Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be kr. 21-kr. 26 nky. 5
  • Bata Akenkan Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bata Akenkan Ho
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Hokwan no Di Dwuma Yiye
  • Fa Adwempa Kenkan
  • Susuw Nsɛm Dodow a Wutumi Kenkan Ho
  • Sua sɛ Wode W’adwene Besi Biribi So
  • Baguam Akenkan
  • Gye Bere Fa Kenkan Ade
  • Bible a Yɛbɛkenkan no Daa so Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nea Enti a Ehia Sɛ Mmofra Kenkan Ade—Ɔfã 1: Wobɛkan Ade Anaa Wobɛhwɛ Biribi?
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • W’akenkan a Wobɛma Anya Nkɔso —Wubetumi Ayɛ!
    Nyan!—1986
  • Bible Akenkan—Mfaso Wɔ So Na Ɛyɛ Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be kr. 21-kr. 26 nky. 5

Bata Akenkan Ho

MMOA ntumi nyɛ nea woreyɛ mprempren yi. Esiane hokwan a ebinom annya ankɔ sukuu nti, nnipa 6 biara mu 1 na wonsuaa akenkan—na wɔn a wonyaa hokwan no nso, pii na wɔnkenkan ade daa. Nanso nhoma a wutumi kenkan no ma wutumi fa kwan yi so tutu akwan kɔ aman horow so, hyia nnipa a wɔn asetra betumi ama wo de atu mpɔn, na ɛma wunya nimdeɛ a mfaso wɔ so a ebetumi aboa wo ma woagyina asetram nsɛm ano.

Kratafa 22 mfonini

Nea wokenkan kyerɛ wo mma no betumi akyerɛ nipasu a wobenya

Mfaso a abofra bi benya afi ne sukuukɔ mu no gyina sɛnea otumi kenkan ade no so kɛse. Sɛ ɔhwehwɛ adwuma a, sɛnea otumi kenkan ade no betumi akyerɛ adwuma ko a obetumi ayɛ ne nnɔnhwerew dodow a ɛsɛ sɛ ɔde yɛ adwuma de pɛ n’asetrade no. Mmea awarefo a wotumi kenkan ade yiye no tumi hwɛ wɔn mmusua yiye ma wɔn aduan pa, ma wɔn ho tew, na wosiw nyarewa ano. Ɛnanom a wonim akenkan yiye no betumi anya wɔn mma nhomasua so nkɛntɛnso pa.

Nokwarem no, akenkan so mfaso a ɛsen biara ne sɛ, ebetumi ama “woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.” (Mmeb. 2:5) Akwan a yɛfa so som Onyankopɔn no mu pii gyina kenkan a yetumi kenkan ade no so. Yɛkenkan Kyerɛwnsɛm no ne Bible ho nhoma ahorow wɔ asafo nhyiam ahorow ase. Sɛnea wutumi kenkan ade no nya sɛnea wutu mpɔn wɔ asɛnka adwuma mu no so tumi kɛse. Na egye akenkan na ama woatumi asiesie wo ho ama saa nnwuma yi. Esiane ɛno nti, wo honhom fam nkɔso gyina sɛnea wokenkan ade no so kɛse.

Fa Hokwan no Di Dwuma Yiye

Kratafa 22 mfonini

Bata baguam akenkan ho

Wɔn a wɔresua Onyankopɔn akwan no binom nkɔɔ sukuu pii. Ebia wobehia sɛ wɔkyerɛ wɔn akenkan na ama wɔatumi anya honhom fam nkɔso. Anaasɛ ebia wobehia mmoa sɛ ankorankoro na ama wɔn akenkan atu mpɔn. Baabi a wohia mmoa no, asafo no bɔ mmɔden hyehyɛ akenkan ne akyerɛw adesuakuw horow a egyina Apply Yourself to Reading and Writing nhoma no so. Nnipa mpempem pii anya nsiesiei yi so mfaso. Esiane hia a akenkan a emu da hɔ ho hia nti, asafo ahorow yɛ nhyehyɛe ma wɔde akenkan a etu mpɔn ho adesua ka Teokrase Ɔsom Sukuu no ho. Wɔ baabi a wɔnyɛɛ adesua ho nhyehyɛe a ɛte saa mpo no, obi betumi anya nkɔso pa denam bere a obegye da biara de akenkan ade dennen na afei wakɔ sukuu no daa na ɔde ne ho ahyem so.

Awerɛhosɛm ne sɛ, nhoma a nsɛm a ɛyɛ serew ho mfonini wom ne television ama nnipa pii mfa akenkan nyɛ hwee wɔ wɔn asetra mu. Television hwɛ ne akenkan a obi ntaa nyɛ betumi ama n’akenkan ne sɛnea osusuw nsɛm ho ne sɛnea ɔbɛkasa yiye no abrɛ ase.

“Akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw” no tintim nhoma ahorow a ɛboa ma yɛte Bible no ase. Eyinom ma yenya yɛn honhom fam yiyedi ho nsɛm a ɛsom bo. (Mat. 24:45; 1 Kor. 2:12, 13) Afei nso wɔma yehu nea ɛrekɔ so wɔ wiase ne nea ɛkyerɛ, wɔboa yɛn ma yehu abɔde a atwa yɛn ho ahyia, na wɔkyerɛkyerɛ yɛn akwan a yɛbɛfa so agyina yɛn nsɛm ano. Nea ɛsen ne nyinaa no, wɔtwe adwene si sɛnea yɛbɛsom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛfata so na ama yɛanya n’anim dom so. Akenkan a ɛma denhyɛ yi bɛboa wo ma woanyin sɛ honhom muni.

Ɛwom, sɛ obi tumi kenkan yiye a, ɛno nkyerɛ sɛ ɔwɔ suban pa. Ehia sɛ ɔde nimdeɛ no di dwuma ɔkwampa so. Te sɛ adidi no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nyiyim wɔ akenkan mu. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wudi aduan a ɛmma wo ahoɔden biara anaa ebia ebekum wo mpo? Sɛ saa a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokenkan nhoma a ebetumi asɛe wo koma ne w’adwene, anaasɛ wode w’ani bɛfam kɛkɛ mpo? Ɛsɛ sɛ yegyina Bible mu nnyinasosɛm ahorow so paw nhoma biara a yɛbɛkenkan. Ansa na wubesi nea wobɛkenkan ho gyinae no, ma kyerɛw nsɛm te sɛ Ɔsɛnkafo 12:12, 13; Efesofo 4:22-24; 5:3, 4; Filipifo 4:8; Kolosefo 2:8; 1 Yohane 2:15-17; ne 2 Yohane 10 ntra w’adwene mu.

Fa Adwempa Kenkan

Sɛ yɛhwehwɛ Nsɛmpa no mu a, yehu hia a adwempa a yɛde kenkan ade ho hia no pefee. Sɛ nhwɛso no, wɔ Mateo Asɛmpa no mu no, yehu sɛ Yesu bisa nyamesom akannifo a wɔwɔ nimdeɛ no nsɛm te sɛ “Monkanee sɛ?” ne “Monkanee pɛn?” (Mat. 12:3, 5; 19:4; 21:16, 42; 22:31) Asuade biako a yenya fi eyi mu ne sɛ sɛ adwene a yɛde kenkan ade no nye a, yebetumi anya ho adwene a enye anaasɛ yɛrente ase koraa. Nea enti a Farisifo no kenkan Kyerɛwnsɛm no ne sɛ na wosusuw sɛ wɔnam akenkan no so betumi anya daa nkwa. Sɛnea Yesu kae no, wɔmfa saa akatua no mma wɔn a wɔnnɔ Onyankopɔn na wonnye nea Ɔnam ne so begye nkwa no nni no. (Yoh. 5:39-43) Ná Farisifo no kura pɛsɛmenkominya adwene; enti na wɔn nsusuwii pii nye.

Yehowa ho dɔ ne adwene a eye sen biara a yebetumi de akenkan N’asɛm no. Ɔdɔ a ɛte saa kanyan yɛn ma yesua Onyankopɔn apɛde, efisɛ ɔdɔ ‘ne nokware ani gye.’ (1 Kor. 13:6) Sɛ kan no na yɛn ani nnye akenkan ho mpo a, Yehowa a yɛde yɛn “koma nyinaa” bɛdɔ no no bɛkanyan yɛn adwene denneennen ma yɛahwehwɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ. (Mat. 22:37) Ɔdɔ kanyan anigye, na anigye kanyan adesua.

Susuw Nsɛm Dodow a Wutumi Kenkan Ho

Akenkan ne sɛnea yɛhyɛ ade nsow na ɛnam. Mprempren mpo a worekenkan ade yi no, worehyɛ nsɛmfua bi nsow na worekae nea ɛkyerɛ. Sɛ woma w’ani di w’anim a, wubetumi ama w’akenkan akɔ ntɛm. Sɛ́ anka wubegyina ahwɛ asɛmfua biara no, bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ nsɛmfua pii wɔ bere koro mu. Bere a wunya saa su yi no, wubehu sɛ wote nea worekenkan no ase yiye.

Kratafa 24 mfonini

Sɛ abusuafo bom kenkan ade a, ɛma wɔn abusuabɔ mu yɛ den

Nanso, sɛ worekenkan biribi a emu dɔ a, nea wubenya afi wo mmɔdenbɔ mu no betumi ayɛ kɛse denam ɔkwan foforo a wobɛfa so no so. Bere a Yehowa retu Yosua fo wɔ Kyerɛwnsɛm a ɔbɛkenkan ho no, ɔkae sɛ: “Mma mmara nhoma yi mmfi w’anom, na dwen ho.” (Yos. 1:8) Sɛ obi redwennwen nsɛm ho a, mpɛn pii no ɔkasa nketenkete. Ne saa nti wobetumi akyerɛ Hebri asɛm a wɔkyerɛ ase “dwen ho” no ase “dwennwen.” (Dw. 63:6; 77:12; 143:5) Sɛ obi redwennwen nsɛm ho a, odwen kɔ akyiri; ɔmpere ne ho. Sɛ obi kenkan ade wɔ ɔkwan a ɛma osusuw nsɛm ho so a, ɛma Onyankopɔn Asɛm no nya n’adwene ne ne koma so tumi kɛse. Nkɔmhyɛ, afotu, abebusɛm, anwensɛm, ɔsoro atemmu a wɔda no adi, Yehowa atirimpɔw ho nsɛm, ne afoforo asetram nsɛm pii—a ne nyinaa ho hia ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfa Yehowa akwan so na ɛwɔ Bible mu. Hwɛ mfaso araa a ɛwɔ so sɛ wobɛkenkan Bible no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma akanyan w’adwene ne wo koma kɛse!

Sua sɛ Wode W’adwene Besi Biribi So

Kratafa 22 mfonini

Sua sɛ wobɛyɛ baguam ɔkenkanfo a w’akenkan mu da hɔ

Sɛ worekenkan ade a, fa no sɛ wowɔ tebea a worekenkan ho ade no biara mu. Bɔ mmɔden sɛ wode w’adwene aniwa behu wɔn a worekenkan wɔn ho ade no, na te nka sɛ nea ɛrekɔ so wɔ wɔn asetram no ka wo ankasa. Eyi nyɛ den koraa bere a worekenkan asɛm bi te sɛ nea ɛfa Dawid ne Goliat ho wɔ 1 Samuel ti 17 no. Nanso wobɛte nsɛm a ɛwɔ Exodus ne Leviticus a ɛfa ntamadan si anaa asɔfohyɛ ho no ase bere a wutwa ne kɛse ne ɛho nneɛma ho mfonini wɔ wo tirim anaasɛ wususuw aduhuam no hua, atoko a wɔato hua, ne mmoa a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre ho no. Susuw sɛnea na ɛbɛyɛ hu sɛ obi bɛyɛ asɔfodwuma no ho hwɛ! (Luka 1:8-10) W’adwene ne wo nkate a wode bedi dwuma saa kwan yi so no bɛboa wo ma woate sɛnea ade a worekenkan no ho hia no ase na aboa wo ma woakae.

Nanso, sɛ woanhwɛ yiye a, bere a wobɔ mmɔden sɛ wobɛkenkan ade no, w’adwene betumi akyinkyin. Ebia w’ani bɛhwɛ krataa no so, nanso na w’adwene nam baabi. So wɔrebɔ dwom bi? So television si so? So abusuafo rekasa? Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛyɛ papa sɛ wobɛkenkan ade wɔ baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Nanso, ebia na ade a ɛtwetwe w’adwene no fi w’ankasa. Ebia wannya adagyew saa da no. Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛrenyɛ den koraa sɛ wobɛsan asusuw da no mu nnwuma ho wɔ wo tirim! Ɛwom, eye sɛ wubesusuw da no mu nnwuma ho—nanso ɛnyɛ bere a worekenkan ade no. Ebia wubetumi de w’adwene asi biribi so bere a wufi ase no, anaa mpo wubetumi de mpaebɔ afi w’akenkan no ase. Nanso, bere a wugu so rekenkan no, w’adwene fi ase kyinkyin. Sɔ hwɛ bio. Teɛ wo ho so na ma w’adwene nsi asɛm a worekenkan no so. Wode nkakrankakra behu sɛ worenya nkɔanim.

Sɛ wudu asɛmfua bi a wonte ase so a, dɛn na woyɛ? Ebia wɔbɛkyerɛ nsɛm bi a wonte ase no ase anaa wɔbɛka ho asɛm wɔ asɛm no mu. Anaasɛ wubetumi ahu nea ɛkyerɛ afi nsɛm a ɛfa ho no mu. Sɛ ɛnte saa na sɛ wowɔ nsɛm asekyerɛ nhoma a, gye bere fa hwɛ asɛmfua no nkyerɛase wom, anaasɛ hyɛ asɛmfua no nsow sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi abisa obi nea ɛkyerɛ akyiri yi. Eyi bɛma woahu nsɛm pii na ɛbɛma woate w’akenkan no ase yiye.

Baguam Akenkan

Kratafa 22 mfonini

Sɛnea wokenkan ade no nya wo honhom fam nkɔso so tumi

Bere a ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɔmmata akenkan ho no, na Paulo reka akenkan a ɛso bɛba afoforo mfaso ho asɛm ankasa. (1 Tim. 4:13) Baguam akenkan a etu mpɔn hwehwɛ pii sen sɛ wobɛhwɛ krataa so abobɔ nsɛmfua din kɛkɛ. Ehia sɛ ɔkenkanfo no hu nea nsɛmfua no kyerɛ na ɔte adwene a ɛwom no ase. Ɛno na sɛ ɔyɛ a obetumi ada emu adwene no adi yiye na wada emu nkate no adi pɛpɛɛpɛ. Ɛwom, eyi hwehwɛ sɛ wusiesie wo ho yiye na wobobɔ so hwɛ. Enti na Paulo tu fo sɛ: ‘Bata akenkan ho’ no. Wubenya eyi ho ntetee a mfaso wɔ so wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu.

Gye Bere Fa Kenkan Ade

“Nsiyɛfo adwene de adedodow ara na ɛba, na obiara a ɔpere ho no, ɛde no kɔ ohia nko mu.” (Mmeb. 21:5) Hwɛ sɛnea ɛno yɛ nokware wɔ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛkenkan ade no ho! Sɛ yebenya so ‘mfaso’ a, ehia sɛ yɛyɛ nsiesie denneennen sɛnea ɛbɛyɛ na nnwuma foforo nka yɛn akenkan nhyɛ.

Bere bɛn na wokenkan ade? Sɛ wokenkan ade anɔpatutuutu a, so wunya so mfaso? Anaasɛ awia na eye ma wo paa? Sɛ wutumi yi simma 15 anaa 20 si hɔ da biara de kenkan biribi a, nea wubetumi ayɛ no bɛma wo ho adwiriw wo. Nea ehia ne sɛ wobɛkenkan ade daa.

Dɛn nti na Yehowa ama wɔakyerɛw n’atirimpɔw akɛse no ho nsɛm wɔ nhoma mu? Sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa betumi akenkan N’asɛm no. Eyi boa wɔn ma wosusuw Yehowa nnwuma a ɛyɛ nwonwa no ho, na wɔka kyerɛ wɔn mma, na wɔn werɛ amfi Onyankopɔn nneyɛe. (Dw. 78:5-7) Yɛda anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa ayamye adi wɔ asɛm yi mu denam sɛnea yɛbata N’asɛm a ɛma nkwa no akenkan ho no so.

DƐN NA ƐKA W’AKENKAN NHYEHYƐE HO?

  • So Bible no na edi kan wɔ nea woahyehyɛ no nyinaa mu?

  • So wokenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no daa?

  • So wokenkan nhoma ahorow a wɔde sua Bible no bere a wo nsa aka ara pɛ no?

  • Sɛ wɔde Yɛn Ahenni Som ma wo a, wokenkan nea ɛwom no na aboa wo wɔ w’asɛnka adwuma mu?

  • Yehowa Adansefo nhoma horow dedaw no mu ahe na woakenkan?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena