Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • T-22 kr. 1-6
  • Hena Na Odi Wiase no so Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena Na Odi Wiase no so Ankasa?
  • Hena Na Odi Wiase no so Ankasa?
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yenya Nnyinasode wɔ Wiase Tebea Horow Mu
  • Wɔahu Wɔn a Wɔyɛ Wiase no Sodifo
  • Ko Tia Ahonhommɔne
  • Daa Nkwa Tamfo
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Sodifo a Wɔwɔ Ahonhom Atrae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Ko Tia Ahonhommɔne Dɔm
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Honhom Abɔde—Sɛnea Wɔn Nneyɛe Ka Yɛn
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Hena Na Odi Wiase no so Ankasa?
T-22 kr. 1-6

Hena Na Odi Wiase no so Ankasa?

Nnipa pii de asɛmfua biako pɛ na ebebua atifi hɔ asɛmmisa no—Onyankopɔn. Nanso, ɛda adi pefee sɛ Bible no nka wɔ baabiara sɛ Yesu Kristo anaa n’Agya ne wiase yi sodifo ankasa. Mmom no, Yesu kae sɛ: “Wobeyi wi yi ase sodifo no hɔ.” Ɔde kaa ho sɛ: “Wi yi ase sodifo no reba, nanso ɔrennya me hɔ hwee.”—Yohane 12:31; 14:30; 16:11.

Enti wiase yi sodifo sɔre tia Yesu. Ɛbɛyɛ hena?

Yenya Nnyinasode wɔ Wiase Tebea Horow Mu

Wɔ mmɔden a nnipa a wɔwɔ adwempa bɔ nyinaa akyi no, wiase no ahu amane yiye wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. Eyi ma nnipa a wodwen nneɛma ho bisa nsɛm a samufo ne nhoma kyerɛwfo David Lawrence a owui nnansa yi no bisae no: “‘Asomdwoe wɔ asase so’—ɛkame ayɛ sɛ obiara pɛ. ‘Anisɔ ma nnipa—ɛkame ayɛ sɛ wiase no mu nnipa nyinaa wɔ bi ma wɔn ho wɔn ho. Ɛnde dɛn na atoto? Wɔ nea nnipa fi wɔn awosu mu pɛ nyinaa akyi no, dɛn nti na ɔko yi wɔn hu?”

Ɛte sɛ nea abirabɔ wom, ɛnte saa? Bere a nea nnipa fi wɔn awosu mu pɛ ne sɛ wɔbɛtra ase wɔ asomdwoe mu no, wɔtentan wɔn ho na wokunkum wɔn ho wɔn ho—na wɔyɛ no atirimɔden so nso. Susuw atirimɔden a wɔde ayɛ ade atra so no ho. Nnipa nam mframa bɔne, adwumayɛban, akode a ɛtotow gyaframa, napalm atopae, ne ahude afoforo so ayɛ wɔn ho ayayade akunkum wɔn ho wɔn ho atirimɔden so.

So wugye di sɛ nnipa a wɔhwehwɛ asomdwoe ne anigye ankasa tumi di afoforo nsɛmmɔne akɛse saa? Tumi horow bɛn na epiapia nnipa ma wɔyɛ atantanne a ɛte sɛɛ anaa ɛdaadaa wɔn kɔ tebea horow a ɛma wɔte nka sɛ wɔnyɛ atirimɔdenne yi mu no? So woadwen ho pɛn sɛ ebia tumi bɔne bi a aniwa nhu no na ɔredaadaa nnipa ma wɔadi nsɛmmɔne a ɛte saa?

Wɔahu Wɔn a Wɔyɛ Wiase no Sodifo

Ɛho nhia sɛ wobɔ wo tirim ka biribi, efisɛ Bible no kyerɛ pefee sɛ onipa bi a ɔwɔ nyansa a aniwa nhu no redi nnipa ne aman nyinaa so. Ɛka sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” Na Bible no da onii ko adi sɛ: ‘Nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan no redaadaa amanaman nyinaa.’—1 Yohane 5:19; Adiyisɛm 12:9.

Bere bi a ‘Ɔbonsam sɔɔ Yesu hwɛe’ no, Yesu annye Satan adwuma sɛ wiase yi sodifo no ho kyim. Bible no kyerɛkyerɛ asɛm a esii no mu sɛ: “Na ɔbonsam faa no bio kɔɔ bepɔw tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam, na osee no sɛ: Sɛ wobɛkotow asɔre me a, anka mede eyinom nyinaa mɛma wo.”—Mateo 4:1, 8-10.

Susuw eyi ho hwɛ. Satan sɔɔ Yesu hwɛe denam “wiase ahenni nyinaa” a ɔkae sɛ ɔde bɛma no no so. Sɛ na ɛnyɛ Satan ne saa ahenni horow yi sodifo ampa a, so anka ka a ɔkae sɛ ɔde bɛma no bɛyɛ sɔhwɛ ankasa? Dabi, ɛrenyɛ sɔhwɛ. Na hyɛ no nsow, Yesu anka sɛ wiase ahenni horow yi nyinaa nyɛ Satan de, na sɛ Satan nni so tumi a, anka ɔbɛka. Enti, Satan Ɔbonsam ne wiase no sodifo ankasa a aniwa nhu no! Nokwarem no, Bible no frɛ no “wi yi ase nyame.” (2 Korintofo 4:4) Nanso, ɛyɛɛ dɛn na onipa tirimɔdenfo a ɔte sɛɛ benyaa saa dibea a tumi wom yi?

Ná onii a ɔbɛyɛɛ Satan no yɛ ɔbɔfo a Onyankopɔn bɔɔ no, nanso n’ani beree Onyankopɔn dibea. Otwaa Onyankopɔn tumidi a ɛteɛ no mpoa. Esiane eyi nti, ɔde ɔwɔ dii dwuma sɛ ɔkasamafo ma ɔdaadaa ɔbea a odi kan a ɔne Hawa, na ɔnam saayɛ so tumi nyaa ɔno ne ne kunu Adam ma wɔyɛɛ nea ɔkae no mmom sen sɛ wobetie Onyankopɔn. (Genesis 3:1-6; 2 Korintofo 11:3) Ɔkae nso sɛ obetumi adan Adam ne Hawa asefo a na wonnya nwoo wɔn no nyinaa afi Onyankopɔn ho. Enti Onyankopɔn maa Satan bere sɛ ɔmmɔ mmɔden nkyerɛ sɛ nea ɔka no yɛ nokware, nanso Satan antumi anyɛ saa.—Hiob 1:6-12; 2:1-10.

Ɛda adi sɛ ɛnyɛ Satan nkutoo na odi wiase no so. Otumi daadaa abɔfo afoforo nso ma wɔbɛkaa ne ho wɔ atua a ɔtew tiaa Onyankopɔn no mu. Eyi bɛyɛɛ adaemone, n’aboafo a wɔyɛ ahonhom. Bible no ka wɔn ho asɛm bere a ɛhyɛ Kristofo sɛ: ‘Munnyina Ɔbonsam nnɛɛdɛe no ano pintinn, efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom wiase yi sum mu atumfoɔ ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔnom’ no.—Efesofo 6:11, 12.

Ko Tia Ahonhommɔne

Saa wiase sodifo atirimɔdenfo a aniwa nhu wɔn yi asi wɔn bo sɛ wɔbɛdaadaa adesamma nyinaa, na wɔadan wɔn afi Onyankopɔn som ho. Ɔkwan biako a ahonhommɔne fa so yɛ saa ne sɛ wɔma owu akyi asetra ho adwene nya nkɔso, ɛwom mpo sɛ Onyankopɔn Asɛm kyerɛ pefee sɛ awufo nnim hwee de. (Genesis 2:17; 3:19; Hesekiel 18:4; Dwom 146:3, 4; Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Enti, honhommɔne bi a ɔresuasua obi a wawu nne betumi afa osumanni anaa “nne” bi a efi atrae a aniwa nhu hɔ so ne onii no abusuafo anaa nnamfo a wɔte ase no akasa. ‘Ɛnne’ no yɛ ne ho sɛ nea wawu no, nanso ɛyɛ adaemone ankasa!

Enti, sɛ wote “nne” a ɛte saa a, mma ɛnnaadaa wo. Po nea ɛka biara, na ka Yesu nsɛm yi: “Fi me so, Satan!” (Mateo 4:10; Yakobo 4:7) Mma kwan mma biribi a wopɛ ahu wɔ ahonhom wiase no mu mma wo ne ahonhommɔne mmɔ. Wɔfrɛ adeyɛ a ɛte saa no sɛ ahonhonsɛmdi, na Onyankopɔn bɔ n’asomfo kɔkɔ wɔ n’afã horow nyinaa ho. Bible no kasa tia ‘obiara a ɔhyɛ abosonkɔm, ne obiara a obisa samanfrɛfo ne osumanni ne nea obisa afunu ade.’—Deuteronomium 18:10-12; Galatifo 5:19-21; Adiyisɛm 21:8.

Esiane sɛ ahonhonsɛmdi ma adaemone nya obi so nkɛntɛnso nti, ko tia emu nneyɛe nyinaa a anigye a ebia ɛbɛyɛ no nyinaa mfa ho. Saa nneyɛe yi bi ne ahwehwɛ bɔɔl bi mu hwɛ, dua kurukuruwa bi a wɔde bisa ade, nsam hwɛ, nsoromma mu hwɛ ne ade. Adaemone ayɛ dede ne anwonwade afoforo a aniwa hu nso wɔ afie a wɔtra mu no mu.

Afei nso, ahonhommɔne de nnipa bɔne su di dwuma de nya nea wɔpɛ denam nhoma, sini ne television so dwumadi ahorow a ɔbrasɛe ne ɔbarima ne ɔbea nna a ɛnyɛ ne kwan so de wom, a wɔma enya nkɔso no so. Adaemone no nim sɛ, sɛ wɔanyi nsusuwii bɔne amfi adwene no mu a, enya adwene no so nkɛntɛnso, na ɛma nnipa bu bra bɔne—te sɛ adaemone no ankasa.—Genesis 6:1, 2; 1 Tesalonikafo 4:3-8; Yuda 6.

Nokwarem no, nnipa pii di adwene a ɛne sɛ ahonhommɔne ne wiase yi sodifo no ho fɛw. Nanso, ɛnyɛ nwonwa sɛ wonnye nni, efisɛ Bible no ka sɛ: “Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo.” (2 Korintofo 11:14) N’anitew nnaadaa a ɛsen biara ne sɛ ɔremma nnipa pii nhu sɛ ɔne adaemone no wɔ hɔ ampa. Nanso mma wɔnnnaadaa wo! Ɔbonsam ne n’adaemone no wɔ hɔ ankasa, na ehia sɛ wokɔ so ko tia wɔn.—1 Petro 5:8, 9.

Anigyesɛm ne sɛ bere a wobeyi Satan ne n’ahokafo no afi hɔ no abɛn! Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Wiase [a sodifo a wɔyɛ adaemone ka ho] retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:17) Hwɛ ahotɔ ara a ɛbɛyɛ sɛ wobeyi saa nkɛntɛnso bɔne no afi hɔ! Enti, ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ wɔn a wɔka nnipa a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde na wɔanya daa nkwa wɔ Onyankopɔn trenee wiase foforo mu no ho.—Dwom 37:9-11, 29; 2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:3, 4.

Bible mu nsɛm a ɛwɔ kratawa yi mu fi Twi Bible Foforo no mu, gye sɛ wɔakyerɛ sɛ efi baabi foforo.

[Kratafa 4 mfonini]

Sɛ wiase ahenni horow yi nyinaa nyɛ Satan de a, so anka obetumi aka sɛ ɔde bɛma Yesu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena