Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ie kr. 21
  • Dɛn Nti na Yewuwu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Yewuwu?
  • Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asoɔden De Owu Ba
  • “Owu Trɛw Kaa Nnipa Nyinaa”
  • Adɛn Nti Na Yenyinyin Na Yewuwu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
  • “Ɔtamfo a Otwa To a Obetu no Agu Ne Owu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Yesu Gye Nkwa—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Yesu Wuo ne Ne Wusɔreɛ​—Nea Ɛbɛtumi Ayɛ Ama Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So
ie kr. 21

Dɛn Nti na Yewuwu?

“Seesei mmepɔw atifi nyinaa ayɛ dinn, wonte sɛ biribi home mpo wɔ nnua atifi; nnomaa no adeda wɔ nnua no mu: twɛn; ɛrenkyɛ wobɛhome sɛ eyinom.”—JOHANN WOLFGANG VON GOETHE, GERMANNI ANWENSƐM KYERƐWFO.

1, 2. (a) Ɔpɛ bɛn na wɔde bɔɔ adesamma? (b) Asetra bɛn na na nnipa baanu a wodi kan no wɔ?

ONYANKOPƆN de ɔpɛ a adesamma wɔ sɛ wɔbɛtra ase daa bɔɔ wɔn. Nokwarem no, Bible ka sɛ ɔde “daa nkwa ho adwene hyɛɛ wɔn koma mu.” (Ɔsɛnkafo 3:11, Beck) Nanso Onyankopɔn maa nnipa nea ɛkyɛn ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛtra ase daa. Ɔmaa wɔn hokwan a wɔde bɛyɛ saa nso.

2 Wɔbɔɔ yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, a na wɔyɛ pɛ a na wonni adwene ne nipadua mu sintɔ biara. (Deuteronomium 32:4) Susuw ho hwɛ—na wɔnte ɛyaw a ɛto ntwa da biara, ehu ntraso anaa dadwen biara nka! Afei nso, Onyankopɔn de wɔn traa paradise fie fɛfɛ bi mu. Na Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ onipa bɛtra ase daa na bere bi akyi no n’asefo a wɔyɛ pɛ ahyɛ asase so ma. (Genesis 1:31; 2:15) Ɛnde, dɛn nti na yewuwu?

Asoɔden De Owu Ba

3. Ná daa nkwa a Adam ne Hawa benya no gyina dɛn so?

3 Onyankopɔn hyɛɛ Adam sɛ: “Turom ha nnua nyinaa, di bi. Na papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Genesis 2:16, 17) Enti na daa nkwa a Adam ne Hawa benya no gyina biribi so; na egyina osetie a wɔbɛyɛ ama Onyankopɔn so.

4. Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, dɛn nti na wɔhweree anidaso a na wɔwɔ sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ Paradise no?

4 Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ Adam ne Hawa buu Onyankopɔn mmara so. (Genesis 3:1-6) Wɔnam saayɛ so bɛyɛɛ abɔnefo, efisɛ “bɔne ne mmarato.” (1 Yohane 3:4) Ne saa nti, na Adam ne Hawa nni daa nkwa ho anidaso bio. Dɛn ntia? Efisɛ “bɔne so akatua ne owu.” (Romafo 6:23) Enti, bere a Onyankopɔn rebu Adam ne Hawa atɛn no, ɔkae sɛ: ‘Moyɛ dɔte, na dɔte mu na mobɛsan akɔ.’ Afei ɔpam yɛn awofo a wodi kan no fii wɔn Paradise fie no mu. Ɛda a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, wofii ase bɛn owu nkakrankakra.—Genesis 3:19, 23, 24.

“Owu Trɛw Kaa Nnipa Nyinaa”

5. Ɛyɛɛ dɛn na owu trɛw kaa adesamma abusua no nyinaa?

5 Afei de na bɔne agye ntini wɔ Adam ne Hawa awosu mu. Enti wɔantumi anwo mma a wɔyɛ pɛ, te sɛ nea wontumi nnya biribi a ɛho ntɔɔ kyima mfi anwenne a ɛho atɔ kyima mu no. (Hiob 14:4) Nokwarem no, onipa awo biara si so dua sɛ yɛn awofo a wodi kan no maa wɔn ankasa ne wɔn asefo hweree akwahosan a edi mu ne daa nkwa. Kristoni ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”—Romafo 5:12; fa toto Dwom 51:5 ho.

6. Dɛn nti na yewuwu?

6 Ɛnnɛ nyansahufo nnim nea enti a nnipa nyinyin na wowuwu. Nanso, Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ yewuwu efisɛ wɔwo yɛn sɛ abɔnefo, na yenyaa tebea yi fii yɛn awofo a wodi kan no hɔ. Nanso dɛn na ɛba yɛn so bere a yɛawu no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena