Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • dg ɔfã 1 kr. 2-3
  • So Onyankopɔn Dwen Yɛn ho Ampa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Onyankopɔn Dwen Yɛn ho Ampa?
  • So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Bible Aka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Asɛmmisa 3: Adɛn Nti na Onyankopɔn Ma Kwan Ma Mihu Amane?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Asase a Amanehunu Nni so Bio
    So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
Hwɛ Pii Ka Ho
So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
dg ɔfã 1 kr. 2-3

Ɔfã 1

So Onyankopɔn Dwen Yɛn ho Ampa?

1, 2. Asɛm bɛn na nkurɔfo bisa fa Onyankopɔn ho, na dɛn ntia?

EBIA woabisa wɔ w’asetra mu pɛn sɛ: ‘Sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a odwen yɛn ho ampa a, dɛn nti na ɔma amanehunu pii ho kwan saa?’ Yɛn nyinaa ahu amane anaasɛ yenim obi a wahu amane pɛn.

2 Nokwarem no, akodi, atirimɔdensɛm, nsɛmmɔnedi, atɛnkyea, ohia, ɔyare, ne adɔfo a wowu ama nnipa adi yaw ne awerɛhow kɛse wɔ abakɔsɛm mu nyinaa. Wɔ yɛn afeha 20 yi nkutoo mu no, akodi akunkum nnipa bɛboro ɔpepem 100. Afoforo ɔpepehaha pii apirapira anaa wɔahwere wɔn afie ne wɔn nneɛma. Nsɛm a ɛyɛ hu pii asisi wɔ yɛn bere yi so, na ama nnipa pii adi awerɛhow, wɔasu pii, na wɔate nka sɛ wonni anidaso biara.

3, 4. Nnipa pii te nka dɛn wɔ sɛnea Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan no ho?

3 Ebinom bo fuw na wɔte nka sɛ, sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ koraa a, onnwen yɛn ho ankasa. Anaasɛ ebia wɔte nka mpo sɛ Onyankopɔn bi nni hɔ. Sɛ nhwɛso no, ɔbarima bi a abusua a ofi mu nti, ohyiaa ɔtaa a ekunkum ne nnamfo ne n’abusuafo wɔ Wiase Ko I mu no bisae sɛ: “Ɛhe na Onyankopɔn wɔ, bere a na yehia no no?” Obi foforo a onyaa ne ti didii mu bere a Nasifo no kunkum nnipa ɔpepem pii wɔ Wiase Ko II mu no werɛ howee wɔ amanehunu a ohui no ho araa ma ɔkae sɛ: “Sɛ wubetumi ataforo me koma mu a, anka bɔre a aba mu no bekum wo.”

4 Enti, nnipa pii ntumi nte nea enti a Onyankopɔn a oye bɛma kwan ma nsɛmmɔne asisi no ase. Wogye yɛn ho a odwen ampa ne wɔ a ɔwɔ hɔ koraa mpo no ho kyim. Na wɔn mu pii te nka sɛ amanehunu bɛkɔ so ayɛ adesamma asetra mu ade bere nyinaa.

[Mfonini wɔ kratafa 2, 3]

So wiase foforo bi a amanehunu nnim abɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena