So Wiase Yi Bɛkɔ so Atra Hɔ?
Awo ntoatoaso foforo biara nni hɔ a ate sɛ wɔka wiase awiei ho nsɛm pii saa. Nnipa pii suro sɛ wiase no bɛba awiei wɔ nuklea ɔsɛe pasaa mu. Afoforo susuw sɛ ebia efĩ bɛsɛe wiase no. Afoforo nso ahaw sɛ sikasɛm nhyehyɛe mu basabasayɛ bɛma nnipadɔm asɔre ahyɛ wɔn ho wɔn ho.
So wiase yi betumi aba awiei ampa? Sɛ ɛba saa a, ɛbɛkyerɛ dɛn? So wiase bi aba awiei pɛn?
Wiase Bi Ba Awiei—Foforo Si Ananmu
Yiw, wiase bi baa awiei. Susuw wiase a wodii nsɛmmɔne pii wom wɔ Noa nna no mu no ho. Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nsu yirii wiase a ɛwɔ bere no so no ma ɛsɛee.” Bible no ka nso sɛ: ‘Onyankopɔn amfa asotwe ankame tete wiase bi, nanso ogyee Noa a ɔyɛ treneekafo ne afoforo baason nkwa, bere a ɔde nsuyiri baa amumɔyɛfo wiase bi so no.’—2 Petro 2:5; 3:6.
Hyɛ nea saa wiase no awiei kyerɛe, ne nea ankyerɛ no nsow. Ankyerɛ adesamma awiei. Wɔansɛe Noa ne n’abusua wɔ wiase nyinaa Nsuyiri no mu. Saa ara nso na wɔansɛe okyinnsoromma a ɛne Asase ne ɔsoro a nsoromma ayɛ hɔ ma no nso. “Amumɔyɛfo wiase bi,” nneɛma nhyehyɛe bɔne bi na ɛsɛee.
Awiei koraa no, bere a Noa asefo dɔɔso no, wiase foforo bi bae. Saa wiase, anaasɛ nneɛma nhyehyɛe a ɛto so abien no atra hɔ abesi yɛn bere yi so. Ɔko, nsɛmmɔnedi, ne basabasayɛ ayɛ ɛho abakɔsɛm mu ma. Dɛn na ɛbɛba wiase yi so? So ɛbɛkɔ so atra hɔ?
Wiase Yi Daakye
Bere a Bible kyerɛwtohɔ no kae sɛ Noa nna no mu wiase no sɛee akyi no, ɛtoaa so sɛ: “Wɔnam asɛm koro no ara so de ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi asie ama ogya.” (2 Petro 3:7, NW) Nokwarem no, Bible kyerɛwfo foforo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wiase [nea ɛwɔ hɔ nnɛ] no retwam [akɔ].”—1 Yohane 2:17.
Bible no kyerɛ sɛ asase no ankasa anaasɛ ɔsoro a nsoromma ayɛ hɔ ma no rentwam nkɔ, sɛnea antwam ankɔ wɔ Noa nna no mu no. (Dwom 104:5) Mmom no, wiase yi, ne ne ‘soro’ anaasɛ nniso sodifo, a Satan di wɔn so, ne ‘n’asase’ anaasɛ adesamma abusua no na wɔbɛsɛe wɔn te sɛ nea wɔde ogya na asɛe wɔn. (Yohane 14:30; 2 Korintofo 4:4) Wiase anaasɛ nneɛma nhyehyɛe yi bɛsɛe ampa, sɛnea wiase a na ɛwɔ hɔ ansa na Nsuyiri no reba no sɛee no ara pɛ. Yesu Kristo mpo kaa “Noa nna” no mu tebea ho asɛm sɛ ɛyɛ nsɛm a ebesisi bere a aka bere tiaa bi ma wiase yi akɔ n’awiei no ho nhwɛso.—Mateo 24:37-39.
Ɛda adi sɛ bere a Yesu kaa Noa nna no ho asɛm no, na ɔrebua n’asomafo no asɛmmisa yi: “Ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?” (Mateo 24:3) Na Yesu akyidifo nim sɛ wiase yi bɛba awiei. So akwanhwɛ yi maa ehu kaa wɔn?
Nea ɛne eyi bɔ abira no, bere a Yesu kaa nsɛm a ebesisi ansa na wiase no awiei aba no, ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonni ahurusi na ‘wɔn gye rebɛn.’ (Luka 21:28) Yiw, wobegye wɔn afi Satan ne ne nneɛma nhyehyɛe bɔne no mu akɔ wiase foforo a asomdwoe wom mu!—2 Petro 3:13.
Nanso, bere bɛn na wiase yi bɛba awiei? “Sɛnkyerɛnne” bɛn na Yesu de mae wɔ ne “ba ne wiase awiei no” ho?
‘Sɛnkyerɛnne No’
Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase wɔ ha sɛ “ba” no ne pa·rou·siʹa, na ɛkyerɛ “ba a waba,” kyerɛ sɛ wabedu. Enti sɛ yehu ‘sɛnkyerɛnne’ no a, ɛrenkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na Kristo aba, na mmom wasan aba dedaw na ɔwɔ hɔ. Ɛbɛkyerɛ sɛ wafi ase redi tumi a aniwa nhu sɛ ɔsoro hene, na ɛrenkyɛ ɔbɛsɛe n’atamfo.—Adiyisɛm 12:7-12; Dwom 110:1, 2.
Yesu anka sɛ asɛm biako pɛ a ebesi no ne ‘sɛnkyerɛnne no.’ Ɔkaa nsɛm a ebesisi wɔ wiase ne tebea horow pii ho asɛm. Eyinom nyinaa bɛba wɔ bere a Bible akyerɛwfo frɛ no “nna a edi akyiri” no mu. (2 Timoteo 3:1-5; 2 Petro 3:3, 4) Susuw nneɛma a Yesu ka siei sɛ ɛbɛhyɛ “nna a edi akyiri” no agyirae no bi ho.
“Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so.” (Mateo 24:7) Ako a wɔadi wɔ nnɛ bere yi mu no yɛ akɛse sen bere biara a atwam. Abakɔsɛm kyerɛwfo biako kae sɛ: “Ná Wiase Ko a Edi Kan [a efii ase wɔ 1914 mu] no yɛ ɔko a edi kan a ‘wɔkoe wɔ wiase nyinaa.’” Nanso, wiase nyinaa ko a ɛto so abien no sɛee ade sen ɛno. Na ɔko kɔ so sɛe asase so nneɛma. Yiw, Yesu nsɛm no anya mmamu wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so!
‘Ɔkɔm bɛba.’ (Mateo 24:7) Ebia ɔkɔm a ɛsen biara wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no bae wɔ Wiase Ko I akyi. Ɔkɔm a emu yɛ den nso bae wɔ Wiase Ko II akyi. Asase so nnipa mu nkyem anum mu biako nnya aduan pa nni, na ekunkum mmofra bɛyɛ ɔpepem 14 afe biara. Ampa, ‘ɔkɔm aba’!
“Asasewosow kɛse bɛba.” (Luka 21:11) Sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, nnipa a asasewosow kunkum wɔn afe biara fi 1914 reba no bɛyɛ wɔn a asasewosow kunkum wɔn wɔ mfehaha pii a atwam no mu mmɔho du. Susuw akɛse no mu kakraa bi ho: 1920, China, ekunkum nnipa 200,000; 1923, Japan, 99,300 wuwui; 1939, Turkey, 32,700 wuwui; 1970, Peru, ekunkum 66,800; ne 1976, China, bɛyɛ nnipa 240,000 (anaasɛ, sɛnea ebinom kyerɛ no, nnipa 800,000) wuwui. Akyinnye biara nni ho sɛ ‘asasewosow akɛse’ aba!
“Ɔyaredɔm Bɛba.” (Luka 21:11) Wɔ Wiase Ko I akyi pɛɛ no, Spania influensa kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 21. Science Digest bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nnipa nwuwui yayaayaw ne ntɛmntɛm saa da wɔ abakɔsɛm nyinaa mu.” Efi saa bere no, komayare, akisikuru, AIDS, ne ɔyaredɔm afoforo pii akunkum nnipa ɔpepehaha pii.
‘Amumɔyɛ bɛdɔɔso.’ (Mateo 24:12) Wonim yɛn wiase a ɛwɔ hɔ fi 1914 reba no sɛ nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ wiase. Wɔ mmeae pii no, obiara te nka sɛ onni ahobammɔ wɔ mmorɔn so, mpo wɔ awiabere mu. Edu anadwo a nkurɔfo tra wɔn afie mu toto mu bram akyi, a wosuro sɛ wobefi adi.
Wɔkaa nneɛma afoforo pii ho asɛm siei sɛ ɛbɛba wɔ nna a edi akyiri no mu, na eyinom nyinaa nso renya mmamu. Eyi kyerɛ sɛ wiase no awiei abɛn. Nanso, anigyesɛm ne sɛ ebinom benya nkwa wom. Bere a Bible no kae sɛ ‘wiase no retwam’ akyi no, ɛhyɛɛ bɔ sɛ: “Nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.
Enti ehia sɛ yesua Onyankopɔn apɛde na yɛyɛ. Ɛno ansa na yebetumi anya nkwa wɔ wiase yi awiei akonya daa nhyira wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Bible no hyɛ bɔ sɛ saa bere no: “Onyankopɔn . . . bɛpopa [nnipa] aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:3, 4.
Bible mu nsɛm a ɛwɔ kratawa yi mu fi Twi Bible Foforo no mu, gye sɛ wɔakyerɛ sɛ efi baabi foforo.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 6]
Photo Credits: Airplane: USAF photo. Child: WHO photo by W. Cutting. Earthquake: Y. Ishiyama, Hokkaido University, Japan.