Ɔfã 8
Tra Ase Daa wɔ Paradise Asase So
1, 2. Wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso no ase no, asetra bɛyɛ dɛn?
1 Sɛ Onyankopɔn yi nsɛmmɔnedi ne amanehunu fi asase so na ɔde ne wiase foforo a ɛhyɛ ne soro Ahenni a ɔdɔ wom ase no ba a, dɛn na asetra bɛyɛ? Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ‘obebue ne nsam ama ateasefo nyinaa anya nea wɔpɛ.’—Dwom 145:16.
2 Nneɛma pa bɛn na wo kɔn dɔ? So ɛnyɛ asetra a ɛyɛ anigye, adwuma pa, honam fam ahonyade pii, nneɛma a ɛyɛ fɛ a atwa wo ho ahyia, nnipa nyinaa ntam asomdwoe, ne wo ho a wobɛde afi nsisi, nyarewa, amanehunu, ne owu mu? Na honhom mu yiyedi a ɛyɛ anigye nso ɛ? Ɛnkyɛ saa nneɛma no nyinaa bɛbam wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso no ase. Hyɛ nea Bible nkɔmhyɛ ahorow ka wɔ nhyira a ɛyɛ nwonwa a ɛbɛba wɔ saa wiase foforo no mu no nsow.
Adesamma Nya Asomdwoe a Edi Mũ
3-6. Awerɛhyem bɛn na yɛwɔ sɛ nnipa benya asomdwoe wɔ wiase foforo no mu?
3 “[Onyankopɔn] ma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew [ɔko] nteaseɛnam.”—Dwom 46:9.
4 “Wɔde wɔn nkrate [bɛbobɔ] nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:4.
5 “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:11.
6 “Asase nyinaa so adwo, ayɛ komm: wɔma dwom so.”—Yesaia 14:7.
Nnipa ne Mmoa Tra Asomdwoe Mu
7, 8. Asomdwoe bɛn na nnipa ne mmoa benya?
7 “Ɛnna habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako, na abofra ketewa aka wɔn. Nantwibere ne osisi bɛbom adidi na wɔn mma ada faako, na gyata awe wura sɛ nantwi. Akokoaa begoru ahurutoa amoa ano, na nea watwa nufu ateɛ ne nsa aka ɔkyereben bɔn. Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio.”—Yesaia 11:6-9.
8 “Mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne wuram mmoadoma ne wim nnomaa ne mmoa a wɔwea fam . . . na mama wɔatra dwoodwoo.”—Hosea 2:18.
Akwahosan a Edi mu, Daa Nkwa
9-14. Kyerɛ sɛnea akwahosan bɛyɛ wɔ wiase foforo no mu.
9 “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.”—Yesaia 35:5, 6.
10 “[Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:4.
11 “Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!”—Yesaia 33:24.
12 “Ɛnde ne honam yɛ fɔɔfɔɔ sɛ mmofra de, ɔsan kɔ ne mmerantebere mu.”—Hiob 33:25.
13 “Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Yesu Kristo mu.”—Romafo 6:23.
14 “Obiara a ogye no di no . . . [benya] daa nkwa.”—Yohane 3:16.
Awufo San Ba Nkwa Mu Bio
15-17. Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔawuwu dedaw?
15 “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.”—Asomafo no Nnwuma 24:15.
16 “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu [Onyankopɔn nkae mu] nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi.”—Yohane 5:28, 29, NW.
17 “Ɛpo yii n’awufo a ɛwɔ mu no mae, na owu ne asaman [adamoa] yii awufo a ɛwɔ mu no nso mae.”—Adiyisɛm 20:13.
Asase, Paradise a Ɛso Aba Pii
18-22. Dɛn na wɔbɛsakra asase no nyinaa ma ayɛ?
18 “Mɛma osu atɔ ne bere mu; ɛbɛyɛ nhyira su; na petee mu nnua bɛsow n’aba, na asase ama ne nnɔbae, na wɔn ho adwo wɔn, wɔn asase so.”—Hesekiel 34:26, 27.
19 “Asase abɔ n’aduan, Onyankopɔn yɛn Nyankopɔn behyira yɛn.”—Dwom 67:6.
20 “Sare so ne nkyerekyerewa benya anika, na anhwea pradada adi ahurusi, na ahan sɛ nhwiren.”—Yesaia 35:1.
21 “Mo nti mmepɔw ne nkoko bɛto anigye dwom, na wuram nnua nyinaa abobɔ wɔn nsam. Ɔpopaw befifi asi nsɔe ananmu, na ohuannua befifi akraate ananmu.”—Yesaia 55:12, 13.
22 “Wobɛka me ho Paradise hɔ.”—Luka 23:43.
Obiara Benya Baabi Pa Atra
23, 24. Awerɛhyem bɛn na yɛwɔ sɛ obiara benya baabi pa atra?
23 “Wobesisi adan atra mu . . . Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni . . . na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma. Wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma ɔpatuwu.”—Yesaia 65:21-23.
24 “Na wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu.”—Mika 4:4.
Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise
25. Daakye ho anidaso a ɛyɛ nwonwa bɛn na yɛwɔ?
25 Daakye ho anidaso a ɛyɛ nwonwa bɛn ara nni! Hwɛ sɛnea afei asetra betumi anya atirimpɔw ankasa bere a wɔde gyina anidaso pintinn a ɛne sɛ wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, nnɛyi nsɛnnennen nyinaa betwam akɔ korakora so no! “Wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio.” (Yesaia 65:17) Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ saa bere no asetra to rentwa da: ‘Onyankopɔn bɛmene owu akosi daa.’—Yesaia 25:8.
26. Dɛn na ɛbɛma woatumi atra ase daa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu?
26 So wopɛ sɛ wotra ase daa wɔ Paradise wiase foforo a mprempren yi abɛn yiye no mu? Ebia wubebisa sɛ: ‘Dɛn na ebehia sɛ meyɛ na ama manya Onyankopɔn anim dom wɔ wiase yi awiei na matwa akɔ ne wiase foforo no mu?’ Ehia sɛ woyɛ nea Yesu kyerɛe wɔ mpae a ɔbɔɔ Onyankopɔn mu yi sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”—Yohane 17:3.
27. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na wɔanya Onyankopɔn atirimpɔw no mu kyɛfa?
27 Enti hwehwɛ Bible na hyɛ nea woakenkan wɔ nhomawa yi mu no mu den. Hwehwɛ afoforo a wosua na wɔkyerɛkyerɛ Bible mu nokware ahorow yi. Twe wo ho fi ɔsom ahorow a nyaatwom wom a ɛkyerɛkyerɛ na ɛyɛ nneɛma a ɛne Bible no nhyia ho. Sua sɛnea wone afoforo ɔpepem pii a wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde dedaw betumi anya kyɛfa wɔ Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne tra a nnipa bɛtra ase daa wɔ paradise asase so no mu. Na ma nea Onyankopɔn Asɛm a wɔde honhom kyerɛwee no ka wɔ daakye a enni akyiri ho no ntra wo komam: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.
[Kratafa 31 mfonini]
Ɛnkyɛ Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛsan adan asase no paradise no bɛbam