Hellgya—So Ɛka Onyankopɔn Atɛntrenee Ho?
Moahu obi a wɔayɛ no ayayade pɛn? Yennye nni. Ayayade a wɔboapa yɛ obi no yɛ asefem ne abofono. Ɛnde, ayayade a Onyankopɔn yɛ nnipa nso ɛ? Wugye di sɛ Obetumi ayɛ saa? Nanso, eyi na hellgya nkyerɛkyerɛ a wogye tom wɔ ɔsom pii mu no kyerɛ ankasa.
Susuw asɛm a ɛyɛ hu yi ho kakra: Wɔretoto obi wɔ dade bi a adɔ kɔɔ so. Bere a ɔrehu amane no, ɔteɛteɛm sɛ wonhu no mmɔbɔ, nanso obiara mmua no. Wɔkɔ so yɛ no ayayade daa—a wɔnhome so!
Sɛ onipa no ayɛ bɔne sɛ dɛn koraa a, so ɔrenyɛ wo mmɔbɔ? Na nea ɔhyɛɛ sɛ wɔnyɛ no ayayade no nso ɛ? So ɔwɔ ɔdɔ? Dabida! Ɔdɔ wɔ mmɔborohunu ne ayamhyehye. Agya a ɔwɔ ɔdɔ betumi de asotwe ama ne mma, nanso ɔrenyɛ wɔn ayayade da!
Nanso, ɔsom pii kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ abɔnefo ayayade daa wɔ hellgya mu. Wɔka sɛ, eyi yɛ Onyankopɔn atɛntrenee. Sɛ ɛte saa a, hena na ɔyɛɛ saa beae huhuuhu a wɔyɛ nkurɔfo ayayade wɔ hɔ daa no? Na hena na ɔma wɔyɛ nkurɔfo ayayade pii wɔ hɔ? Ɛte sɛ nea mmuae no da adi pefee. Sɛ beae bi a ɛte saa wɔ hɔ ampa a, ɛnde na Onyankopɔn na ɔyɛe, na ɔno ara na ɔma wɔyɛ nea ɛkɔ so wɔ hɔ no.
So wubetumi agye atom saa? Biblea ka sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) So Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no bɛyɛ nkurɔfo ayayade a obiara a n’adwenem da hɔ kakra biara mpo bu no sɛ ɛmfata koraa no? Dabida!
Nkyerɛkyerɛ a Ntease Nnim
Nnipa pii da so ara gye di sɛ abɔnefo bɛkɔ hellgya bi a ɛredɛw mu na wɔayɛ wɔn ayayade daa. So ntease wɔ saa nkyerɛkyerɛ yi mu? Onipa nkwa nna yɛ mfe 70 anaa 80. Sɛ obi kɔ so yɛ bɔne a emu yɛ duru yiye wɔ ne nkwa nna nyinaa mu mpo a, so daa ayayade bɛyɛ asotwe a ɛfata? Dabi. Ɛbɛyɛ nea ɛmfata koraa sɛ wɔbɛyɛ obi ayayade daa esiane bɔne a ɔbɛyɛ wɔ ne nkwa nna mu nti.
Hena na onim nea ɛba yɛn so paa wɔ owu akyi? Onyankopɔn nkutoo na obetumi akyerɛ yɛn, na wayɛ saa wɔ N’asɛm a wɔakyerɛw, Bible, a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no mu. Bible ka wɔ ha sɛ: “Sɛ [aboa] wu te no, sɛ [onipa] wu te ne no, na honhom biako na wɔn nyinaa wɔ . . . Ade nyinaa kɔ faako, ade nyinaa fi dɔte mu, na ade nyinaa san kɔ dɔte mu.” (Ɔsɛnkafo 3:19, 20) Wɔnka hellgya a ɛredɛw biara ho asɛm wɔ ha. Sɛ onipa wu a,—ɔsan kɔ dɔte mu—onni nkwa mu.
Sɛ wɔbɛyɛ obi ayayade a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔte nkwa mu. Na so awufo te nkwa mu? Dabi. “Ateasefo nim sɛ wobewuwu; na awufo de, wonnim biribiara, na wonni akatua bi bio, na werɛ afi wɔn nkae.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Awufo a “wonnim biribiara” no ntumi nte hellgya mu amanehunu nka.
Nkyerɛkyerɛ Bɔne
Ebinom ka sɛ, sɛ́ nkyerɛkyerɛ no yɛ nokware anaasɛ ɛnyɛ nokware no, ɛso wɔ mfaso. Dɛn ntia? Wɔka sɛ ɛboa ma wogyae bɔne yɛ. So ɛyɛ nokware saa? So nsɛmmɔne a wodi wɔ mmeae a wogye hellgya nkyerɛkyerɛ tom no sua sen mmeae foforo de? Ɛnte saa koraa! Nokwarem no, hellgya nkyerɛkyerɛ no di nnipa awu ankasa. So obi a ogye di sɛ Onyankopɔn yɛ nkurɔfo ayayade no bebu ayayade sɛ akyide? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa? Mpɛn pii no, wɔn a wogye onyame a ne tiri mu yɛ den di no dan atirimɔdenfo te sɛ wɔn nyame no.
Sɛnea obi a ɔwɔ ntease besusuw asɛm no ho biara no, ɔrentumi nnye ntom sɛ hell a wɔyɛ nkurɔfo ayayade bi wɔ hɔ. Ntease nnim. Wɔammɔ yɛn saa. Nea ɛho hia kɛse no, Onyankopɔn Asɛm nka sɛ beae a ɛte saa wɔ hɔ. Sɛ onipa wu a, “ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.”—Dwom 146:4.
Dɛn Ne Bɔne So Akatua?
So ɛkyerɛ sɛ wɔntwe yɛn aso wɔ yɛn bɔne ho? Dabi, ɛnyɛ saa na asɛm no te. Yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no twe abɔnefo aso, nanso ɔnyɛ wɔn ayayade. Na sɛ abɔnefo sakra a, ɔde wɔn bɔne firi wɔn. Dɛn ne bɔne so akatua? Bible ma yenya mmuae a emu da hɔ: “Bɔne so akatua ne owu.” (Romafo 6:23) Nkwa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Sɛ yɛyɛ bɔne a, yɛmfata sɛ yenya saa akyɛde no bio, na yewuwu.
Ebia wubebisa sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na eyi yɛ atɛntrenee? Obiara wu!’ Ɛte saa, efisɛ yɛn nyinaa yɛ abɔnefo. Nokwarem no, obiara mfata sɛ onya nkwa. “Sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”—Romafo 5:12.
Ebesi ha yi, ebia woresusuw ho sɛ: ‘Sɛ yɛn nyinaa yɛ bɔne ma enti yɛn nyinaa wu a, ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛbɔ bra pa? Ɛkame ayɛ sɛ nea ɛto abɔnefo no ara na ɛto obi a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn.’ Nanso ɛnyɛ saa na asɛm no te. Ɛwom sɛ yɛn nyinaa yɛ abɔnefo de, nanso Onyankopɔn de wɔn a wofi komam nu wɔn ho, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsesa wɔn akwan no bɔne firi wɔn. Ɔma yɛn mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ yɛn ‘adwene foforo’ na yɛayɛ papa no ho akatua. (Romafo 12:2) Nokwasɛm yi ma yenya anidaso bi a ɛyɛ anigye.
Papayɛ So Akatua
Sɛ yewu a, yɛn nkwa ba awiei. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ na biribiara aba awiei. Na ɔbarima nokwafo Hiob nim sɛ, sɛ owu a ɔbɛkɔ ɔdamoa (Sheol) mu. Nanso tie sɛnea ɔbɔɔ Nyankopɔn mpae: “Oo, sɛ wode me sie asaman ɛ, sɛ wode me hintaw kosi sɛ w’abufuw bɛsan akɔ ɛ, sɛ wohyɛ me da na wokae me ɛ! Sɛ onipa wu a, so ɔbɛtra ase bio? . . . Anka wobɛfrɛ, na me nso magye wo so.”—Hiob 14:13-15.
Na Hiob gye di sɛ sɛ odi nokware kosi owu mu a, Onyankopɔn bɛkae no na wanyan no. Na eyi ne Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase tete no nyinaa gyidi. Yesu ankasa sii saa anidaso yi so dua bere a ɔkae sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmu sɔre mu.”—Yohane 5:28, 29.
Bere bɛn na owusɔre no befi ase? Sɛnea Bible kyerɛ no, ɛrenkyɛ koraa. Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ wiase yi hyɛn ne “nna a edi akyiri” mu wɔ 1914 mu. (2 Timoteo 3:1) Wɔ nea nnipa pii frɛ no ‘wiase awiei no’ mu no, ɛrenkyɛ Onyankopɔn beyi abɔnefosɛm afi hɔ, na ɔde wiase foforo bi besi hɔ wɔ ɔsoro nniso ase.—Mateo, ti 24; Marko, ti 13; Luka, ti 21; Adiyisɛm 16:14.
Ɛbɛma asase nyinaa adan paradise na wɔn a wofi koma nyinaa mu abɔ mmɔden sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn no atra so. Wɔrenhyew abɔnefo wɔ hellgya mu, nanso wɔrentra Paradise a ɛreba no mu. Yɛkenkan wɔ Dwom 37:10, 11 sɛ: “Na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabere a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”
So eyinom nyinaa yɛ adaeso ara kwa? Dabi, ɛyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ. Yɛkenkan wɔ Bible mu sɛ: “Na metee nne kɛse bi fii ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:3, 4.
So wugye saa nsɛm yi di? Ɛsɛ sɛ wugye di. Onyankopɔn asɛm bam bere nyinaa. (Yesaia 55:11) Yɛhyɛ wo nkuran sɛ sua Onyankopɔn atirimpɔw ma adesamma no ho ade pii. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo. Sɛ wopɛ sɛ wɔboa wo a, yɛsrɛ wo sɛ kyerɛw kɔma address a ɛwɔ ase ha no mu biako.
Kyerɛw nsɛm no nyinaa fi Twi Bible foforo no mu, gye sɛ wɔakyerɛ sɛ efi nkyerɛase foforo bi mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Nhoma a Nkramofo nim sɛ ɛwɔ Bible mu ne Torah, Nnwom, ne Asɛmpa no. Anyɛ yiye koraa no, Koran no nkyekyem ahorow 64 ka sɛ saa nhoma ahorow yi yɛ Onyankopɔn Asɛm, na esi so dua sɛ ɛho hia sɛ yɛkenkan na yedi emu ahyɛde so. Ebinom ka sɛ wɔde nsɛm bi afrafra Torah, Nnwom, ne Asɛmpa no mu. Wɔn a wɔka eyi no kyerɛ sɛ Onyankopɔn ntumi mmɔ n’ankasa N’asɛm ho ban.