Adwene no Hyɛn Yudasom, Kristoman, ne Nkramosom Mu
“Nneɛma a nyamesom ma nnipa gye tom no bi ne nokwasɛm a ɛne sɛ da bi wobewu, sɛ ebia ɛhyɛ wɔn bɔ sɛ wobewu akonya asetra pa bi, wɔbɛsan awo wɔn bio anaa n’abien nyinaa.”—GERHARD HERM, GERMANNI NHOMA KYERƐWFO.
1. Ɔsom dodow no ara de wɔn bɔhyɛ a ɛfa owu akyi asetra ho no gyina gyidi titiriw bɛn so?
ƐKAME ayɛ sɛ ɔsom biara gyina gyidi a ɛne sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da a wɔ owu mu no, ɛkɔ baabi foforo anaa ɛdan abɔde foforo no so na ɛde owu akyi asetra ho bɔhyɛ ma. Sɛnea yɛahu dedaw no, gyidi a ɛne sɛ onipa nwu da no ayɛ Apuei fam ɔsom ahorow mu ade titiriw fi mfiase pɛɛ. Na Yudasom, Kristoman ne Nkramosom nso ɛ? Ɛyɛɛ dɛn na nkyerɛkyerɛ no bɛyɛɛ ade a ɔsom ahorow yi gyina so titiriw?
Yudasom Gye Helafo Nsusuwii Tom
2, 3. Sɛnea Encyclopaedia Judaica kyerɛ no, so na Hebrifo kyerɛw kronkron no kyerɛkyerɛ sɛ ɔkra nwu da?
2 Yudasom fii ase bɛyɛ mfe 4,000 ni wɔ Abraham bere so. Wofii ase kyerɛw Hebrifo kyerɛw kronkron no wɔ afeha a ɛto so 16 A.Y.B. mu, na wowiei wɔ bere a Socrates ne Plato de ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ bae no mu. So saa Kyerɛwnsɛm yi kyerɛkyerɛe sɛ ɔkra no nwu da?
3 Encyclopaedia Judaica bua sɛ: “Bible mmere no akyi ansa na wɔde ɔkra a enwu da mu gyidi pintinn a emu da hɔ no sii hɔ . . . na ɛbɛyɛɛ Yudasom ne Kristosom fapem atitiriw no mu biako.” Ɛka nso sɛ: “Ná wobu onipa sɛ ɔyɛ biako wɔ Bible mmere so. Enti na wommu no sɛ ɛsono ɔkra no wɔ nipadua no ho koraa.” Saa nhoma no da no adi sɛ “na tete Yudafo gye awufo sɔre di, na ɛsɛ sɛ wɔma eyi da nsow wɔ . . . ɔkra a enwu da mu gyidi ho.”
4-6. Ɛyɛɛ dɛn na ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no bɛyɛɛ Yudasom “fapem atitiriw no mu biako”?
4 Ɛnde ɛyɛɛ dɛn na nkyerɛkyerɛ no bɛyɛɛ Yudasom “fapem atitiriw no mu biako”? Abakɔsɛm bua. Wɔ 332 A.Y.B. mu no, Alexander Ɔkɛseɛ no de ahoɔhare dii Mediterranea nsase pii so nkonim. Bere a oduu Yerusalem no, Yudafo no de anigye gyee no fɛw so. Sɛnea afeha a edi kan no mu Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus kyerɛ no, wɔde Daniel nhoma a na wɔakyerɛw bɛboro mfe 200 no mu nkɔmhyɛ a ɛka pefee sɛ Alexander bedi nkonim sɛ “Hela hene” no mpo kyerɛɛ no. (Daniel 8:5-8, 21) Alexander adedifo toaa ne nhyehyɛe a ɛne sɛ ɔbɛma wɔagye Hela amammerɛ atom no so, na wɔmaa Hela kasa, amammerɛ ne nyansapɛ trɛwee wɔ ahemman no mu nyinaa. Ɛda adi sɛ na amammerɛ abien no—Helafo ne Yudafo de—bɛfrafra.
5 Wɔ afeha a ɛto so abiɛsa A.Y.B. mfiase pɛɛ no, wofii ase yɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no nkyerɛase a edi kan a wɔfrɛ no Septuagint no wɔ Hela kasa mu. Amanaman mufo pii nam ɛno so benyaa obu maa Yudafo som na wohuu sɛnea ɛte, na ebinom mpo bɛyɛɛ emufo. Na Yudafo nso rehu Helafo nsusuwii na ebinom bɛyɛɛ nyansapɛfo, a na ɛyɛ ade foforo koraa ma wɔn. Ná Philo a ofi Alexandria a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no yɛ saa Yudafo nyansapɛfo no mu biako.
6 Ná Philo bu Plato na ɔbɔɔ mmɔden sɛ obegyina Helafo nyansapɛ so akyerɛkyerɛ Yudasom mu. Nhoma Heaven—A History ka sɛ: “Philo nam Plato nyansapɛ ne Bible mu atetesɛm a ɔde frafrae wɔ ɔkwan soronko so no so bɔɔ kwan maa Kristofo [ne Yudafo] nyansapɛfo a wɔbaa akyiri yi no.” Ná gyidi bɛn na Philo kura wɔ ɔkra ho? Nhoma no toa so sɛ: “Wɔ ne fam no, owu ma ɔkra no san kɔ ne tebea a na ɔwom ansa na wɔrewo no no mu. Esiane sɛ ɔkra no fi ahonhom wiase no mu nti, nipadua no mu asetra dan bere tiaa mu asetra a ɛtaa yɛ awerɛhow.” Yudafo nyansapɛfo afoforo a na wogye di sɛ ɔkra no nwu da no bi ne Isaac Israeli, afeha a ɛto so 10 no mu Yudani duruyɛfo a ogyee din, ne Moses Mendelssohn, Germanni Yudani nyansapɛfo a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 18 no mu.
7, 8. (a) Talmud no kyerɛ sɛ ɔkra yɛ dɛn? (b) Dɛn na Yudasom ahonhonsɛmdi nhoma a ɛbaa akyiri yi no ka wɔ ɔkra ho?
7 Nhoma a anya Yudafo nsusuwii ne wɔn asetra so nkɛntɛnso kɛse ne Talmud no—nea wose ɛyɛ mmara a wɔde ano ka, a ne nkyerɛase ne ne nkyerɛkyerɛmu a rabifo boaboaa ano fi afeha a ɛto so abien Y.B. besi Mfinimfini Mmere no mu ka ho. Encyclopaedia Judaica ka sɛ: “Talmud rabifo no gye di sɛ ɔkra no tra ase wɔ owu akyi.” Talmud no ka mpo sɛ awufo ne ateasefo di nkitaho. Encyclopædia of Religion and Ethics ka sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ esiane sɛ Plato nyansapɛ nyaa [rabifo] no so nkɛntɛnso nti, na wogye di sɛ akra te ase dedaw ansa na wɔrewo wɔn.”
8 Akyiri yi Yudafo ahonhonsɛmdi nhoma, Cabala, kyerɛkyerɛ mpo sɛ obi wu a wɔsan wo no. The New Standard Jewish Encyclopedia ka gyidi yi ho asɛm sɛ: “Ɛte sɛ nea adwene no fii ase wɔ India. . . . Wɔ Kabbalah mu no, edii kan puei wɔ nhoma Bahir mu, na afei efi Zohar so reba no, na ahonhonsɛmdifo taa gye tom na edii dwuma titiriw wɔ Hasidfo gyidi ne wɔn nhoma mu.” Wɔ Israel nnɛ no, nnipa pii gye tom sɛ ɛyɛ Yudafo nkyerɛkyerɛ sɛ obi wu a wɔsan wo no.
9. Adwene bɛn na nnɛyi Yudasom akuw dodow no ara kura wɔ ɔkra a enwu da ho?
9 Enti, adwene a ɛne sɛ ɔkra no nwu da no nam Helafo nyansapɛ nkɛntɛnso so na ɛhyɛn Yudasom mu, na n’afã horow dodow no ara gye nkyerɛkyerɛ no tom nnɛ. Dɛn na yebetumi aka wɔ hyɛn a nkyerɛkyerɛ no hyɛn Kristoman mu no ho?
Kristoman Gye Plato Nsusuwii Tom
10. Dɛn na Spainni nhomanimfo bi a wagye din kae wɔ Yesu gyidi wɔ nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ɔkra no nwu da ho?
10 Kristo Yesu na ofii nokware Kristosom ase. Miguel de Unamuno, afeha a ɛto so 20 no mu Spainni nhomanimfo a ogyee din no kyerɛw Yesu ho asɛm sɛ: “Na ogye di mmom sɛ ɔhonam no na ebenya owusɔre sɛnea na Yudafo gye di no, na ɛnyɛ sɛ ɔkra no nwu sɛnea na [Helani] Plato gye di no. . . . Wobetumi ahu eyi ho adanse wɔ nhoma biara a ɛde nkyerɛkyerɛmu ma a ɛka nokware mu.” Owiee asɛm no sɛ: “Abosonsomfo nyansapɛfo na ɛkyerɛkyerɛ sɛ . . . ɔkra nwu da.”
11. Bere bɛn na Helafo nyansapɛ fii ase hyɛn Kristosom mu?
11 Bere bɛn na saa ‘abosonsomfo nyansapɛfo nkyerɛkyerɛ’ yi hyɛn Kristosom mu, na ɛyɛɛ dɛn na ɛbae? New Encyclopædia Britannica da no adi sɛ: “Efi afeha a ɛto so 2 Y.B. mfinimfini no, Kristofo a na wɔanya Helafo nyansapɛ mu ntetee bi no fii ase tee nka sɛ ɛho hia sɛ wɔde nyansapɛ ka gyidi a wɔanya wom no ho asɛm, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn ankasa ate nka sɛ wonim nhoma, na wɔde asakra nhomanimfo a wɔyɛ abosonsomfo nso. Nyansapɛ a na eye ma wɔn sen biara ne Plato de no.”
12-14. Dwuma bɛn na Origen ne Augustine dii wɔ Plato nyansapɛ a wɔde frafraa Kristosom mu no mu?
12 Saa tete nyansapɛfo no mu baanu nyaa Kristoman nkyerɛkyerɛ so nkɛntɛnso kɛse. Na wɔn mu biako ne Origen a ofi Alexandria (bɛyɛ 185-254 Y.B.), na nea ɔka ho no ne Augustine a ofi Hippo (354-430 Y.B.). New Catholic Encyclopedia ka wɔn ho asɛm sɛ: “Origen a ɔwɔ Apuei fam ne Ɔhotefo Augustine a ɔwɔ Atɔe fam nkutoo na wɔde sii hɔ sɛ ɔkra no yɛ honhom na wɔde sɛnea ɛte ho nyansapɛ nkyerɛkyerɛ bae.” Dɛn na Origen ne Augustine gyinaa so hyehyɛɛ wɔn nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔkra ho no?
13 Ná Origen yɛ Clement a ofi Alexandria a New Catholic Encyclopedia ka sɛ ɔne “Agyanom no mu nea odi kan a ɔfaa ɔkra no ho asɛm fii Helafo atetesɛm mu” no suani. Ɛbɛyɛ sɛ adwene a na Plato kura wɔ ɔkra ho no nyaa Origen so nkɛntɛnso kɛse. Nyamekyerɛfo Werner Jaeger kae wɔ The Harvard Theological Review no mu sɛ: “[Origen] na ɔde ɔkra ho nkyerɛkyerɛ a ɛkɔ akyiri a onya fii Plato hɔ nyinaa baa Kristofo nkyerɛkyerɛ mu.”
14 Kristoman mufo binom bu Augustine sɛ tete bere no mu nyansapɛfo a ɔsen biara. Ansa na Augustine resakra aba “Kristosom” mu wɔ bere a na wadi mfe 33 no, na n’ani gye nyansapɛ ho paa, na na wabɛyɛ Plato akyidini.a Bere a ɔsakrae no, ɔkɔɔ so dwen sɛ Plato akyidini. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Ná Plato Hela nyansapɛ mu atetesɛm afrafra Apam Foforo som mu wɔ n’adwenem.” New Catholic Encyclopedia gye tom sɛ Augustine “nkyerɛkyerɛ a ɛfa [ɔkra ho] a wogye toom wɔ Atɔe fam kosii afeha a ɛto so 12 awiei mu . . . hɔ no gyina Plato nkyerɛkyerɛ so titiriw.”
15, 16. So anigye a wɔkyerɛe wɔ Aristotle nkyerɛkyerɛ ho wɔ afeha a ɛto so 13 mu no sakraa asɔre no gyinabea wɔ ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no ho?
15 Wɔ afeha a ɛto so 13 mu no, na Aristotle nkyerɛkyerɛ regye din wɔ Europa, na Arabfo nhomanimfo nhoma a na ɛka Aristotle nhoma ho asɛm kɛse a na ɛwɔ Latin kasa mu no titiriw na ɛma ɛbaa saa. Katolekni nhomanimfo Thomas Aquinas ani gyee Aristotle nsusuwii ho yiye. Esiane Aquinas nhoma ahorow nti, Aristotle nsusuwii nyaa asɔre no nkyerɛkyerɛ so nkɛntɛnso kɛse sen Plato de. Nanso, eyi ansakra ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no.
16 Aristotle kyerɛkyerɛe sɛ ɔkra no ne nipadua no yɛ ade biako, na ɛno nkutoo nkɔ so ntra ase wɔ owu akyi, na sɛ biribi a enwu da hyɛ onipa mu a, enni nipasu ne adwene. Na sɛnea obu ɔkra yi ne asɔre no gyidi a ɛne sɛ obi kra tra ase wɔ owu akyi no nhyia. Enti, Aquinas sakraa adwene a na Aristotle kura wɔ ɔkra ho no, na ɔkae sɛ wɔnam ntease so betumi akyerɛ sɛ ɔkra no nwu da. Enti, asɔre no gyidi a ɛne sɛ ɔkra nwu da no traa hɔ.
17, 18. (a) So afeha a ɛto so 16 no mu Ɔsesɛw no sakraa ɔkra ho nkyerɛkyerɛ no mu? (b) Dɛn ne Kristoman asɔre ahorow no gyinabea wɔ ɔkra a enwu da ho?
17 Wɔ afeha a ɛto so 14 ne 15 mu, wɔ Nimdeɛ Foforo Bere no mfiase no, wɔsan nyaa Plato ho anigye. Medici abusua a wɔwɔ din wɔ Italy no boae ma wosii asuae wɔ Florence mpo de hyɛɛ Plato nyansapɛ ho adesua ho nkuran. Wɔ afeha a ɛto so 16 ne 17 mu no, Aristotle ho anigye ano brɛɛ ase. Na afeha a ɛto so 16 no mu Ɔsesɛw no ansakra ɔkra ho nkyerɛkyerɛ no. Ɛwom sɛ Protestantfo Asesɛwfo kasa tiaa ahodwiragya nkyerɛkyerɛ no de, nanso wogye toom sɛ obi betumi anya daa asotwe anaa akatua.
18 Enti ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no kɔ so wɔ Kristoman asɔre dodow no ara mu. Bere a Amerikani nhomanimfo bi huu eyi no, ɔkyerɛwee sɛ: “Nokwarem no, nea nyamesom kyerɛ ara ma yɛn mu dodow no ara ne ɔkra a enwu da. Onyankopɔn na ɔma nkwa a owu nni mu.”
Ɔkra a Enwu Da ne Nkramosom
19. Bere bɛn na Nkramosom bae, na hena na ɔde bae?
19 Nkramosom fii ase bere a wɔfrɛɛ Muḥammad a na wadi bɛyɛ mfe 40 no sɛ ɔmmɛyɛ odiyifo no. Nkramofo gye di sɛ onyaa adiyi nsɛm bɛyɛ mfe 20 kosi 23, efi bɛyɛ afe 610 Y.B. kosi bere a owui wɔ 632 Y.B. mu. Wɔakyerɛw adiyi nsɛm yi wɔ Koran, Nkramofo nhoma kronkron no mu. Bere a Nkramosom bae no, na adwene a Plato wɔ wɔ ɔkra ho no awura Yudasom ne Kristoman mu.
20, 21. Gyidi bɛn na Nkramofo kura wɔ Owu Akyi asetra ho?
20 Nkramofo gye di sɛ wɔn som no gyina adiyisɛm a wɔde maa tete Hebrifo ne Kristofo anokwafo no so. Wɔka Hebri ne Hela Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm wɔ Koran mu. Nanso, Koran ne nhoma ahorow yi nhyia wɔ ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no ho. Koran kyerɛkyerɛ sɛ onipa wɔ ɔkra a ɛkɔ so tra ase wɔ owu akyi. Ɛsan ka awufo sɔre, atemmuda, ne nea awiei koraa ɛbɛto ɔkra no—sɛ ɛbɛtra ase wɔ ɔsoro paradise turo mu anaa ebenya asotwe wɔ hellgya a ɛredɛw mu ho asɛm.
21 Nkramofo gye di sɛ owufo kra kɔ Barzakh anaa “Ntwamu,” “beae anaa tebea a nkurɔfo bɛkɔ wɔ owu akyi ansa na Atemmu aba.” (Surah 23:99, 100, The Holy Qur-an, ase hɔ asɛm) Ɔkra no te ase, na sɛ onipa no yɛ ɔsɛmmɔnedifo a, onya nea wɔfrɛ no “Ɔboda mu Asotwe,” na sɛ ɔyɛ ɔnokwafo a, onya anigye wɔ hɔ. Nanso ɛsɛ sɛ wɔyɛ anokwafo no nso ayayade bi esiane bɔne kakra a wɔyɛe bere a na wɔte ase no nti. Obiara hu nea ɛbɛba no so koraa atemmuda no, na saa mfinimfini tebea no ba awiei.
22. Ɔkra no daakye ho gyidi a egu ahorow bɛn na Arabfo nyansapɛfo bi da no adi?
22 Plato nkɛntɛnso nti na adwene a wokura wɔ Yudasom ne Kristoman mu sɛ ɔkra nwu da no bae, nanso wɔde adwene no baa Nkramosom mu wɔ ne mfiase. Eyi nkyerɛ sɛ Arabfo nhomanimfo ammɔ mmɔden sɛ wɔde Hela nyansapɛ bɛfra Nkramosom nkyerɛkyerɛ mu. Nokwarem no, Aristotle nhoma anya Arabfo so nkɛntɛnso kɛse. Na Arabfo nhomanimfo a wɔagye din te sɛ Avicenna ne Averroës de Aristotle nsusuwii ho nkyerɛkyerɛmu mae na wɔde bi kaa ho. Nanso, bere a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Helafo nsusuwii ne Nkramofo nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔkra ho ahyia no, wɔde nkyerɛkyerɛ a egu ahorow bae. Sɛ nhwɛso no, Avicenna kae sɛ ɔkra ankasa nwu da. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Averroës kasa tiaa saa adwene no. Wɔ adwenhorow yi nyinaa akyi no, Nkramofo gye di de besi nnɛ sɛ ɔkra no nwu da.
23. Dɛn na Yudasom, Kristoman, ne Nkramosom ka wɔ ɔkra a enwu da ho?
23 Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ Yudasom, Kristoman, ne Nkramosom nyinaa kyerɛkyerɛ sɛ ɔkra nwu da.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ná ogye Plato nyansapɛ foforo a Plotinus a ɔtraa ase wɔ afeha ɛto so abiɛsa no mu wɔ Rome de bae no di.
[Kratafa 14 mfonini]
Alexander Ɔkɛseɛ nkonimdi no maa wɔde Helafo ne Yudafo amammerɛ frafrae
[Kratafa 15 mfonini ahorow]
Origen, atifi, ne Augustine bɔɔ mmɔden sɛ wɔde Plato nyansapɛ bɛfra Kristosom
[Kratafa 16 mfonini]
Avicenna a ɔwɔ atifi hɔ no kae sɛ obi kra nwu da. Averroës kasa tiaa saa adwene no