Ti 17
Kristo Sanba—Wɔyɛ Dɛn Hu?
1. (a) Bɔhyɛ bɛn na Kristo de mae? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ Kristo san ba?
“MƐBA BIO.” (Yohane 14:3) Yesu Kristo de saa bɔhyɛ yi maa n’asomafo no bere a ɔne wɔn wɔ hɔ anadwo ansa na ɔrebewu no. Ebia wubegye atom sɛ bere biara nni hɔ a asomdwoe, akwahosan ne asetra a Kristo sanba wɔ Ahenni tumi mu de bɛbrɛ adesamma no ho ahia kɛse te sɛ nnɛ. Nanso ɔkwan bɛn so na Kristo san ba? Henanom na wohu no, na wohu no ɔkwan bɛn so?
2. (a) Sɛ ɔsan ba a, ɛhe na Kristo de n’akyidifo a wɔde honhom asra wɔn, a n’asomafo no ka ho, no kɔ ma wɔkɔtra? (b) Nipadua bɛn na wɔwɔ wɔ hɔ?
2 Ne sanba no mu no, Kristo nsan mma mmɛtra asase so. Mmom no, wɔde wɔn a wɔne no bedi tumi sɛ ahene no kɔka ne ho wɔ ɔsoro. Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m’ankasa me nkyɛn, na nea mewɔ no, mo nso moaba hɔ.” (Yohane 14:3) Enti, sɛ Kristo san ba a, wɔn a wɔde wɔn bɛkɔ ɔsoro no bɛyɛ honhom mu nnipa, na wohu Kristo wɔ ne honhom nipadua a wɔahyɛ no anuonyam no mu. (1 Korintofo 15:44) Nanso, so adesamma a aka, a wɔnkɔ ɔsoro no, hu Kristo bere a ɔsan ba no?
NEA ENTI A ONTUMI NSAN MMA SƐ ƆDESANI
3. Bible mu adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ adesamma renhu Kristo bio?
3 Saa anadwo no ara Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Aka kakraa na wiase nhu me bio.” (Yohane 14:19) “Wiase” no kyerɛ adesamma. Enti Yesu kaa no pefee wɔ ha sɛ nnipa a wɔwɔ asase so renhu no bio wɔ ne wu akyi. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na sɛ yehuu Kristo ɔhonam fam mpo a, afei de yennim no saa bio.”—2 Korintofo 5:16.
4. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Kristo san ba sɛ́ honhom mu onipa kɛse a aniwa nhu no?
4 Nanso nnipa pii gye di sɛ Kristo bɛsan aba wɔ ɔdesani nipadua koro no ara a wokum no wɔ mu no mu, ne sɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa behu no. Nanso Bible no kyerɛ sɛ Kristo ba anuonyam mu a abɔfo no nyinaa ka ne ho, ne sɛ “ɔbɛtra n’anuonyam ahengua so.” (Mateo 25:31) Sɛ Kristo bɛba abɛtra ase sɛ onipa wɔ asase so ahengua so a, ɔbɛba fam asen abɔfo no. Nanso ɔba sɛ Onyankopɔn honhom mu mma nyinaa mu nea ɔsõ na ɔwɔ anuonyam sen biara, na enti ɔyɛ nea aniwa nhu no, sɛnea wɔte no ara.—Filipifo 2:8-11.
5. Dɛn nti na Kristo rentumi nsan mma ɔdesani nipadua mu?
5 Ɔkwan foforo so no, bɛboro mfe 1,900 a atwam ni no na ɛho hia sɛ Yesu brɛ ne ho ase na ɔbɛyɛ onipa. Na ɛho hia sɛ ɔde ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no ma sɛ agyede ma yɛn. Bere bi no Yesu kyerɛkyerɛɛ mu saa kwan yi so: “Abodoo a mede mema no, ɛne me honam a mede mɛma wiase nkwa nti.” (Yohane 6:51) Enti Yesu de ne honam nipadua no bɔɔ afɔre maa adesamma. Ná saa afɔrebɔ no bedi dwuma bere tenten bɛn? Ɔsomafo Paulo bua sɛ: “Wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde bɛmae no so atew yɛn ho prɛko.” (Hebrifo 10:10) Bere a ɔde ne honam ama esiane wiase nkwa nti no, na Kristo rentumi mfa no bio na ɔnsan mmɛyɛ ɔdesani. Esiane ntease titiriw yi nti, ne sanba no rentumi mma wɔ ɔdesani nipadua a ɔde bɔɔ afɔre prɛko no mu.
WAMFA HONAM NIPADUA ANKƆ ƆSORO
6. Dɛn nti na nnipa pii gye di sɛ Kristo de ne honam nipadua kɔɔ ɔsoro?
6 Nanso, nnipa pii gye di sɛ Kristo de ne honam nipadua no kɔɔ ɔsoro. Wɔtwe adwene kɔ nokware a ɛyɛ sɛ bere a wonyan Kristo fii awufo mu no na ne honam nipadua no nni ɔdamoa no mu no so. (Marko 16:5-7) Afei nso, ne wu akyi no Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo wɔ ɔhonam nipadua mu na wohui sɛ ɔte ase. Bere bi mpo de ɔmaa ɔsomafo Toma de ne nsa hyɛɛ tokuru a ɛwɔ Ne mfe mu no mu na Toma agye adi sɛ wɔanyan No ampa. (Yohane 20:24-27) So eyi nkyerɛ sɛ wonyan Kristo wɔ nipadua koro no ara a ɔde wui no mu anaa?
7. Dɛn na edi adanse sɛ Kristo kɔɔ ɔsoro sɛ honhom mu nipa?
7 Dabi, ɛnkyerɛ saa. Bible no mu da hɔ pefee bere a ɛka sɛ: “Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko . . . wokum no ɔhonam mu, na wɔma ɔtraa ase honhom mu.” (1 Petro 3: 18) Nnipa a wɔwɔ honam ne mogya nipadua ntumi ntra ɔsoro. Ɛdefa owusɔre a ɛde kɔ ɔsoro asetra mu ho no, Bible se: “Wodua ɔkra nipadua, ebenyan ayɛ honhom nipadua. . . . ɔhonam ne mogya ntumi nnya Onyankopɔn ahenni.” (1 Korintofo 15:44-50) Honhom mu nnipa a wɔwɔ honhom nipadua nkutoo na wotumi tra ɔsoro.
8. Dɛn na ɛbaa Kristo desani nipadua no so?
8 Ɛnde, dɛn na ɛbaa Yesu honam nipadua no so? So asuafo no ankohu sɛ hwee nni ɔdamoa no mu anaa? Wohui saa, efisɛ Onyankopɔn yii Yesu amu no fii hɔ. Dɛn nti na Onyankopɔn yɛɛ eyi? Ɛmaa nea wɔakyerɛw wɔ Bible mu no baa mu. (Dwom 16:10; Asomafo no Nnwuma 2:31) Enti Yehowa hui sɛ ɛfata sɛ oyi Yesu amu no fi hɔ, sɛnea na wadi kan ayɛ wɔ Mose amu no ho mpo no. (Deuteronomium 34:5, 6) Afei nso, sɛ wogyaw amu no wɔ ɔdamoa no mu a, anka Yesu asuafo no rentumi nte ase sɛ wɔanyan no afi awufo mu, esiane sɛ saa bere no na wɔnte honhom mu nneɛma ase yiye nti.
9. Ɛyɛɛ dɛn na etumi yɛɛ yiye sɛ Toma de ne nsa kaa nipadua a na Yesu a wɔanyan no no afa no kuru mu?
9 Nanso esiane sɛ ɔsomafo Toma tumi de ne nsa hyɛɛ tokuru a na ɛwɔ Yesu mfe mu no mu nti, so ɛno nkyerɛ sɛ nipadua koro no ara a wɔde bɔɔ asɛndua no so no na wɔde nyan Yesu fii awufo mu anaa? Dabi, efisɛ nea Yesu yɛe ara ne sɛ ɔfaa honam nipadua too ne ho so, sɛnea na abɔfo ayɛ wɔ mmere a atwam no mu no. Sɛnea ɛbɛyɛ na wama Toma ahu nipa ko a ɔyɛ no, ɔde nipadua a pirakuru ananmu wɔ ho dii dwuma. Ɔdaa ne ho adi anaasɛ ɔyɛɛ ne ho te sɛ ɔdesani ankasa, a otumi didi na ɔnom, sɛnea abɔfo a Abraham yɛɛ wɔn hɔho bere bi no yɛe no ara.—Genesis 18:8; Hebrifo 13:2.
10. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu faa ɔhonam nipadua ahorow ahorow?
10 Bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Toma wɔ nipadua a ɛte sɛ nea wokum no wɔ mu no mu no, ɔsan faa nipadua afoforo bere a ɔreda ne ho adi akyerɛ n’akyidifo. Enti mfitiase no Maria Magdalene susuwii sɛ Yesu yɛ turom hwɛfo. Mmere afoforo no n’asuafo anhu no amonom hɔ ara. Mmere a ɛtete saa mu no ɛnyɛ ne nipadua so na wɔnam huu no, na mmom asɛm bi a ɔkae anaa biribi a ɔyɛe so na wɔnam huu no.—Yohane 20:14-16; 21: 6, 7; Luka 24:30, 31.
11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na Kristo fii asase so? (b) Enti ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ Kristo sanba no kwan?
11 Ne wusɔre no akyi nnafua 40 no, Yesu daa ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no wɔ ɔhonam nipadua mu. (Asomafo no Nnwuma 1:3) Afei ɔkɔɔ ɔsoro. Nanso ebia ebinom bebisa sɛ: ‘So abɔfo baanu a na wɔwɔ hɔ no anka ankyerɛ asomafo no sɛ Kristo “bɛba saa ara sɛnea muhu sɛ ɔrekɔ ɔsoro yi”?’ (Asomafo no Nnwuma 1:11) Yiw, wɔkae saa. Nanso hyɛ no nsow sɛ wɔkae sɛ “ɔbɛba saa ara,” ɛnyɛ wɔ nipadua koro no ara mu. Na ɔkwan bɛn na Yesu nam so kɔe? Ɔkɔɔ dinn, a guasodeyɛ biara nka ho. Asomafo no nkutoo na na wonim. Ná wiase no nnim.
12 Susuw sɛnea Bible no ka ɔkwan a Yesu nam so gyaw n’asomafo no kɔɔ ɔsoro no ho asɛm no ho: “Na wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so, na omununkum gyee no fii wɔn anim.” (Asomafo no Nnwuma 1:9) Enti bere a Yesu fii ase sɛ ɔrekɔ soro no, omununkum yii no fii asomafo no ani so. Enti Yesu a na ɔrekɔ no fii wɔn ani so. Ná wontumi nhu no. Afei wɔ ne honhom nipadua no mu no ɔforo kɔɔ ɔsoro. (1 Petro 3:18) Enti ne sanba no nso bɛyɛ nea aniwa nhu, wɔ honhom nipadua mu.
SƐNEA ANIWA NYINAA HU
13. Ɛsɛ sɛ yɛte ka a wɔka sɛ Kristo ba wɔ amununkum mu a “aniwa nyinaa behu no” no ase dɛn?
13 Ɛnde ɛsɛ sɛ yɛte asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 1:7 no ase dɛn? Ɛhɔ no ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Hwɛ, ɔnam amununkum mu reba, na aniwa nyinaa behu no, ne wɔn a wɔwɔɔ no no, na asase so mmusuakuw nyinaa bɛbɔ ne ho abubuw.” Ɛha no Bible no reka hu a wobehu, a ɛnyɛ honam aniwa, na mmom wɔ ntease a wɔde hu ade mu. Enti sɛ obi te asɛm bi ase a, obetumi aka sɛ, ‘Mahu.’ Nokwarem no, Bible no ka “wo ntease ani” ho asɛm. (Efesofo 1:18, King James Version) Enti asɛm “aniwa nyinaa behu no” no kyerɛ sɛ obiara bɛte ase anaasɛ obehu saa bere no sɛ Kristo aba.
14. (a) Henanom ne “wɔn a wɔwɔɔ no” no? (b) Dɛn nti na wɔbɛbɔ abubuw kɛse bere a awiei koraa no obiara hu sɛ Kristo aba no?
14 Wɔn a “wɔwɔɔ” Yesu ankasa no nte asase so bio. Enti wogyina hɔ ma nnipa a, ɛdenam nnɛyi Kristo akyidifo a wopira wɔn so no, wosuasua saa mmarima a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu no. (Mateo 25:40, 45) Ɛrenkyɛ na bere no adu sɛ Kristo sɛe abɔnefo a wɔtete saa. Wɔadi kan abɔ wɔn kɔkɔ wɔ eyi ho. Sɛ saa ɔsɛe yi ba a, ‘wobehu’ anaasɛ wɔbɛte nea ɛrekɔ so no ase. Na wɔn awerɛhow bɛyɛ kɛse!
SO KRISTO SAN BA ASASE SO?
15. Ɔkwan bɛn so na wɔtaa de asɛmfua “sanba” no di dwuma?
15 Sɛ́ wɔsan ba no nkyerɛ sɛ obi ba beae bi ankasa bere nyinaa. Enti wotumi ka sɛ ayarefo ‘asan aba nkwa mu.’ Na wotumi ka sɛ obi a na anka ɔyɛ sodifo ‘asan aba tumi mu.’ Saa ara na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Mɛsan maba wo nkyɛn afedan sesɛɛ, na Sara anya ɔba.” (Genesis 18:14; 21:1) Ná san a Yehowa bɛsan aba no nkyerɛ ɔkwan a obetu asan aba ankasa, na mmom n’adwene a ɔde bɛba Sara so abɛyɛ nea wahyɛ ho bɔ no.
16. (a) Ɔkwan bɛn so na Kristo san ba asase so? (b) Bere bɛn na Kristo san bae, na dɛn na ɛbae?
16 Saa pɛpɛɛpɛ na Kristo sanba no nkyerɛ sɛ ɔsan ba asase so ankasa. Mmom no, ɛkyerɛ sɛ ɔfa Ahenni tumi a ɔde bedi asase ho dwuma na ɔdan n’adwene kɔ so. Ɛho nhia sɛ ofi ne soro ahengua no so na osian ba asase so ankasa na wabɛyɛ eyi. Sɛnea yɛahu wɔ ti a edi eyi anim no mu no, adanse a efi Bible mu da no adi sɛ afe 1914 Y.B. mu no Onyankopɔn bere dui sɛ Kristo bɛsan aba na wafi tumidi ase. Saa bere no na wɔtee nne wɔ ɔsoro sɛ: “Afei nkwagye ne tumi ne ahenni ayɛ yɛn Nyankopɔn de, na ahoɔden ayɛ [ne] Kristo no dea.”—Adiyisɛm 12:10.
17. Esiane sɛ Kristo sanba no yɛ nea aniwa nhu nti, dɛn na ɔde mae na yɛatumi ahu sɛ wasan aba?
17 Esiane sɛ Kristo sanba no yɛ nea aniwa nhu nti, so ɔkwan bi wɔ hɔ a yebetumi afa so ahu sɛ aba ampa? Yiw, ebi wɔ hɔ. Kristo ankasa de “sɛnkyerɛnne” a aniwa hu mae a yɛnam so betumi ahu sɛ waba honhom mu, ne sɛ wiase awiei abɛn. Ma yɛnhwehwɛ saa “sɛnkyerɛnne” no mu.
[Kratafa 142 mfoni]
Kristo de ne nipadua mae sɛ afɔre. Ná ɔrentumi nsan mfa na ɔmmɛyɛ onipa bio
[Kratafa 144, 145 mfoni]
Dɛn nti na Maria Magdalene susuwii sɛ Yesu yɛ turom hwɛfo wɔ ne wusɔre no akyi?
Ɔhonam nipadua bɛn na Yesu a wɔanyan no no ka kyerɛɛ Toma sɛ ɔmfa ne nsa nka no?
[Kratafa 147 mfoni]
Ná Kristo bɛsan aba wɔ ɔkwan koro no ara a ɔnam so fii asase so no so. Ɔkɔe wɔ ɔkwan bɛn so?