Ahurusidi ne Onyankopɔn a Woyi no Ayɛ wɔ Nhyiam Akɛse Ase
Ɛdefi 1880 mfe no mfiase mu hɔ no, Bible Asuafo no hui sɛ wɔ wɔn asafo nhyiam ahorow no akyi no, ɛbɛyɛ nea eye sɛ wobehu wɔn mfɛfo gyidifo a wɔwɔ mmeae afoforo no nso. Enti wofii ase yɛɛ afe afe nhyiam ahorow ho nhyehyɛe maa Bible Asuafo a wofi United States nyinaa, ne akyiri yi wɔn a wofi Canada nso. Ná eyi yɛ bere a wɔde nya honhom mu denhyɛ, na na wɔde Bible mu nkyerɛkyerɛ kɛse ma nna pii a nkuranhyɛsɛm a ɛyɛ anigye a wɔka kyerɛ wɔn ho wɔn ho ka ho. Gyidifo afoforo a wɔbɔ wɔn asu bɛyɛɛ biribi a wɔyɛ daa wɔ nhyiam akɛse ase. Ná wɔnam nhyiam ahorow yi so di ɔmanfo adanse kɛse nso.—Romafo 1:11, 12.
Ɛnnɛ Yehowa Adansefo ani gye nhyiam ahorow a wɔyɛ bere nyinaa yi ho. Mpɛn pii wɔka asafo ahorow bɛyɛ 18-25 bom wɔ nea wɔfrɛ no ɔmansin a wɔwɔ ɔhwɛfo kwantufo a ɔsom wɔn no mu. Afe biara wɔyɛ nhyiam ahorow abien ho nhyehyɛe ma asafo ahorow a wɔwɔ ɔmansin no mu nyinaa, anaasɛ ne fã bi mufo, ma wohyiam Memeneda ne/anaa Kwasida.
Afe biara wɔyɛ nnansa anaasɛ nnanan nhyiam kɛse a wɔfrɛ no ɔmantam nhyiam ho nhyehyɛe wɔ ɔman biara mu a ɛma nnipa mpempem pii tumi hyiam wɔ faako. Saa nhyiam akɛse yi de honhom mu denhyɛ ma Yehowa Adansefo ne afoforo a wɔn ani gye adwuma no ho no na eyi nso yɛ adansedi ma ɔmanfo no.
Yehowa Adansefo Sodikuw no na ɛyɛ nhyiam akɛse ne nketewa mu dwumadi no ho nhyehyɛe na ɛyɛ nea egyina Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa no ahiade ahorow so. Dwumadi no yɛ ɔkasa ahorow, nkɔmmɔbɔ ahorow, ne ɔkyerɛkyerɛ ahorow a ɛfa asetra ankasa ho a ahwɛfo akwantufo ne mpanyimfo a wofi asafo ahorow mu a wɔn ho akokwaw na wɔde ma. Afoforo nso ka osuahu ahorow a ɛfa sɛnea wɔredi ase a wɔtra sɛ Kristofo ho nsɛnnennen wɔ amumɔyɛ wiase yi mu ho dwuma anaasɛ nea ɛrefi ɔsom adwuma no mu aba ho asɛm kyerɛ. Wɔ ɔmantam nhyiam ase no, wɔwɔ dwumadi foforo nso—drama ahorow a ɛyɛ Bible mu de anaasɛ nnɛyi asetra mu de a ɛkyerɛ sɛnea Kristofo tumi gyina ɔhaw ahorow a wohyia nnɛ no ano.
Wubetumi anya fekubɔ a ɛyɛ anigye bere a yɛregye yɛn ahome no. Ka ahorow a wɔbɔ wɔ ho no yɛ nea ntoboa a wofi wɔn pɛ mu yi na wɔde tua. Obiara tumi ba bi, na wɔmmfa prɛte mmfa obiara anim nnyigye sika.
Wubetumi abisa bere ne baabi a wɔbɛyɛ nhyiam a ɛte saa bi wɔ mo mpɔtam hɔ ho asɛm afi Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ mo hɔ no mu. Wɔbɛbɔ wo amanneɛ wɔ lɔre ho nhyehyɛe biara a ɛwɔ hɔ ho, ne afei nso ɔkwan a wobɛfa so anya dabere.
Nhyiam nketewa ne akɛse yi boa Yehowa Adansefo ne wɔn a wɔde wɔn ho abɔ wɔn nyinaa ma wohu afoforo a wonni wɔn asafo mu no na ɛma wɔn ani sɔ wɔn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa fekuw no.—1 Petro 2:17.
• Mfaso ahorow bɛn na Bible Asuafo a wodi kan no nyae wɔ wɔn nhyiam akɛse no mu?
• Ka ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ho nhyehyɛe ne ne dwumadi ahorow no ho asɛm.
[Kratafa 18 mfonini ahorow]
Bible drama wɔ ɔmantam nhyiam ase, United States
Amanaman ntam nhyiam, Poland
Amanaman ntam nhyiam, Argentina
Ɔmansin nhyiam, Japan
Nhyiamfo regye Bible nhoma ahorow, Switzerland
Asubɔ wɔ amanaman ntam nhyiam ase, South Africa
Wɔreyi Bible nhoma foforo adi, Canada
Nhyiamfo bom to dwom, Spain