Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ed kr. 4-9
  • Sɛnea Yehowa Adansefo Bu Nhomasua

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Yehowa Adansefo Bu Nhomasua
  • Yehowa Adansefo ne Nhomasua
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhomasua Ntoaso Nso Ɛ?
  • Nhomasua—Fa Yi Yehowa Ayɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nhomasua Wɔ Bible Mmere Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Yehowa Adansefo Bu Nhomasua Sɛn?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • So Bible Nhyɛ Nhomasua Ho Nkuran?
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Yehowa Adansefo ne Nhomasua
ed kr. 4-9
Kratafa 4 mfon

Sɛnea Yehowa Adansefo Bu Nhomasua

Te sɛ awofo nyinaa no, Yehowa Adansefo dwen wɔn mma daakye ho. Enti wɔma nhomasua ho hia wɔn kɛse. “Ɛsɛ sɛ nhomasua boa nkurɔfo ma wɔbɛyɛ wɔn a wɔn ho wɔ mfaso wɔ ɔman mu. Ɛsɛ sɛ ɛboa wɔn nso ma wonya wɔn man no apɛgyade ho anisɔ na wonya asetra mu akomatɔyam kɛse.”

SƐNEA asɛm a wɔafa aka a efi The World Book Encyclopedia mu yi kyerɛ no, sukuu atirimpɔw titiriw biako ne sɛ ɛbɛtete mmofra ama da biara da asetra, a nea ɛka eyi ho ne boa a ɛbɛboa wɔn ma wɔadi wɔn abusua ahiade ho dwuma da bi. Yehowa Adansefo gye di sɛ eyi yɛ ɔsom mu asɛyɛde. Bible no ankasa ka sɛ: “Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.” (1 Timoteo 5:8) Mfe a mmofra di wɔ sukuu no siesie wɔn ma asɛyɛde a wobeso mu wɔ asetra mu. Ne saa nti, Adansefo te nka sɛ ɛsɛ sɛ wobu nhomasua aniberesɛm kɛse.

“Ɛsɛ sɛ nhomasua boa nkurɔfo ma wɔbɛyɛ wɔn a wɔn ho wɔ mfaso wɔ ɔman mu. Ɛsɛ sɛ ɛboa wɔn nso ma wonya wɔn man no apɛgyade ho anisɔ na wonya asetra mu akomatɔyam kɛse.”—The World Book Encyclopedia

Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtra ase ma ɛne Bible ahyɛde yi ahyia: “Biribiara a woyɛ no, fa wo koma nyinaa yɛ, sɛnea woreyɛ ama Awurade na ɛnyɛ nnipa.” (Kolosefo 3:23, Today’s English Version) Saa nnyinasosɛm yi fa asetram biribiara ho, a sukuu nso ka ho. Enti Adansefo hyɛ wɔn mmofra nkuran sɛ wɔnyere wɔn ho na wɔmfa dwumadi ahorow a wɔde ma wɔn wɔ sukuu no aniberesɛm.

“Biribiara a woyɛ no, fa wo koma nyinaa yɛ, sɛnea woreyɛ ama Awurade.”—Kolosefo 3:23, Today’s English Version

Bible no kyerɛ nso sɛ ɛsɛ sɛ obi brɛ ne ho ase hyɛ ɔman a ɔte mu no mmara horow ase. Enti sɛ ɛyɛ mmara sɛ ɛsɛ sɛ obi de mfe dodow bi kɔ sukuu a, Yehowa Adansefo di saa mmara yi so.—Romafo 13:1-7.

Kratafa 6-7 mfoni

Ahomegye, nnwom, ne nneɛma a wɔyɛ de gye ani a ɛfata, apɔw-mu-teɛteɛ, ne nhomakorabea ne tete nneɛma akorae ahorow a wɔkɔhwɛ hɔ nyinaa ho hia kɛse wɔ nhomasua a ɛkari pɛ mu

Ɛwom sɛ Bible no mmu ntetee a wɔde ma wɔ da biara da asetra ho no adewa de, nanso ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ ɛno titiriw ne nhomasua atirimpɔw anaa nea ɛwɔ hɔ ara ne no. Afei nso ɛsɛ sɛ nhomasua a ɛfata ma mmofra nya asetra mu anigye na ɛboa wɔn ma wɔbɛyɛ ɔmanfo a wɔkari pɛ. Enti, Yehowa Adansefo te nka sɛ nneɛma a ɛnka sukuu adesua ho a wɔpaw no yɛ asɛnhia kɛse. Wogye di sɛ ahomegye, nnwom, ne nneɛma a wɔyɛ de gye ani a ɛfata, apɔw-mu-teɛteɛ, nhomakorabea ne tete nneɛma akorae ahorow a wɔkɔhwɛ hɔ, ne nea ɛkeka ho, ho hia kɛse wɔ nhomasua a ɛkari pɛ mu. Nea ɛka ho no, wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma sɛ wɔnkyerɛ obu mma mpanyimfo, nhwehwɛ hokwan mfa nyɛ wɔn mmoa.

Nhomasua Ntoaso Nso Ɛ?

Esiane mfiridwuma mu nneɛma foforo nti, adwumayɛ hokwan kɔ so sakra. Ɛno nti, ɛho behia sɛ mmofra pii yɛ nnwuma bi a wɔnhyɛɛ da nnyaa ho ntetee. Eyi nti, esu a wɔda no adi wɔ adwumayɛ ho ne wɔn ankasa ntetee, titiriw sɛnea wotumi yɛ fakaa bere a nneɛma sakra no, so bɛba wɔn mfaso kɛse mpo. Ne saa nti, ɛyɛ papa sɛ sukuufo bɛyɛ mpanyimfo a sɛnea Nimdeɛ Foforo Mmere mu anwensɛm kyerɛwfo Montaigne kae no, wɔwɔ ‘ti a wɔasiesie no yiye, na ɛnyɛ ti a nneɛma ayɛ no ma.’

Adwuma a wonnya nyɛ a ɛrekɔ so wɔ aman a wodi yiye ne aman a ahia wɔn nyinaa mu taa ma mmofra a wonnyaa ntetee a ɛfata no ho kam. Enti, sɛ adwumayɛ hokwan no hwehwɛ sɛ wonya ntetee no bi ka nea mmara hwehwɛ no ho a, ɛyɛ awofo no asɛyɛde sɛ wɔboa wɔn mma no ma wosi nhomasua ntoaso ho gyinae, bere a wosusuw mfaso a wobenya afi adesua ntoaso no mu ne nneɛma a ɛbɛhwehwɛ sɛ wɔde bɔ afɔre ho no.

Nanso, ebia wubegye atom sɛ asetra mu nkɔso hwehwɛ pii sen honam fam yiyedi ara kwa. Nnansa yi, mmarima ne mmea a wɔde wɔn asetra nyinaa hyɛɛ wɔn adesua mu denneennen hweree biribiara, bere a wɔn nnwuma fii wɔn nsa no. Awofo binom de wɔn abusua asetra ne bere a anka wobetumi anya ama wɔn mma abɔ afɔre, ma wɔahwere hokwan a anka wobenya de atete wɔn no esiane sɛ wɔde wɔn ho hyɛɛ adwuma mu fee nti.

Ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ nhomasua a ɛkari pɛ ma yehu sɛ yehia pii sen honam fam yiyedi na ama yɛn ani agye ankasa. Yesu Kristo kae sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.” (Mateo 4:4) Sɛ́ Kristofo no, Yehowa Adansefo hu hia a ɛho hia sɛ wonya abrabɔ ne honhom fam su horow, na wosiesie wɔn ho sɛ wobedi wɔn honam fam ahiade ahorow nso ho dwuma.

Adesua wɔ Bible Mmere Mu

BIBLE no kyerɛkyerɛ sɛ nhomasua ho hia kɛse. Ɛda Onyankopɔn adi sɛ ɔyɛ ‘Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini’ ma ne nkurɔfo, na efi ne mfiase kosi awiei no, ɛto nsa frɛ n’asomfo sɛ wonsua ne ho ade pii nka ho.—Yesaia 30:20.

Pictures on pages 8-9

Wɔ Bible mmere mu no, nnipa kakraa bi a na wɔadom wɔn te sɛ akyerɛwfo a na wɔwɔ Mesopotamia ne Misraim no nkutoo na na wonim nhoma. Nea ɛne no bɔ abira koraa no, wɔhyɛɛ obiara a ɔwɔ tete Israel nkuran sɛ onsua akenkan ne akyerɛw. “Akyinnye biara nni ho sɛ nsonsonoe a na ɛwom no fi nkyerɛwde nhyehyɛe a ɛnyɛ den a Hebrifo no de dii dwuma no. . . . Ɛnsɛ sɛ wobu ani gu hia a nkyerɛwde ho hia wɔ nhomasua ho abakɔsɛm mu no so. Ɛde nsakrae baa aman a na wɔtaa wɔ akyerɛwfo a ɛne Misraim, Mesopotamia, ne Kanaanfo a wɔtraa ase wɔ mfirihyia apem a ɛto so abien mu no mu. Akenkan ne akyerɛw ankɔ so anyɛ hokwan soronko bi a ɛwɔ hɔ ma akyerɛwfo ne asɔfo kuw bi a wɔaben na wonim tete nkyerɛwee a na ɛyɛ den no nkutoo bio.”—Encyclopaedia Judaica.

Akwan a na Wɔfa so Kyerɛkyerɛ

Kratafa 8-9 mfoni

Wɔ tete Israel no, na agya ne ɛna nyinaa kyerɛkyerɛ mma fi wɔn mmofraase pɛɛ. (Deuteronomium 11:18, 19; Mmebusɛm 1:8; 31:26) Bible ɔdenimfo E. Mangenot kyerɛwee wɔ Dictionnaire de la Bible mu sɛ: “Sɛ abofra fi ase kasa pɛ a, osua Mmara no mu nsɛm kakra. Ne maame tĩ nkyekyem bi mu kyerɛ no; sɛ ohu a, ɔde foforo ka ho. Akyiri yi, wɔde emu nsɛm a mmofra no tumi fi wɔn tirim ka dedaw a wɔakyerɛw hyɛ wɔn nsam. Enti, wɔkyerɛɛ wɔn akenkan, na bere a wɔanyinyin no, na wobetumi atoa wɔn nyamesom nkyerɛkyerɛ no so denam Awurade mmara no a wɔbɛkenkan na wɔasusuw ho no so.”

Sɛnea ɛbɛboa mmofra ne mpanyimfo nyinaa ma wɔakae ade no, wɔde nneɛma a ɛboa ma wotumi kaakae nsɛm dii dwuma. Eyinom mu bi ne anwensɛm (nea wɔma ɛsono nkyerɛwde a wɔde fi ɔfã biara ase a wɔahyehyɛ no nnidiso nnidiso), nsɛmfua a nkyerɛwde anaa nnyigyei koro no ara na wɔde fi emu biara ase, ne nɔma. Nea ɛyɛ anigye no, Gezer Kalenda (Archaeological Museum of Istanbul), tete Hebrifo nkyerɛwee nhwɛso a akyɛ sen biara no biako, yɛ nea abenfo bi susuw sɛ ɛyɛ ade a sukuu abofra bi kyere guu ne tirim.

Nneɛma a Wosuae

Nea na ɛka nkyerɛkyerɛ a awofo de ma wɔ Bible mmere mu ho ne adwuma ho ntetee. Wɔkyerɛɛ mmeawa ofie nnwuma. Mmebusɛm ti a etwa to no kyerɛ sɛ na eyi dɔɔso, na na egu ahorow; ebi ne afie ne nsase a wodi ano tɔ ne adwuma ketewaa bi a wɔhyehyɛ, ne afei asaawatow, adenwene, aduannoa, aguadi, ne ofiehwɛ. Ná wɔtaa kyerɛ mmarimaa no wɔn agyanom adwuma, sɛ́ ɛyɛ kuadwuma anaa nsaanodwuma anaa adwinni. Ná Yudafo nyamesomfo taa ka asɛm a edi so yi: “Obiara a ɔnkyerɛ ne babarima adwuma a mfaso wɔ so no retete no ma wabɛyɛ ɔkorɔmfo.”

Enti, wɔ Bible mmere mu no, na wobu nhomasua sɛ ɛho hia kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena