Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ba kr. 30
  • Nhoma Yi Betumi Aboa Wo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhoma Yi Betumi Aboa Wo?
  • Amansan Nhoma
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wubenya mu Mfaso a Ɛsen Biara
  • Bible a Yɛbɛkenkan no Daa so Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nneɛma Ason a Ɛbɛma Yɛanya Bible Akenkan So Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Kenkan Onyankopɔn Asɛm No na Som No Nokware Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Sɛn Na Bible Betumi Aboa Wo?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Amansan Nhoma
ba kr. 30

Nhoma Yi Betumi Aboa Wo?

Salomo kaa no bɛyɛ mfe 3,000 ni sɛ: “Nhoma bebree yɛ nni awiei.” (Ɔsɛnkafo 12:12) Saa asɛm no fata nnɛ te sɛ bere foforo biara. Asetram gyinapɛn ho nhoma ahorow akyi no, wotintim nhoma foforo mpempem pii afe biara. Bere a nhoma pii wɔ hɔ a wubetumi apaw bi no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokenkan Bible no?

NNIPA pii kenkan nhoma de gyigye wɔn ani anaasɛ wɔde sua ade. Saa ara na Bible akenkan nso betumi ayɛ. Obi tumi kenkan nya nkuranhyɛ anaa ɔde gyigye n’ani mpo. Nanso Bible no sen saa. Ɛyɛ nimdeɛ fibea a ɛda nsow.—Ɔsɛnkafo 12:9, 10.

Bible bua nsɛmmisa a nnipa fi bere tenten asusuw ho—nsɛmmisa a ɛfa abakɔsɛm, yɛn mprempren asetra, ne yɛn daakye ho. Nnipa pii bisa sɛ: Ɛhe na yefi bae? Dɛn ne asetra atirimpɔw? Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya anigye wɔ asetra mu? So nkwa bɛkɔ so atra asase so bere nyinaa? Dɛn na ɛbɛba daakye?

Sɛ yɛka adanse a yɛde ama wɔ ha yi no nyinaa bom a, ɛda no adi pefee sɛ Bible no di mũ na ɛyɛ nokware. Yɛasusuw sɛnea emu afotusɛm a etu mpɔn no betumi aboa yɛn ma yɛanya asetra a ɛfata na anigye wom nnɛ no ho dedaw. Esiane sɛ emu nsɛm tɔ asom nnɛ nti, akyinnye biara nni ho sɛ ɛfata sɛ yesusuw abakɔsɛm a ɛwom ne daakye ho nkɔm a ɛhyɛ no ho yiye.

Sɛnea Wubenya mu Mfaso a Ɛsen Biara

Nnipa pii fi Bible no akenkan ase, nanso sɛ wohu sɛ afã bi asete yɛ den a, na wɔde asõ hɔ ara. Sɛ ebi ato wo pɛn a, nneɛma bi betumi aboa wo.

Hwehwɛ nkyerɛase a edi mũ a wɔde nnɛ bere mu kasa na akyerɛw, te sɛ New World Translation of the Holy Scriptures.a Ebinom kenkan Yesu, a ne nkyerɛkyerɛ te sɛ Bepɔw so Asɛnka no mu de no da no adi sɛ na onim nnipa mma su yiye na ɛkyerɛ ɔkwan a yɛbɛfa so ama yɛn asetra atu mpɔn, no asetra ho kyerɛwtohɔ ahorow a ɛwɔ Nsɛmpa no mu no de fi ase.—Hwɛ Mateo atiri 5 kosi 7.

Bible a wobɛkenkan afi tiri akosi tiri akyi no, sɛ wofa nsɛmti mmaako mmaako sua ho ade a, wubenya nimdeɛ pii. Nea eyi kyerɛ ne sɛ wobɛyɛ nhwehwɛmu ahu nea Bible ka wɔ asɛm pɔtee bi ho. Nea Bible ka ankasa wɔ nsɛm bi te sɛ ɔkra, ɔsoro, asase, nkwa, ne owu, ne afei Onyankopɔn Ahenni—dekode a ɛyɛ ne nea ɛbɛyɛ—ho no betumi ayɛ wo nwonwa.b Yehowa Adansefo ayɛ nhyehyɛe a wɔde sua Bible mu nsɛmti ahorow a wɔde ma kwa. Wubetumi de address a ɛwɔ kratafa 2 no mu nea ɛfata akyerɛw akyerɛwfo no abisa eyi ho asɛm.

Bere a nnipa pii ahwehwɛ adanse ahorow no mu awie no, wɔka sɛ Bible no fi Nyankopɔn, a Kyerɛwnsɛm no da no adi sɛ ne din de “Yehowa” no hɔ. (Dwom 83:18, Twi Bible Dedaw) Ebia wunnye nni sɛ Bible no fi Nyankopɔn hɔ. Nanso adɛn nti na w’ankasa wonhwehwɛ mu? Yɛwɔ ahotoso sɛ bere a woasua, adwennwen ho, na ebia w’ankasa woahu ne nyansa a entwam da no so mfaso akyi no, wubegye adi sɛ Bible no yɛ amansan nhoma, na nea ɛsen saa no—nhoma a ebetumi aboa wo.

[Ase hɔ nsɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.

b Nhoma a aboa nnipa pii ma wɔasua Bible mu nsɛntitiriw ne Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? a Jehovah’s Witnesses na wotintimii no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena