Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • pe ti 29 kr. 238-249
  • Abusua Asetra A Wɔbɛma Ayɛ Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abusua Asetra A Wɔbɛma Ayɛ Yiye
  • Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SƐNEA ONYANKOPƆN BƆƆ ƆBARIMA NE ƆBEA NO
  • OKUNU NO ASƐYƐDE
  • ƆYERE NO ASƐYƐDE HO DWUMADI
  • MMOFRA NO AFÃ WƆ ABUSUA NO MU
  • DƆ WO YERE NA DI NO NI
  • BU WO KUNU
  • MUNNI MO HO MO HO NOKWARE
  • MA WO HOKAFO ANI NNYE
  • NYA BERE MA WO MMA
  • FA NTEƐSO A ƐHO HIA MA
  • MMOFRA​—MONKO NTIA WIASE AKWAN
  • MOMMOM NSUA BIBLE
  • ABUSUA MU ƆHAW AHOROW HO DWUMA YIYE A WOBEDI
  • Sɛnea Wobɛma W’abusua Asetena Ayɛ Anigye
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Nneɛma Abien a Ɛma Aware Gyina Daa
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • W’abusua Betumi Anya Anigye
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Yehowa Abusua Nhyehyɛe A Ɔdɔ Wom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
pe ti 29 kr. 238-249

Ti 29

Abusua Asetra A Wɔbɛma Ayɛ Yiye

1. (a) Ɔkwan bɛn so na abusua no fii ase? (b) Ná dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw wɔ abusua no ho?

BERE a Yehowa Nyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no, ɔkaa wɔn boom de hyehyɛɛ abusua. (Genesis 2:21-24; Mateo 19:4-6) Ná ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ awarefo yi bɛdɔ denam mma a wɔbɛwo so. Afei, sɛ mmofra no nyinyin a, na wɔbɛwareware na wɔahyehyɛ wɔn ankasa mmusua horow. Ná ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ, bere bi akyi no, mmusua horow a wɔwɔ anigye bɛtra asase so baabiara. Wɔbɛma asase adan paradise fɛfɛɛfɛ wɔ baabiara.​—Genesis 1:28.

2, 3. (a) Dɛn nti na wontumi nnunu Onyankopɔn wɔ abusua mu ɔhaw ahorow ho? (b) Dɛn na ɛho hia na yɛanya abusua asetra a anigye wom?

2 Yiw, ɛnnɛ, mmusua mu retetew, na bebree a wɔda so wɔ hɔ no yɛ nea anigye nni mu. Enti obi betumi abisa sɛ: ‘Sɛ Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ abusua no ampa a, so ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nneɛma pa na ebefi mu aba?’ Nanso, yɛrentumi nnunu Onyankopɔn wɔ sɛe a mmusua horow sɛe no ho. Odwumayɛfo betumi ayɛ biribi ma ɔde sɛnea wɔde di dwuma no ho akwankyerɛ aka ho. Nanso sɛ dekode no sɛe esiane sɛ onii a ɔtɔe no anni akwankyerɛ no akyi nti a, so ɛyɛ onii a ɔyɛɛ dekode no mfomso? Dabida. Dekode no, sɛ edi mu mpo a, ɛbɛsɛe efisɛ wɔmfa nni dwuma yiye. Ɛte saa wɔ abusua no fam.

3 Yehowa Nyankopɔn de abusua asetra ho akwankyerɛ ama wɔ Bible mu. Na sɛ wobu ani gu akwankyerɛ horow yi so a, dɛn na ɛbɛba? Ɛwom sɛ abusua nhyehyɛe no yɛ pɛ, nanso ebetumi asɛe. Abusua no mufo ani rennye. Nanso, sɛ wodi akwankyerɛ a ɛwɔ Bible mu no akyi a, eyi bɛma abusua no adi yiye na wɔanya anigye. Enti, ɛho hia sɛ yɛte sɛnea Onyankopɔn yɛɛ abusua no mufo ahorow ne dwuma a ɔpɛe sɛ wodi no ase.

SƐNEA ONYANKOPƆN BƆƆ ƆBARIMA NE ƆBEA NO

4. (a) Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ mmarima ne mmea ntam? (b) Dɛn nti na Onyankopɔn de nsonsonoe a ɛte saa bae?

4 Obiara tumi hu sɛ Yehowa anyɛ ɔbarima ne ɔbea ɔkwan koro so. Ɛyɛ ampa sɛ akwan horow pii so no wɔsɛ. Nanso ɛda adi sɛ nsonsonoe ahorow bi wɔ wɔn nipadua ne wɔn bɔbea mu. Afei nso, wɔwɔ su ahorow a ɛsonsonoe. Dɛn ntia? Onyankopɔn yɛɛ wɔn saa na aboa wɔn mu biara ma wadi dwuma soronko bi. Bere a Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima no, Onyankopɔn kae sɛ: “Enye sɛ onipa nko tra, mɛyɛ ne sɛso boafo mama no.”​—Genesis 2:18.

5. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔyɛɛ ɔbea sɛ́ ɔbarima “sɛso boafo”? (b) Ɛhe na wɔhyehyɛɛ aware a edi kan no? (d) Dɛn nti na aware betumi ayɛ nhyehyɛe a anigye wom ankasa?

5 Biribi sɛso yɛ ade a ɛne no hyia anaasɛ ɛne no kɔ pɛpɛɛpɛ, ma dekode no di mu. Onyankopɔn yɛɛ ɔbea sɛ ɔbarima sɛso ankasa na waboa ɔbarima no wɔ ahyɛde a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnhyɛ asase so ma na ɔnhwɛ so no ho dwumadi mu. Enti, bere a ɔnam biribi a oyi fii ɔbarima no mu so bɔɔ ɔbea akyi no, Onyankopɔn hyehyɛɛ aware a edi kan wɔ Eden turom hɔ denam ‘ɔbea no a ɔde no brɛɛ ɔbarima’ no so. (Genesis 2:22; 1 Korintofo 11:8, 9) Aware betumi ayɛ nhyehyɛe a anigye wom efisɛ wɔyɛɛ ɔbarima ne ɔbea a wɔn mu biara wɔ ahiade bi a ɔfoforo no na obetumi ama ne nsa aka. Wɔn su horow a ɛsonsonoe no boa ma wɔn mu biara kari pɛ. Sɛ okunu ne ɔyere te wɔn ho wɔn ho ase na wɔwɔ anisɔ ma wɔn ho wɔn ho na wodi boa wɔn ho wɔn ho wɔ asɛyɛde a wɔde ama wɔn no ho dwumadi mu a, wɔn mu biara boa ma wonya ofie a anigye wom.

OKUNU NO ASƐYƐDE

6. (a) Hena na wɔyɛɛ no abusua no ti? (b) Dɛn nti na eyi fata na ɛho wɔ mfaso?

6 Aware anaa abusua hia akwankyerɛ. Wɔde su horow ne ahoɔden kɛse a ɛho hia na watumi de akwankyerɛ a ɛte saa ama bɔɔ ɔbarima. Eyi nti Bible no ka sɛ: “Okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no.” (Efesofo 5:23) Eyi ho wɔ mfaso, efisɛ sɛ akwankyerɛ nni hɔ a, ɔhaw ne basabasayɛ na ɛba. Sɛ́ abusua bɛyɛ nea enni ti no bɛyɛ te sɛ mmɔden a obi bɔ sɛ ɔbɛka kar a enni stia. Anaasɛ, sɛ ɔyere no bɔ mmɔden sɛ ɔne nea ɔyɛ ti no besi akan a, ɛbɛyɛ te sɛ ahyɛnkafo baanu a wɔwɔ kar biako mu, a wɔn mu biara kura stia a ɔpɛ sɛ ɔde kyerɛ afiri no kwan.

7. (a) Dɛn nti na mmea binom mpɛ ti a ɔbarima yɛ no? (b) So obiara wɔ ti, na dɛn nti na tiyɛ ho nhyehyɛe a Onyankopɔn yɛe no yɛ nea nyansa wom?

7 Nanso, mmea pii mpɛ adwene a ɛne sɛ ɔbarima na ɛsɛ sɛ ɔyɛ abusua no ti no. Ade titiriw biako a enti ɛte saa ne sɛ mmarima pii nnii Onyankopɔn akwankyerɛ wɔ sɛnea wodi tiyɛ a ɛfata ho dwuma no akyi. Nanso, ɛyɛ nokwasɛm a wogye tom sɛ, sɛ ahyehyɛde bi bedi yiye a, ɛsɛ sɛ obi de akwankyerɛ ma na osisi gyinae. Enti Bible no ka no nyansa mu sɛ: “Ɔbarima biara ti ne Kristo, na ɔbea ti ne ɔbarima, na Kristo ti ne Onyankopɔn.” (1 Korintofo 11:3) Wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu no, Onyankopɔn nkutoo na onni ti. Ɛho hia sɛ obiara, a Yesu Kristo ka ho, ne okununom ne ɔyerenom, gye akwankyerɛ tom na wɔde wɔn ho hyɛ afoforo gyinaesi ase.

8. (a) Hena nhwɛso akyi na ɛsɛ sɛ okununom di wɔ tiyɛ ho dwumadi mu? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ okununom sua fi saa nhwɛso no mu?

8 Eyi kyerɛ sɛ, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi adi wɔn asɛyɛde sɛ okununom ho dwuma no, ɛsɛ sɛ mmarima gye ti a Kristo yɛ no tom. Afei nso, ɛsɛ sɛ wodi ne nhwɛso akyi denam ti a wobedi wɔ wɔn yerenom so sɛnea ɔyɛ wɔ n’akyidifo asafo no so no so. Ɔkwan bɛn so na Kristo ne n’asase so akyidifo dii? Ɔyɛɛ saa bere nyinaa wɔ ayamye ne boasetɔ kwan so. Wanteɛteɛ wɔn anaasɛ ne bo amfuw wɔn, bere a na wontumi nnye n’akwankyerɛ ntom ntɛm mpo no. (Marko 9:33-37; 10:35-45; Luka 22:24-27; Yohane 13:4-15) Nokwarem no, ofi ne pɛ mu de ne nkwa too hɔ maa wɔn. (1 Yohane 3:16) Ɛsɛ sɛ okunu Kristoni sua Kristo nhwɛso no yiye na ɔyɛ nea obetumi sɛ obedi akyi bere a ɔne n’abusua mufo redi. Ne saa nti, ɔrenyɛ abusua ti a ɔyɛ katee, ɔyɛ pɛsɛmenkominya anaasɛ onsusuw afoforo ho.

9. (a) Dɛn na ɔyerenom pii ka? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ okununom ma ɛtra wɔn adwene mu wɔ nyansa mu bere a wodi ti no?

9 Nanso, ɔkwan foforo so no, ɛsɛ sɛ okunu susuw eyi ho: So wo yere ka sɛ wonyɛ w’ade te sɛ abusua no ti? So ɔka sɛ wunni anim wɔ fie hɔ, wɔ abusua dwumadi ahorow ho nhyehyɛe yɛ mu ne asɛyɛde a wowɔ sɛ wubesisi gyinae horow a etwa to ho dwumadi mu anaa? Nanso eyi ne nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ wo, sɛ́ okunu, woyɛ. Ampa, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wutie nyansahyɛ ahorow ne nea abusua no mufo afoforo ka, na woasusuw nyansahyɛ ahorow yi ho bere a wudi ti no. Sɛ́ okunu no, ɛda adi sɛ wowɔ adwuma a ɛyɛ den wɔ abusua no mu. Nanso sɛ wobɔ mmɔden sɛ wubedi ho dwuma a, mpɛn pii no ɛbɛma wo yere ate nka sɛ ɔbɛboa wo na wagyina w’akyi.​—Mmebusɛm 13:10; 15:22.

ƆYERE NO ASƐYƐDE HO DWUMADI

10. (a) Dɛn na Bible hyɛ ɔyerenom nkuran sɛ wɔnyɛ? (b) Dɛn na ɛba bere a ɔyerenom nni Bible mu afotu no akyi no?

10 Sɛnea Bible ka no, wɔyɛɛ ɔbea sɛ ne kunu boafo. (Genesis 2:18) Nea ɛne saa asɛyɛde no hyia no, Bible hyɛ nkuran sɛ: “Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom.” (Efesofo 5:22) Ɛnnɛ, apereperedi ne akan a mmea ne mmarima si abu so. Nanso bere a ɔyerenom yere wɔn ho, bɔ mmɔden sɛ wobedi ti no, wɔn adeyɛ no de ɔhaw ba ɔkwan biara so. Okununom pii ka wɔ ɔkwan bi so sɛ: ‘Sɛ ɔpɛ sɛ odi abusua no so a, ma ɔnkɔ so nyɛ saa.’

11. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔyere betumi aboa ne kunu ma wadi anim? (b) Sɛ ɔyere di asɛyɛde a Onyankopɔn de ama no no ho dwuma a, eyi betumi aka ne kunu dɛn?

11 Nanso, ebia wobɛte nka sɛ tebea no na ɛhyɛ wo ma wudi kan, esiane sɛ wo kunu nyɛ saa nti. Nanso, so anka wubetumi ayɛ pii de aboa no ma wadi n’asɛyɛde ahorow ho dwuma sɛ abusua no ti? So woma ɛda adi sɛ wohwɛ kwan sɛ obedi anim? So wubisa ne nyansahyɛ ne akwankyerɛ? So wukwati wɔ ɔkwan biara so sɛ wubebu nea ɔyɛ no animtiaa? Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wubedi asɛyɛde a Onyankopɔn de ama wo wɔ abusua no mu no ho dwuma a, ebia wo kunu befi ase adi ne de ho dwuma.​—Kolosefo 3:18, 19.

12. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔyerenom betumi akyerɛ wɔn adwene ma afata, sɛ eyinom ne wɔn kununom de nhyia mpo a?

12 Eyi nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ ɔyere kyerɛ n’adwene, sɛ ɛne ne kunu de bɔ abira a. Ebia na adwene a okura no teɛ, na sɛ ne kunu tie no a, ɛho bɛba abusua no mfaso. Wɔde Abraham yere Sara ma sɛ nhwɛso ma ɔyerenom Kristofo esiane ne ho ase a ɔbrɛ maa ne kunu nti. (1 Petro 3:1, 5, 6) Nanso ɔde nea ɛbɛma ɔhaw a na ɛwɔ ne fie to atwa ho nyansahyɛ mae, na bere a Abraham ne no anyɛ adwene no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Tie.” (Genesis 21:9-12) Nanso, sɛ okunu si gyinae a etwa to wɔ asɛm bi ho a, ɛsɛ sɛ ɔyere gye tom, sɛ saa a ɔbɛyɛ no remma ommu Onyankopɔn mmara so a.​—Asomafo no Nnwuma 5:29.

13. Dɛn na ɔyere pa bɛyɛ, na ɛbɛka n’abusua no dɛn?

13 Wɔ n’asɛyɛde ho dwuma yiye a obedi mu no, pii wɔ hɔ a ɔyere betumi ayɛ de ahwɛ abusua no. Sɛ nhwɛso no, obetumi asiesie aduan a ahoɔden wom, ama fie hɔ atew na wanya mmofra no kyerɛkyerɛ mu kyɛfa. Bible no hyɛ mmea awarefo nkuran sɛ ‘wɔnnɔ wɔn kununom ne wɔn mma, na wonnwen adwempa, nhwɛ wɔn ho so, nyɛ wɔn afie yiye, nyɛ adɛɛfo, mmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ankasa wɔn kununom, na wɔanka Onyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.’ (Tito 2:4, 5) Ɔyere ne ɛnã a ɔyɛ saa nnwuma yi yɛ obi a n’abusua no benya ɔdɔ ne obu a ɛtra hɔ daa ama no.​—Mmebusɛm 31:10, 11, 26-28.

MMOFRA NO AFÃ WƆ ABUSUA NO MU

14. (a) Dɛn ne gyinabea pa ma mmofra wɔ abusua no mu? (b) Dɛn na mmofra betumi asua afi Yesu nhwɛso no mu?

14 Yehowa ka kyerɛɛ nnipa baanu a wodi kan no sɛ: “Monwo na monnɔ.” (Genesis 1:28) Yiw, Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnwo mma. Ná mma no bɛyɛ nhyira ama abusua no. (Dwom 127:3-5) Esiane sɛ wɔba wɔn awofo mmara ne ahyɛde ase nti, Bible no de abofra gyinabea toto akoa de ho. (Mmebusɛm 1:8; 6:20-23; Galatifo 4:1) Yesu mpo kɔɔ so de ne ho hyɛɛ n’awofo ase bere a ɔyɛ abofra. (Luka 2:51) Eyi kyerɛ sɛ otiee wɔn yɛɛ nea wɔkyerɛe. Sɛ mmofra nyinaa yɛ saa a, ɛbɛboa ankasa ma anigye aba abusua mu.

15. Dɛn nti na mmofra taa ma awofo di awerɛhow?

15 Nanso, sɛ anka wɔbɛyɛ nhyira ama abusua no, nnɛ mmofra taa ma awofo di awerɛhow. Dɛn ntia? Ɛyɛ Bible akwankyerɛ a ɛfa abusua asetra ho a mmofra no ne awofo mfa nni dwuma wɔ wɔn asetra mu no nti. Dɛn ne Onyankopɔn mmara ne nnyinasosɛm ahorow yi binom? Momma yɛnhwehwɛ kakraa bi mu wɔ nkratafa a edidi so yi mu. Bere a yɛyɛ saa no, hwɛ sɛ ebia wunnye ntom sɛ sɛ wode di dwuma a wubetumi aboa ma anigye aba w’abusua mu.

DƆ WO YERE NA DI NO NI

16. Dɛn na wɔhyɛ okununom sɛ wɔnyɛ, na ɔkwan bɛn so na wodi ahyɛde horow yi ho dwuma ma ɛfata?

16 Bible no de ɔsoro nyansa ka sɛ: “Ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua.” (Efesofo 5:28-30) Mpɛn pii no, osuahu ada no adi sɛ sɛnea ɛbɛyɛ na ɔyerenom ani agye ankasa no, ɛho hia sɛ wɔte nka sɛ wɔdɔ wɔn. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ okunu de n’adwene kɔ ne yere so titiriw, na okura no brɛoo, wɔ ntease ne ahotoso mu. Ɛho hia sɛ ‘odi no ni,’ sɛnea Bible ka no. Ɔyɛ eyi denam susuw a osusuw ne ho wɔ nea ɔyɛ nyinaa mu so. Eyi bɛma ɔbea no abu no.​—1 Petro 3:7.

BU WO KUNU

17. Dɛn na wɔhyɛ ɔyerenom sɛ wɔnyɛ, na wɔyɛ eyi dɛn?

17 Na ɔyerenom nso ɛ? Bible no ka sɛ: Ɛsɛ sɛ ɔyere nya obu kɛse ma ne kunu.” (Efesofo 5:33, New World Translation) Saa afotu yi a wonni so no ne ade titiriw a enti okununom bi ani nnye wɔn yerenom ho. Ɔyere kyerɛ obu denam ne kunu gyinaesi ahorow a ogye tom, fi ne kra nyinaa mu boa no ma odi abusua botae horow ho dwuma no so. Ɛdenam ne Bible mu asɛyɛde sɛ ne kunu ‘boafo ne ne hokafo’ no ho dwuma a odi so no, ɔma ɛyɛ mmerɛw ma ne kunu sɛ ɔbɛdɔ no.​—Genesis 2:18.

MUNNI MO HO MO HO NOKWARE

18. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ aware mu ahokafo di wɔn ho wɔn ho nokware?

18 Bible no se: “Ɛsɛ sɛ okununom ne ɔyerenom di wɔn ho wɔn ho nokware.” Ɛka kyerɛ okunu no sɛ: “Wo ne wo yere ani nnye na nya ababaa a wowaree no no ho anigye . . . dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode wo dɔ ma ɔbea foforo? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ w’ani gye ɔbarima foforo yere ho?” (Hebrifo 13:4; Mmebusɛm 5:18-20, Today’s English Version) Yiw, awaresɛe tia Onyankopɔn mmara; ɛde ɔhaw ba aware mu. Aware ho nhwehwɛmufo bi kae sɛ, “Nnipa pii susuw sɛ wo hokafo akyi a wubefi akɔ obi foforo nkyɛn kakra no betumi ama aware asɔ,” nanso ɔde kaa ho sɛ adeyɛ a ɛte saa kowie “ɔhaw ankasa mu” bere nyinaa.​—Mmebusɛm 6:27-29, 32.

MA WO HOKAFO ANI NNYE

19. Ɔkwan bɛn so na aware mu ahokafo betumi anya anigye kɛse wɔ nna mu?

19 Anigye mma bere a obi hwehwɛ nna mu anigye ma n’ankasa ho titiriw no. Mmom no, ɛba bere a obi hwehwɛ sɛ ne hokafo nso ani gye no. Bible se: “Okunu mma ɔyere nea ɛsɛ, na ɔyere nso mma okunu saa ara.” (1 Korintofo 7:3) Nea wosi so dua ne ɔma. Na ɛdenam ɔma so no, nea ɔde ma no nso nya anigye ankasa. Ɛte sɛ nea Yesu Kristo kae no: “Ɔma mu wɔ anigye kɛse mmom sen ogye.”​—Asomafo no Nnwuma 20:35, New World Translation.

NYA BERE MA WO MMA

20. Dɛn nti na obi mma a ɔne wɔn bom yɛ nneɛma ho hia?

20 Abofra bi a wadi bɛyɛ mfe awotwe kae sɛ: “M’agya yɛ adwuma bere nyinaa. Ɔntra fie. Ɔma me sika ne nneɛma pii a mede di agoru. Nanso mentaa nhu no. Medɔ no na me yam a anka ɔrenyɛ adwuma bere nyinaa na matumi ahu no pii.” Hwɛ anigye ara a ofie asetra yɛ bere a awofo di Bible ahyɛde akyi sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma ‘bere a wɔte wɔn fie ne bere a wɔnam kwan so ne bere a wɔada ne bere a wɔasɔre’ no! Bere a wubenya ama wo mma ne wɔn ayɛ nneɛma a ɛho wɔ mfaso yɛ nea ɛbɛboa ma abusua anya anigye.​—Deuteronomium 11:19; Mmebusɛm 22:6.

FA NTEƐSO A ƐHO HIA MA

21. Dɛn na Bible ka wɔ nteɛso a wɔde bɛma mmofra ho?

21 Yɛn soro Agya no yɛ nhwɛso a ɛfata ma awofo denam afotu ne nteɛso a ɔde ma ne nkurɔfo so. Mmofra hia nteɛso. (Hebrifo 12:6; Mmebusɛm 29:15) Eyi nti, Bible hyɛ nkuran sɛ: “Agyanom, . . . monyɛn [mo mma] Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” Nteɛso a wɔde ma no, sɛ ɛyɛ nea ɔhwe anaa hokwan ahorow bi a woyi fi hɔ ka ho mpo a, edi adanse sɛ awofo dɔ wɔn mma. Bible se: “Nea ɔdɔ [ne ba] no teɛ no so ntɛmso.”​—Efesofo 6:4; Mmebusɛm 13:24; 23:13, 14.

MMOFRA​—MONKO NTIA WIASE AKWAN

22. Ahyɛde bɛn na mmofra wɔ, na dɛn na ɛka ɛsodi ho?

22 Wiase no bɔ mmɔden sɛ ebenya mmofra ma wɔato Onyankopɔn mmara. Afei nso, sɛnea Bible ka no, “agyimisɛm kyekyere abofra koma ho.” (Mmebusɛm 22:15) Enti ɛyɛ nea ɛteɛ a wɔbɛyɛ ho akodi ankasa. Nanso Bible se: “Mmofra, ɛyɛ mo Kristofo asɛyɛde sɛ mubetie mo awofo, efisɛ eyi ne ade a ɛteɛ.” Ɛde nhyira pii bɛba. Enti, mmofra, monyɛ anyansafo. Muntie afotu yi: “Kae wo Bɔfo bere a woda so yɛ abofra.” Monko ntia nnubɔne a wɔnom, asabow, aguamammɔ ne nneɛma afoforo a etia Onyankopɔn mmara a mobɛyɛ ho sɔhwɛ ahorow no.​—Efesofo 6:1-4; Ɔsɛnkafo 12:1; Mmebusɛm 1:10-19, Today’s English Version.

MOMMOM NSUA BIBLE

23. Mfaso bɛn na mmusua horow benya denam Bible a wɔbɛbom asua so?

23 Sɛ abusua no muni biako sua Bible mu nkyerɛkyerɛ na ɔde di dwuma a, ɛbɛboa ma abusua no anya anigye. Nanso sɛ wɔn nyinaa​—okunu, ɔyere ne mmofra​—yɛ saa a, abusua a nhyira wom bɛn ara na ɛbɛyɛ! Ɛde abusuabɔ pa a anigye wom na emufo ne wɔn ho wɔn ho di nkitaho bɛba, bere a abusua no muni biara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa afoforo ma wɔasom Yehowa Nyankopɔn. Enti momma ɛnyɛ abusua no suban sɛ mobɛbom asua Bible!​—Deuteronomium 6:4-9; Yohane 17:3.

ABUSUA MU ƆHAW AHOROW HO DWUMA YIYE A WOBEDI

24. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ aware mu ahokafo bu ani gu wɔn mu biara mfomso so?

24 Mmusua a anigye wom bere nyinaa mpo mu no, ɛwom wom a nsɛm a emu yɛ den bɛsɔre. Nea enti a ɛte saa ne sɛ yɛn nyinaa tɔ sin na yɛyɛ nneɛma a ɛnteɛ. Bible se: “Yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu.” (Yakobo 3:2) Enti ɛnsɛ sɛ aware mu ahokafo hwehwɛ pɛyɛ fi wɔn ho wɔn ho nkyɛn. Mmom no, ɛsɛ sɛ wɔn mu biara bu n’ani gu ne yɔnko mfomso ahorow so. Enti, ɛnsɛ sɛ ahokafo no mu biara hwɛ aware a anigye wom a sintɔ biara nni mu kwan, efisɛ eyi nyɛ ade a nnipa a wɔnyɛ pɛ betumi de aba.

25. Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ wɔfa so di aware mu ɔhaw ahorow ho dwuma ɔdɔ mu?

25 Ampa, okunu ne ɔyere bɛpɛ sɛ wɔbɔ mmɔden kwati nea ɛhyɛ ɔhokafo foforo no abufuw. Nanso sɛ wɔbɔ mmɔden dɛn ara a, ɛtɔ da bi a wɔbɛyɛ nneɛma a ɛhaw ɔfoforo no. Enti, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wodi ɔhaw ahorow ho dwuma? Afotu a Bible de ma ne sɛ: “Ɔdɔ kata bɔne pii so.” (1 Petro 4:8) Eyi kyerɛ sɛ ahokafo a wɔkyerɛ ɔdɔ renkɔ so nka mfomso a ɔfoforo ayɛ ho asɛm bere nyinaa. Ɔdɔ ka biribi te sɛ, ‘Yiw, woyɛɛ mfomso. Nanso ɛtɔ da bi a me nso meyɛ saa ara. Enti mebu m’ani agu wo de no so, na wo nso wubetumi ayɛ saa ara ama me.’​—Mmebusɛm 10:12; 19:11.

26. Sɛ asɛm bi a emu yɛ den sɔre a, dɛn na ɛbɛboa wɔ asɛm no siesie mu?

26 Sɛ awarefo wɔ ɔpɛ sɛ wobegye mfomso atom na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nsakrae a, wobetumi akwati akyinnyegye ne ɔhaw ahorow pii. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ wɔn botae sɛ wobedi ɔhaw ahorow ho dwuma, ɛnyɛ sɛ wobedi akyinnyegye mu nkonim. Sɛ ɔhokafo afom mpo a, ma ɛnyɛ mmerɛw sɛ mubedi ho dwuma denam ayamye a wubeyi adi akyerɛ so. Sɛ woafom a, srɛ fafiri ahobrɛase mu. Ntu nhyɛ da; di asɛm no ho dwuma ntɛm. “Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so.”​—Efesofo 4:26.

27. Bible mu afotu bɛn akyidi na ɛbɛboa awarefo ma wɔasiesie nsɛm a emu yɛ den?

27 Titiriw sɛ woyɛ ɔwarefo a, ɛho hia sɛ wudi ahyɛde a ɛne sɛ “mommma obiara nnhwɛ ne nko ade, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi” no akyi. (Filipifo 2:4) Ɛho hia sɛ wutie Bible ahyɛde yi: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre. Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no. Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛyɛ pɛyɛ hama no ngu.”​—Kolosefo 3:12-14.

28. (a) So awaregu ne ɔkwan a wɔfa so siesie aware mu nsɛm a emu yɛ den? (b) Dɛn na Bible ka sɛ ɛno ne ade koro pɛ a wotumi gyina so gu aware a ɛma obi de ne ho sɛ ɔbɛsan aware?

28 Ɛnnɛ, awarefo pii mma kwan mma afotu a efi Onyankopɔn Asɛm mu no mmmoa wɔn mma wonni wɔn haw ahorow ho dwuma, na wɔhwehwɛ awaregu. So Onyankopɔn pene awaregu so sɛ ɔkwan a wɔnam so di ɔhaw ahorow ho dwuma? Dabi, ɔnyɛ saa. (Malaki 2:15, 16) Ɔpɛe sɛ aware yɛ nhyehyɛe a ɛtra hɔ wɔ obi nkwa nna nyinaa mu. (Romafo 7:2) Ade biako pɛ na Bible ma kwan sɛ ɛno nti wobetumi agu aware ma obi ade ne ho sɛ ɔware bio, na ɛno ne awaresɛe. Sɛ awaresɛe ba a, ɛnde ɔhokafo a ne ho nni asɛm no betumi asi gyinae sɛ obegyae aware anaasɛ ɔrenyɛ saa.​—Mateo 5:32.

29. (a) Sɛ w’aware mu ɔhokafo ammɛka wo ho wɔ Kristofo som mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? (b) Dɛn na ebetumi afi mu aba?

29 Na sɛ w’aware mu ɔhokafo mpɛ sɛ ɔne wo sua Onyankopɔn Asɛm no, na mpo ɔsɔre tia wo Kristofo adwuma no ɛ? Bible no da so hyɛ wo nkuran sɛ wo ne wo hokafo no ntra, na ɛnsɛ sɛ wubu ntetewmu sɛ ɔkwan tiaa a wubetumi afa so ama wo haw ahorow no to atwa. Yɛ nea wo ankasa wubetumi sɛ wobɛma tebea a ɛwɔ wo fie no ayɛ yiye denam nea Bible ka wɔ wo suban ho no a wode bedi dwuma no so. Bere bi akyi no, esiane wo Kristofo abrabɔ nti, ebia wubenya wo hokafo no. (1 Korintofo 7:10-16; 1 Petro 3:1, 2) Na nhyira bɛn ara na ɛbɛyɛ, sɛ wunya wo boasetɔ a ɔdɔ wom yi ho akatua wɔ saa kwan yi so a!

30. Dɛn nti na ɛho hia kɛse saa sɛ awofo yɛ nhwɛso pa ma wɔn mma?

30 Nnɛyi abusua mu ɔhaw ahorow no pii fa mmofra ho. Sɛ saa na ɛte wɔ mo abusua mu a, dɛn na mubetumi ayɛ. Nea edi kan no, sɛ́ awofo no, ɛho hia sɛ moyɛ nhwɛso pa. Efisɛ mmofra taa di nea moyɛ no akyi sen nea moka. Na sɛ mo nneyɛe ne nea moka nhyia a, mmofra tumi hu no ntɛm. Enti sɛ mopɛ sɛ mo mma bu Kristofo bra pa a, ɛsɛ sɛ mo ankasa moyɛ nhwɛso no.​—Romafo 2:21, 22.

31. (a) Nkyerɛkyerɛ foforo a ɛho hia bɛn na mmofra hia na wɔatie wɔn awofo afotu? (b) Ɔkwan bɛn na wubetumi afa so ama wo ba ahu nyansa a ɛwom sɛ obedi Onyankopɔn mmara a ɛbara aguamammɔ no so?

31 Afei nso, ɛho hia sɛ mo ne mmofra no susuw nneɛma ho. Ɛnyɛ nea ɛdɔɔso sɛ wobɛka akyerɛ mmofra ara kwa sɛ: ‘Mempɛ sɛ mobɔ aguaman, efisɛ ɛyɛ bɔne.’ Ɛho hia sɛ wɔkyerɛ wɔn sɛ ɛyɛ wɔn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, na ose nneɛma te sɛ aguamammɔ yɛ bɔne. (Efesofo 5:3-5; 1 Tesalonikafo 4:3-7) Nanso eyi mpo nnɔɔso. Ɛsɛ sɛ wɔboa mmofra nso ma wohu nea enti a ɛsɛ sɛ wodi Onyankopɔn mmara so, ne sɛnea eyi ho bɛba wɔn mfaso. Sɛ nhwɛso no, wubetumi atwe w’abofra no adwene akɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa a wɔfa so nyinsɛn denam nkwaboa a efi ɔbarima ho a ɛne ɔbea kesua hyia so no so, na woabisa sɛ: ‘Wunnye nni sɛ Onii a ɔmaa anwonwade a ɛfa awo ho yi bae no nim ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ adesamma fa so de awo tumi a Onyankopɔn de ama wɔn no di dwuma anaa?’ (Dwom 139:13-17) Anaa wubetumi abisa sɛ: ‘Wususuw sɛ yɛn Bɔfo Kɛse no bɛyɛ mmara bi a ɛremma yɛn ani nnye wɔ asetra mu anaa? Mmom no, sɛ yedi ne mmara horow so a, so ɛnsɛ sɛ yenya anigye kɛse?’

32. (a) Sɛ wo ba adwene ne Onyankopɔn de nhyia a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? (b) Ɔkwan bɛn na wubetumi afa so aboa wo ba ma wahu nyansa a ɛwɔ nea Bible ka no mu no?

32 Nsemmisa a ɛtete sɛɛ betumi ama wo ba no afi ase asusuw Onyankopɔn mmara a ɛfa dwuma a wɔde nipadua mu nkwaa a wɔde wo di no ho. Tie nea ɔka wɔ ho no. Sɛ ɛnte sɛ nea wopɛ sɛ ɛyɛ a, mma wo bo mfuw. Bɔ mmɔden sɛ wobɛte ase sɛ awo ntoatoaso a wo ba no wom no awae afi trenee nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Bible mu no ho kɔ akyiri, na afei bɔ mmɔden sɛ wobɛkyerɛ no nea enti a n’awo ntoatoaso no abrabɔ bɔne no yɛ nea nyansa nni mu. Ebia wubetumi atwe wo ba no adwene akɔ nhwɛso horow pɔtee bi so, baabi a abrabɔ bɔne ama wɔawowo nguaman mma, anaasɛ akowie babaso ne ɔhaw afoforo mu no so. Saa kwan yi so no, ɛboa no ma ohu nyansa a ɛwom ne teɛ a nea Bible ka no teɛ.

33. Dɛn nti na daa nkwa wɔ Paradise wɔ asase so ho anidaso a egyina Bible so no betumi aboa yɛn ma yɛn abusua asetra ayɛ yiye?

33 Na asetra a enni awiei wɔ Paradise wɔ asase so ho anidaso a egyina Bible so no betumi aboa yɛn titiriw ma yɛn abusua asetra ayɛ yiye. Dɛn ntia? Efisɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛtra Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu ampa a, yɛbɛbɔ mmɔden yiye sɛ yebebu yɛn bra nnɛ sɛnea yɛhwɛ kwan sɛ yebebu yɛn bra saa bere no. Eyi kyerɛ sɛ yebedi Yehowa Nyankopɔn afotu ne n’akwankyerɛ akyi pɛɛ. Sɛ yɛyɛ eyi a, Onyankopɔn de daa nkwa ne anigye pii a ɔbɛma yɛanya wɔ daakye a enni awiei nyinaa mu bɛka yɛn mprempren anigye no ho.​—Mmebusɛm 3:11-18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena