Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • dg ɔfã 11 kr. 28-32
  • Wɔreto Wiase Foforo no Nhyɛase Mprempren

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔreto Wiase Foforo no Nhyɛase Mprempren
  • So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokware Amanaman Ntam Onuayɛkuw
  • Onyankopɔn Nkurɔfo a Wohu Wɔn
  • Ade Foforo a Wɔde Hu Wɔn
  • Ɔsɛmpɔw Kɛse a Ɛto so Abien no ho Mmuaema
  • Dɛn na Wobɛpaw?
  • Nnɛyi Adesamma Nuayɛ Ankasa
    Nyan!—1982
  • Nhwɛso Ma Onuayɛ
    Nyan!—1982
  • Onyankopɔn “Ɔman A Ɛyɛ Den” A Ɛyɛ Biako A Ɛbɛyɛ Asase So Ma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • San a Wɔsan Ba Nokware Nyankopɔn no Nkyɛn
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
dg ɔfã 11 kr. 28-32

Ɔfã 11

Wɔreto Wiase Foforo no Nhyɛase Mprempren

1, 2. Dɛn na ɛrekɔ so wɔ yɛn anim a ɛma Bible nkɔmhyɛ nya mmamu?

NEA ɛyɛ anigye kɛse ne nokwasɛm a ɛne sɛ wɔreto Onyankopɔn wiase foforo no nhyɛase mprempren yi ara, bere a Satan wiase dedaw yi resɛe no mpo. Onyankopɔn reboaboa nnipa a wofi amanaman nyinaa mu ano wɔ yɛn anim na ɔde wɔn reyɛ asase so abusua foforo a ɛrenkyɛ ebesi nnɛ wiase a emu apaapae yi ananmu no nhyɛase. Wɔ Bible no mu, wɔ 2 Petro 3:13 no, wɔfrɛ abusua foforo yi sɛ “asase foforo.”

2 Bible nkɔmhyɛ nso se: “Nna a edi akyiri [mmere a yɛwom mprempren yi] no mu no . . . , aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw [ne nokware som] so, . . . na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so.”—Yesaia 2:2-3.

3. (a) Henanom mu na Yesaia nkɔmhyɛ no renya mmamu? (b) Bible mu nhoma a etwa to no ka eyi ho asɛm dɛn?

3 Saa nkɔmhyɛ no renya mmamu mprempren wɔ wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ ‘Onyankopɔn akwan ase na wɔnantew n’atempɔn so’ no mu. Bible nhoma a etwa to no ka amanaman ntam abusua a wɔpɛ asomdwoe yi ho asɛm sɛ “nnipakuw kɛse . . . a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu,” nokware wiase nyinaa onuayɛkuw a wɔde biakoyɛ som Onyankopɔn. Na Bible no ka nso sɛ: “Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu.” Kyerɛ sɛ, wobenya nkwa wɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei.—Adiyisɛm 7:9, 14; Mateo 24:3.

Nokware Amanaman Ntam Onuayɛkuw

4, 5. Dɛn nti na Yehowa Adansefo wiase nyinaa onuayɛkuw no tumi bae?

4 Yehowa Adansefo ɔpepem pii fi nokwaredi mu bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtra ase ma ɛne Onyankopɔn akwankyerɛ ne n’akwan ahyia. Wɔn daa nkwa ho anidaso gyina Onyankopɔn wiase foforo no so pintinn. Ɛdenam osetie a wɔyɛ ma Onyankopɔn mmara ahorow wɔ wɔn da biara da asetra mu so no, wɔma ohu ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ ɔkwan a ɔfa so di tumi mprempren ne wɔ wiase foforo no mu nyinaa no ase. Ɛmfa ho sɛ ɔman anaa abusua bɛn mu na wofi no, wodi gyinapɛn koro no ara so wɔ baabiara—nea Onyankopɔn akyerɛ wɔ n’Asɛm mu no. Ɛno nti na wɔyɛ nokware amanaman ntam onuayɛkuw, wiase foforo abusua bi a Onyankopɔn na ahyehyɛ no.—Yesaia 54:13; Mateo 22:37, 38; Yohane 15:9, 14.

5 Yehowa Adansefo nka sɛ wiase nyinaa onuayɛkuw a ɛda nsow a wɔyɛ no fi wɔn. Wonim sɛ Onyankopɔn honhom a tumi wom a ɛyɛ adwuma wɔ nnipa a wodi ne mmara horow so no so no na ama eyi aba. (Asomafo no Nnwuma 5:29, 32; Galatifo 5:22, 23) Onyankopɔn na wama aba saa. Sɛnea Yesu kae no, “nea entumi nyɛ nnipa fam no, Onyankopɔn fam de, ebetumi ayɛ.” (Luka 18:27) Enti Onyankopɔn a ɔmaa amansan a ɛwɔ hɔ daa no bae no nso ara na ɔma wiase foforo abusua a ɛtra hɔ daa no ba.

6. Dɛn nti na wobetumi afrɛ Yehowa Adansefo onuayɛkuw no sɛ nnɛyi anwonwade?

6 Enti, wotumi hu Yehowa kwan a ɔbɛfa so adi tumi wɔ wiase foforo no mu no dedaw wɔ nea ɔreyɛ wɔ wiase foforo a wɔrehyehyɛ mprempren no nhyɛase no mu. Na nea ɔnam n’Adansefo no so ayɛ no yɛ nnɛyi anwonwade bi wɔ ɔkwan bi so. Dɛn ntia? Efisɛ wayɛ Yehowa Adansefo nokware onuayɛkuw wɔ wiase nyinaa, nea aman, mmusua, anaa nyamesom mu nneɛma a ɛde mpaapaemu ba rentumi nsɛe no da. Ɛwom sɛ Adansefo no dodow adu ɔpepem pii na wɔwɔ nsase bɛboro 200 so de, nanso biakoyɛ hama bi a wontumi ntew mu ka wɔn bom yɛ wɔn biako. Saa wiase nyinaa onuayɛkuw, a ɛda nsow wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, yɛ nnɛyi anwonwade bi ampa—Onyankopɔn na ɔhyehyɛ.—Yesaia 43:10, 11, 21; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; Galatifo 3:28.

Onyankopɔn Nkurɔfo a Wohu Wɔn

7. Yesu kae sɛ wɔbɛyɛ dɛn ahu ne nokware akyidifo?

7 Ɔkwan bɛn bio na wɔnam so betumi ahu nkurɔfo a Onyankopɔn de wɔn redi dwuma sɛ ne wiase foforo no nhyɛase no? Wiɛ, henanom na wɔma Yesu nsɛm a ɛwɔ Yohane 13:34, 35 no nya mmamu? Ɔkae sɛ: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” Yehowa Adansefo gye Yesu nsɛm di na wodi ho dwuma. Sɛnea Onyankopɔn Asɛm hyɛ no, wɔde ‘ɔdɔ a emu yɛ den dodɔ wɔn ho.’ (1 Petro 4:8) ‘Wɔhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no.’ (Kolosefo 3:14) Enti onuadɔ ne “mannɔ” a ɛka wɔn bom wɔ wiase nyinaa.

8. Ɔkwan bɛn so na 1 Yohane 3:10-12 nso ma wohu Onyankopɔn nkurɔfo?

8 Bio nso, 1 Yohane 3:10-12 se: “Eyi mu na Onyankopɔn mma ne Ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn. Na eyi ne kaseɛ a moate fi mfiase sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no, ɛnyɛ sɛ Kain a ofi ɔbɔne no mu na okum ne nua no.” Enti, Onyankopɔn nkurɔfo yɛ wiase nyinaa onuayɛkuw bi a wɔnyɛ basabasa.

Ade Foforo a Wɔde Hu Wɔn

9, 10. (a) Adwuma bɛn na wɔde behu Onyankopɔn asomfo wɔ nna a edi akyiri no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo ama Mateo 24:14 abam?

9 Ɔkwan foforo bi wɔ hɔ a wɔnam so hu Onyankopɔn asomfo. Yesu kaa nneɛma pii a ɛbɛhyɛ saa bere yi agyirae sɛ nna a edi akyiri no ho asɛm wɔ ne nkɔmhyɛ a ɛfa wiase awiei ho no mu. (Hwɛ Ɔfã 9.) Ɔkaa saa nkɔmhyɛ yi fã titiriw bi ho asɛm wɔ ne nsɛm a ɛwɔ Mateo 24:14 no mu sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”

10 So yɛahu saa nkɔmhyɛ no mmamu? Yiw. Efi bere a nna a edi akyiri no fii ase wɔ 1914 mu no, Yehowa Adansefo aka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no wiase nyinaa wɔ ɔkwan a Yesu hyɛe no so, wɔ nkurɔfo no afie mu. (Mateo 10:7, 12; Asomafo no Nnwuma 20:20) Adansefo ɔpepem pii kɔ ɔman biara mu nnipa nkyɛn ne wɔn kɔka wiase foforo no ho asɛm. Eyi na ama wo nsa aka saa nhomawa yi, efisɛ nea ɛka Yehowa Adansefo adwuma no ho ne sɛ wobetintim Onyankopɔn Ahenni no ho nhoma ɔpepepem pii. So wunim obi foforo bi a ɔno nso ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm wɔ afie afie wɔ wiase nyinaa? Na Marko 13:10 kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma yi “kan,” ansa na awiei no aba.

Ɔsɛmpɔw Kɛse a Ɛto so Abien no ho Mmuaema

11. Dɛn bio nso na Yehowa Adansefo nam wɔn ho ase a wɔbrɛ ma Onyankopɔn nniso no so tumi yɛ?

11 Yehowa Adansefo nam Onyankopɔn mmara ne nnyinasosɛm ahorow so a wodi no so tumi yɛ biribi foforo nso. Wɔkyerɛ sɛ Satan dii atoro bere a ɔkae sɛ nnipa rentumi nni Onyankopɔn nokware wɔ sɔhwɛ ase no, na wɔnam saa kwan no so ma ɔsɛmpɔw kɛse a ɛto so abien a ɛfa adesamma mudi mu kura ho no ho mmuae. (Hiob 2:1-5) Esiane sɛ Adansefo no yɛ abusua a emufo yɛ nnipa ɔpepem pii a wofi amanaman nyinaa mu nti, sɛ kuw biako no, wɔda nokwaredi ma Onyankopɔn nniso adi. Ɛwom sɛ wɔyɛ nnipa a wɔtɔ sin de, nanso wogyina Onyankopɔn afã wɔ amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw no mu, wɔ Satan nhyɛso nyinaa akyi.

12. Henanom na Adansefo no nam wɔn gyidi so suasua wɔn?

12 Ɛnnɛ, saa Yehowa Adansefo ɔpepem pii yi di adanse ka adansefo pii a wɔtraa ase wɔ mmere a atwam mu a wodii Onyankopɔn nokware no adanse a wɔde mae no ho. Eyinom mu bi ne Habel, Noa, Hiob, Abraham, Sara, Isak, Yakob, Debora, Rut, Dawid, ne Daniel, sɛ yɛbɛbobɔ kakraa bi pɛ din a. (Hebrifo, ti 11) Sɛnea Bible no ka no, wɔyɛ ‘adansefo mununkum kɛse.’ (Hebrifo 12:1) Eyinom ne afoforo a Yesu asuafo ka ho, kuraa wɔn mudi mu maa Onyankopɔn. Na Yesu ankasa de nhwɛso a ɛsen biara mae denam ne mudi mu a okurae ɔkwan a edi mũ no so.

13. Satan ho nsɛm a Yesu kae bɛn na ada adi sɛ ɛyɛ nokware?

13 Eyi kyerɛ sɛ nea Yesu ka faa Satan ho kyerɛɛ nyamesom mu akannifo no yɛ nokware: “Na afei morehwehwɛ me akum me, me a maka mo nokware a mate Onyankopɔn nkyɛn no. . . . Mo de, mo agya a mufi no mu ne Ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so; efisɛ nokware nni no mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.”—Yohane 8:40, 44.

Dɛn na Wobɛpaw?

14. Dɛn na ɛreba wiase foforo no nhyɛase no so mprempren?

14 Wiase foforo a mprempren Onyankopɔn rehyehyɛ wɔ Yehowa Adansefo amanaman ntam abusua no mu no nhyɛase no mu kɔ so yɛ den. Afe biara, nnipa ɔpehaha pii gyina nokware nimdeɛ so de hokwan a wɔwɔ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ no di dwuma de gye Onyankopɔn nniso tom. Wɔbɛyɛ wiase foforo abusua no mufo, wogyina Onyankopɔn afã wɔ amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw no mu, na wɔkyerɛ sɛ Satan yɛ ɔtorofo.

15. Mpaapaemu adwuma bɛn na Yesu reyɛ wɔ yɛn bere yi mu?

15 Ɛdenam Onyankopɔn nniso a wɔpaw so no, wɔfata sɛ wɔde wɔn kɔ Kristo “nifa” so bere a ɔpaapae “nguanten” ne “mpapo” mu no. Yesu ka siei wɔ ne nkɔmhyɛ a ɛfa nna a edi akyiri no ho no mu sɛ: “Wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu. Na ɔde nguanten no begyina ne nifa, na ɔde mpapo no agyina benkum.” Nguan no yɛ nnipa ahobrɛasefo a wɔne Kristo nuanom no bɔ na wɔboa wɔn, na wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Onyankopɔn nniso ase. Mpapo no yɛ nnipa akomapirimfo a wɔpow Kristo nuanom no na wɔnyɛ biribiara mfa mmoa Onyankopɔn nniso. Ɛbɛkɔ akowie dɛn? Yesu kae sɛ: “Eyinom [mpapo no] befi hɔ akɔ daa [ɔsɛe] mu; na nnipa trenee no bɛkɔ daa nkwa mu.”—Mateo 25:31-46.

16. Sɛ wopɛ sɛ wotra Paradise a ɛbɛba no mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

16 Nokwarem no, Onyankopɔn dwen yɛn ho! Ɛrenkyɛ ɔbɛma asase so paradise a ɛso yɛ anigye aba. So wopɛ sɛ wotra saa Paradise no mu? Sɛ saa a, kyerɛ anisɔ a wowɔ ma Yehowa nsiesiei ahorow no denam ne ho ade a wubesua na woadi nea wusua no ho dwuma so. “Monhwehwɛ [Yehowa], bere a ɔma wohu no no, momfrɛ no bere a ɔbɛn no. Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, na ɔnsan mmra [Yehowa] nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no.”—Yesaia 55:6, 7.

17. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wosɛe bere wɔ paw a wobɛpaw nea wobɛsom no no mu?

17 Ɛnsɛ sɛ wosɛe bere. Nhyehyɛe dedaw yi awiei abɛn. Onyankopɔn Asɛm de afotu ma sɛ: “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no dɔ no nni ne mu . . . Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:15-17.

18. Dɛn na sɛ woyɛ a, ɛbɛma woatumi de ahotoso ahwɛ kwan sɛ wobɛtra Onyankopɔn wiase foforo a ɛyɛ anigye no mu?

18 Mprempren wɔretete Onyankopɔn nkurɔfo ama daa nkwa wɔ wiase foforo no mu. Wɔresua honhom fam nnwuma ne nnwuma afoforo a wohia na wɔde asiesie paradise no. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ paw Onyankopɔn sɛ Sodifo na yɛ nkwagye adwuma a ɔma wɔyɛ wɔ asase so nyinaa nnɛ no bi. Wo ne Yehowa Adansefo nsua Bible no, na behu Onyankopɔn a odwen wo ho ampa na ɔbɛma amanehunu agyae no. Saa kwan yi so no, wo nso wubetumi ayɛ wiase foforo no nhyɛase no fã. Ɛno na afei wubetumi de ahotoso ahwɛ kwan sɛ wubenya Onyankopɔn anim dom na woatra ase daa wɔ saa wiase foforo a ɛyɛ anigye no mu.

[Kratafa 31 mfonini]

Yehowa Adansefo wɔ nokware amanaman ntam onuayɛkuw

[Kratafa 32 mfonini]

Wɔrehyehyɛ Onyankopɔn wiase foforo no nhyɛase mprempren

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena