Wɔkyerɛkyerɛ Baasakoro no mu Dɛn?
ROMAN Katolek Asɔre no kyerɛ sɛ: “Baasakoro yɛ asɛmfua a wɔde di dwuma de ka Kristosom ɔkyerɛkyerɛ titiriw no ho asɛm . . . Enti, wɔ Athanasia Gyidikasɛm no nsɛm mu no: ‘Agya no yɛ Onyankopɔn, Ɔba no yɛ Onyankopɔn, na Honhom Kronkron no yɛ Onyankopɔn, nanso ɛnyɛ Nyankopɔn baasa na wɔwɔ hɔ na mmom Onyankopɔn biako.’ Baasakoro yi mu no . . . Nnipa no nyinaa te hɔ daa na wɔyɛ pɛ: wɔammɔ wɔn mu biara na wɔwɔ biribiara so tumi.”—The Catholic Encyclopedia.
Ɛkame ayɛ sɛ asɔre afoforo a ɛwɔ Kristoman mu nyinaa gye tom. Sɛ nhwɛso no, Greek Ortodoks Asɔre no nso frɛ Baasakoro no “Kristosom kyerɛkyerɛ titiriw,” na ɛka mpo sɛ: “Kristofo ne wɔn a wogye Kristo tom sɛ Onyankopɔn.” Wɔ nhoma Our Orthodox Christian Faith no mu no, asɔre koro no ara ka sɛ: “Onyankopɔn wom abiɛsa. . . . Agya no yɛ Nyankopɔn korakora. Ɔba no yɛ Nyankopɔn korakora. Honhom Kronkron no yɛ Nyankopɔn korakora.”
Enti, wobu Baasakoro no sɛ “Nnipa baasa a wɔbom yɛ Onyankopɔn koro.” Wɔkyerɛ sɛ wɔn mu biara nni mfiase, wɔte hɔ daa. Wɔkyerɛ sɛ wɔn mu biara yɛ ade nyinaa so tumfoɔ a obi nyɛ kɛse anaasɛ onsua nsen afoforo no.
So ɛyɛ den sɛ wobedi adwene a ɛte saa akyi? Gyidifo anokwafo pii ahu sɛ ɛma wɔn adwene tu fra, ɛne onipa nsusuwii nhyia, ɛnte sɛ biribiara a wonim. Wobisa sɛ, ɔkwan bɛn so na ebetumi aba sɛ Agya no yɛ Nyankopɔn, na Yesu yɛ Nyankopɔn, na honhom kronkron no yɛ Nyankopɔn, nanso ɛnyɛ Onyankopɔn baasa na wɔwɔ hɔ na mmom Onyankopɔn koro pɛ?
“Ɛyɛ Nea Onipa Ntumi Nte Ase”
ADWENEM basaayɛ yi abu so. The Encyclopedia Americana kyerɛ sɛ wobu Baasakoro kyerɛkyerɛ no sɛ “ɛyɛ nea onipa ntumi nte ase.”
Wɔn a wogye Baasakoro tom no mu pii hu no saa kwan no ara so. Ɔsɔfo Panyin Eugene Clark se: “Onyankopɔn yɛ biako, na Onyankopɔn yɛ baasa. Esiane sɛ biribi a ɛte saa biara nni adebɔ mu nti, yentumi nte ase, na mmom yebegye atom ara.” Ɔsɔfo panyin John O΄Connor kyerɛ sɛ: “Yenim sɛ ɛyɛ ahintasɛm bi a ɛyɛ nwonwa a yemfi ase sɛ yɛbɛte ase.” Na Paapa John Paul II ka “Onyankopɔn Baasakoro no ahintasɛm a ɛyɛ den sɛ wɔbɛte ase” ho asɛm.
Enti, A Dictionary of Religious Knowledge se: “Baasakorofo adwene nhyia wɔ nea ɔkyerɛkyerɛ no yɛ pɔtee, anaasɛ sɛnea wɔbɛkyerɛkyerɛ mu pɔtee no ho wɔ wɔn ankasa mu.”
Ɛnde, yebetumi ate nea enti a New Catholic Encyclopedia ka eyi no ase: “Baasakoro nyamekyerɛ akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ Roman Katolek asɔfo nteteebea ahorow mu no mu kakraa bi na wɔmfaa asemmisa no nhaw wɔn bere biako anaasɛ foforo mu sɛ, ‘Na wɔbɛka Baasakoro no ho asɛm dɛn?’ Na sɛ asemmisa no yɛ adwenem basaayɛ a ɛwɔ asuafo mu no ho sɛnkyerɛnne a, ebia na saa ara nso na ɛyɛ adwenem basaayɛ ho sɛnkyerɛnne wɔ wɔn akyerɛkyerɛfo mu.”
Sɛ wokɔ nhomakorabea bi na wohwehwɛ nhoma ahorow a ɛkyerɛkyerɛ Baasakoro no mu a, wubenya nokware a saa asɛm a wɔkae no yɛ ho adanse. Wɔakyerɛw nhoma pii a wɔde rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ mu. Nanso sɛ nhwehwɛmufo di apere wɔ nyamekyerɛ mu nsɛmfua nkyerɛkyerɛmu a ɛma adwene tu fra no mu a, wɔsan wɔn akyi a wɔanya hwee.
Ɛdefa eyi ho no, Jesuitni Joseph Bracken ka wɔ ne nhoma What Are They Saying About the Trinity? no mu sɛ: “Asɔfo a wɔbɔɔ mmɔden pii suaa . . . Baasakoro ho ade wɔn ntetee mfe no mu no twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛka ho asɛm akyerɛ wɔn nkurɔfo wɔ asɛnka agua so Baasakoro Kwasida mpo. . . . Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi de ade a awiei koraa no nnipa no rente ase yiye ma wɔn ani haw?” Ɔka nso sɛ: “Baasakoro no yɛ gyidi asɛm, nanso enni [nkɛntɛnso] biara wɔ Kristoni da biara da asetra ne ne som mu.” Nanso, ɛyɛ asɔreasɔre no “ɔkyerɛkyerɛ titiriw”!
Katolek nyamekyerɛfo Hans Küng ka wɔ ne nhoma Christianity and the World Religions no mu sɛ Baasakoro no nti na asɔreasɔre no ntumi nnyaa nkɔso papa biara wɔ wɔn a wɔnyɛ Kristofo mu no. Ɔkyerɛ sɛ: “Nkramofo a wonim de mpo ntumi nni Baasakoro ho adwene no akyi, sɛnea ɛde besi saa bere yi Yudafo nso ntee ase saa ara no. . . . Nsonsonoe a Baasakoro nkyerɛkyerɛ no de to Onyankopɔn koro ne baasa a wɔbom no ntam no mma Nkramofo a nyamekyerɛ nsɛm a efi Siria, Hela, ne Latin kasa mu ama wɔn adwene atu afra mmom sen sɛ ɛbɛma wɔanya ntease no koma ntɔ wɔn yam. Nkramofo hu sɛ ɛte sɛ nsɛmfua bi a wɔde di agoru. . . . Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi hwehwɛ sɛ ɔde biribi bɛka adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn yɛ koro na ɔyɛ soronko no ho a ɛno betumi asɛe saa koro ne soronko a ɔyɛ no?”
“Ɔnyɛ Sakasakayɛ Nyankopɔn”
ƆKWAN bɛn so na ɔkyerɛkyerɛ a ɛma adwene tu fra saa no betumi aba? The Catholic Encyclopedia ka sɛ: “Sɛnea ɔkyerɛkyerɛ no yɛ ahintasɛm no kyerɛ sɛ wofi Soro na woyii no adi.” Katolekfo abenfo Karl Rahner ne Herbert Vorgrimler ka wɔ wɔn nhoma Theological Dictionary no mu sɛ: “Baasakoro no yɛ ahintasɛm . . . wɔ ntease ankasa mu . . . , a sɛ ɛnyɛ adiyi a, wɔrentumi nhu, na wɔ adiyi akyi mpo no, ɛnyɛ nea wobetumi ate ne nyinaa ase.”
Nanso, ka a wɔbɛka sɛ esiane sɛ Baasakoro no yɛ ahintasɛm a ɛma adwene tu fra saa nti no ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea efi ɔsoro adiyi mu no ma asɛnnennen kɛse foforo ba. Dɛn ntia? Efisɛ ɔsoro adiyi ankasa mma Onyankopɔn ho adwene a ɛte saa a wobenya no ho kwan: “Onyankopɔn nyɛ sakasakayɛ [Nyankopɔn].”—1 Korintofo 14:33.
Esiane saa asɛm no nti, so Onyankopɔn na ɔde ne ho ɔkyerɛkyerɛ bi a ɛma adwene tu fra araa ma Hebri, Hela, ne Latin mu abenfo mpo ntumi nkyerɛkyerɛ mu ankasa no bae?
Bio nso, so ɛsɛ sɛ nkurɔfo yɛ anyamekyerɛfo ansa na wɔatumi ahu ‘nokware Nyankopɔn koro no ne nea ɔsomaa no, Yesu Kristo no’? (Yohane 17:3) Sɛ saa na na asɛm no te a, dɛn nti na Yudafo nyamesom akwankyerɛfo no kakraa bi pɛ na wobuu Yesu sɛ ɔne Mesia no? Mmom no, na n’asuafo anokwafo no yɛ akuafo, apofofo, towgyefo, mmea awarefo a wɔba fam. Ná saa nnipa a wɔba fam no gye nea Yesu kyerɛkyerɛ faa Onyankopɔn ho no di araa ma wotumi de kyerɛkyerɛɛ afoforo na wonyaa ɔpɛ sɛ wobewu ama wɔn gyidi no mpo.—Mateo 15:1-9; 21:23-32, 43; 23:13-36; Yohane 7:45-49; Asomafo no Nnwuma 4:13.
[Kratafa 4 mfonini]
Ná Yesu asuafo no yɛ nnipa ahobrɛasefo a wɔba fam, na wɔnyɛ nyamesom akwankyerɛfo