wɔbɛyɛ no ho hia so dua?
2 Nnipa ɔpepem pii nim nea Bible no ka wɔ nsɛm yi ho. Nanso sɛ wohyia ɔhaw ahorow wɔ wɔn ankasa fi a, wɔmmfa nni dwuma. Na yɛn nso ɛ? Ɛda adi sɛ yɛn mu biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ɔyɛ te sɛ wɔn a Yesu kasa tiaa wɔn esiane sɛ na wobu Onyankopɔn mmara a ɛhwehwɛ sɛ mmofra di wɔn awofo ni no so denam susuw a wosusuwii sɛ na nyamesom mu ahofama dɔɔso no so nti no. (Mateo 15:4-9) Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ te sɛ nnipa a wɔwɔ nyamesom ahofama bi nanso wontumi mfa nni dwuma wɔ ‘wɔn ankasa fi’ no. Mmom no, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛda nokware nyamesom pa ahofama a ɛyɛ “ahonya kɛse” adi.—1 Timoteo 5:4; 6:6; 2 Timoteo 3:5.
Aware No Bɛtra Hɔ Bere Tenten Bɛn?
3. (a) Dɛn na ɛreba aware pii so na dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ? (b) Fa Bible no bua nsemmisa a ɛwɔ atifi hɔ a ɛfa aware a ɛsɛ sɛ ɛtra hɔ daa ho no.
3 Ɛreda adi sɛ aware nhyehyɛe no resɛe ntɛmntɛm bere nyinaa. Mprempren awarefo binom a wɔabom atra ase mfe 20, 30, anaa 40 no resi gyinae sɛ wɔne obi foforo befi “asetra foforo” ase. Bio nso, ɛnyɛ nea yɛntaa nte sɛ awarefo a wɔyɛ mmerante ne mmabaa atetew wɔn aware no mu wɔ asram kakraa bi akyi. Ɛmfa ho sɛ dɛn na afoforo reyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛn sɛ́ Yehowa asomfo no, yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani. Dɛn na n’Asɛm ka wɔ eyi ho?
Bere a ɔbarima ne ɔbea bi aware no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtra ase abom bere tenten bɛn? (Romafo 7:2, 3; Marko 10:6-9)
Dɛn so nkutoo na wogyina gu aware ma ɛfata wɔ Onyankopɔn anim? (Mateo 19:3-9; 5:31, 32)
Yehowa te nka denneennen wɔ awaregu ahorow a n’Asɛm mma ho kwan no ho dɛn? (Malaki 2:13-16)
So Bible no kamfo ntetewmu kyerɛ sɛ ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so di aware mu ɔhaw ho dwuma? (1 Korintofo 7:10-13)
4. Wɔ nea ɛkɔ so nyinaa akyi no, dɛn nti na aware ahorow bi tumi gyina?
4 Dɛn nti na aware ahorow bi gyina bere a afoforo regu—wɔ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo mpo mu no? Twɛn a nnipa baanu no nyinaa bɛtwɛn akosi sɛ wobenyin ansa na wɔaware no taa yɛ ade titiriw. Ɔhokafo a obi ne no ani gye ade koro ho a obetumi ne no asusuw nsɛm ho pefee no nso ho hia. Nanso nea ɛho hia kɛse ne onipa a ɔde onyamesom pa ahofama di dwuma nokwarem a obi bɛyɛ no. Sɛ obi dɔ Yehowa ampa na ogye di sɛ N’akwan teɛ a, ɛnde obenya biribi pa agyina so de adi nsɛnnennen a ɛsɔre no ho dwuma. (Dwom 119:97, 104; Mmebusɛm 22:19) Su a ɛne sɛ sɛ aware no anyɛ yiye a, obetumi atetew mu anaasɛ wagu no bere biara no rensɛe onipa a ɔte saa no aware. Ɔremfa ne hokafo no sintɔ ahorow nyi ne ho ano sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenni n’ankasa asɛyɛde ahorow ho dwuma. Mmom no, obesua sɛnea wogyina asetra mu ɔhaw ahorow ano na wahwehwɛ ano aduru a eye.
5. (a) Ɔkwan bɛn so na nokware a wodi ma Yehowa ho asɛm wom? (b) Sɛ wohyia ɔhaw a emu yɛ den mpo a, mfaso bɛn na wobetumi anya afi Yehowa gyinapɛn ahorow a wobekura mu pintinn no mu?
5 Yenim yiye sɛ Ɔbonsam ka sɛ sɛ yɛn ankasa hyia amanehunu a yebebu yɛn ani agu Yehowa akwan so na yɛbɛka sɛ eye sɛ yɛn ankasa besi nea eye ne nea enye ho gyinae. Nanso nnipa a wodi Yehowa nokware no nte saa. (Hiob 2:4, 5; Mmebusɛm 27:11) Yehowa Adansefo a wɔahyia ɔtaa afi wɔn ahokafo a wonnye nni hɔ no mu fã kɛse no ara nguu wɔn aware no. (Mateo 5:37) Mfe bi akyi no, ebinom anya anigye a ɛne sɛ wɔn ahokafo abɛka wɔn ho wɔ Yehowa som mu mpo. (1 Korintofo 7:16; 1 Petro 3:1, 2) Wɔ afoforo a wɔn ahokafo nyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛsakra anaasɛ wɔn ahokafo agyaw wɔn hɔ esiane gyidi mu a wokurae pintinn nti fam no—wonim sɛ Yehowa gyinapɛn ahorow a wɔakura mu no ama wɔahyira wɔn pii. Ɔkwan bɛn so? Wɔasua sɛnea wɔbɛda onyamesom pa adi wɔ ɔhaw mpo mu. Wɔyɛ nnipa a wɔn asetra di tumi a onyamesom pa ahofama wɔ no ho adanse.—Dwom 55:22; Yakobo 1:2-4; 2 Petro 1:5, 6.
Bere A Obiara Yɛ Ne Fam De
6. Sɛ aware bi bɛyɛ yiye a, nhyehyɛe bɛn na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma?
6 Nokwarem no, sɛnea ɛbɛyɛ a aware no bɛyɛ yiye ampa no, pii ho hia sen tra a wɔbɛtra ase abom ara kwa. Ade a ɛho hia titiriw ne obu a abusua no muni biara benya ama Yehowa nhyehyɛe a ɛfa tiyɛ ho no. Eyi boa ma nneɛma kɔ so pɛpɛɛpɛ na wɔte ahobammɔ nka wɔ fie hɔ.—1 Korintofo 11:3; Tito 2:4, 5; Mmebusɛm 1:8, 9; 31:10, 28.
7. Ɛsɛ sɛ wodi abusua no mu tiyɛ ho dwuma dɛn?
7 Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wodi saa tiyɛ no ho dwuma? Wɔ ɔkwan a ɛda Yesu Kristo su ahorow adi no so. Yesu nhinhim wɔ Yehowa akwan horow a ɔfa so no mu; ɔdɔ trenee na ɔtan mmarato. (Hebrifo 1:8, 9) Ɔdɔ n’asafo no kɛse na ɔde akwankyerɛ a ɛho hia ma na ɔhwɛ so. Ɔnyɛ ahantan a onsusuw afoforo ho, na mmom ‘odwo na ɔbrɛ ne ho ase koma mu’ na wɔn a wɔba ne tiyɛ ase no ‘nya ɔhome ma wɔn kra.’ (Mateo 11:28, 29; Efesofo 5:25-33) Bere a obi a ɔyɛ okunu ne agya ne ne fifo di wɔ saa kwan no so no, ɛda adi pefee sɛ ɔrebrɛ ne ho ase ahyɛ Kristo a ɔyɛɛ onyamesom pa ahofama nhwɛso a ɛyɛ pɛ no ase. Ampa, ɛsɛ sɛ ɛnanom a wɔyɛ Kristofo da saa su horow no ara adi bere a wɔne wɔn mma di no.
8. (a) Wɔ ofie bi mu no, dɛn nti na ebia ɛte sɛ nea nneɛma a wɔhwɛ kwan no ntumi mfi ɔkwan a Kristoni fa so no mu mma? (b) Sɛ yehyia tebea a ɛte saa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
8 Nanso esiane pɛ a nnipa nyɛ nti, nsɛnnennen betumi asɔre. Ebia na akwankyerɛ a wɔde ma ho abufuw kɛse ase atim wɔ ebinom mu yiye dedaw ansa na obi a ɔwɔ abusua no mu fii ase de Bible nnyinasosɛm ahorow dii dwuma. Ebia na ɛte sɛ nea nneɛma pa remfi ayamye mu a wofi bisa ade ne ɔdɔ nneyɛe no mu mma. Yenim sɛ Bible no ka sɛ yenyi “bo bɔne ne abufuw ne anokrokro ne abususɛm” mfi hɔ. (Efesofo 4:31) Nanso sɛ ɛte sɛ nea nkurɔfo binom nte biribi foforo biara ase a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Wiɛ, dɛn na Yesu yɛe bere a ɔbaa nhyɛso a emu yɛ den ase no? Wansuasua wɔn a wohunahuna afoforo na wɔyeyaw wɔn no. Mmom no, ɔde ne ho hyɛɛ n’Agya nsa na ɔde ne ho too no so. (1 Petro 2:22, 23) Saa ara nso na sɛ nsɛm tebea horow a emu yɛ den sɔre wɔ ofie hɔ a, sɛ́ anka yɛbɛfa wiase no akwan horow so mmom no, sɛ yɛdan kɔ Yehowa nkyɛn na yɛbɔ mpae hwehwɛ ne mmoa a, yedi onyamesom pa ahofama ho adanse.—Mmebusɛm 3:5-7.
9. Sɛ́ anka okununom a wɔyɛ Kristofo pii bɛhwehwɛ mfomso mmom no, wɔasua sɛ wɔbɛfa ɔkwan bɛn so?
9 Nsakrae ntaa mma ntɛm bere nyinaa, nanso Bible afotu yɛ adwuma ankasa. Okununom pii a na wɔtaa nwiinwii kɛse wɔ wɔn yerenom mfomso ahorow ho no hui sɛ nneɛma fii ase yɛɛ yiye bere a wɔn ankasa behuu sɛnea Kristo ne n’asafo no di no yiye no. Nnipa a wɔnyɛ pɛ na wɔwɔ asafo no mu. Nanso Yesu dɔ asafo no na ɔyɛ nhwɛso pa ma no, na ɔde ne nkwa too hɔ mpo maa no na ɔnam Kyerɛwnsɛm so boa no ma enya nkɔso sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛsɔ n’ani koraa. (Efesofo 5:25-27; 1 Petro 2:21) Ne nhwɛso no ahyɛ okununom a wɔyɛ Kristofo pii nkuran ma wɔayɛ nhwɛso pa na wɔn ankasa fi ɔdɔ mu de mmoa ama ma nkɔso aba. Nneɛma pa afi ɔkwan a ɛte saa a wɔfa so no mu aba sen afoforo ho mfomso kɛse a wɔhwehwɛ ne pɛ a wɔmpɛ sɛ wɔne wɔn bɛkasa no.
10. (a) Akwan horow bɛn so na obi a ɔyɛ okunu ne agya—nea ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni mpo—betumi ama asetra ayɛ den ama afoforo wɔ ne fi? (b) Dɛn na obetumi ayɛ na ama tebea no ayɛ yiye kɛse?
10 Nokwarem no, ebia na okunu ne agya no sintɔ ahorow na ɛma nsɛnnennen sɔre wɔ fie hɔ. Sɛ n’abusua no nkate mu ahiade ahorow ho asɛm mfa ne ho anaasɛ onni kan wɔ nneɛma mu ankasa denam nhyehyɛe a ɔbɛyɛ ama Bible a abusua no besua ne dwumadi afoforo so ɛ? Bere a afie bi mufo nam obu kwan so asusuw ɔhaw no ho pefee no, wɔahu sɛ nneɛma pa afi mu aba. (Mmebusɛm 15:22; 16:23; 31:26) Nanso sɛ nea efii mu bae no nyɛ nea na wɔhwɛ kwan a, obiara betumi aboa ma tebea a ɛwɔ fie hɔ no ayɛ yiye kɛse denam honhom aba ahorow no a n’ankasa bɛsow na wafi ɔdɔ mu asusuw abusua no mufo a wɔaka no ho no so. Ɛnyɛ sɛ nkɔso bɛba denam ɔfoforo no a yɛbɛtwɛn no ma wayɛ biribi no so, na mmom denam yɛn ankasa fam de a yɛbɛyɛ no yiye na yɛnam saayɛ so akyerɛ sɛ yɛn ankasa de onyamesom pa ahofama di dwuma wɔ fie no so.—Kolosefo 3:18-20, 23, 24.
Faako A Yebenya Mmuae Ahorow
11, 12. (a) Nsiesiei ahorow bɛn na Yehowa ayɛ na aboa yɛn wɔ ɔhaw a ɛwɔ yɛn abusua asetra mu mu? (b) Sɛ yebenya mu mfaso kɛse a, dɛn na wɔkamfo kyerɛ sɛ yɛnyɛ?
11 Mmeae ahorow pii wɔ hɔ a nkurɔfo kɔ hɔ kɔhwehwɛ wɔn abusua mu nsɛm ho afotu. Nanso yenim sɛ Onyankopɔn Asɛm kura afotu a eye sen biara na yɛda no ase sɛ ɔnam n’ahyehyɛde a aniwa hu no so boa yɛn ma yɛde di dwuma. So worenya saa mmoa no mu mfaso kɛse?—Dwom 119:129, 130; Mika 4:2.
12 Nea ɛka asafo nhyiam ahorow a mokɔ ho no, so mowɔ bere a moayi asi hɔ ama abusua Bible adesua? Mmusua ahorow a wɔyɛ eyi daa wɔ dapɛn biara mu no yɛ biako wɔ wɔn som mu. Wɔn abusua asetra nya nkɔso bere a wosusuw Onyankopɔn Asɛm a wɔde bedi dwuma wɔ wɔn ankasa nsɛm tebea horow mu no ho no.—Fa toto Deuteronomium 11:18-21 ho.
13. (a) Sɛ yɛwɔ asemmisa bi a ɛfa aware anaasɛ abusua mu nsɛm pɔtee bi ho a, mpɛn pii yebetumi anya mmoa a ɛho hia no wɔ he? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ gyinae ahorow a yesi no nyinaa mu?
13 Ebia wowɔ nsemmisa ahorow a ɛfa aware anaasɛ abusua mu nsɛm pɔtee bi a ɛhaw wo ho. Sɛ nhwɛso no, awo ano a wobesiw nso ɛ? So eye sɛ Kristofo bɛma wɔatwa wɔn awo? Sɛ ɛte sɛ nea wɔwo abofra bi a obedi dɛm a, so yafunu no a wɔbɛsɛe no no teɛ? So anohyeto bi wɔ ɔkwan a eye a okunu ne ɔyere fa so da no mu? Sɛ abofra bi a onnii mfe aduonu nkyerɛ honhom mu nneɛma ho anigye kɛse a, ɛsɛ sɛ ɔne abusua no nya ɔsom mu kyɛfa kodu he? Akyinnye biara nni ho sɛ wowɔ eyi ho adwene bi. Nanso so wubetumi agyina Bible nnyinasosɛm ahorow so ama mmuae? Wɔaka nsemmisa yi mu biara ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban mu. Sua sɛnea wode index ahorow a ɛwɔ hɔ no bedi dwuma de ahu nsɛm a ɛte saa no. Sɛ wunni nhoma dedaw bi a index bi twe adwene kɔ so no bi a, kɔ Ahenni Asa so nhomakorabea hɔ. Nhwɛ kwan sɛ wubenya asemmisa biara ho mmuae a ɛyɛ Yiw anaa Dabi. Ɛtɔ bere bi a, ɛsɛ sɛ musi gyinae—sɛ ankorankoro anaasɛ awarefo. Nanso sua sɛnea wubesi gyinae ahorow a ɛda ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa ne w’abusua no mufo adi. Si gyinae ahorow a ɛde adanse a ɛfa ɔpɛ a emu yɛ den a wowɔ sɛ wobɛsɔ Onyankopɔn ani yiye ho no ma. Sɛ woyɛ saa a, Yehowa ne afoforo a wonim wo yiye nyinaa behu sɛ ɛnyɛ sɛ wode nyamesom pa ahofama di dwuma wɔ baguam nko na mmom wɔ fie nso.—Efesofo 5:10; Romafo 14:19.
Asɛm No Mu Nti̇̃mu
● Ɔkwan bɛn so na nokwaredi ma Yehowa ho asɛm wɔ obi aware mu bɔhyɛ no so a odi no mu?
● Bere a abusua mu ɔhaw ahorow hyɛ yɛn so no, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani?
● Sɛ abusua no mufo afoforo tɔ sin mpo a, dɛn na yebetumi ayɛ na ama tebea no ayɛ yiye?