Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • we kr. 7-13
  • So Saa Ara Na Obiara Te Nka?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Saa Ara Na Obiara Te Nka?
  • Bere a Obi a Wodɔ No Awu
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible mu Nnipa a Wosui
  • Sɛ́ Wubesu Anaa Wunsu
  • Nea Ebinom Yɛ wɔ Ho
  • Sɛnea Abufuw ne Afobu Betumi Aka Wo
  • Bere a Wo Hokafo Awu
  • “Mma Afoforo Nkyerɛ Wo . . . ”
  • “Mɛyɛ Dɛn De M’awerɛhow No Atra Ase?”
    Nyan!—1988
  • Mɛyɛ Dɛn Agyina M’awerɛhow No Ano?
    Bere a Obi a Wodɔ No Awu
  • Nea Wobɛyɛ A Ɛbɛma Woatumi Agyina Ano
    Nyan!—1985
  • Nsɛm A Wɔkeka A Ɛntaa Mma Awerɛkyekye
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Bere a Obi a Wodɔ No Awu
we kr. 7-13

So Saa Ara na Obiara Te Nka?

OBI a ne biribi awu kyerɛw sɛ: “Sɛ́ abofra a ɔwɔ England no, wɔkyerɛɛ me sɛ ɛnsɛ sɛ meda me nkate adi wɔ baguam. Mekae sɛ bere bi a na biribi ahow me werɛ no, me papa a na wayɛ ɔsraani pɛn no kaa ne sẽ sii so denneennen ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ na woansu!’ Menkae sɛ me maame few me ne me nuanom (na yɛyɛ baanan) bi ano anaa ɔkaa yɛn fam ne ho yɛɛ yɛn atuu da. Mihuu me papa wu bere a na madi mfe 56. Metee nka sɛ mahwere ade kɛse. Nanso, mfiase no, mantumi ansu.”

Wɔ aman bi mu no, nnipa da wɔn nkate adi wɔ baguam. Sɛ wɔn ani gye anaa wɔn werɛ how a, wɔma afoforo hu sɛnea wɔte nka. Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔ wiase afã bi, te sɛ Europa kusuu fam ne Britania no, wɔatete nkurɔfo, titiriw mmarima, ma wɔnna wɔn nkate adi anaa wɔka hyɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ komm wɔ ɔhaw mu a wɔnna wɔn nkate adi wɔ nnipa mu. Nanso sɛ obi a wodɔ no wu a, so mfomso bi wom sɛ wubedi awerɛhow? Dɛn na Bible no ka?

Bible mu Nnipa a Wosui

Mediterranea apuei fam Hebrifo, a na wɔyɛ nkurɔfo a wɔda wɔn nkate adi, na wɔkyerɛw Bible no. Nhwɛso pii wom a ɛfa ankorankoro bi a wɔdaa wɔn awerɛhow adi wɔ baguam ho. Ɔhene Dawid suu ne ba Amnon a na wɔadi no awu no. Nokwarem no, ‘osuu osu kɛse.’ (2 Samuel 13:28-39) Osuu ne ba mammɔfo Absalom a ɔbɔɔ mmɔden sɛ obegye ahenni no afi ne nsam no mpo. Bible kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na asɛm no haw ɔhene, na ɔforo kɔɔ kurow pon no atifi dan no mu, na otuee sũ mu. Na ɔrekɔ nyinaa na ɔreka sɛ: ‘O me ba Absalom, me ba yi, me ba Absalom! Anka me mmom minwu, anka minsi w’ananmu, Absalom, me ba yi, me ba yi!’” (2 Samuel 18:33) Dawid sui sɛnea agya biara yɛ no. Na hwɛ mpɛn dodow a awofo ate nka sɛ wɔn yam a, anka wosii wɔn mma ananmu wui! Ɛte sɛ nea ntease nnim koraa sɛ abofra bewu agya ɔwofo.

Dɛn na Yesu yɛe wɔ n’adamfo Lasaro wu ho? Osui bere a ɔbɛn ɔboda no. (Yohane 11:30-38) Akyiri yi, Maria Magdelene sui bere a ɔrebɛn Yesu boda no. (Yohane 20:11-16) Ampa, Kristoni a ɔte owusɔre anidaso a ɛwɔ Bible mu no ase no nni awerɛhow a wɔpata no a ɛnyɛ yiye sɛnea ebinom a gyidi a wɔwɔ wɔ awufo tebea ho no nni Bible nnyinaso pɔtee biara yɛ no. Nanso ɛmfa ho sɛ Kristoni wɔ owusɔre anidaso no, sɛ obi a ɔdɔ no wu a, odi ho awerɛhow na osu te sɛ onipa biara.—1 Tesalonikafo 4:13, 14.

Sɛ́ Wubesu Anaa Wunsu

Ɛnnɛ nso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? So ɛyɛ wo den anaa wofɛre sɛ wobɛda wo nkate adi? Dɛn na afotufo kamfo kyerɛ? Mpɛn pii no, adwene a wɔwɔ nnɛ no da Bible no nyansa a efi honhom mu a akyɛ no bi adi kɛkɛ. Wose ɛsɛ sɛ yɛda yɛn awerɛhow adi, na ɛnsɛ sɛ yɛka hyɛ. Eyi ma yɛkae tete mmarima anokwafo te sɛ Hiob, Dawid, ne Yeremia, a wɔn nsɛm a wɔde daa awerɛhow adi wɔ Bible mu no. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔanka wɔn nkate anhyɛ. Enti, nyansa nnim sɛ wobɛtew wo ho afi afoforo ho. (Mmebusɛm 18:1) Nokwarem no, ɛsono sɛnea wogyam nnipa wɔ ɔman biara so, na etumi gyina ɛhɔ nyamesom gyidi ahorow nso so.a

Na sɛ wopɛ sɛ wusu nso ɛ? Osũ yɛ nnipa awosu fã. Susuw bere a Lasaro wui a Yesu ‘sii apini na osui’ no ho bio. (Yohane 11:33, 35) Ɔnam saayɛ so kyerɛe sɛ osu yɛ ade a obiara yɛ bere a ne dɔfo bi awu no.

Nkurɔfo bi redi awerɛhow

Ɛnyɛ mfomso sɛ obi bedi awerɛhow anaa obesu bere a ne dɔfo bi awu no

Ɔbaatan bi a wɔfrɛ no Anne a ɔyare bi a ekunkum nkokoa mpofirim a wɔfrɛ no SIDS (Sudden Infant Death Syndrome) kum ne ba ketewa Rachel asɛm si eyi so dua. Ne kunu kae sɛ: “Anwonwasɛm ne sɛ me ne Anne mu biara ansu wɔ ayi no ase. Ná obiara resu.” Anne kae wɔ eyi ho sɛ: “Yiw, nanso masu pii ama yɛn baanu. Misusuw sɛ bere a metee awerɛhow no kɛse ne bere bi a ɛkaa me nkutoo wɔ fie wɔ asɛm no akyi adapɛn kakraa bi no. Misuu da mũ no nyinaa. Nanso migye di sɛ ɛboaa me. Ɛmaa me ho tɔɔ me. Ná ehia sɛ misu me ba ketewa no. Migye di yiye sɛ ɛsɛ sɛ wɔma wɔn a wɔredi awerɛhow kwan ma wosu. Ɛwom sɛ nea afoforo taa ka ne sɛ, ‘Gyae su’ de, nanso ɛno mmoa ankasa.”

Nea Ebinom Yɛ wɔ Ho

Dɛn na ebinom yɛ bere a obi a wɔdɔ no awu ama wɔte nka sɛ wɔahwere ade no? Sɛ́ nhwɛso no susuw Juanita ho. Onim sɛnea obi ba ketewa wu a ɛte. Ná wapɔn yafunu mpɛn anum. Saa bere yi, na ɔsan nyem. Enti bere a onyaa kar akwanhyia maa ɛho behiae sɛ wogye no to ayaresabea no, na ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔyɛɛ basaa. Adapɛn abien akyi no, awo kaa no—na ne bere nsoe. Ankyɛ na ɔwoo abofra Vanessa—na ne mu duru boro nkaribo abien so kakraa bi. Juanita ka sɛ: “M’ani gyee yiye. Afei de mebɛyɛɛ ɛna!”

Nanso anigye a onyae no ankyɛ. Nnanan akyi no, Vanessa wui. Juanita kae sɛ: “Metee nka sɛ mahwere biribiara. Mehweree ɛna a meyɛ no. Metee nka sɛ minni mũ. Bere a mebaa fie na mekɔɔ dan a na yɛaseiesie mu ama Vanessa no mu, na mihuu ntade nketenkete a matɔ ama no no, metee yaw kɛse nka. Asram kakra a edi hɔ no, mekaakaee ɛda a mewoo no no. Ná mempɛ sɛ mebɛn obiara.”

Odii awerɛhow traa so anaa? Ebia ɛbɛyɛ den sɛ afoforo bɛte ase, nanso wɔn a wɔafa saa tebea no mu te sɛ Juanita no ka sɛ wodii wɔn ba ketewa wu ho awerɛhow te sɛ obi a watena nkwa mu akyɛ kakra. Wɔka sɛ awofo nya wɔn ba ho dɔ bere tenten ansa na wɔawo no. Ɔne ne maame benya abusuabɔ titiriw bi. Sɛ saa akokoaa no wu a, ne maame te nka sɛ wahwere obi ankasa. Na ɛno na ehia sɛ afoforo te ase.

Sɛnea Abufuw ne Afobu Betumi Aka Wo

Ɔbaatan foforo nso ka sɛnea ɔtee nka bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ komayare a ne babarima a wadi mfe asia nya fii yafunu mu akum no mpofirim no. “Minyaa nkate a egu ahorow—meyɛɛ sisirii, mannye anni, metee afobu nka, na me bo fuw me kunu ne dɔkta no sɛ wɔanhu sɛnea na ne tebea no yɛ anibere fa.”

Ade foforo a awerɛhow de ba ne abufuw. Ebinom bo tumi fuw dɔktafo ne ayarehwɛfo, na wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ anka wɔyɛ pii de boa nea wawu no. Anaa wɔn bo betumi afuw nnamfo anaa abusuafo a ɛte sɛ nea wɔka nsɛm anaa wɔyɛ nneɛma a ɛnteɛ. Ebinom bo fuw nea wawu no esiane sɛ obuu n’ani guu n’akwahosan so nti. Stella ka sɛ: “Mekae sɛ me bo fuw me kunu efisɛ na minim sɛ anka obetumi ayɛ ho biribi. Ɔyaree denneennen, nanso obuu n’ani guu dɔkta no kɔkɔbɔ so.” Ɛtɔ da bi nso a nea ɛma obi bo fuw nea wawu no ne adesoa a ne wu no de to nea ɔte nkwa mu so no.

Abufuw tumi ma ebinom te afobu nka—kyerɛ sɛ, wotumi bu wɔn ho fɔ wɔ abufuw a wɔfa no ho. Afoforo nso de wɔn dɔfo no wu ho asodi to wɔn ho so. Wonya adwene sɛ, “Sɛ memaa no kɔɔ dɔkta hɔ ntɛm” anaa “okohuu dɔkta foforo” anaa “memaa no hwɛɛ n’ahoɔden so yiye a, anka onwu.”

Maame bi rekaakae bere a ɔne ne ba redi agorɔ

Sɛ obi ba wu a, ɛyɛ awerɛhosɛm kɛse paa​—nokware mmɔborohunu ne tema betumi aboa awofo no

Wɔ afoforo fam no, afobu nka a wɔte no kɔ akyiri sen saa, titiriw sɛ wɔn dɔfo no wuu mpofirim anaa bere a wɔnhwɛ kwan a. Wofi ase kaakae bere a wɔn bo fuw nea wawu no anaa bere a wɔne no nyaa akasakasa. Anaasɛ ebia wɔbɛte nka sɛ wɔanyɛ nea wobetumi biara amfa ammoa nea wawu no.

Sɛnea mmaatan di awerɛhow kyɛ no si asɛm a animdefo pii ka no so dua sɛ bere a abofra bi wu no, ɛma n’awofo, titiriw ne maame, te nka sɛ wɔahwere ade kɛse wɔ asetena mu.

Bere a Wo Hokafo Awu

Aware mu ɔhokafo a owu nso yɛ awerɛhosɛm foforo, titiriw sɛ nnipa baanu no yɛɛ nneɛma pii boom wɔ asetena mu a. Ebetumi ama ɔkwan a wɔnam so bɔɔ bra te sɛ akwantu, adwuma, anigyede, ne tweri a wɔtwerii wɔn ho wɔn ho no nyinaa aba n’awiei.

Eunice kyerɛ nea ɛbae bere a komayare kum ne kunu mpofirim. “Dapɛn a edi kan no, metee nka sɛ mayɛ sisirii, te sɛ nea me nipadua agyae adwuma yɛ. Ná mente ade dɛ anaa ne hua. Na mekɔɔ so susuw nneɛma ho ɔkwan a ɛnsɛ so. Esiane sɛ na mewɔ me kunu nkyɛn bere a na wɔrebɔ mmɔden ayɛ no aduru ama ne ho atɔ no nti, mante nka te sɛ afoforo a ɛyɛ wɔn den sɛ wobegye nea asi no atom no. Nanso, metee abasamtu kɛse nka te sɛ nea merehwɛ kar bi a efi bepɔw bi so rebɛhwe fam a mintumi nyɛ ho hwee.”

Osui anaa? “Yiw misui, titiriw bere a mekenkan nkrataa ɔhaha pii a wɔkyerɛw bɛmaa me hyɛden no. Emu biara ma misui. Ɛboaa me maa mitumi gyinaa awerɛhow a na midi no da biara no ano. Nanso sɛ wobisabisa me sɛnea mete nka a, na minhu nea menyɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ na me ho yeraw me.”

Dɛn na ɛboaa Eunice ma otumi gyinaa n’awerɛhow no ano? Ɔka sɛ: “Bere a m’ani nni me ho so no, misii gyinae sɛ mɛtoa m’asetenam dwumadi so. Nanso, nea ɛda so yɛ me yaw ne sɛ mɛkae sɛ me kunu a na n’ani gye asetena ho kɛse no nte ase bio.”

“Mma Afoforo Nkyerɛ Wo . . . ”

Nhoma Leavetaking—When and How to Say Goodbye no akyerɛwfo tu fo sɛ: “Mma afoforo nkyerɛ wo sɛnea ɛsɛ sɛ woyɛ w’ade anaa wote nka. Ɛsono sɛnea obiara di awerɛhow. Afoforo besusuw sɛ woredi awerɛhow dodo anaa wunni awerɛhow sɛnea ɛsɛ—na wɔbɛma woahu sɛ saa na wosusuw. Fa kyɛ wɔn na yi w’adwene fi so. Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wubedi nea afoforo ayɛ anaa nea obiara gye tom akyi a, ɛbɛma nkate fam yaw a wudi no atena hɔ akyɛ.”

Nokwarem no, ɛsono nea obiara yɛ bere a ne werɛ ahow. Ɛnyɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ ɔkwan pɔtee bi ye sen foforo ma obiara. Nanso, sɛ onii a awerɛhow aka no no antumi amfi tebea no mu, annye tebea a aba no antom a, ɛde asiane ba. Sɛ ɛba saa a, obehia mmoa afi nnamfo a wɔwɔ tema hɔ. Bible no ka sɛ: “Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa; ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.” Enti nsuro sɛ wobɛhwehwɛ mmoa, aka nea ɛhaw wo, na woasũ.—Mmebusɛm 17:17.

Sɛ obi biribi wu a, nea ɛde ba ara ne awerɛhow, na mfomso nnim sɛ afoforo behu sɛ ɔredi awerɛhow. Nanso ehia sɛ yebua nsɛmmisa foforo: ‘Mɛyɛ dɛn atumi agyina m’awerɛhow no ano? So mfomso nnim sɛ mɛte afobu ne abufuw nka? Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ midi nkatehorow yi ho dwuma? Dɛn na ebetumi aboa me ma magyina adehwere ne awerɛhow no ano?’ Ɔfã a edi hɔ no bebua saa nsɛmmisa no ne afoforo.

a Sɛ́ nhwɛso no, Yorubafo a wɔwɔ Nigeria no wɔ gyidi bi sɛ obi wu a wɔsan wo no bio. Enti sɛ ɔbaatan bi ba wu a, wodi awerɛhow kɛse, na mmom ɛyɛ bere tiaa bi, efisɛ sɛnea Yoruba dwom bi nnyeso ka no: “Ɛyɛ nsu no na ahwie agu. Koraa no de ɛmmɔe.” Sɛnea Yorubafo ka no, eyi kyerɛ sɛ ɛna no, a ɔne koraa a nsu gu mu no, betumi awo ba foforo—ebia nea wawu no na wɔbɛsan awo no. Yehowa Adansefo nni amammerɛ a egyina gyidihunu a wonya fii atosɛm a ɛfa ɔkra a enwu da ne nnipa a wɔsan wo wɔn bio ho so, a enni Bible nnyinaso biara, no akyi.—Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Hesekiel 18:4, 20.

Nsɛmmisa a Ɛsɛ sɛ Yesusuw Ho

  • Ɔman a ebinom fi mu anya wɔn awerɛhodi so nkɛntɛnso bɛn?

  • Bible mu nhwɛso ahorow bɛn na ɛfa wɔn a wodii awerɛhow wɔ baguam ho?

  • Dɛn na ebinom ayɛ wɔ wɔn dɔfo bi wu ho? Dɛn na woayɛ wɔ tebea a ɛtete saa mu?

  • Dɛn na ɛma ɔhokafo wu yɛ osuahu soronko?

  • Awerɛhodi de dɛn na ɛba? So mfomso wom sɛ obi bedi awerɛhow?

  • Awerɛhodi afã bi ne dɛn? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 9 no mu.)

  • Tebea horow a ɛyɛ soronko bɛn na ɛka awofo a wɔn ba ketewa patu wu? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 12 no mu.)

  • Yafunu a wɔpɔn ne mmofra a wowu ansa na wɔawo wɔn ka ɛnanom pii dɛn? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 10 no mu.)

Sɛnea Awerɛhodi Kɔ So

Asɛm ‘sɛnea ɛkɔ so’ no nkyerɛ sɛ awerɛhodi wɔ bere anaa nhyehyɛe pɔtee bi a wɔahyɛ ama no. Ɛsono sɛnea obiara di awerɛhow ne bere tenten a edi. Yentumi mmobɔ nneɛma a nkurɔfo yɛ no nyinaa din. Wobetumi ayɛ nneɛma foforo nso. Nea edidi so yi yɛ nkate a obi betumi anya bere a ɔredi awerɛhow.

Nkate a mfiase no onya: Ahodwiriw a ɛba mfiase; asɛm no a wonnye nni, asɛm no a wogye ho kyim; te a obi te nka sɛ wayɛ sisirii; afobu nkate; abufuw.

Nneɛma a awerɛhow a emu yɛ den tumi de ba bi ne: Awerɛfiri ne nnakorokoro; ɔbrɛ kɛse a ɔte; ne nneyɛe a ɛsakra prɛko pɛ; atɛmpa ne nsusuwii pa a ɛyera; nusu pii a obi tew; aduan ho akɔnnɔ a obi nya anaa ɔhwere, a ɛma no yɛ kɛse anaa ne so tew; apɔwmuden a wɔhwere wɔ akwan horow so; anihaw; adwuma a wontumi nyɛ no kɛse; tebea a ɛma ɛyɛ te sɛ nea ɔreso dae—ma wɔte nea wawu no nka, te ne kasa, na wohu no; sɛ ɛyɛ abofra na wawu a, ɔhokafo ho abufuw a wɔfa a ntease nnim.

Bere a awerɛhodi no ano rebrɛ ase: Awerɛhow ne anigyina; nneɛma a ɛyɛ anigye a wɔkae wɔ nea wawu no ho, a aseresɛm kakra mpo ka ho.

Yafunu a Wɔpɔn ne Mmofra a Wowu Ansa na Wɔawo Wɔn​—Mmaatan Di Awerɛhow

Ɛmfa ho sɛ na Monna wɔ mmofra afoforo no, na ne ho pere no sɛ ɔbɛwo ne ba a odi hɔ no. Ansa na awo no redu so mpo no, na ɔyɛ abofra a ɔne no “dii agoru, kasa kyerɛɛ no, sosõõ ne ho adae.”

Ná abusuabɔ a ɛda ɛna no ne abofra a wonnya nwoo no ntam no mu yɛ den. Ɔtoa so sɛ: “Ná Rachel Anne yɛ abofra a ɔde ne nan wowɔw me yafunu mu bere a nhoma da so a merekenkan no, na na ɔmma menna anadwo. Meda so ara kae bere a ofii ase de ne nan wowɔw me yafunu mu nkakrankakra te sɛ ɔdɔ mu a wofi prɛ obi kakra no. Bere biara a ɔbɛkeka ne ho no, na mete ɔdɔ a ɛte saa nka. Ná minim no araa ma na mitumi hu bere a ɔredi yaw, bere a ɔyare.”

Monna toa n’asɛm no so sɛ: “Dɔkota no annye me anni kosii bere a na aka akyiri dodo. Ɔka kyerɛɛ me sɛ ɛnsɛ sɛ mema biribiara haw me. Migye di sɛ metee nka sɛ ɔrewu. Ɔdanee ne ho denneennen prɛko pɛ. Ade kyee no na wawu.”

Ɛnyɛ Monna nkutoo na wahyia saa osuahu yi. Sɛnea nhoma akyerɛwfo Friedman ne Gradstein ka wɔ wɔn nhoma Surviving Pregnancy Loss mu no, wɔ United States nkutoo no, mmea bɛyɛ ɔpepem biako na wonyinsɛn nanso wonnya wɔn mma afe biara. Nokwarem no, wiase nyinaa akontaabu no boro eyi so koraa.

Mpɛn pii no, nnipa mmu nyinsɛn a wɔpɔn anaa abofra a owu ansa na wɔawo no no sɛ ɛyɛ awerɛhosɛm ma ɔbea, na ɛyɛ ade a ne werɛ mfi—ebia ne nkwa nna nyinaa. Sɛ́ nhwɛso no, Veronica a mprempren ne mfe kɔ anim no kae nyinsɛn ahorow a ɔpɔnee, ne ne titiriw no, ne ba a onyinsɛn no asram akron a owui ansa na ɔrewo no, a bere a wɔwoo no no na ne mu duru yɛ kilogram 6 no. Owu daa ne yafunu mu adapɛn abien ansa na ɔrewo no. Ɔkae sɛ: “Ɛyɛ ɔhaw kɛse ma ɔbaatan sɛ ɔbɛwo abofra a wawu.”

Afoforo ntaa nte sɛnea mmaatan a wohyia abasamtu yi yɛ wɔn ade no ase, na mmea afoforo mpo ka ho. Ɔbea bi a ɔpɔn ne ba kyerɛwee sɛ: “Ade a ɔhaw no ama mahu ne sɛ ansa na eyi reto me no, na mente tebea a me nnamfo kɔɔ mu no ase ankasa. Sɛnea mete nka sɛ nkurɔfo nni tema mma me na wɔnte me ase no, saa ara na na mete.”

Awarefo bi redi awerɛhow, na obiara aso ne yɔnko mu

Ɔhaw foforo a ɔbaatan a ɔredi awerɛhow hyia ne adwene a onya sɛ ebia ne kunu nte nka sɛ wahwere ade kɛse te sɛ ɔno ɔbea no. Ɔyere bi kaa ho asɛm sɛɛ: “Ná me kunu ho yɛ me abufuw kɛse saa bere no. Ne fam de, na nyinsɛn biara nni hɔ. Wanni awerɛhow a midii no bi. Osuro a mewɔ no na onyaa ho tema na ɛnyɛ awerɛhow a midii no.”

Ebia nea saa okunu yi yɛe no fi awosu mu—onni honam ne nkate fam abusuabɔ a ɛda ne yere a onyem no ne abofra no ntam no bi. Nanso ɔte nka sɛ wahwere ade. Na ɛho hia sɛ okunu ne ɔyere hu sɛ wɔn nyinaa rehu amane, ɛwom sɛ ɛsono sɛnea ɛte wɔ obiara fam de. Ɛsɛ sɛ wɔbom di awerɛhow. Sɛ okunu no anna ne de adi a, ne yere betumi ate nka sɛ asɛm no nhaw no. Enti mommom nsũ, nsusuw nsɛm ho, na monsuso mo ho mu nkyekye mo ho werɛ. Monna no adi sɛ mo mu biara hia ne yɔnko sen bere foforo biara. Yiw, okununom, monna tema adi.

Nkokoa Ɔpatuwu—Awerɛhow no a Wogyina Ano

Sɛ akokoaa patu wu a ɛyɛ awerɛhosɛm kɛse. Da koro pɛ abofra a ɛte sɛ nea ɔwɔ ahoɔden da a ɔnsɔre bio. Eyi yɛ ade a wɔnhwɛ kwan koraa, efisɛ hena na osusuw ho sɛ akokoaa anaa abofra bi bewu ansa na n’awofo awu? Mpofirim, akokoaa a ne na abenya ɔdɔ a emu yɛ den ama no no abɛyɛ nea ɔde awerɛhow a emu yɛ den aba.

Wofi ase te afobu nka. Ebia awofo no bɛte nka sɛ wɔn na wɔmaa no wui, te sɛ nea wɔyɛɛ anibiannaso. Wobisa wɔn ho sɛ, ‘Dɛn na anka yebetumi ayɛ de akwati?’b Ɛtɔ mmere bi a, ebia bere a okunu no adwene nkɔ so no, obetumi mpo de asodi no ato ne yere so a onni nnyinaso biara. Bere a ɔrekɔ adwuma no, na akokoaa no te ase a ne ho yɛ den. Bere a ɔbaa fie no, na wawu da ne mpa mu! Dɛn na na ne yere reyɛ? Saa bere no na ɔwɔ he? Ɛsɛ sɛ wonya saa nsɛmmisa a ɛhaw adwene yi ho nkyerɛkyerɛmu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛmfa ɔhaw mma aware no mu.

Akwanhyia ne tebea a wontumi nyɛ ho hwee na ɛde awerɛhosɛm no bae. Bible no ka sɛ: “Mesan hwɛɛ owia ase na mihui sɛ ɛnyɛ ahoɔharefo na wodi nkonim mmirikatu mu, na ɛnyɛ ahoɔdenfo na wodi nkonim ɔko mu, na ɛnyɛ anyansafo na wonya aduan, na ɛnyɛ nhumufo na wonya ahonyade, na ɛnyɛ animdefo na wonya nnipa anim dom; efisɛ asiane to wɔn nyinaa bere a wɔnhwɛ kwan.”—Ɔsɛnkafo 9:11.

Dɛn na afoforo betumi ayɛ de aboa bere a akokoaa bi awu wɔ abusua no mu no? Ɛna bi a ne ba wui kae sɛ: “M’adamfo bi besiesiee me fie wɔ bere a menkaa hwee nkyerɛɛ no. Afoforo nso noaa nnuan maa yɛn. Ɔkwan a afoforo faa so boae ne sɛ wɔbam me—wɔbam me kɛkɛ a wɔanka hwee. Ná mempɛ sɛ meka ho asɛm. Ná mempɛ sɛ mekɔ so kyerɛkyerɛ nea esii no mu mpɛn pii. Ná minhia nsɛmmisa a wɔde hwehwɛ nsɛm mu te sɛ nea manyɛ biribi a ɛsɛ sɛ anka meyɛ. Ná ɔyɛ me ba; biribiara nni hɔ a anka menyɛ mfa nnye me ba ketewa no nkwa.”

b Nkokoaa Ɔpatuwu a wɔfrɛ no “Sudden Infant Death Syndrome” (SIDS), a ɛtaa ka nkokoaa a wɔadi fi ɔsram biako kosi asram asia, yɛ asɛm a wɔde di dwuma bere a nkokoaa a wɔn ho yɛ den wu ɔpatuwu a wontumi nkyerɛ nea efi. Wɔ tebea horow bi mu no, wogye di sɛ wobetumi akwati denam akokoaa no a wɔde n’akyi anaa ne nkyɛnmu bɛto mpa so sen sɛ wɔde no bebutuw hɔ. Nanso, ɔkwan a wɔde abofra to hɔ pɔtee biara nni hɔ a ebetumi ama wɔakwati SIDS nyinaa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena