Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ie kr. 19-20
  • Ɔkra a Bible Ka Ho Asɛm No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkra a Bible Ka Ho Asɛm No
  • Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ɔkra” sɛ Abɔde Teasefo
  • “Ɔkra” a Ɛyɛ Abɔde Nkwa
  • So Wowɔ Ɔkra a Enwu Da?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Dɛn Ne Ɔkra?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Owu Akyi Asetra—Dɛn Na Bible No Ka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • So Ɔkra No Tra Ase Wɔ Owu Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So
ie kr. 19-20

Ɔkra a Bible Ka Ho Asɛm No

“Onipa yɛɛ ɔkra teasefo.”—GENESIS 2:7.

1. Dɛn na ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ mu na ama yɛahu nea Bible kyerɛkyerɛ wɔ ɔkra ho?

SƐNEA yɛahu no, ɔkra ho gyidi dɔɔso na egu ahorow. Wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔde nea wogye di no gyina Bible so mpo adwene nhyia wɔ dekode a ɔkra yɛ ne nea ɛba so bere a yɛawu no ho. Nanso dɛn na Bible kyerɛkyerɛ wɔ ɔkra ho ankasa? Sɛ yebehu a, ehia sɛ yɛhwehwɛ nea Hebri ne Hela nsɛmfua a wɔkyerɛ ase “ɔkra” wɔ Bible mu no kyerɛ no mu.

“Ɔkra” sɛ Abɔde Teasefo

2, 3. (a) Asɛmfua bɛn na wɔakyerɛ ase sɛ “ɔkra” wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu, na asɛmfua yi kyerɛ dɛn titiriw? (b) Ɔkwan bɛn so na Genesis 2:7 si so dua sɛ asɛmfua “ɔkra” betumi akyerɛ onipa mũ no nyinaa?

2 Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase “ɔkra” no ne neʹphesh, na epue mpɛn 754 wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm (nea wɔtaa frɛ no Apam Dedaw) no mu. Neʹphesh kyerɛ dɛn? Sɛnea The Dictionary of Bible and Religion kyerɛ no, “ɛtaa kyerɛ ɔteasefo no ankasa, onipa mũ no nyinaa.”

3 Sɛ nhwɛso no, Genesis 2:7 ka sɛ: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.” Hyɛ no nsow sɛ na Adam nni ɔkra; na ɔyɛ ɔkra—te sɛ nea obi a ɔbɛyɛ oduruyɛfo no yɛ oduruyɛfo no. Enti, asɛmfua “ɔkra” betumi akyerɛ onipa mũ no nyinaa.

4, 5. (a) Fa nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ sɛ asɛmfua “ɔkra” kyerɛ onipa mũ no nyinaa ma. (b) Ɔkwan bɛn so na The Dictionary of Bible and Religion foa ntease a ɛne sɛ onipa yɛ ɔkra no so?

4 Wɔfoa ntease yi so wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nyinaa, faako a yehu nsɛm te sɛ “sɛ ɔkra bi yɛ bɔne” (Leviticus 5:1, NW), “ɔkra biara a ɔyɛ adwuma bi” (Leviticus 23:30), “sɛ wohu obi a owia ɔkra bi” (Deuteronomium 24:7, NW), “ne kra home tew no” (Atemmufo 16:16), “mobɛhaw me kra akosi da bɛn?” (Hiob 19:2), ne “awerɛhow ama me kra anan.”—Dwom 119:28.

5 Biribiara nni nsɛm yi mu a ɛkyerɛ sɛ ɔkra no yɛ sunsuma bi a ɛtra ase wɔ owu akyi. The Dictionary of Bible and Religion ka sɛ: “Sɛ yɛbɛka sɛ yɛn dɔfo ‘kra’ kɔ Awurade nkyɛn anaasɛ yɛbɛka sɛ ‘ɔkra nwu da’ no bɛkyerɛ sɛ yɛnte Apam Dedaw no mu gyidi ase.”

6, 7. Asɛmfua bɛn na wɔakyerɛ ase “ɔkra” wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu, na dɛn na asɛmfua yi kyerɛ titiriw?

6 Asɛmfua a wɔakyerɛ ase “ɔkra” bɛboro mpɛn ɔha wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm (nea wɔtaa frɛ no Apam Foforo) no mu ne psy·kheʹ. Te sɛ neʹphesh no, asɛmfua yi taa kyerɛ onipa mũ no nyinaa. Sɛ nhwɛso no, susuw nsɛm a edidi so yi ho: “Me kra ho yeraw no.” (Yohane 12:27) “Ehu baa akra nyinaa so.” (Asomafo no Nnwuma 2:43) “Momma akra nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ tumi a ɛwɔ anuonyam no ase.” (Romafo 13:1) “Monkyekye akra a wɔn koma atu werɛ.” (1 Tesalonikafo 5:14, NW) “Akra kakraa a wosi baawɔtwe nyaa nkwa nsu no mu.”—1 Petro 3:20.

7 Te sɛ neʹphesh no, psy·kheʹ kyerɛ onipa mũ no nyinaa pefee. Sɛnea nhomanimfo Nigel Turner kyerɛ no, asɛmfua yi “kyerɛ onipa no ankasa, onipa no, honam nipadua a ɛwɔ Onyankopɔn rûaḥ [honhom] a ɔhome guu ne mu no. . . . Nea wosi so dua ne onipa mũ no nyinaa.”

8. So mmoa yɛ akra? Kyerɛkyerɛ mu.

8 Wɔ Bible mu no, ɛnyɛ nnipa nko na wɔde asɛmfua “ɔkra” no gyina hɔ ma wɔn na mmom mmoa nso. Sɛ nhwɛso no, bere a Genesis 1:20, reka nsu mu abɔde ho asɛm no, ɛka sɛ Onyankopɔn hyɛe sɛ: “Nsu no nnɔ abɔde [akra, NW] a ɛte ase manyamanya.” Adebɔ da a edi hɔ no Onyankopɔn kae sɛ: “Asase mma akra a ɛtete ase mfi mmra, sɛnea wɔn su te; ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne asase so mmoadoma sɛnea wɔn su te.” (Genesis 1:24, NW; fa toto Numeri 31:28 ho.) Enti, “ɔkra” betumi akyerɛ abɔde teasefo bi, onipa anaa aboa.

“Ɔkra” a Ɛyɛ Abɔde Nkwa

9. (a) Ntease a ɛkɔ akyiri bɛn na wobetumi aka sɛ asɛmfua “ɔkra” kura? (b) So eyi ne adwene a ɛne sɛ ɔkra yɛ onipa ankasa no bɔ abira?

9 Ɛtɔ da bi a, asɛmfua “ɔkra” no kyerɛ nkwa a onipa anaa aboa bi wɔ. Eyi nsakra Bible no nkyerɛase a ɛne sɛ ɔkra yɛ onipa anaa aboa no. Ɛho mfatoho ni: Yɛka sɛ obi te ase, kyerɛ sɛ ɔyɛ onipa a ɔte ase. Yebetumi aka nso sɛ ɔwɔ nkwa. Saa ara nso na onipa a ɔte ase yɛ ɔkra. Nanso, sɛ ɔte ase a, yebetumi aka “ɔkra” ho asɛm sɛ biribi a ɔwɔ.

10. Fa nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ sɛ asɛmfua “ɔkra” betumi akyerɛ nkwa a onipa anaa aboa bi wɔ ma.

10 Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Nnipa a wɔhwehwɛ wo kra no nyinaa awuwu.” (Exodus 4:19, NW) Ɛda adi pefee sɛ na Mose atamfo pɛ sɛ wokum no. Yehu sɛnea wɔde asɛmfua “ɔkra” di dwuma saa ara wɔ nsɛm a edidi so yi mu. “Yesuroe yiye wɔ yɛn kra ho.” (Yosua 9:24, NW) “Wɔn kra nti wɔkɔɔ so guanee.” (2 Ahene 7:7, NW) “Ɔtreneeni nim n’afieboa kra.” (Mmebusɛm 12:10) ‘Onipa Ba no bae sɛ ɔde ne kra bɛyɛ agyede ama nnipa pii.’ (Mateo 20:28) “Ɔbɛn owu, na ɔde ne kra too hɔ.” (Filipifo 2:30) Asɛm yi mu biara mu no, asɛmfua “ɔkra” kyerɛ nkwa.a

11. Dɛn na yebetumi aka wɔ asɛmfua “ɔkra” a Bible de di dwuma no ho?

11 Enti asɛmfua “ɔkra” a wɔde adi dwuma wɔ Bible mu no kyerɛ onipa anaa aboa bi anaasɛ nkwa a onipa anaa aboa bi wɔ. Sɛnea Bible no kyerɛ ɔkra ase no asete nyɛ den, abirabɔ nni mu, na ɛnyɛ nea nnipa nyansapɛ ne gyidihunu a asete yɛ den mma wonhu nea ɛkyerɛ. Nanso dɛn na ɛba ɔkra so wɔ owu mu? Sɛ yebebua saa asɛmmisa no a, ɛsɛ sɛ yedi kan hu nea enti a yewuwu.

[Ase hɔ asɛm]

a Mateo 10:28 nso de asɛmfua “ɔkra” gyina hɔ ma “nkwa.”

[Kratafa 20 mfonini ahorow]

Wɔn nyinaa yɛ akra

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena