Ɔfã 5
Asetra Wɔ Atirimpɔw Kɛse Bi
1, 2. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho, na ɛhe na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ asetra ho nsemmisa ho mmuae?
1 Sɛnea wɔyɛɛ asase no ne ɛso abɔde a nkwa wom no kyerɛ sɛ nea Ɔbɔe no yɛ ɔdɔ Nyankopɔn a odwen yɛn ho ankasa. Na n’Asɛm Bible no kyerɛ sɛ odwen yɛn ho; ɛma yɛn mmuae a eye sen biara wɔ nsemmisa yi ho: Dɛn nti na yɛwɔ asase so ha? ne, Dɛn na yebenya daakye?
2 Ehia sɛ yɛhwehwɛ saa mmuae no wɔ Bible no mu. Onyankopɔn Asɛm se: “Sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mugyaw no a, obegyaw mo.” (2 Beresosɛm 15:2) Ɛnde, dɛn na Onyankopɔn Asɛm a wɔhwehwɛ mu no da no adi wɔ atirimpɔw a ɔwɔ ma yɛn no ho?
Nea Enti a Onyankopɔn Bɔɔ Nnipa
3. Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asase no?
3 Bible no kyerɛ sɛ Onyankopɔn siesiee asase no titiriw maa nnipa. Yesaia 45:18 ka wɔ asase no ho sɛ Onyankopɔn ‘ammɔ no hunu, na mmom ɔnwenee sɛ wɔntra so.’ Na ɔde biribiara a nnipa behia a ɛmma wɔntra ase kɛkɛ, na mmom ɛbɛma wɔanya anigye kɛse wɔ asetram baa asase so.—Genesis, atiri 1 ne 2.
4. Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ nnipa a wodi kan no?
4 Onyankopɔn ka wɔ n’Asɛm no mu sɛ ɔbɔɔ nnipa a wodi kan, Adam ne Hawa, na ɔda atirimpɔw a na ɔwɔ ma adesamma abusua no adi. Ɔkae sɛ: “[Ma] yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn sɛso, na wonni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne ntɔteboa ne asase nyinaa ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa so.” (Genesis 1:26) Ná ɛsɛ sɛ nnipa di “asase nyinaa” ne ɛso mmoa so.
5. Ɛhe na wɔde nnipa a wodi kan no trae?
5 Onyankopɔn yɛɛ turo fɛfɛ bi wɔ beae bi a wɔfrɛ hɔ Eden, a na ɛwɔ Mfinimfini Fam Apuei. Afei ‘ɔfaa onipa no de no koduaa Eden turom hɔ sɛ ɔnnɔw na ɔnwɛn hɔ.’ Ná ɛyɛ paradise a nea nnipa a wodi kan no behia sɛ wodi nyinaa wɔ so. Na na “nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na eye sɛ wodi,” ne afei afifide afoforo ne mmoa ahorow pii a wɔn ho yɛ anika ka ho.—Genesis 2:7-9, 15.
6. Adwene ne nipadua mu su horow bɛn na wɔde bɔɔ nnipa?
6 Wɔde nipadua a ɛyɛ pɛ na ɛbɔɔ nnipa a wodi kan no, ma enti anka wɔrenyare, wɔremmɔ akwakoraa anaa aberewa, na anka wɔrenwu. Afei nso wɔmaa wɔn su afoforo te sɛ nea ɛbɛma wɔapaw nea wɔn ankasa pɛ. Wɔkyerɛ ɔkwan a wɔnam so bɔɔ wɔn no mu wɔ Genesis 1:27 sɛ: “Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.” Esiane sɛ wɔbɔɔ yɛn wɔ Onyankopɔn suban so nti, ɛnyɛ nipadua ne adwene mu su horow nko na wɔde bɔɔ yɛn, na mmom abrabɔ ne honhom fam de nso, na sɛ yɛn ani begye ankasa a, ɛsɛ sɛ yedi eyinom ho dwuma. Ná Onyankopɔn bɛma yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so adi saa ahiade ahorow no, ne afei aduan, nsu ne mframa a yehia no ho dwuma. Sɛnea Yesu Kristo kae no, “ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.”—Mateo 4:4.
7. Ahyɛde bɛn na wɔde maa nnipa baanu a wodi kan no?
7 Afei nso Onyankopɔn maa nnipa baanu a wodi kan no ahyɛde a ɛyɛ anigye bere a wɔwɔ Eden no sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma.” (Genesis 1:28) Enti na wobetumi awo mmofra a wɔyɛ pɛ. Na bere a nnipa redɔɔso no, anka wɔbɛyɛ adwuma a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ wɔbɛtrɛw mfitiase paradise fɛfɛ a ɛwɔ Eden no mu. Anka awiei koraa no, wɔbɛdan asase no nyinaa paradise, a nnipa a wɔyɛ pɛ betumi atra so daa. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ bere a owiee eyinom nyinaa no, “Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa.”—Genesis 1:31; hwɛ Dwom 118:17 nso.
8. Ɔkwan bɛn so na na ɛsɛ sɛ nnipa hwɛ asase no so?
8 Ɛda adi sɛ anka nnipa de asase a wodi so no bedi dwuma ma ɛso aba wɔn mfaso. Nanso na ɛsɛ sɛ wɔfa ɔkwan pa so yɛ eyi. Ná ɛsɛ sɛ nnipa yɛ asase no ahwɛfo a wɔkyerɛ ho obu, ɛnyɛ n’asɛefo. Sɛnea wɔresɛe asase no nnɛ a yehu no ne Onyankopɔn apɛde nhyia, na wɔn a wɔyɛ saa no reyɛ nea ɛne asase so asetra atirimpɔw nhyia. Wobenya ɛho asotwe, efisɛ Bible no ka sɛ Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’—Adiyisɛm 11:18.
Ɛda so Ara Yɛ Onyankopɔn Atirimpɔw
9. Dɛn nti na yɛwɔ awerɛhyem sɛ Onyankopɔn atirimpɔw bɛbam?
9 Enti, efi mfiase no, na ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ adesamma abusua a wɔyɛ pɛ bɛtra asase so daa wɔ paradise. Na ɛda so ara yɛ n’atirimpɔw! Saa atirimpɔw no bɛbam sɛnea ɛte biara. Bible no ka sɛ: “Asafo [Yehowa] aka ntam sɛ: Ampa ara, sɛnea misusuwii no, saa na ɛbɛba mu, na sɛnea mabɔ me tirim no, ebegyina.” “Makasa, na mɛma aba mu; madwen, na mɛyɛ.”—Yesaia 14:24; 46:11.
10, 11. Dɛn na Yesu, Petro, ne odwontofo Dawid kae wɔ Paradise ho?
10 Yesu Kristo kaa Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛsan de paradise aba asase so bio no ho asɛm bere a ɔkaa eyi kyerɛɛ ɔbarima bi a na ɔhwehwɛ daakye ho anidaso bi no: “Wobɛka me ho Paradise hɔ.” (Luka 23:43) Ɔsomafo Petro nso kaa wiase foforo a ɛreba no ho asɛm bere a ɔka siei sɛ: “Sɛnea [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo [nniso nhyehyɛe foforo a edi tumi fi soro] ne asase foforo [asase so adesamma abusua foforo] a trenee te mu.”—2 Petro 3:13.
11 Odwontofo Dawid nso kyerɛw wiase foforo a ɛreba no ne tra a ɛbɛtra hɔ daa ho asɛm. Ɔka siei sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) Ɛno nti na Yesu hyɛɛ bɔ sɛ: “[Anigye] ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi” no.—Mateo 5:5.
12, 13. Bɔ Onyankopɔn atirimpɔw kɛse ma adesamma no mua.
12 Anidaso kɛse bɛn ara ni, sɛ yɛbɛtra ase daa wɔ paradise asase a amumɔyɛ, nsɛmmɔnedi, nyarewa, awerɛhow, ne ɛyaw nyinaa afi so no so! Wɔ Bible nhoma a etwa to no mu no, Onyankopɔn nkɔmhyɛ Asɛm no bɔ atirimpɔw kɛse yi mua, bere a ɛka sɛ: “[Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” Ɛde ka ho sɛ: “Na Nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo. Na ose: Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”—Adiyisɛm 21:4, 5.
13 Yiw, Onyankopɔn wɔ atirimpɔw kɛse bi wɔ n’adwene mu. Ɛbɛyɛ wiase foforo a trenee wom, paradise a ɛbɛtra hɔ daa, a Onii a wahyɛ ho nkɔm no betumi ayɛ na ɔbɛyɛ nso, efisɛ ne “nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20, 21]
Ná ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ nnipa bɛtra ase daa wɔ paradise asase so. Ɛda so ara yɛ n’atirimpɔw
[Kratafa 22 mfonini]
Ofiewura betumi ne wɔn a wɔte ne fie a wɔsɛe hɔ no adi