Dɛn na Ɛba Ɔkra So Wɔ Owu Mu?
“Nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ onipa kra nwu da na ɛbɛkɔ so atra ase wɔ onipa wu akyi na ne nipadua aporɔw no yɛ Kristofo nyansapɛ ne nyamekyerɛ fapem atitiriw no mu biako.”—“NEW CATHOLIC ENCYCLOPEDIA.”
1. Dɛn na New Catholic Encyclopedia gye tom wɔ ɔkra a enwu no ho?
NANSO, atifi hɔ nhwehwɛmu nhoma a wɔafa mu asɛm aka yi gye tom sɛ “adwene a ɛne sɛ ɔkra no tra ase wɔ owu akyi no nna adi pefee wɔ Bible mu.” Ɛnde, dɛn na Bible kyerɛkyerɛ ankasa wɔ nea ɛba ɔkra so wɔ owu mu no ho?
Awufo Nnim Hwee
2, 3. Tebea bɛn na awufo wom, na kyerɛw nsɛm bɛn na ɛda eyi adi?
2 Wɔdaa tebea a awufo wom no adi pefee wɔ Ɔsɛnkafo 9:5, 10, baabi a yɛkenkan sɛ: “Awufo nnim hwee . . . Dwumadi, nhyehyɛe, nimdeɛ anaa nyansa biara nni ɔdamoa no mu.” (Moffatt) Enti, owu yɛ tebea a nkwa nni mu. Odwontofo no kyerɛwee sɛ sɛ onipa wu a, “ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.”—Dwom 146:4.
3 Enti awufo nnim hwee, wontumi nyɛ hwee. Bere a Onyankopɔn rebu Adam atɛn no, ɔkae sɛ: “Woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:19) Ansa na Onyankopɔn de fam dɔte reyɛ Adam na wama no nkwa no, na Adam nni baabiara. Bere a Adam wui no, ɔsan kɔɔ saa tebea no ara mu. Asotwe a onyae ne owu—na ɛnyɛ sɛ wɔde no kɔɔ baabi foforo.
Ɔkra Tumi Wu
4, 5. Fa Bible mu nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ sɛ ɔkra betumi awu ma.
4 Bere a Adam wui no, dɛn na ɛbaa ne kra so? Kae sɛ wɔ Bible mu no asɛmfua “ɔkra” taa kyerɛ onipa kɛkɛ. Enti sɛ yɛka sɛ Adam wui a, na nea yɛkyerɛ ne sɛ ɔkra a ne din de Adam no wui. Eyi betumi ayɛ obi a ogye di sɛ ɔkra nwu da no nwonwa. Nanso, Bible ka sɛ: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” (Hesekiel 18:4) Leviticus 21:1 ka “ɔkra a wawu,” (NW) (“efunu,” Twi Bible) ho asɛm. Wɔka kyerɛɛ Nasirifo sɛ wɔnnkɔ “ɔkra a wawu biara” (“efunu,” Twi Bible) ho.—Numeri 6:6, NW.
5 Wɔka ɔkra ho asɛm saa ara wɔ 1 Ahene 19:4. Elia a na wahaw yiye no ‘srɛe sɛ ne kra nwu.’ Saa ara nso na Yona ‘srɛe sɛ ne kra nwu, na ose: Owu ye ma me sen nkwa.’ (Yona 4:8) Yesu de asɛm “kum ɔkra” a The Bible in Basic English ka sɛ “kum no” no dii dwuma. (Marko 3:4) Enti nea ɔkra wu kyerɛ ara ne onipa no wu.
“Refi Ne Mu” ne ‘San Ba’
6. Dɛn na Bible kyerɛ bere a ɛka sɛ Rahel kra “refi ne mu” no?
6 Rahel awerɛhow wu a esii bere a na ɔrewo ne ba a ɔto so abien no nso ɛ? Yɛkenkan wɔ Genesis 35:18 sɛ: “Na ne kra refi ne mu na ɔreyɛ awu no, ɔtoo no din Ben-Oni, na n’agya de, ɔfrɛɛ no Benyamin.” So asɛm yi kyerɛ sɛ na Rahel wɔ onipa bi hyɛ ne mu a bere a owui no ofi kɔe? Ɛnte saa koraa. Kae sɛ asɛmfua “ɔkra” tumi kyerɛ nkwa a onipa bi wɔ nso. Enti wɔ asɛm yi mu no, nea Rahel ‘kra’ kyerɛ ara ne ne “nkwa.” Ɛno nti na Bible afoforo kyerɛ asɛm “ne kra refi ne mu” no ase sɛ “ne nkwa reba awiei” (Knox), “oguu ahome a etwa to” (Jerusalem Bible), na “ne nkwa fii ne nsa” (Bible in Basic English) no. Biribiara nkyerɛ sɛ Rahel fã nwonwaso bi traa ase wɔ ne wu akyi.
7. Ɔkwan bɛn so na okunafo no babarima a wonyan no no kra ‘san baa ne mu’?
7 Saa ara na okunafo no ba wusɔre a wɔakyerɛw wɔ 1 Ahene ti 17 no te. Yɛkenkan wɔ nkyekyem 22 sɛ bere a Elia bɔɔ abarimaa no so mpae no, “[Yehowa, NW] tiee Elia nne, na abofra no kra san baa no mu, na onyaa nkwa.” Bio nso, asɛmfua “ɔkra” no kyerɛ “nkwa.” Enti, New American Standard Bible kenkan sɛ: “Abofra no nkwa san baa ne mu na onyaa nkwa.” Yiw, na ɛyɛ nkwa na ɛnyɛ sunsuma bi, na ɛsan baa abarimaa no mu. Eyi ne nea Elia ka kyerɛɛ abofra no maame hyia: “Hwɛ, wo ba no [onipa mũ no nyinaa] anya nkwa.”—1 Ahene 17:23.
Asɛm “Mfinimfinibea” a Ɛkyere Adwene No
8. Dɛn na nnipa a wose wɔyɛ Kristofo no mu pii gye di sɛ ebesi wɔ owusɔre no mu?
8 Nnipa a wose wɔyɛ Kristofo no mu pii gye di sɛ owusɔre bɛba daakye a nipadua ne akra a enwu da bɛka abom. Afei, wɔbɛkyerɛ wɔn a wonya owusɔre no nea awiei koraa no ɛbɛba wɔn so—akatua ma wɔn a wobuu bra pa ne asotwe ma nsɛmmɔnedifo.
9. Dɛn na asɛm “mfinimfinibea” no kyerɛ, na dɛn na ebinom ka sɛ ɛbɛba ɔkra so saa bere no?
9 Ɛte sɛ nea nkyerɛkyerɛ yi asete nyɛ den. Nanso ɛyɛ den ma wɔn a wokura gyidi a ɛne sɛ ɔkra nwu da no sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ nea ɛba ɔkra so wɔ bere a ɛda ne wu ne ne wusɔre ntam no mu. Nokwarem no, “mfinimfinibea” yi, sɛnea wɔtaa frɛ no no, kɔfaa adwenkyerɛ ahorow bae wɔ mfehaha pii mu. Ebinom ka sɛ wɔ saa bere yi mu no, ɔkra no kɔ ahodwiragya mu, faako a wodwira no wɔ bɔne ahorow a wotumi de firi ho ma ɔfata ma sorokɔ.a
10. Dɛn nti na gye a yebegye adi sɛ akra tra ahodwiragya mu wɔ owu akyi no ne Kyerɛwnsɛm no nhyia, na ɔkwan bɛn so na Lasaro asɛm no si eyi so dua?
10 Nanso, sɛnea yɛahu no, ɔkra yɛ onipa no ankasa. Sɛ onipa no wu a, ɔkra no wu. Enti, ɛnte nkwa mu wɔ owu akyi. Nokwarem no, bere a Lasaro wui no, Yesu Kristo anka sɛ na ɔwɔ ahodwiragya mu, Limbo, anaa “mfinimfinibea” foforo biara. Mmom no, Yesu kae ara sɛ: “Lasaro ada.” (Yohane 11:11, New English Bible) Ɛda adi pefee sɛ Yesu a na onim nokwasɛm a ɛfa nea ɛba ɔkra so wɔ owu mu ho no gye di sɛ na Lasaro nnim hwee, onni nkwa mu.
Dɛn ne Honhom No?
11. Dɛn nti na asɛmfua “honhom” no ntumi nkyerɛ onipa fã bi a atew ne ho a enwu?
11 Bible ka sɛ sɛ onipa wu a, “ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu.” (Dwom 146:4) So eyi kyerɛ sɛ honhom bi a afi nipadua no mu fi kɔ ankasa kɔtra ase wɔ onipa no wu akyi? Entumi mma saa, efisɛ odwontofo no toa so sɛ: “Da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera” (“ne nsusuwii nyinaa ba awiei,” NEB). Ɛnde, honhom no yɛ dɛn, na ɔkwan bɛn so na ‘efi’ onipa mu kɔ bere a wawu no?
12. Dɛn na Hebri ne Hela nsɛmfua a wɔakyerɛ ase “honhom” wɔ Bible mu no kyerɛ?
12 Wɔ Bible mu no, nea nsɛmfua a wɔakyerɛ ase “honhom” (Hebri, ruʹach; Hela, pneuʹma) kyerɛ titiriw ne “ahome.” Enti, sɛ anka R. A. Knox nkyerɛase no bɛka sɛ “ne honhom fi kɔ” no, ɛde asɛm “ahome no fi ne nipadua mu” na edi dwuma. (Dwom 145:4, Knox) Nanso asɛmfua “honhom” no kyerɛ nneɛma pii na ɛnyɛ ahome kɛkɛ. Sɛ nhwɛso no, bere a Genesis 7:22 rekyerɛkyerɛ sɛe a wɔsɛe nnipa ne mmoa wɔ wiase nyinaa Nsuyiri no mu mu no, ɛka sɛ: “Wɔn a nkwa honhom ahome [anaa honhom; Hebri, ruʹach] wɔ wɔn hwenem, na wɔte asase kesee so nyinaa wuwui.” Enti “honhom” betumi akyerɛ nkwa tumi a ɛwɔ abɔde a wɔte ase, nnipa ne mmoa ne nea ahome ma wɔtra nkwa mu no nyinaa mu.
13. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de honhom no atoto anyinam ahoɔden ho?
13 Ɛho mfatoho ni: Anyinam ahoɔden ma afiri bi yɛ adwuma. Sɛ anyinam ahoɔden no gyae adwumayɛ a, afiri no gyae adwumayɛ. Anyinam ahoɔden no nnan afiri foforo bi. Saa ara na sɛ onipa wu a, ne honhom no mma nkwammoawa no nyɛ adwuma bio. Emfi nipadua no mu nkɔtra beae foforo bi.—Dwom 104:29.
14, 15. Ɔkwan bɛn so na honhom no san kɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ owu mu?
14 Ɛnde, dɛn nti na Ɔsɛnkafo 12:7 ka sɛ sɛ onipa wu a, “na honhom asan akɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn?” So eyi kyerɛ sɛ honhom no fa ahunmu kɔ Onyankopɔn anim? Ɛnkyerɛ biribi a ɛte saa. Kae sɛ honhom no yɛ nkwa tumi. Sɛ nkwa tumi no fi kɔ pɛ a, Onyankopɔn nkutoo na obetumi asan de ama. Enti honhom ‘san kɔ Onyankopɔn nkyɛn’ a ɛkyerɛ sɛ anidaso biara a saa onipa no wɔ sɛ ɔbɛtra ase daakye no gyina Onyankopɔn nkutoo so seesei.
15 Onyankopɔn nkutoo na obetumi de honhom no anaa nkwa tumi no asan ama onipa no na ama wasan aba nkwa mu bio. (Dwom 104:30) Nanso Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ saa?
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛnea New Catholic Encyclopedia kyerɛ no, “[Asɔre] no Agyanom ka pefee sɛ ahodwiragya wɔ hɔ.” Nanso, nhwehwɛmu nhoma koro yi ara san gye tom sɛ “Katolek nkyerɛkyerɛ a ɛfa ahodwiragya ho no gyina atetesɛm so na ɛnyɛ Kyerɛw Kronkron so.”
[Adaka wɔ kratafa 23]
Kan Asetra A Wɔkae
SƐ BIRIBI ntra ase wɔ nipadua no wu akyi a, ɛnde dɛn ne kan asetra a ebinom kyerɛ sɛ wɔkae no?
Hinduni nhomanimfo Nikhilananda ka sɛ ‘wontumi nkyerɛkyerɛ owu akyi osuahu ahorow mu ma ɛntɔ asom.’ Nyamekyerɛfo Hans Küng ka wɔ ɔkasa “Daa Nkwa Mu Gyidi Nhwɛso Ahorow a Ɛwɔ Nyamesom Ahorow Mu” no mu sɛ: “Kan asetra ho nsɛm a wɔaboaboa ano—a mmofra titiriw na wɔka anaa efi aman a wogye di sɛ sɛ obi wu a wɔsan wo no bio mu—no mu biara nni hɔ a wobetumi akyerɛ sɛ ɛyɛ nokware.” Ɔde kaa ho sɛ: “[Nhwehwɛmufo a wɔde nyansahu mu nnyinasosɛm redi ho dwuma denneennen] no mu dodow no ara gye tom sɛ osuahu ahorow a wɔanya no mma wonnya nea wobegyina so de adanse a edi mũ ankasa ama sɛ wɔsan wo obi ba asase so mpɛn pii.”
Na sɛ wote nka sɛ wokae wo kan asetra bi nso ɛ? Nneɛma ahorow betumi ama woate nka saa. Yɛde nsɛm a yɛte no mu pii sie yɛn adwene mu baabi efisɛ yɛmfa nni dwuma ntɛm ara. Sɛ nneɛma a ebinom werɛ afi ba wɔn adwenem a, wɔkyerɛ sɛ eyinom yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ na wɔatra ase wɔ bere bi mu. Nanso, nokwasɛm no ne sɛ yenni asetra mu osuahu afoforo a yebetumi de akyerɛ sɛ ɛyɛ nokware sen nea yɛde tra ase nnɛ no. Nnipa a wɔte asase so no mu dodow no ara nkae koraa sɛ wɔatra ase pɛn; na wonsusuw nso sɛ ɛbɛyɛ sɛ wɔatra ase wɔ bere a atwam no mu.